Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra Wɔ Sankɔhwɛ Mu So
1 Bere a ɛyɛ nokware sɛ yenya nsɛmma nhomakra pii bere a yɛka ho asɛm wɔ afie afie som adwuma mu no, adawurubɔfo pii atumi anya nsɛmma nhomakra wɔ sankɔhwɛ mu. Ebia wɔn a yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn ne nnipa a wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛkra bi, wɔn a ada adi sɛ ebia wɔbɛkra bi, nnipa a wɔn kratasin a ɛkyerɛ sɛ nea wɔakra no resa wɔ yɛn nkyɛn, nnipa a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa, anaa nnipa a yɛne wɔn asua ade wɔ bere a atwam no mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi nsrahwɛ a ɛte sɛɛ ho dwuma?
2 Sɛ obi kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔkra bi nanso onni sika no saa bere no a, yebetumi ahyehyɛ kratasin no na yɛama wakyerɛ bere a yɛnsan mmra mmegye ho ntoboa no. Ɛwom yɛremfa eyi mmrɛ asafo no kosi sɛ onipa no de ho ntoboa no bɛma ansa. Nanso pii ahu sɛ ɛdenam kratasin no a wɔhyehyɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu na afei wɔasan akɔ bere a ofiewura akyerɛ no so no, wotumi nya nsɛmma nhomakra.
3 Sɛ obi pɛ sɛ ɔkenkan biako pɛ hwɛ ansa na wakyerɛ sɛ ɔbɛkra a, yebetumi de nea aba foforo no bi ama no na yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan aba. Sɛ yɛsan kɔ a, yebetumi akae ofiewura nea yɛkaa ho asɛm kan no na yɛne no asusuw nneɛma afoforo ho. Afei yebetumi akyerɛ sɛ ɔkae sɛ ebia ɔbɛkra bi bere a wanya hokwan akenkan foforo a aba no akyi. Mpɛn pii wonya nsɛmma nhomakra wɔ nsrahwɛ a ɛte sɛɛ mu.
4 Asafo ti no de nkaebɔ kɔma asafo no bere a nea wɔakra no reyɛ asa no. Onua a odi nsɛmma nhomakra ho dwuma wɔ asafo no mu no hwehwɛ mu hu wɔn a wɔmaa nkurɔfo kraa bi a ɛresa no na ɔde nkratasin no ma wɔn. Sɛ ɔdawurubɔfo no atu afi hɔ a, ebia wɔbɛka akyerɛ wo ma woakɔsra onipa a ɔkraa bi yi. Wɔ nsrahwɛ a ɛte sɛɛ mu no, yebetumi ada nsɛm bi a ɛho wɔ mfaso a wɔkaa ho asɛm nnansa yi wɔ nsɛmma nhoma no mu adi na afei yɛahyɛ no nkuran sɛ ɔnsan nkra bio ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a ebi rempa ne ti so.
5 Ebia nnipa bi wɔ hɔ a yɛtaa ma wɔn bi a ɛnyɛ bere a yɛbɛkɔ wɔn fie nyinaa na wɔwɔ hɔ. Anaasɛ ebia yɛwɔ asasesin kɛse a ɛsɛ sɛ yɛyɛ mu adwuma ma enti yentumi nkɔ nnipa yi nkyɛn bere biara a foforo bɛba no. Yebetumi akyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔkra bi a ɛremma emu biara a ɛbɛba no mpa wɔn ti so, na wɔ saa kwan yi so no ebia yebenya nsɛmma nhomakra.
6 Afei nso ebinom wɔ hɔ a na yɛne wɔn sua ade a esiane biribi nti wɔagyae. Asafo ti no ahyɛ nyansa sɛ efi bere kɔ bere mu no yɛne nnipa yi nni nkitaho nhwɛ sɛ yebetumi akanyan wɔn anigye wɔ ho bio a. Yebetumi akɔ wɔn nkyɛn na yɛakyerɛ wɔn sɛ wobetumi akra bi, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a. Ebia biribi a wɔbɛkenkan wɔ biako mu bɛsan akanyan wɔn anigye ma wɔne yɛn asua Bible no bio.
7 Yɛwɔ nsɛmma nhoma a eye sen biara wɔ wiase no mu, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa afoforo ma wɔn nso wonya mu mfaso. Sɛ obi kra bi a, obiara a ɔwɔ fie no mu benya hokwan akenkan nsɛm a egyina Bible so wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu na ebia ɛbɛboa wɔn wɔ ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (1 Tim. 4:16) Asram abien nsɛmma nhomakra ɔsatu no reyɛ aba awiei. Ebia nnipa pii ahyɛ wo bɔ sɛ wɔbɛkra bi. Hwɛ sɛ wobɛsan akɔ wɔn nyinaa nkyɛn ntɛm ara wɔ nna a aka no mu. Wo ho bedwiriw wo wɔ wɔn mu dodow a wɔbɛkra bi ankasa sɛnea wɔhyɛɛ bɔ no ho.