So Woayɛ Ɔkwampaefo Pɛn?
1. Hokwan bɛn na anuanom pii nyae, nanso dɛn na ɛho behiae sɛ ebinom yɛ?
1 Mfe pii ni a anuanom mpempem pii anya hokwan ‘akyerɛkyerɛ na wɔaka asɛmpa no’ sɛ bere nyinaa asomfo. (Aso. 5:42) Nanso, ebinom wɔ hɔ a tebea horow bi nti, ɛho behiae sɛ wogyae akwampae adwuma no. Sɛ woayɛ akwampae adwuma no bi pɛn a, so woahwehwɛ tebea a wowom seesei no ahwɛ sɛ wubetumi asan abɛyɛ ɔkwampaefo anaa?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a bere bi na wɔyɛ akwampaefo no san susuw tebea a wowom seesei no ho?
2 Tebea no Tumi Sesa: Ebetumi aba sɛ tebea a ɛma wugyaee akwampae adwuma no asesa. Sɛ nhwɛso no, sɛ nnɔnhwerew 90 a na wɔhwehwɛ fi akwampaefo hɔ no na na wuntumi nnu ho a, so wubetumi afi ase bio seesei a wɔatew so aba nnɔnhwerew 70 no? Efi bere a wugyae akwampae adwuma no, so wo honam fam adwuma anaa w’abusua asɛyɛde no so atew? Onuawa bi a esiane n’akwahosan nti ogyaee akwampae adwuma no san fii ase bere a na wanya mfe 89 no. Bere a afe twaam a ɔnkɔɔ ayaresabea no, ɔtee nka sɛ n’akwahosan betumi ama wasan ayɛ ɔkwampaefo!
3. Mmusua mufo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mu bi ma wayɛ ɔkwampaefo?
3 Ebia wonyɛɛ ɔkwampaefo da, na mmom obi a na ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ abusua no mu gyaee sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ abusua no muni bi, te sɛ ɔwofo a ne mfe akɔ anim. (1 Tim. 5:4, 8) Sɛ ɛte saa a, so wo anaa afoforo a wɔwɔ abusua no mu betumi ayɛ pii de aboa no? Dɛn nti na mommom nsusuw ho? (Mmeb. 15:22) Sɛ abusua mufo boa ma wɔn mu biako yɛ ɔkwampaefo a, wɔn nyinaa bɛte nka sɛ wɔrenya mu kyɛfa ma afata.
4. Sɛ worentumi nyɛ akwampae adwuma no seesei a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
4 Sɛ tebea a wowom seesei no mma wuntumi nsan mfi akwampae adwuma no ase a, mma ɛnhaw wo. Ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ saa no sɔ Yehowa ani. (2 Kor. 8:12) Fa ntetee a wunyae sɛ ɔkwampaefo no kɔ so di dwuma wɔ asɛnka mu. Bɔ ɔpɛ a wowɔ no ho mpae, na fa w’ani to fam na sɛ hokwan bi bue ara pɛ a, woayɛ tebea no ho biribi. (1 Yoh. 5:14) Ebia bere rekɔ so no, Yehowa bebue “dwumadi kɛse bi pon” ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsan anya daa akwampae adwuma no mu anigye bio!—1 Kor. 16:9.