Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/05 kr. 3
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛka Asɛm no Ni!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛka Asɛm no Ni!
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo a Ɔyɛ Nsi!”
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Wubetumi Ahyɛn “Dwumadi Kɛse Bi Pon” Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 8/05 kr. 3

Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛka Asɛm no Ni!

1. Dɛn nti na nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no?

1 “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.” Wɔ abɔfo akwankyerɛ ase no, wɔreka asɛm yi akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” Dɛn ntia? ‘Efisɛ bere a Onyankopɔn de bebu atɛn no adu.’ Ɛnnɛ, yɛte ‘bere a ɔde bebu atɛn’ no mu, na ɛbɛkɔ akowie nneɛma nhyehyɛe yi sɛe mu. Ehia sɛ nnipa ‘som Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuti no.’ Adwuma foforo biara nni hɔ nnɛ a ehia anaa egye ntɛmpɛ sen “daa asɛmpa” no a yɛbɛka akyerɛ no. Yiw, bere a ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no ni!—Adi. 14:6, 7.

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo rekyerɛ sɛ wonim sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ nnɛ no?

2 Wɔ mfe du a atwam no, Yehowa asomfo de bɛyɛ nnɔnhwerew ɔpepepem 12 ayɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Nnipa pii ayɛ nsakrae wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛma wɔde bere pii ayɛ honhom mu otwa adwuma no. (Mat. 9:37, 38) Sɛ yɛfa afe a etwaam no sɛ nhwɛso a, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo bɛboro 850,000 na wɔsom sɛ akwampaefo ɔsram biara. Wɔ daa akwampaefo fam no, sɛ wɔkyekyɛm a, ɛhwehwɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew 70 yɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. Akwampaefo aboafo nso de nnɔnhwerew 50 na ɛka asɛm no.

3. Nsakrae bɛn na ehia sɛ adawurubɔfo yɛ na wɔatumi ayɛ akwampaefo.

3 Nea Ehia na Woatumi Ayɛ Ɔkwampaefo: Bere a akwampaefo hu sɛ “bere a aka no sua” no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho awiɛmfo. (1 Kor. 7:29, 31) Wɔhwɛ akwan a wɔbɛfa so atew ka a wɔbɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe bere pii mfa nyɛ honam fam adwuma. Sɛ nhwɛso no, ebinom atu akɔtra adan a ne bo ba fam mu. Afoforo nso ayi honam fam nneɛma a wonhia no afi wɔn akwan mu. (Mat. 6:19-21) Mpɛn pii no ɛsɛ sɛ wɔtew nneɛma a wɔn ani gye ho so. Botae nti a wɔyɛ eyinom nyinaa ne sɛ wobenya bere pii ama ɔsom adwuma no. (Efe. 5:15, 16) Adawurubɔfo pii nam animia, ahofama su ne mpaebɔ so a wɔnam de wɔn ho to Yehowa so atumi ayɛ nhyehyɛe pa ma enti wɔabɛyɛ akwampaefo.

4. Akwan a mfaso wɔ so bɛn na ebetumi aboa wo ma wode akwampae adwuma asi w’ani so?

4 Wubetumi ayɛ ɔkwampaefo? Adɛn nti na wummisa akwampaefo a wɔbɔ mmɔden mma wɔnkyerɛ wo nea ama wɔatumi ayɛ? Wo ne wɔn mmom nkɔ asɛnka, na nya wɔn anigye no bi. Susuw akwampae adwuma no ho nsɛm a ɛba yɛn nhoma mu no ho. Fa botae a ɛfata na ebetumi aboa wo ma woayɛ ɔkwampaefo no sisi w’anim. Sɛ akwanside bi wɔ hɔ a seesei esi wo kwan sɛ wobɛsom sɛ ɔkwampaefo a, fa to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na ka kyerɛ no sɛ ɔmmoa ma wunni ho dwuma.—Mmeb. 16:3.

5. Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma boa yɛn ma yɛn asɛnka adwuma no tu mpɔn?

5 Mfaso ne Anigye a Ɛwom: Akwampae adwuma ma yetu mpɔn wɔ sɛnea yɛde Onyankopɔn Asɛm di dwuma no mu na ɛno boa yɛn ma yenya anigye kɛse. Onuawa kwampaefo kumaa bi kae sɛ: “Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm a wubekura mu pɛpɛɛpɛ no so wɔ mfaso ampa. Sɛ woyɛ akwampae adwuma a, wotaa de Bible no di dwuma. Seesei sɛ mekɔ afie afie asɛnka a, mitumi hu kyerɛw nsɛm a ɛfata ma ofiewura biara.”—2 Tim. 2:15.

6. Ntetee bɛn na akwampae adwuma ma yenya?

6 Afei akwampae adwuma boa yɛn ma yehu asetram nsɛm pii ani so. Ebetumi aboa mmabun ma wɔahu sɛnea wɔbɛhyehyɛ wɔn bere nyansam, sɛnea wɔbɛhwɛ sika so yiye, ne sɛnea wɔne afoforo bɛtra wɔ asomdwoe mu. Esiane akwampae adwuma no nti, nnipa pii nya honhom fam nneɛma ho adwempa wɔ asetra mu. (Efe. 4:13) Bio nso, akwampaefo taa hu sɛ Yehowa di boa wɔn.—Aso. 11:21; Filip. 4:11-13.

7. Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma boa yɛn ma yɛbɛn Yehowa?

7 Ebia mfaso a ɛsen biara a yenya wɔ akwampae adwuma mu no biako ne sɛ ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa. Eyi betumi awowaw yɛn wɔ sɔhwɛ mu. Onuawa bi a ɔde boasetɔ gyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den ano kae sɛ: “Abusuabɔ a emu yɛ den a me ne Yehowa anya bere a na meyɛ ɔkwampaefo no na ɛboaa me ma migyinaa nsɛnnennen no ano.” Ɔde kaa ho sɛ: “M’ani gye sɛ mede bere a me ho yɛ den no som Yehowa wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Aboa me ma mede me ho abɔ afɔre wɔ akwan bi so a mansusuw ho da sɛ metumi ayɛ.” (Aso. 20:35) Yɛn nso, yebetumi anya mfaso kɛse bere a yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma a ehia paa yi mu no.—Mmeb. 10:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena