Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma September: Yɛde Tra Ase Daa nhoma no bedi dwuma, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden fi ofie Bible adesua ahorow ase. October: Yɛbɛma wɔakra Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban. Bɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛma nsɛmma nhoma pii. November: Fa New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no ma. December: “Let Your Kingdom Come.” MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no bi nyɛ saa wɔ wɔn daa ɔsram “Literature Request Form” (S-14) a edi hɔ no so.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu September 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi a, wɔmfa ho amanneɛbɔ mma asafo no.
◼ Yɛrebɔ asafo ahorow a ɛwɔ Ɔmansin 20 mu nyinaa amanneɛ sɛ wɔnkɔ Kumasi “A” ɔmantam nhyiam no bi fi December 22-24, sen sɛ anka wɔbɛkɔ Obuasi nhyiam no. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ nsakrae yi nsow.
◼ Yɛrebɔ mo nkae sɛ sɛ morefi nsɛmma nhoma kra ase bio a, eye mmom sɛ mode “Expiring Subscription” krataa a yɛde amena asafo no bedi dwuma. Sɛ eyi bi nni hɔ a, ɛsɛ sɛ mode krataa a amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛresa no wɔ so a ɛhyɛ nsɛmma nhoma no mu no di dwuma. Eyi bɛboa ma nsɛmma nhoma a ɛresa a wɔresan afi ne kra ase no ho adwuma akɔ so ntɛm. Yɛsrɛ sɛ mommɔ mmɔden nni nsɛmma nhoma a wɔresan akra no ho dwuma ntɛm sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara, sɛnea ɛbɛyɛ a ebiara mpa nea ɔkra no ti so.
◼ Yɛrekae mpanyimfo no sɛ wonni akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991 Ɔwɛn-Aban (Vol. 112, No. 8) no nkratafa 21-3 a ɛfa obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ho no ho dwuma.
◼ Yɛreyɛ Watchtower Publications and Cost List foforo, na yɛde anan bɛmena asafo biara. Ɛsɛ sɛ mode ma ɔkyerɛwfo no ne anuanom a wɔhwɛ nhoma, nsɛmma nhoma, ne sikasɛm so no.
◼ Nkaebɔ: Yɛsrɛ sɛ wɔmfa bere tiaa mu akwampae titiriw adwuma ho akwammisa krataa mmena baa dwumadibea no asram abiɛsa ansa na bere a wobefi ase no adu. Eyi bɛma adwumayɛbea no atumi ayɛ abisade no ho adwuma, abɔ anuanom a wɔwɔ asasesin no mu amanneɛ ansa na bere no adu.—Hwɛ May 1992, Yɛn Ahenni Som, kratafa 1.