Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/80 kr. 1-3
  • So Woasom Sɛ Ɔkwampaefo Bere Bi A Atwam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woasom Sɛ Ɔkwampaefo Bere Bi A Atwam?
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AKWAMPAEFO PII HO HIA
  • WUBETUMI ASAN ABA?
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • So Woayɛ Ɔkwampaefo Pɛn?
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 11/80 kr. 1-3

So Woasom Sɛ Ɔkwampaefo Bere Bi A Atwam?

1 Wɔ Ghana nkutoo no kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ adawurubɔfo 1,300 asom sɛ daa akwampaefo wɔ mfe du a atwam no mu a wɔnyɛ akwampaefo mprempren. So woyɛ wɔn mu biako? Sɛ saa a, ɛnde yegye di sɛ wubu saa bere no sɛ w’asetra mu mmere a anigye wom sen biara no mu biako. So wokae sɛnea na ɛyɛ anigye sɛ wo ne afoforo bɛbɔ Yehowa ne n’ahenni no ho nkɔmmɔ da biara da wɔ asɛnka adwuma no mu no? Wokae sɛnea wotee nka daa bere a nhyira horow a Ahenni no de bɛba no ho nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae no maa wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye no ani gyei kɛse no? Na wokae sɛnea wo ho kokwawee wɔ Bible a wode di dwuma no ho no?

2 Ɛyɛ nokware sɛ wokɔ so ara nya anigye sɛ asafo mu ɔdawurubɔfo, nanso ebia ɛnte sɛ bere a na woyɛ ɔkwampaefo no. Yesu kae sɛ: “Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mosow aba pii.” Ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no de hokwan a ɛma obi ‘sow aba pii’ ma.​—Yoh. 15:8.

AKWAMPAEFO PII HO HIA

3 Hia a wohia akwampaefo no aba fam fi bere a wugyaee no anaa? Dabida! Nneɛma a ɛresisi ntoatoaso no hwehwɛ adwumayɛfo bebree bere a nhyehyɛe yi awiei bɛn ntɛmntɛm no. Ɛtwe yɛn adwene si nea ebia bere a nkurɔfo a wɔretwa wɔn afuw so nnɔbae hu sɛ osu a ano yɛ den rebefi ase atɔ no. Bere a anyinam tetew na apranaa bobom no, wɔde ahoɔden yɛ adwuma twa wɔn nnɔbae ansa na osu atɔ. Yesu kae sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” (Mat. 9:37) Bere a “ahohiahia kɛse” no ho ahum rebɛn no, nnipa bɛboro 113,000, a wɔn mu 1,433 fi Ghana, gyee adwuma a twafo no reyɛ no toom wɔ wiase nyinaa na wɔbɔɔ wɔn asu afe a etwaam no mu! So ɛno nyɛ nea esi Yesu asɛm no so dua kɛse!

4 Nnipa komapafo baahe na wobegye yɛn asɛm yi atom na wɔasua Onyankopɔn trenee apɛde ma nkwa no? Yennim. Nanso Yehowa da so ara retwe nnipa komapafo aba ne nkyɛn, na sɛnea ɔyɛ no no, yɛwɔ hokwan kɛse sɛ ɔde yɛn bedi dwuma de ahwehwɛ wɔn na wama wɔn aduan. (Fa toto Yohane 12:32 ho.) Ɛdenam ɔkwampaefo a obi yɛ so no ɔde ne ho ma Yehowa kɛse. Yiw, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no na ‘yennyina mu.’​—2 Tim. 4:2.

5 So sikasɛm nti na ebehiae sɛ wugyae daa akwampae adwuma no? Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte sɛnea eyi betumi aba wɔ mprempren nhyehyɛe yi mu nhyɛso horow yi ase no ase. Ebetumi aba sɛ abusua ho asɛyɛde na ɛhaw w’akwampae adwuma no. Sɛ saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wudi ɛno ho dwuma mmom sen sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo, sɛ wuntumi nyɛ abien nyinaa a. Esiane ahoɔden a wonni nti nnipa pii agyae akwampae adwuma, na nokwarem no, nneɛma afoforo a ɛho hia bi wɔ hɔ a enti na ɛsɛ sɛ ebinom gyae ɔsom adwuma hokwan a anigye wom yi. Nanso nsɛm tebea sakra. So aba saa wɔ wo fam?

WUBETUMI ASAN ABA?

6 Ɛntaa mma sɛ obi gyae akwampae adwuma no esiane sɛ ɔpɛ sɛ ogyae nti. Nsɛm tebea horow a ɛsakra haw ne som adwuma a ɔde bere nyinaa yɛ a anigye wom no. So na ɛnte saa wɔ wo fam? Nanso, so nsɛm tebea a ɛma wugyaee akwampae adwuma no da so ara wɔ hɔ? Sɛ saa a, yɛnim sɛ wobɛkɔ so ayɛ nea wubetumi biara wɔ ɔsom no mu.

7 Sɛ sikasɛm na ɛma wugyaee akwampae adwuma a, so woapɛɛpɛɛ w’asetra mu ahwɛ nnansa yi na woasusuw ho sɛ wubetumi asan de wo ho abɛhyɛ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no mu? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛkae sɛ egyee ahofama ne mmɔdenbɔ na woatumi de wo ho ahyɛ akwampae adwuma no mu nea edi kan. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe pa a ɛte saa bio?

8 So abusua ho asɛyɛde na ɛma wugyaee akwampae adwuma no? Anaasɛ wugyaee esiane sɛ na wunni ahoɔden nti? So na nsɛm afoforo bi a emu yɛ den a ɛfa w’ankasa ho wɔ hɔ? Ɛsɛ sɛ w’asetra sɛ ɔkwampaefo ne anigye a efi mu bae no ho a wususuw no kanyan wo ma wuhu nsakrae a ebia wubetumi ayɛ ma wasan abɛyɛ ɔkwampaefo. Sɛ akwampae honhom a na wowɔ no da so wɔ hɔ a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛkɔ so ayɛ nsakrae wɔ woankasa wo nsɛm tebea mu a ɛbɛma woanya hokwan afi akwampae adwuma no ase bio.

9 Obi tumi gyae akwampae adwuma no bere tiaa mu esiane nsɛnnennen a yɛadi kan aka ho asɛm no mu bi a ɛsɔre nti, nanso ɛno nkyerɛ sɛ na akwampae honhom no awu. Onuawa bi gyaee daa akwampae adwuma no mpɛn abien, nanso wasan de ne ho abɛhyɛ mu nea ɛto so abiɛsa. Nea edi kan a ogyaee no na ɔno ankasa yare, na nea ɛto so abien no na ne ba yare. Bere a nsɛm a emu yɛ den yi twaam na abofra no fii sukuu ase no, onuawa no kyerɛwee sɛ: “Mifii ase susuw akwampae adwuma ho denneennen bio.” ‘

10 Afei, bio, akwampaefo boafo adwuma no wɔ hɔ a wubetumi de wo ho ahyɛ mu, sɛ wo nsɛm tebea bɛma wo kwan a. Onuawa bi kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ mede hokwan yi da mo ase wɔ akwampaefo boafo adwuma nhyehyɛe no ho. Mete nka sɛ eyi yɛ nhyehyɛe a efi Yehowa nkyɛn ma nnipa pii a wɔn tebea te sɛ mede yi. Meyɛɛ daa akwampae adwuma wɔ 1940 ne 1950 mfe no mu. Afei mibenyaa mma na mantumi antoa so. Nanso fi bere a akwampaefo boafo adwuma nhyehyɛe no bae no, mitumi de me ho hyɛ mu daa.”

11 So woahyɛ no nsow sɛ daa akwampaefo dodow anya nkɔanim ntɛmntɛm, titiriw wɔ afe ne fa a atwam yi mu? Nea ama nkɔanim yi aba no fã kɛse no ara fi akwampaefo a wogyaee a wɔasan aba mu bio no. So ɛtɔ bere bi a wo kɔn dɔ sɛ wobɛsan akɔ adwuma a anigye wom a bere bi a atwam no ɛde komatɔyam brɛɛ wo no mu anaa? Dɛn nti na wunsusuw ho? Fa to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Susuw wo mprempren nsɛm tebea ho yiye. Sɛ wo tebea bɛma wo kwan ma wasan de wo ho ahyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma a wɔyɛ no mu bio a, dɛn nti na womfa w’akwammisa krataa mmana yɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena