Ma Obiara Nhu Sɛ Wiase Nyinaa Ahotɔ Abɛn
1 Ɛrenkyɛ, “Asomdwoe Hene” no de nokware asomdwoe ne ahotɔ bɛba asase so nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛn gyidi wɔ saa Bible bɔhyɛ yi mu no kanyan yɛn ma yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo. (Yes. 9:8, 7; Mika. 4:3, 4) Yɛde nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintim no 1983 anaasɛ ansa na saa afe no reba no bɛma wɔ February ne March mu. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Worldwide Security Under the “Prince of Peace” nhoma no ama.
2 Yɛde nnianim nsɛm a ebia wobɛpɛ sɛ wode di dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ February mu dodow bi ama wɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 8. Yɛde akwan abiɛsa a ebetumi aboa ma woatwe afiewuranom adwene asi Worldwide Security nhoma no so ho nyansahyɛ ama wɔ nkyekyem a edidi so yi mu.
3 Ɔkwan 1: Wɔ wo nnianim asɛm no akyi no, dan kɔ kratafa 13 na ka sɛ: “Wɔafa Yesaia 9:6, 7 mu nsɛm a ɛwɔ Bible no mu no nyinaa aka wɔ nkyekyem a edi kan yi mu. Ma menkenkan nkyerɛ wo.” Afei bisa no sɛ “Hena ne ‘Asomdwoe-Hene no’?” Ma ommua, na afei toa so sɛ: “Nhoma yi ma yehu onii ko a ‘Asomdwoe-Hene’ no yɛ pefee, na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea ɔde wiase nyinaa asomdwoe bɛba asase no so wɔ yɛn bere yi mu no mu. So w’ani gye ho sɛ wobɛkenkan na wobɛpɛ sɛ wusua wiase foforo a wɔahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba no ho ade pii?” Mmuae biara a ofiewura no bɛma no bɔ mmɔden sɛ wubegyaw nhoma bi ama no.
4 Ɔkwan 2: Bere a woakenkan Yesaia 9:6, 7 awie no, dan kɔ kratafa 4 na bisa ofiewura no sɛ: “Asomdwoe tebea horow bɛn na wuhu wɔ mfonini yi mu?” Ma ommua, na afei toa so sɛ: “Asomdwoe wɔ nnipa no ntam, na wɔne mmoa no wɔ asomdwoe. Ebia ebinom besusuw sɛ nnipa nniso horow de asomdwoe a ɛte sɛɛ bɛba. Nanso, Onyankopɔn na ɔde asomdwoe ne ahotɔ ankasa a wɔahyɛ no nkɔm wɔ Bible no mu no beba, na ɛnyɛ onipa. So wunnye ntom?” Ma ommua, na afei kenkan nkyekyem 4 wɔ kratafa 5, na kyerɛkyerɛ mu sɛ nhoma yi bua Ahenni no ne asomdwoe a ɛbɛba asase so ho nsemmisa pii. Fa nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba na moasusuw emu nsɛm no.
5 Ɔkwan 3: Faako a nkurɔfo pɛ sɛ wɔka nsɛm de twa nea woka no mu, na wɔmma wonka w’asɛm no nwie no, wubetumi afa ɔkwan yi so: “Mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi?” Sɛ ofiewura no pene a toa so sɛ: “Yesu kae wɔ Mateo 28:19, 20 sɛ n’akyidifo bɛyɛ amanaman nyinaa mu nnipa asuafo. Asemmisa no ne sɛ: So ɛsɛ sɛ wɔsakra wiase mu no nyinaa ansa na wadi hene sɛ’Asomdwoe-Hene’? Wususuw ho dɛn?” Ma ommua, na afei ka sɛ: “Yehu mmuae a Bible no de ma wɔ saa asemmisa no ho wɔ ha wɔ kratafa 21.” Afei kenkan nkyekyem 2 wɔ kratafa 21, na kyerɛ sɛnea kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no bua saa asemmisa no ne wiase nyinaa ahotɔ ne “Asomdwoe-Hene” no no nsemmisa afoforo pii no.
6 Ebia woapaw nnianim asɛm a wopɛ no wɔ Yɛn Ahenni Som no kratafa 8. Bere a woasusuw akwan a wobɛfa so a ɛwo asɛm yi mu no ho akyi no, wubetumi ahu biako pɔtee bi a w’ani gye ho sɛ wode bedi dwuma. Gye bere fa sua wo nnianim asɛm no, ne ɔkwan a wobɛfa so no ansa na woakɔ asɛnka. W‘ahosiesie ne gyidi a w’ankasa wowɔ sɛ nokware asomdwoe ne ahotɔ bɛba denam ‘Asomdwoe-Hene” no ne n’Ahenni no so no bɛma sɛnea wobɛka nsɛm adan adwene ne anigye a wode bɛma Worldwide Security nhoma no anya nkɔanim.