“Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo a Ɔyɛ Nsi!”
1. Onuawa bi tee nka dɛn wɔ akwampae adwuma a ɔyɛe no ho?
1 Kathe B. Palm a ɔde mfe dudu pii yɛɛ asɛnka adwuma no sɛ ɔkwampaefo a ɔwɔ ahofama wɔ Chile, a ɛwɔ South America no kae sɛ: “Adwuma foforo biara nni hɔ a anka ebetumi ama manya abotɔyam ne honhom fam anigye saa.” Bere a woresusuw asetena a abotɔyam wom a bere nyinaa asomfo wɔ ho no, ebia obi aka akyerɛ wo pɛn sɛ: “Wubetumi ayɛ ɔkwampaefo a ɔyɛ nsi!”
2. Kyerɛkyerɛ nea enti a yenya abotɔyam kɛse wɔ honhom fam nnwuma mu no mu.
2 Asetena a Abotɔyam Wom: Yɛn Nhwɛsofo, Yesu, nyaa abotɔyam wɔ n’Agya apɛde a ɔyɛe no mu. (Yoh. 4:34) Enti Yesu fi nokwaredi mu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ, biribiara a wɔbɛyɛ wɔ Yehowa som mu no bɛma wɔanya abotɔyam ankasa. Sɛ yɛyɛ nnwuma a Yehowa pene so a, ɛma yenya abotɔyam. Bio nso, sɛ yɛyere yɛn ho de yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahonyade boa afoforo a, ɛma yenya anigye pii.—Aso. 20:31, 35.
3. Sɛ yɛde bere pii yɛ asɛnka adwuma no a, anigye bɛn na yebenya?
3 Sɛ yɛde bere pii yɛ ɔsom adwuma no a, ɛma yenya hokwan pii de fi Bible adesua foforo ase na yɛkɔ so yɛ, na ɛno ma yɛn ani gye. Sɛ afiewuranom yɛ anibiannaso mpo a, bere a yɛn ho rekokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu no, yehu sɛ yɛn asasesin no sow aba pii sen sɛnea na yesusuw no. Sɛ akwampaefo yɛ adwuma no bɛyɛ afe biako na wɔkɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi a, wobetumi de ntetee a wonyae no nyinaa adi dwuma. (2 Tim. 2:15) Sɛ yemia yɛn ani a, yebetumi adua nokware no aba na asow daakye.—Ɔsɛnk. 11:6.
4. Dɛn na ɛsɛ sɛ mmabun a wɔrebewie sukuu no susuw ho?
4 Mmabun: Bere a morebewie ntoaso sukuu no, so moasusuw mo daakye ho yiye? Mprempren de, mo sukuu dwumadi agye mo bere nyinaa. Sɛ mowie sukuu a, dɛn na mode saa bere no bɛyɛ? Sɛ anka mode mo bere nyinaa bɛyɛ honam fam adwuma no, dɛn nti na momfa mpaebɔ nsusuw daa akwampae adwuma no ho? Mubenya nimdeɛ pii efisɛ mubedi nnipa ahorow adanse, mubedi akwanside ahorow so, mubenya ahotoso, mubetu mpɔn wɔ mo nkyerɛkyerɛ mu, na eyinom bɛboa mo mo nkwa nna nyinaa.
5. Ɔkwan bɛn so na awofo ne asafo no betumi ahyɛ akwampae adwuma no ho nkuran?
5 Awofo, so moreboa mo mma ma wɔde bere nyinaa som adwuma no asi wɔn ani so? Mo nsɛm ne mo nhwɛso pa betumi aboa wɔn ma wɔde Ahenni nneɛma adi kan. (Mat. 6:33) Ray, a ɔde ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu bere a ɔrebewie ntoaso sukuu no ka sɛ: “Ná me maame te nka sɛ, akwampae adwuma no ma wunya asetena a abotɔyam wom ankasa.” Asafo no mufo nyinaa betumi ahyɛ akwampae adwuma no ho nkuran denam wɔn nsɛm ne wɔn mmoa so. Jose, a ofi Spain, ka sɛ: “Asafo a mewɔ mu no bu akwampae adwuma no sɛ adwuma pa a ɛsɛ sɛ mmabun yɛ. Nsɛm a wɔka ne anisɔ a wɔwɔ ma akwampae adwuma no ne mmoa ankasa a wɔde maa me no ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ mɛyɛ akwampae adwuma no.”
6. Sɛ mprempren yenni ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma no bi a, dɛn na yebetumi ayɛ?
6 Akwanside a Yebedi So: Na sɛ woka sɛ, ‘Minni ɔpɛ sɛ mɛyɛ akwampae adwuma no nso ɛ.’ Sɛ saa na kan no wote nka a, fa to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Mintumi nhu sɛ metumi ayɛ akwampae adwuma no bi anaa merentumi nyɛ, nanso mepɛ sɛ meyɛ nea ɛsɔ w’ani.’ (Dw. 62:8; Mmeb. 23:26) Afei hwehwɛ akwankyerɛ fi n’Asɛm mu ne n’ahyehyɛde no hɔ. Akwampaefo pii nam akwampaefo aboafo adwuma no so ‘kaa’ akwampae adwuma no ‘hwɛe,’ na anigye a wonyae no kaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu.—Dw. 34:8.
7. Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ yɛrentumi nnya nnɔnhwerew 70 ɔsram biara a, yɛbɛyɛ dɛn adi nsusuwii a ɛte saa so?
7 Na sɛ wunnye nni sɛ wubetumi anya nnɔnhwerew 70 ɔsram biara nso ɛ? Dɛn nti na wo ne akwampaefo a wo ne wɔn tebea yɛ pɛ no mmɔ ho nkɔmmɔ? (Mmeb. 15:22) Afei yɛ bere nhyehyɛe ahorow bi na kyerɛw to hɔ. Wubehu sɛ sɛ wotɔ bere fi bere a wode yɛ nneɛma a ɛho nhia pii no mu de yɛ asɛnka adwuma no a, ɛrenyɛ den mma wo sɛnea na kan wususuw no.—Efe. 5:15, 16.
8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn nsɛm tebea ho wɔ bere ne bere mu?
8 Susuw Ho Bio: Yɛn nsɛm tebea taa sesa. Enti eye sɛ wubesusuw wo nsɛm tebea ho wɔ bere ne bere mu. Sɛ nhwɛso no, so woreyɛ akɔ pɛnhyen? Randy, a ɔkɔɔ pɛnhyen ntɛm no ka sɛ: “Gyinae a misii yi ama matumi ne me yere reyɛ akwampae adwuma no bi, na ama yɛanya hokwan atu akɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Manya mfaso pii afi gyinae a misii no mu, na nea ɛsen ne nyinaa no, manya ahonim pa.”
9. Dɛn na ɛsɛ sɛ awarefo susuw ho?
9 Awarefo bi ahwehwɛ wɔn nsɛm tebea mu yiye ahu sɛ, ɛho nhia sɛ wɔn baanu de wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma. Ɛwom, sɛ abusua no betumi ayɛ saa a, ebehia sɛ wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, nanso mfaso wɔ saa a wɔbɛyɛ no so. John, a ne yere gyaee adwuma a ɔde ne bere nyinaa yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtrɛw ne som mu no ka sɛ: “Nim a minim sɛ me yere de ne ho ahyɛ ɔsom adwuma no mu wɔ da no mu no ma m’ani gye yiye.”
10. Dɛn na ɛkanyan Kristofo ma wosusuw akwampae adwuma no ho?
10 Ɛkyerɛ sɛ Yɛwɔ Ɔdɔ ne Gyidi: Yehowa de asɛnka adwuma no ama sɛ adwuma a ɛho hia sen biara a yebetumi ayɛ. Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe nhyehyɛe dedaw yi, na wɔn a wɔbɔ Yehowa din no nkutoo na wobegye wɔn nkwa. (Rom. 10:13) Koma a ɔdɔ ahyɛ no mã ne nea wayɛ ama yɛn no ho anisɔ bɛkanyan yɛn ma yɛadi ahyɛde a ne Ba no de ama sɛ yɛmfa nsi nka asɛm no so. (Mat. 28:19, 20; 1 Yoh. 5:3) Bio nso, esiane sɛ yegye di paa sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu nti, ɛbɛka yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu bere a mmere da so wɔ hɔ yi, sen sɛ yɛbɛma wiase no agye yɛn adwene.—1 Kor. 7:29-31.
11. Sɛ obi ka kyerɛ yɛn sɛ yebetumi ayɛ akwampaefo a wɔyɛ nsi a, ɛsɛ sɛ yebu saa asɛm no dɛn?
11 Daa akwampae adwuma no nyɛ asafo nhyehyɛe bi a wɔayɛ sɛ obi mfa nnɔnhwerew dodow bi nyɛ asɛnka adwuma no kɛkɛ, na mmom ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa ama Onyankopɔn. Enti sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ wubetumi ayɛ ɔkwampaefo a ɔyɛ nsi a, bu no sɛ ɔrehyɛ wo nkuran. Afei bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wubetumi de wo ho abɔ wɔn a wɔreyɛ ɔsom adwuma a ɛma abotɔyam yi ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Awofo, so moreboa mo mma ma wɔde bere nyinaa som adwuma no asi wɔn ani so?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Yehowa de asɛnka adwuma no ama sɛ adwuma a ɛho hia sen biara a yebetumi ayɛ.