Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Ne Mmofra Sɛ Adawurubɔfo
1 July 1991 Yɛn Ahenni Som no mu asɛm a na ɛwɔ ɔfã yi hyɛɛ mmofra nkuran sɛ wɔnyɛ adawurubɔfo. Wɔhyɛɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa wɔn mma nka wɔn ho nkɔ asɛnka sen sɛ wobegyaw wɔn wɔ fie; wobetumi abisa mmofra nsɛm ntiantiaa ma wɔabua bere a wɔyɛ ofie Bible adesua; wobetumi akyerɛ mmofra sɛnea wɔde nkratawa ne nsɛmma nhoma ma wɔ asɛnka mu ne sɛ wobetumi agyina mfe a wɔadi so akyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛka nsɛm a wɔde kyerɛwsɛm biako kosi abiɛsa di dwuma wom akyerɛ. Wɔde nkuranhyɛ mae sɛ wonsua sɛnea wɔbɛka akyerɛ no na ama wɔanya ahotoso. Afei wɔde nkuranhyɛ mae nso sɛ wɔnkyerɛ mmofra no kasa a wɔka wɔ wɔn asasesin mu titiriw no akenkan, sɛ Bible no wɔ saa kasa no mu a. Ɛdenam saayɛ so no, mmofra no ankasa betumi akenkan kyerɛw nsɛm de asi nsɛm a wɔka kyerɛ no so dua.
2 Asram anum atwam fi bere a wɔde atifi hɔ nyansahyɛ ahorow no mae no. Dɛn na wo mma tumi yɛ wɔ asɛnka adwuma no mu? Sɛ woayɛ ho biribi kakra, anaasɛ wonyɛɛ ho hwee a, ɛnkaa akyi dodo sɛ wubefi ase de saa nyansahyɛ ahorow no adi dwuma. Mmofra renyin wɔ nipadua, adwene ne nkate mu, nanso onyin titiriw a ɛsen biara, ne nea ɛyɛ anigye sen biara ne honhom fam onyin, na asɛnka adwuma no ka eyi ho. Enti, bere a mmofra susuae no, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma woyi Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo kɛse no ayɛ. (Mat. 21:16) Sɛ wɔmmaa wo ba no Asafo Mu ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin mpo a, ɛsɛ sɛ woboa no ma ɔde ne ho hyɛ asɛnka mu. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ mmerɛw ma mmofra nkumaa sɛ wobesua sɛnea wɔde nkratawa ne nsɛmma nhoma ma. Sɛ awofo ma wɔn ani ku mmofra no ho wɔ ɔdɔ mu sɛɛ a, ɛma anigye a wɔwɔ wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho yɛ kɛse.
3 Ntetee a Wɔde Ma ntɛm ho Hia: Bible no tu fo wɔ Mmebusɛm 22:6 sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” Nnyinasosɛm yi yɛ nokware wɔ afie a emu apaapae wɔ nyamesom fam no mu. Timoteo nyinii wɔ ofie a ɛte saa mu, nanso onyaa nnyinasosɛm yi a ne maame ne ne nanabea de dii dwuma no mu mfaso kɛse (2 Tim. 3:15) So na eye nwonwa sɛ Timoteo nyin bɛyɛɛ asɛmpa no ho somfo a ne ho akokwaw? Yehu nea otumi yɛe sɛ ɔsomfo no ho adanse wɔ asɛm a ɔsomafo Paulo kaa wɔ ne ho kyerɛe Filipifo asafo no mu: “Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no. . . . Munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.”—Fil. 2:20-22.
4 Te sɛ nea Paulo ne Timoteo boom yɛ adwuma, ma enti Timoteo suaa Paulo akwan no, saa ara na awofo nso betumi ayɛ nhyehyɛe na wɔne wɔn abusua no mufo anya asɛnka mu kyɛfa daa. Faako a mmofra no dɔɔso no. okunu ne ɔyere no betumi ayɛ nhyehyɛe de wɔn akɔ asɛnka mmiako mmiako. (Fa toto Filipifo 4:9 ho.) Asɛnka ho anigye a nhyehyɛe yi ma wɔn nyinaa nya akyi no, ɛma wɔbɛn wɔn ho wɔn ho nso.
5 Awurade Yesu Kristo se: “Efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na [ano no] ka.” (Luka 6:45) Enti, sɛ wo mma benya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu a, ehia sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm hyɛ wɔn komam ma. Enti, kɔ so yɛ dapɛn dapɛn abusua adesua daa. So wotumi kenkan ade a, dɛn nti na womma wɔnkenkan dapɛn dapɛn Bible akenkan a wɔde ama no nso bi? Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nyɛ wɔn su sɛ wɔbɛkenkan Asafo ti no nhoma ahorow a mmofra afa a ɛwɔ Nyan! mu a wɔato din sɛ “Mmofra Bisa Sɛ” no ka no.
6 Ade a ɛsen biara a awofo betumi de ama wɔn mma na wɔn ho aba mfaso ne sɛ wɔbɛboa wɔn mprempren ma wɔayɛ pii wɔ nokware no mu, na wɔama nokware no ayɛ wɔn de. Saa yɛ so no ɛbɛyɛ anigye sɛ wobehu wɔn honhom mu onyin, na awofo benya akomatɔyam a ɔsomafo Yohane kaa ho asɛm no: “Minni biribi a ɛsen eyinom a megyina so de aseda ama sen sɛ mete sɛ me mma kɔ so ara nantew nokware no mu.”—3 Yoh. 4, New World Translation.