Wubetumi Ahyɛn “Dwumadi Kɛse Bi Pon” Mu?
1. “Dwumadi kɛse bi pon” bɛn na abue ama yɛn?
1 Bere a wobuee “dwumadi kɛse bi pon” maa ɔsomafo Paulo no, ɔde anigye kɛse soo hokwan no mu de kaa Ahenni asɛm no kyerɛe bere a nnipa pii sɔre tiaa no mpo no. (1 Kor. 16:9) Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 642,000 a wɔwɔ wiase nyinaa ahyɛn dwumadi kɛse bi mu denam daa akwampaefo a wɔabɛyɛ no so.
2. Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu wɔ bere ne bere mu?
2 Yɛn Nsɛm Tebea Sakra: Ɛwom sɛ ebia yɛn mprempren nsɛm tebea mma yentumi nyɛ pii de, nanso yɛn nsɛm tebea sakra. Enti ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn ankasa nsɛm tebea mu wɔ bere ne bere mu, na ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ yɛn tebea bɛyɛ papa ansa. (Ɔsɛnk. 11:4) So woyɛ aberante anaa ababaa a worebewie sukuu? Woyɛ ɔwofo a wo mma rebefi sukuu ase nnansa yi ara? So aka kakraa bi na woakɔ pɛnhyɛn? Nsakrae a ɛte saa no betumi ama woanya bere pii a wubetumi de ayɛ daa akwampae adwuma. Onuawa bi a na ɔtaa yareyare no sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo bere a odii mfe 89 no. Dɛn ntia? Efisɛ wɔ afe biako ne akyi no na ɔnkɔɔ ayaresabea da ma enti ɔtee nka sɛ n’akwahosan bɛma no kwan ma wayɛ akwampae adwuma no.
3. Ɔkwan bɛn so na ebinom ayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ daa akwampaefo?
3 Wɔ Paulo fam no, na anka ɔpɛ sɛ ɔkɔsra ne nuanom a wɔwɔ Korinto no. Nanso, asɛmpa no nti ɔsakraa ne nhyehyɛe. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ daa akwampaefo nnɛ no mu pii yɛ nsakrae ahorow bi na ama wɔatumi ayɛ akwampae adwuma no. Ebinom ama wɔn asetra aba fam adu baabi a nea wohia ara ne sɛ wɔbɛyɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ na ama wɔatumi atotɔ nneɛma kakra a wohia no. Hokwan a wɔanya de som no ama wɔanya anigye. (1 Tim. 6:6-8) Awarefo binom ayɛ nsakrae a ɛma wɔde akatua a okunu no nya no hwɛ wɔn ho ma enti ɔyere no nya kwan yɛ akwampae adwuma.
4. Sɛ yennye nni sɛ yebetumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, dɛn na yebetumi ayɛ?
4 Mmɔ adwene a ɛne sɛ wubetumi ayɛ ɔkwampaefo no ngu ntɛm ara esiane sɛ wusuro sɛ wuntumi nnya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no nti. Nea ehia ara ne sɛ wubenya nnɔnhwerew abien ne simma kakra da biara. Sɛ wunnye nni sɛ wubetumi ayɛ a, fa ɔsram biako anaa asram abien sɔ akwampaefo aboafo adwuma no hwɛ na fa yɛ wo botae sɛ wubenya nnɔnhwerew 70. Eyi bɛma woanya anigye a ɛwɔ akwampae adwuma mu no bi. (Dw. 34:8) Wo ne wɔn a mprempren wɔyɛ akwampaefo no mmɔ nkɔmmɔ. Ebia na wɔadi nsɛnnennen bi a ɛte sɛ wo de no so. (Mmeb. 15:22) Srɛ Yehowa sɛ onhyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu no so.—1 Yoh. 5:14.
5. Dɛn nti na daa akwampae adwuma no yɛ adwuma a mfaso wɔ so?
5 Adwuma a Mfaso Wɔ So: Daa ɔkwampaefo a obi yɛ no ma onya nhyira pii. Ɛma wunya anigye kɛse a yenya fi nneɛma pii a yɛde ma mu no bi. (Aso. 20:35) Akwampae adwuma no bɛma woatumi akura Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no mu pɛpɛɛpɛ. (2 Tim. 2:15) Ɛbɛma woanya hokwan pii de ahu sɛ Yehowa gyina w’akyi. (Aso. 11:21; Filip. 4:11-13) Akwampae adwuma no bɛboa wo nso ma woanya su pa te sɛ boasetɔ, na ɛbɛma woatumi abɛn Yehowa kɛse. (Yak. 4:8) So wubetumi de wo ho ahyɛ dwumadi kɛse yi mu na woabɛyɛ daa ɔkwampaefo?