Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/92 kr. 1
  • Gye Sankɔhwɛ Ho Asɛyɛde Tom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gye Sankɔhwɛ Ho Asɛyɛde Tom
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Mmɔdenbɔ a Egye sɛ Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • So Wode Atirimpɔw Bi Na Ɛreka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 2/92 kr. 1

Gye Sankɔhwɛ Ho Asɛyɛde Tom

1 Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛbɛkanyan yɛn ma yɛanya sankɔhwɛ mu kyɛfa akosi ase sɛnea yebetumi. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ adwuma a wɔde ama yɛn sɛ yɛnyɛ no fefeefe, te sɛ nea Paulo yɛe no. (Aso. 20:21, 24) Sɛ yetumi san kɔ anigyefo nyinaa nkyɛn a, yebekura ahonim pa mu, bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebewie yɛn som adwuma no koraa no.​—2 Tim. 4:5.

2 Nimdeɛ Ma Yedi Asɛyɛde ho dwuma: Ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛne sɛ nkwa ho aba asɛm no kanyan yɛn ma yɛde nnam yɛ sankɔhwɛ ahorow. (Yoh. 17:3) Ɛnsɛ sɛ Yehowa atemmu ne sɛnea Harmagedon abɛn no ho nimdeɛ a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yɛde kɔkɔbɔ ma abɔnefo nko, na mmom yɛboa wɔn a ‘wosi ahũde a ɛrekɔ so wɔ asase so’ ho apini no nso. (Hes. 9:4) Ehia sɛ yɛde wɔn ba Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mu.

3 Ehia sɛ nkurɔfo te nokware no ase yiye. (Aso. 8:30, 31; 18:26) Eyi ne ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yegye yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛsan akogugu nokware aba a yɛagu no so “nsu” no tom. Sɛ obi ansan amma yɛn nkyɛn wɔ bere ne bere mu ammɛboa yɛn ma yɛannya Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho nokware nimdeɛ a, honhom mu nkɔso bɛn na anka yɛn ankasa benya?​—Mat. 7:12.

4 Da Ɔdɔ ne Nnamyɛ Adi: Sankɔhwɛyɛ yɛ ɔkwan pa a yɛfa so yi ɔdɔ a yɛwɔ ma nkurɔfo no adi. Onua onifuraefo bi a ɔresom sɛ daa ɔkwampaefo se: “Efi bere a wɔbɔɔ me asu no, ɔpɛ a manya ne sɛ meka nea masua afi Bible mu no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛyɛ me anigye sɛ me dɛmdi no nsiw me kwan sɛ mɛyɛ saa . . . Misuae sɛnea mɛhyɛ borɔn no so ofie biara nsow wɔ me tirim nso, na ɔkwan yi so no. mitumi san kɔɔ nnipa a wɔn ani gye Bible adesua ho no nkyɛn.” Onua onifuraefo yi tumi de ne koma hu ade ankasa, na ɔyɛ sankɔhwɛ ahorow na ɔda ne Kristofo dɔ adi kyerɛ afoforo.

5 Sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ a, yɛtaa nya hokwan sɛ yɛde Bible no bedi dwuma yiye, na yɛka nneɛma a ama yɛanya anidaso no ho asɛm kyerɛ. (1 Pet. 3:15) Ɛnyɛ sɛ eyi boa ofiewura no nko, na mmom ɛma yɛn ankasa nnamyɛ ne nokware no ho anisɔ a yɛwɔ no nso mu yɛ den. Sankɔhwɛyɛ ma yenya anigye a yɛrentumi mfa ɔkwan foforo biara so nnya. Na ɛnsɛ sɛ sɛnea saa anigye no te no so tew da. Yɛnam sankɔhwɛ ahorow a yɛde nnamyɛ bɛyɛ no so betumi ahyɛ mu den bere nyinaa​—Mmeb. 10:22.

6 Ɛsɛ sɛ yebu yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ no aniberesɛm. Yehowa nkurɔfo mfa nea eye nkame afoforo, na yebetumi ahu eyi denam yɛn wiase nyinaa dwumadi wɔ 1991 ɔsom afe no mu no so. (Mmeb. 3:27) Yɛyɛɛ sankɔhwɛ 344,926,952 ne ofie Bible adesua 3,947,261. Asuafo afoforo 300,945 na wohyiraa wɔn ho so maa Yehowa na wɔbɔɔ wɔn asu. Sɛ yɛannye yɛn asɛyɛde sɛ yɛnyɛ sankɔhwɛ no antom a, anka yɛrennya nkɔanim fɛfɛ yi.​—1 Tes 2:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena