Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/88 kr. 1-2
  • So Wode Atirimpɔw Bi Na Ɛreka Asɛm No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wode Atirimpɔw Bi Na Ɛreka Asɛm No?
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SANKƆHWƐ A ATIRIMPƆW WOM A WOBƐYƐ
  • YƐ NSRAHWƐ HO NHYEHYƐE
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Sankɔhwɛyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra Wɔ Sankɔhwɛ Mu So
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 11/88 kr. 1-2

So Wode Atirimpɔw Bi Na Ɛreka Asɛm No?

1 Yehowa yɛ atirimpɔw Nyankopɔn, na atirimpɔw wɔ ne nnwuma mu. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ nokware wɔ yɛn fam saa ara, titiriw ɛdefa yɛn som adwuma no ho no. Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ wɔnka asɛmpa no a atirimpɔw no ne sɛ wɔde bedi adanse. (Mateo 24:14) Bere a yɛboa ma saa ahyɛde yi nya mmamu no, ɛsɛ sɛ yɛde nsiyɛ san kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa nkyɛn. Eyi da adi wɔ Yesu nsɛm foforo a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no mu.

2 Asɛnka kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ wɔnsan nkɔsra wɔn a wogyee nhoma no nyinaa. Ebinom twentwɛn wɔn nan ase, na wosusuw sɛ adawurubɔfo a wɔyɛ nnam na wɔmfɛre nkutoo na wɔfata sɛ wɔkɔyɛ sankɔhwɛ. Nanso, ɛnyɛ den sɛnea ebia saa adawurubɔfo yi besusuw no. Nanso ehia sɛ yɛma yɛn sankɔhwɛyɛ no yɛ nea atirimpɔw bi wom.

SANKƆHWƐ A ATIRIMPƆW WOM A WOBƐYƐ

3 Sɛ wuhyia onigyeni bi a, eye sɛ wobɛto fapem ama sankɔhwɛ no wɔ hɔ ara. Ɔkwan bɛn so? Ebinom ahu sɛ etu mpɔn sɛ wode asemmisa bi a wobesusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu no begyaw ofiewura no. Ebinom tumi de nhoma ma na wosi asɛm pɔtee bi a sɛ wɔsan ba a wobesusuw ho so dua. Hwɛ sɛ wobɛkyerɛw ofiewura no din, asɛm a mobɔɔ ho nkɔmmɔ no, sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ ho, ne nhoma biara a wode mae ato hɔ. Afei, ansa na wobɛsan akɔsra no no, tĩ saa nsɛm yi mu na fa mpaebɔ susuw nea wobɛka no ho.

4 November mu no yɛanya hokwan fɛfɛ sɛ yɛbɛma wɔakra Nyan! ne Ɔwɛn-Aban bere a yɛkɔ sankɔhwɛ no. Bere a ɛyɛ nokware sɛ wonya nsɛmma nhomakra wɔ afie afie adwuma mu no, adawurubɔfo pii atumi adi nkonim kɛse wɔ nsɛmma nhoma a wɔma wɔkra wɔ sankɔhwɛyɛ mu no mu. Ebia ebinom a wogyee nsɛmma nhoma wɔ yɛn nsrahwɛ a edi kan no mu no hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛkra bi anaasɛ ɔkwan bi so no wɔkyerɛe sɛ ebia wɔbɛkra bi. Afei nkurɔfo a yɛwɔ wɔn Ɛresa nkratasin, ankorankoro a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa, anaa wɔn a na yɛne wɔn sua ade wɔ bere bi a atwam mu no wɔ hɔ. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔbɛkra no betumi adi wɔn honhom mu ahiade ho dwuma.​—Mat. 5:3.

5 Sɛ wosan kɔ baabi a wode mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no dii dwuma a, wubetumi aka sɛ: “Bere a me ne wo kasae no, yɛbɔɔ hia a adesamma hia honhom mu nneɛma ne sɛnea wɔnam Onyankopɔn Asɛm no sua so betumi adi saa ahiade no ho dwuma no ho nkɔmmɔ. Hyɛ nhyira horow a wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm no nya no nsow. [Kenkan Yohane 17:3 na ka ho asɛm.] Ɔwɛn-Aban ne Nyan! yɛ nnwinnade a eye a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn honhom mu ahiade no ho dwuma.” Afei wubetumi akyerɛ asɛm pɔtee bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu a wode redi dwuma no na woakɔ so akyerɛkyerɛ nsɛmma nhomakra no mu. Ma ɛntra w’adwene mu nso sɛ atirimpɔw a yɛde kɔe ne sɛ yebefi Bible adesua ase, enti wubetumi akyerɛkyerɛ adesua nhyehyɛe no nso mu akyerɛ wɔn.

YƐ NSRAHWƐ HO NHYEHYƐE

6 Ebinom nyɛ sankɔhwɛ efisɛ wɔnnyɛ ɛho bere nhyehyɛe pɔtee biara. Wubetumi ayɛ sankɔhwɛ anwummere anwummere, dapɛn awiei, bere a woawie afie afie nsrahwɛ ara pɛ no, anaasɛ wɔ mmere afoforo a eye mu. Sɛ ɛnyɛ nea wurenya ɔsom adwuma no fã yi mu kyɛfa kɛse a, dɛn nti na wommfa nyɛ w’ankasa wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛyɛ sankɔhwɛ biako dapɛn biara? Hwehwɛ wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ asɛnka ɔfã yi mu kɛse no mmoa. Mma ɛnyɛ wo den sɛ wubebisa wo nhoma adesua sohwɛfo no ma wama wo eyi ho nyansahyɛ ahorow. Afei nso, ebia wobɛpɛ sɛ wunya ahokokwaw denam ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo bi a ɔbɔ mmɔden wɔ saa adwuma yi mu a wo ne no bɛnantew no so.

7 Ɔsomafo Paulo kaa ade a wodua na wogugu so nsu ho asɛm de faa Kristofo som adwuma no ho. (1 Kor. 3:6, 7) Enti yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛbɛsan akɔsra nnipa no a atirimpɔw no ne sɛ yebefi Bible adesua ase. Ɛda adi sɛ sɛ yɛde atirimpɔw bi na ɛreka asɛm no a, yɛn anigye bɛyɛ kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena