Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sankɔhwɛ Mu
1 Sɛ́ asɛmpa no ho asomfo no, wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Enti sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ yɛ yɛn asuafoyɛ adwuma no fã titiriw. Sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ a, yɛsan kɔ nnipa a wɔakyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye nkyɛn. Wohia honhom mu aduan foforo na ama wɔanya nkɔso wɔ nokware no mu. Ɛho hia sɛ wobɛma wɔn ani aba wɔn ho so kɛse wɔ wɔn honhom mu ahiade ho. (1 Pet. 2:2; Mat. 5:3) Sankɔhwɛ ma yenya hokwan di saa ahiade yi ho dwuma bere a yɛboa nkurɔfo ma wonya nyansa a efi Onyankopɔn Asɛm mu no.
2 Di kan yɛ ho nhyehyɛe. Yi bere si hɔ ma sankɔhwɛ yɛ. Pii yɛ nhyehyɛe yɛ sankɔhwɛ bere a wɔayɛ afie afie adwuma no akyi. Wubetumi ayɛ nhyehyɛe afoforo dapɛn biara ama dwumadi yi bio nso. Ebinom hu sɛ, sɛ wɔsan kɔ anwummere a, wɔtaa to nkurɔfo wɔ fie a wɔregye wɔn ahome a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie. So wubetumi ayɛ bere nhyehyɛe ama sankɔhwɛ? Sɛ wobɔ mmɔden wɔ eyi mu a, Bible adesua ahorow a wohwɛ kwan sɛ wubefi ase no bɛyɛ pii.
ƐHO ASƐNNENNEN NO SO A YEBEDI
3 Ebia sankɔhwɛyɛ bɛyɛ asɛnnennen ama ebinom, na ɛbɛma wɔasuro. So eyi te saa wɔ wo fam? Sɛ saa a, ɛnde ebia ano aduru ne wo ho a wubedi kan asiesie. Esiane sɛ wɔn a wɔakyerɛ ho anigye bi no nkyɛn na yɛkɔ nti, yɛwɔ nea yebegyina so afi nkɔmmɔbɔ ase dedaw. Nea mokaa ho asɛm wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu ho kyerɛwtohɔ pa a wobɛyɛ ho hia. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubekanyan n’anigye bio denam nkɔmmɔ a mudii kan bɔe no a wobɛtwe n’adwene asi so na woatoa so afi hɔ no so. Hyɛ nea wɔka biara a ɛbɛma woahu nea wɔn ani gye ho ne wɔn botae wɔ asetra mu no nsow. Afei, ɛdenam Reasoning nhoma no so no, siesie ɛho nsɛm foforo. Sɛ wosan kɔ hɔ bio a, fa ɛno ho asɛm bra na wo ne wɔn nsusuw nea woasiesie no ho. Eyi bɛma ofiewuranom no ahu sɛ w’ani gye wɔn ho ankasa na worehyɛ wɔn nkuran ma wɔagye anidaso asɛm no atom.
4 Wɔ afoforo fam no, asɛm a ɛyɛ den no ne onigyefo no a wɔbɛto no wɔ fie bio. Onuawa bi maa ɔbarima bi nsɛmma nhoma, nanso wɔ mfe abien a edi hɔ no mu no na ɔnto no wɔ fie. Bere a afei ɔkɔtoo no no, ɔkae sɛ n’ani agye nsɛmma nhoma no ho na ɔbɛpɛ sɛ ne nsa kɔ so ka bi. Nanso sɛnea n’adwuma ho nhyehyɛe te no ma ɛyɛɛ den ara sɛ ɔbɛto no. Afei bere a onuawa no abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obenya no akyi no, ɔkɔtoo no wɔ fie bio a ɔwɔ asɛm bi ka. Asɛm a odii kan bisae ne sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na mabɛyɛ Ɔdansefo?” Wɔne no suaa ade na mprempren ɔyɛ ɔpanyin. Nnipa a wɔte sɛɛ a wubenya wɔn de anigye ankasa ba. Ɛma mmɔden ahorow a yɛabɔ no nyinaa yɛ nea ɛfata. Yehowa hyiraa onuawa yi adwumaden no so. (Ɔsɛnk. 11:1) Obehu yɛn de no nso. Yebetumi anya nhyira a ɛte saa ara. Nanso ɛhe na yebetumi anya mmoa ne nkuranhyɛ foforo?
5 Ɔsom adwuma so ahwɛfo betumi de mmoa ama na wɔadi anim wɔ sankɔhwɛ yɛ mu. Sɛ wɔkɔsra nhoma adesua akuw no a, wobetumi ama ɔkasa a ɛfa hia a sankɔhwɛ ho hia no ho. Wobetumi ayɛ sɛnea wofi Bible adesua ase ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wɔne kuw bi reyɛ adwuma wɔ asɛnka mu a, wobetumi aboa adawurubɔfo ma wɔayɛ sankɔhwɛ na wɔafi Bible adesua ase. Sɛ wuhia mmoa wɔ ɔsom adwuma yi mu a, ka kyerɛ mo ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔmmoa wo.