Akwampae Adwuma—Adwuma A Ɛde Akatua Pa Ba
1 Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye na yehu papa wɔ yɛn brɛ adwuma nyinaa mu. (Ɔsɛnk. 5:18) Adwuma a ehia sen biara a yebetumi ayɛ bi ne Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som [adwuma] no koraa.” (2 Tim 4:5) Ɔhyɛɛ Timoteo nkuran, na Paulo nsɛm no hyɛ yɛn nyinaa nkuran nnɛ sɛ yemfi ɔkra nyinaa mu nyɛ yɛn som adwuma no. Ebinom fam no, ebia nea ɛka wɔn kra nyinaa mu a wobɛfi ayɛ adwuma no ho ne sɛ wɔbɛsom sɛ daa akwampaefo. Dɛn nti na womfa mpaebɔ nsusuw ho sɛ ebia wo nsɛm tebea bɛma kwan ma woayɛ bere nyinaa som adwuma no?
2 Nhyehyɛe Pa ho Hia: Sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma no a, ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ nneɛma pɔtee bi ma ɛne yɛn mpaebɔ hyia. Nya ɔpɛ a efi komam sɛ wobɛyɛ Yehowa adwuma no, na nya ɔdɔ ma nkurɔfo. Ma w’asɛnka adwuma nnya nkɔanim, na yɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua pii. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ bere nhyehyɛe pa; nea wubetumi de ayɛ adwuma. Bisa nyansahyɛ ahorow fi mpanyimfo ne akwampaefo hɔ. Bata nhyehyɛe a woasusuw ho yiye ayɛ a ɛbɛma woanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no. Ahohyɛso, wo pɛ mu a wubefi ayɛ ade ne mmɔdenbɔ ho hia. (1 Kor. 9:23, 25, 27) Eyi ne nhyehyɛe pa a yɛn mu adawurubɔfo 126 a wɔyɛɛ daa akwampaefo wɔ 1991 ɔsom afe no mu no yɛe no bi.
3 Botae horow pɔtee a yɛde besi yɛn anim na yɛayere yɛn ho sɛ yebedu ho no betumi ama yɛanya nkɔso wɔ yɛn asɛnka mu bere a yɛma nea yetumi yɛ no tu mpɔn no. So yebetumi ama yɛn nnianim nsɛm wɔ apon ano anaa sɛnea yedi anoyi ahorow ho dwuma no atu mpɔn? So yɛde nhoma ahorow a yɛwɔ nyinaa di dwuma kosi ase? So yɛreyɛ Bible adesua a enya nkɔso? So yebetumi afi akwampaefo boafo adwuma ase mprempren a adwene a yɛde yɛ saa ne sɛ yɛbɛyɛ daa akwampae adwuma akyiri yi? Ɛsɛ sɛ botae horow no yɛ nea yebetumi adu ho, na yɛma ɛne nea yetumi yɛ hyia. Sɛ yedu botae horow a ɛte sɛɛ ho a, ebetumi ama yɛatu mpɔn kɛse na yɛanya akomatɔyam kɛse.—1 Tim. 4:15, 16.
4 Asetra Kwan a Ɛso wɔ Akatua: Adwene pa a yɛde yɛ akwampae adwuma no, ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebenya nkɔso wɔ honhom fam no de mfaso pii ba.Ɛma yɛde yɛn ho to Yehowa so kɛse. Onyankopon Asɛm a yɛde di dwuma daa wɔ yɛn som adwuma mu no na ɛma yɛde di dwuma wɔ ahokokwaw kɛse mu. Enya asafo no so nkɛntɛnso pa, na nsiyɛ no nhwɛso a yɛyɛ no betumi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse. Akwampae adwuma no betumi aboa yɛn ma yenya honhom fam adwene wɔ asetra ho kɛse, na abɔ yɛn ho ban afi wiase no botae, n’akɔnnɔ, ne ne fekubɔ ho.
5 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa Wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mat. 9:37, 38) Sɛnea adwumayɛfo ho hia no yɛ kɛse mprempren mpo sen sɛnea na ɛte wɔ Yesu nna no mu. Akwampae adwuma no ma yenya hokwan ye nkwagye adwuma a egye ntɛmpɛ yi bi kosi ase. Hwee nni hɔ a ebetumi ato akomatɔyam a obi nkwa a ɔde yɛ yɛn Bɔfo Kɛse no bere nyinaa som adwuma no de ba no.—Mmeb. 10:22.