Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Reteɛm’!
Wɔ 1939, afe a wɔyɛɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra ɔsatu a edi kan no mu no, adawurubɔfo 67,229 a wofi aman 59 so nyaa nsɛmma nhomakra foforo 121,073. Ɛnnɛ wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow 102 mu, ne Nyan! no wɔ 52 mu. Wobetumi akra bi wɔ kasa horow a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma no kratafa 2 no mu. Esiane sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no wɔ kasa ahorow pii yi mu nti, dɛn na ebefi yɛn nsɛmma nhomakra ɔsatu wɔ May ne June mu yi mu aba?
1 Wɔ nnipa nyansa a atu afra nyinaa akyi no, ɛnne biako da adi, ɛka nokware na ɛdan adwene kɔ Onyankopɔn Ahenni no so sɛ adesamma ɔhaw ahorow ano aduru koro pɛ. Saa nne no ne Ɔwɛn-Aban. Wɔ mfirihyia 103 a atwam no mu no, Ɔwɛn-Aban (Nyan! bɛkaa ho akyiri yi) ayɛ te sɛ ‘nyansa a ɛreteɛm.’ Akɔ so aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔayi wɔn ho afi atoro som nkyerɛkyerɛ ne wiase adwene ahorow ho ma wɔabɛfa ɔkwan a ɛso da hɔ na eye wɔ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no” mu so. (Mmeb. 8:1; 1 Tim. 4:8) Yɛte ne nne na yegye so wɔ ɔkwan pa so. So yebetumi aboa afoforo ma wɔayɛ saa ara?
ADWENPA HO HIA—SO WOWƆ BI?
2 Ɔwɛn-Aban no ho hia dɛn wɔ wo honhom mu asetra mu? So ɛyɛ nea ɛho hia? Sɛ saa a, wobɛkenkan no daa efisɛ, sɛnea wɔakyerɛ wɔ n’atirimpɔw a ɛwɔ nea ɛba biara kratafa 2 no, Ɔwɛn-Aban “de Bible no di dwuma sɛ ne nnyinaso.” Na wobɛpɛ sɛ afoforo—w’abusua, nnamfo ne afipamfo—nso kenkan no daa. Wɔ Bible no akyi no, so wunim nhoma foforo bi a ɛde ɔsoro nyansa pii ma te sɛ nea Ɔwɛn-Aban a wɔkra no afe yɛ no? So w’ankasa wokra bi? So w’abusua no mufo kra bi?
3 Adwempa a yebenya wɔ Ɔwɛn-Aban no ho kyerɛ anisɔ a ɛfata a yebenya ama emu nsɛm no. Afei, bere ‘a yɛagye bo soronko a ɛsom no atom no, yɛde ahopere bɛhwɛ nea ɛba biara kwan, akenkan, na yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde bɛma afoforo wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Nea Mmebusɛm nhoma no ka wɔ nyansa ho no betumi aboa yɛn ma yɛahu bo a nsɛmma nhoma yi som bere a yɛde toto nsɛmma nhoma afoforo ho no:
“Nyansa asi ne dan, wasen n’adum ason; wakum ne mmoa, wafra ne nsã, na wasiesie ne pon so; wasoma ne mmaawa, ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: Nea ɔyɛ atetekwaa mmãn ha! Na nea onni ti no, ose no sɛ: Mommra mmedi m’aduan no bi, na monnom me nsa a mafra no bi. Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.”—Mmeb. 9:1-6.
4 Nyansa a efi Onyankopɔn hɔ a wɔaka ho asɛm wɔ ti yi mu ne afei nso Mmebusɛm ti 8 no, bɔ wiase nyansa a enye a wɔaka ho asɛm wɔ ti 7 no abira koraa. Nea ɛnte sɛ aguaman a owiawia ne ho, tɛw nea obenya no na afei ɔde no “kɔ owu mpia mu” no, nyansa teɛm wɔ mmɔnten so, wɔ “sorɔnsorɔmmea atifi.” Ɛto nsa frɛ wɔn a wotie no kɔ ne dan a ɛyɛ den na ɛwɔ nnyinaso pa a ɛwɔ ‘adum ason’ no mu. (Mmeb. 7:27; 8:2; 9:1) Ntease mu no, nyansa de aduan ne nsa pa a ɛbɛma wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no adwene ne wɔn koma anya anigye tow pon.
5 Hwɛ sɛnea yebetumi de mmebusɛm mu nhwɛso yi adi dwuma wɔ nnɛyi honhom mu asetra mu! “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no hwɛ sɛ wɔama Kristo ‘asomfo’ no ne wɔn mfɛfo a wɔyɛ “nguan foforo” no honhom mu aduan sɛnea ɛsɛ. (Mat. 24:45; Yoh. 10:16) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi? Denam Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no so titiriw. Nhumu ne nsusuho pii ho hia wɔ nsiesiei a wɔyɛ wɔ apontow pa ho mu na eyi te saa wɔ Ɔwɛn-Aban no nso ho. Emu nsɛm no, te sɛ ‘nam,’ ‘nsa a wɔafra’ no, ɛma Yehowa nkurɔfo ho yɛ den wɔ honhom mu na wonya anigye (Mmeb. 9:2) Hwɛ sɛnea Ahenni adawurubɔfo binom te nka wɔ nea aba nnansa yi no ho:
● “Nea edi kan koraa no, ɛkyerɛkyerɛ Kyerɛwsɛm no afã a na mente ase yiye no mu. Nea ɛto so abien no, ɛda nsusuwii afoforo adi a ɛsɛ sɛ wokɔ so sua ho ade. Nanso nea ɛsen saa no, ɛma mete nka sɛ mebɛn Yehowa kɛse, te sɛ adamfo ankasa.”
● “Wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne a ayɛ basaa yi mu no, bere nyinaa wuhyia ɔhaw afoforo. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! boa yɛn ma yehyia ɔhaw ahorow yi na yedi ho dwuma bere a ɛba no.”
● “Meda wo ase, Ɔwɛn-Aban, sɛ woabɔ mmɔden ama akenkanfo a wɔwɔ wiase nyinaa ‘ani aba wɔn ho so wɔ honhom mu.’”
So saa na wote nka wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ho?
DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ W’ANKASA WOKRA BI?
6 Sɛ w’abusua no muni biara kra bi, anyɛ yiye koraa no Ɔwɛn-Aban no, sɛ ɛnyɛ nsɛmma nhoma abien no nyinaa mpo a, nea ɛba biara te sɛ ‘nyansa a ɛreteɛm.’ Ɛdenam eyi so no ɛde nkaebɔ foforo a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wudi honhom mu aduan ma. Nanso so nsa ntumi nka honhom mu aduan koro no ara denam nea ɛba bere biara wɔ Ahenni Asa so no a wubeyi nea wubesua ato hɔ no so? Yiw, sɛ onii no werɛ remfi sɛ ɔbɛkɔ akogye bi ntɛm ara bere a aba no a. Nanso mfaso ahorow wɔ wo de a wɔde bɛmana wo na wo nsa aka no so. Ɛne nea ɛwɔ he?
7 So eyi ayɛ wo pɛn? Wohwehwɛ baabiara sɛ wubehu wo Ɔwɛn-Aban a wusua no, nanso wunhu. Akyiri yi ansa na wuhu sɛ wode mae wɔ asɛnka mu. Sɛ wo ankasa wokra wo de a ɛremma eyi mma. Ɛnyɛ ade a ebia ɛbɛba sɛ wode w’ankasa nsɛmma nhoma no bɛma, titiriw sɛ woasua ahyehyɛ nneɛma ahorow nsow a. So wubetumi asusuw mfaso ahorow no foforo ho?
8 Mmofra nya mfaso kɛse denam wɔn ankasa de a wɔkra ma wɔn no so. Abofra bɛn na n’ani nnye ho sɛ ne nsa bɛka n’ankasa krataa a wɔde amana no? Wɔ South America ɔman biako so no, mmeawa baanu daa wɔn nã ase sɛ ɔkraa wɔn ankasa Ɔwɛn-Aban maa wɔn, sɛ: “Eyi ne akyɛde a ɛsen biara a wode ama yɛn pɛn!” Na nea yɛn nuanom binom a wofi aman ahorow so aka afa bo a kra a adawurubɔfo ankasa bɛkra bi som no ho ni:
● FRANCE: “Minim abusua bi a wɔn nyinaa akra bi a wɔn nsa ka. Ɛkanyan wɔn kɛse ma wɔkenkan na nneɛma pa a efi mu ba no da adi bere a wɔde rema wɔ apon ano no.”
● BRAZIL: “Abeawa a wadi mfirihyia asia ankasa wɔ ne de a wɔakra ama no. Agya no gye di sɛ, sɛ́ mmofra ankasa benya wɔn nsɛmma nhoma a wɔakra no kyerɛ wɔn bo a nsɛmma nhoma no som ne hia a ɛho hia sɛ wɔhwɛ so yiye, ɛwom mpo sɛ wosusua de.”
● SOUTH AFRICA: “Ná m’awofo nni sika, nanso na yɛn mmofra baanan no nyinaa wɔ yɛn de a wɔakra ama yɛn. Ná misusuw ho bere nyinaa sɛ Asafo no nim me ankasa. Me din ne address na egu akyi na me nkutoo na mibue ano. Ansa na yɛrehu akenkan mpo no na yɛn ankasa wɔ yɛn Ɔwɛn-Aban.”
● UNITED STATES: “Ná meyɛ mmofra baanan mu biako. Ná ɛyɛ Ahokyere bere no. Ná sika ho yɛ den, nanso na medɔw sɛnea ɛbɛyɛ a menya sika de akra m’ankasa de a na nea ɛyɛ m’anigye ara ne sɛ wɔde bɛmana me na me nsa aka a wɔakyerɛw me din agu akyiri.”
9 So w’ankasa wowɔ wo Bible ne wo nnwom nhoma? Ɛnde dɛn nti na wunnya w’ankasa nsɛmma nhoma a woakra? Bere a woagye mfaso ahorow soronko a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma abien yi so atom no, wobɛpɛ sɛ afoforo nso hu bo a ɛsom no. Nya adwempa wɔ ‘nyansa a ɛreteɛm’ denam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! so no ho. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ eyi?
KA NE KRA HO ASƐM AHOTOSO MU
10 Ɔsomafo Paulo antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Mmom no “ɔde nnam kaa Yesu ho asɛm.” (Aso. 9:27) Nyansa sɛnkyerɛnne kwan so mmaawa no de ahotoso ‘teɛm,’ frɛ ntetekwaa sɛ wonnya Yehowa nyansa. Yɛn afipamfo a wosua Onyankopɔn nyansa wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no asetra benya nkɔso na wɔanya adwene a ɛteɛ wɔ wɔn komam. Nnipa no hia eyi, sɛ wɔpɛ sɛ wonya “nkwa” a. (Mmeb. 9:3-6) Yɛn nso, bere a yɛwɔ asɛnka mu no, ehia sɛ yenya akokoduru denam yɛn Nyankopɔn no so na yefi ahotoso mu ka nsɛmma nhomakra no ho asɛm kyerɛ ofiewura biara.—1 Tes. 2:2.
11 Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso ofiewura no mpɛ sɛ ɔkra.’ Yi saa adwene a enye a esiw kwan no fi hɔ! Mpɛn pii no ɛnyɛ nnipa no na wɔn ani nnye ho, na mmom yɛn ankasa su wɔ nsɛmma nhomakra ho na ɛho hia sɛ yɛsakra. Susuw nhwɛso ahorow yi ho:
● “Bere a meresom asafo ahorow wɔ asram a yɛde reyɛ nsɛmma nhomakra ɔsatu mu no, misi nsɛmma nhomakra a yɛbɛka ho asɛm wɔ ofie biara mu a yɛn adwene mu nyɛ yɛn naa sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no so dua. Ma ofiewuranom nsi ho gyinae. Nsi mma wɔn. Adawurubɔfo fi asɛnka ba bɛka sɛ: ‘Ná minnye nni sɛ wɔn ani gye ho ankasa, nanso mekaa ne kra no ho asɛm na wɔkrae.’”—Ɔmansin sohwɛfo, United States.
● “Awuraa bi powee sɛ obegye nsɛmma nhoma ahorow abien. Yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛnyɛ adetɔnfo. Bere a yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ obetumi akra n’abien nyinaa no, yɛn ho dwiriw yɛn bere a awuraa no kae sɛ ɔbɛkra no! Dɛn na yebetumi asua afi saa osuahu yi mu? Ka nhyehyɛe a ɛfa ne kra ho no ho asɛm. Afei gyaw gyinaesi no ma onipa no.”—Ɔmantam sohwɛfo, United States.
● “Ɔdawurubɔfo biako a me ne no yɛɛ adwuma kae sɛ onnyaa nsɛmma nhomakra da, ɛwom sɛ ɔyɛɛ ɔdawurubɔfo mfirihyia 20 ni. Bere a mibisaa no nea ama aba saa no, obuae sɛ: ‘Nnipa no ani nnye ne kra ho. Enti mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ wɔn? Wɔ ofie a edi kan no mu no mekaa nsɛmma nhomakra no ho asɛm na ofiewura no kraa n’abien nyinaa bi. Enti mehyɛɛ onua no nkuran sɛ ɔnsɔ nhwɛ wɔ ofie a edi hɔ no mu. Ɔyɛɛ saa. Ne ho dwiriw no sɛ ɔno nso maa obi kraa n’abien nyinaa bi.”—Ɔmansin sohwɛfo, Brazil.
12 So wote nka sɛ nsɛmma nhoma no bere atwam? Osuahu ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no ne United States nkontaabu ahorow a edidi so yi da no adi sɛ ɛnte saa. Nhwehwɛmu biako kyerɛ sɛ wɔ mfirihyia 30 a atwam, 1951-1981, mu no, wiase no nsɛmma nhoma dodow a wɔkyekyɛ wɔ United States no kɔɔ soro ɔha biara mu 92—akɔ soro ntɛm te sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ dodow a ɛkɔ soro no bɛyɛ mmɔho abien. Wɔ mfirihyia abiɛsa a atwam no mu no, dodow a wɔkyekyɛ no kɔɔ soro ntɛm sen nnipa dodow a wɔwɔ ɔman no mu no mpɛn abiɛsa. Bio nso, nkontaabu kyerɛ sɛ mpanyimfo 10 a wɔwɔ United States biara mu 9 kenkan nsɛmma nhoma ɔsram biara na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a wɔn mu biara kenkan nsɛmma nhoma ahorow bɛyɛ awotwe ɔsram biara!
13 Enti, nnya adwene a ɛnteɛ na mmom nya adwempa Sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi aka nsɛmma nhomakra no ho asɛm no, nhwɛ sɛ wɔbɛkyerɛ anigye pii ansa. Fa ahotoso ka ne kra no ho asɛm WƆ OFIE BIARA MU.
NSƐMMA NHOMAKRA BO FATA
14 Nea ɛho hia titiriw nso ne yɛn su wɔ nsɛmma nhomakra bo no ho. Ɛyɛ nokware sɛ wɔ aman binom so no, esiane amanade bo nti, ama nsɛmma nhoma no mfuamfua 24 a wɔde bɛmana no bo yɛ den sen sɛ wɔbɛtɔ no mmiako mmiako. Sɛ nhwɛso no, Japan afe nkrabo yɛ ¢57.60 bere a mfuamfua a wɔtɔ no 24 yɛ ¢38.40, anaasɛ bɛyɛ sɛ ɛno fã. Nanso adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ nyaa nsɛmma nhomakra 124,852 wɔ 1982 mu, dodow nkabom a ɛsen ɔman biara de wɔ United States akyi. Nsɛmma nhomakra bo no fata. “Anuanom a wɔyɛ nnwuma a wonim sɛnea nneɛma bo kɔ soro no, ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka ne kra no ho asɛm,” saa na Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no bɔ amanneɛ. Wɔ 1981 mu wɔ United States no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na nsɛmma nhoma ahorow a agye din no biako bo yɛ ¢12.96 na na n’afe nkrabo yɛ ¢144.48. Bio nso, wɔ nnipa pii fam no ne kra ne ɔkwan koro pɛ a wobetumi afa so ama wɔn nsa aka nsɛmma nhoma no daa.
15 Wɔ Brazil no Ahenni dawurubɔfo biako kae sɛ: “Mfa no sɛ nnipa binom wɔ hɔ a wɔrennya sika nkra. Nnipa pii sɛe sika wɔ nneɛma ahorow a ɛnyɛ sɛ ɛnsom bo kɛse nko na mmom epira wɔn ankasa, te sɛ tawa ho. Ɔdawurubɔfo biako twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka nsɛmma nhomakra no ho asɛm akyerɛ ɔpanyin bi a ne ntade a ɔhyɛ atetew a na ne dan nso abu. Ɛnyɛ kra nko na ɔkrae na mmom ɔkae nso sɛ ɔbɛhyɛ da de adaka bi asi ne pon no ano na wɔde nsɛmma nhoma no agu mu.” Na sɛnea adawurubɔfo binom ka no, aduan biako wɔ adidibea bo anaasɛ sika a wogye wɔ ti biako a woyi ho kɔ soro sen afe nkrabo no.
AKWAN A WUBETUMI AFA SO ANYA NSƐMMA NHOMAKRA
16 Wubetumi anya nsɛmma nhomakra wɔ akwan a edidi so yi so: afie afie, sankɔhwɛ, borɔn so adansedi ne adwuma mu adansedi mu, afi afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo anaasɛ mfɛfo sukuufo, ne wɔn a wɔbaa Nkaedi ase hɔ, ne sɛ́ akyɛde a wɔde kɔma abusuafo. So wɔn a wo ne wɔn sua Bible no akra bi? So wokae afoforo bi nso?
17 Akwan a anuanom afa so anya nsɛmma nhomakra no bi ni:
AFIE AFIE ADANSEDI: “Me yere de nsɛntitiriw a asi di dwuma yiye na ɔde ka ne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho. Onyaa nsɛmma nhomakra 10 da koro.”—Ɔmansin sohwɛfo, France.
SANKƆHWƐ: “Wɔ ɔsram biako mu no mitumi nyaa nsɛmma nhomakra ahorow 10 a wɔkraa n’abien nyinaa bi na mifii ofie Bible adesua afoforo abien ase.”—Ɔpanyin, Federal Republic of Germany.
BORƆN SO ADANSEDI: “Mekɔɔ ɔbea bi nkyɛn na mibisaa no sɛ wakenkan nsɛmma nhoma no bi pɛn anaa. Obuae sɛ, ‘Yiw, wɔ asram pii a atwam no mu.’ Mede hokwan yi kaa nsɛmma nhomakra no ho asɛm na ɔkraa n’abien nyinaa bi.”—Ɔdawurubɔfo, Federal Republic of Germany.
NSƐMMA NHOMA A WOKRA KYƐ: “Esiane sɛ nea na osiesie me kar no yam ye ma me nti, mekraa bi kyɛɛ no de kyerɛɛ m’anisɔ. Wɔ mfirihyia ason akyi no, ɛnyɛ nea osiesie kar no nko na mmom nnipa a wɔboro dumien abegye nokware no.”—Ɔdawurubɔfo, Australia.
MFƐFO ADWUMAYƐFO: “Onua biako nyaa nsɛmma nhomakra 41 wɔ ɔsram biako mu wɔ faako a ɔyɛ adwuma. Ɔkwan a na ɔfa so ka ho asɛm no yɛ tiaa, obisa ne mfɛfo adwumayɛfo no sɛ wɔpɛ sɛ wɔkenkan nhoma bi a eye. Sɛ wobua sɛ yiw a, ɔka nsɛmma nhomakra no ho asɛm.”—Ɔdawurubɔfo, Brazil.
WƆN A WƆMA WƆN NSƐMMA NHOMA DAA ADANSEDI: “Bere a mede nsɛmma nhoma rekɔma wɔn a mema wɔn bi daa no, midua ‘aba’ a ɛne nsɛmma nhomakra wɔ ofiewura no adwene mu denam eyi a meka so: ‘So woasusuw ho pɛn sɛ wobɛkra nsɛmma nhoma abien yi bi?’ Meka ho asɛm bere biara a mɛkɔ hɔ. Awiei koraa no, wɔn mu pii kra. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, minya nsɛmma nhomakra 150 afe biara.”—Ɔdawurubɔfo, United States.
NYANSAHYƐ AHOROW A EYE
18 Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi fi wiase nyinaa. So wubetumi de emu bi adi dwuma na ɛho aba mfaso wɔ w’asasesin no mu?
● Kyerɛ bere tenten a wode akra bi.—United States.
● Fi kratafa abien kyerɛ sɛ wɔkenkan wɔ wiase nyinaa esiane kasa horow a wotintim wom ne dodow a wɔkyekyɛ no nti.—South Africa.
● Kyerɛ sɛnea wɔtoa emu nsɛm no so wɔ kratafa a edi hɔ no mu, denam saa yɛ so no ɛmma wommrɛ nhwehwɛ kratafa ko a wɔatoa asɛm no so wɔ, sɛnea ɛte wɔ nsɛmma nhoma afoforo pii mu no.—Canada.
● Fa Are We Nearing Armageddon? (Ahenni Asɛm No. 31) ne emu mfonini ahorow a ɛfa paradise asase ho a ɛwɔ kratafa 2 ne nsɛmma nhoma no kratafa 3 di dwuma, sɛ́ nea woregyina so aka nsɛmma nhomakra ho asɛm.—United States.
● Fa ahorow ahorow a aba kɔ na kyerɛ nneɛma ahorow a ɛka ho asɛm no.—Brazil.
● Fa krataa a wɔde bobɔ nea w’ankasa akra a wo din a wɔatintim wɔ so no kɔ na kyerɛ sɛnea ɛbɛba denam n’amanade adaka no so no.—Australia.
● Fa w’ankasa Ɔwɛn-Aban a woahyehyɛ nneɛma ahorow agyirae wom ama adesua no kɔ na kenkan nsɛntitiriw a wuhuu sɛ ɛyɛ anigye no bi kyerɛ no. Afei fa foforo fi wo bag no mu na fa ma.—United States.
● Fa bound volume bra adesua anaa sankɔhwɛ ase, na kyerɛkyerɛ mu sɛ ¢28 a wobetua afe no bɛma wɔanya nhoma a ekura nkratafa 768 a wobetumi ayɛ nhwehwɛmu wom, a ɛte sɛ Bible encyclopedia.—United States.
19 Asɛm “nsɛmma nhomakra” no yi ofiewuranom pii hu. Wɔfa saa asɛm no sɛ ɛkyerɛ “bɔ a wɔde wɔn ho bɔ” biribi ho anaasɛ “wiase adetɔnfo ne odwowtwa,” saa na Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea pii bɔ amanneɛ. Enti, Ahenni adawurubɔfo binom ahu sɛ nsɛm a edidi so yi a wɔbɛka ye:
● “Wo nsa bɛka nsɛmma nhoma yi abien ɔsram biara wɔ wo fi denam onipa a odi amanade ho dwuma no so.”—France.
● “Wo nsa betumi aka 24 a edi hɔ a ɛbɛba no tẽe afi wɔn a wotintim no hɔ denam mana a wɔde bɛmana wo no so.”—Nigeria.
● “Wɔde nsɛmma nhoma no bɛbrɛ wo afe biako a asɛyɛde foforo biara nka ho. Ebegyae ba afe biako akyi, gye sɛ wosan kra bio.”—France.
● “Wɔde nsɛmma nhoma yi mana me bere biara ma ɛba me fi, na mahu sɛ ɛboa m’abusua no nyinaa ankasa. Wo nso wubetumi akra bi afe.”—Australia.
● “Wubenya Bible no mu adesua afe biako denam nsemmisa ahorow a wɔatintim wɔ nsɛm no bi ase no so.”—United States.
● Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra ɔsatu a edi kan no fii ase wɔ January 1939 mu, Ne botae—nsɛmma nhomakra foforo 100,000. So wotumi yɛɛ saa? Yiw! 1940 Yeabook of Jehovah’s Witnesses no bɔɔ amanneɛ sɛ adawurubɔfo 67,229 a wofi aman 59 so nyaa nsɛmma nhomakra foforo 121,073. Kusuu fam Europa nsɛmma nhomakra bu bɔɔ ho nea ɛboro abien de hyɛɛ ɔfrɛ a wogyee so yi mu den, sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ 1940 Afe Nhoma no mu no: “Ansa na ɔsatu yi reba no na ɛnyɛ nea yɛasusuw ho pɛn sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ yebenya Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra wɔ apon ano asɛnka adwuma no mu, nanso Awurade rehwɛ n’ahyehyɛde no so na sɛ yetie afotu ahorow a yɛn nsa ka no a, ɔkɔ so ara ma yenya nneɛma ahorow a ɛyɛ anigye a ɛma yɛn ho dwiriw yɛn.”
20 So yɛn ankasa betumi de botae ahorow asisi yɛn anim? Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔdawurubɔfo biara benya nsɛmma nhomakra foforo biako na ɔkwampaefo biara anya anan. So wobɛyɛ nea wubetumi biara de ama ‘nyansa ateɛm’ denam yere a wobɛyere wo ho wɔ nsɛmma nhoma adansedi mu no so anaa? Sɛ woyɛ saa a, wobɛboa wo ho ne afoforo ma ‘moanantew nhumu kwan so.’—Mmeb. 9:6.