Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/84 kr. 1-2
  • Wo Som Mu A Wobɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Som Mu A Wobɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SO WUBETUMI ASAKRA NSƐM TEBEA HOROW?
  • ADEYƐ A EGYINA ADWEMPA SO HO HIA
  • Daa Akwampae Adwuma—Ɔfrɛ a Ɛkɔ Anigye Kɛse Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Woasom Sɛ Ɔkwampaefo Bere Bi A Atwam?
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 7/84 kr. 1-2

Wo Som Mu A Wobɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo

1 “Agye nsusuwho a mede bere tenten ayɛ, ahwɛyiye ne mpaebɔ ansa na mede eyi remana.” Eyi ne onuawa bi asɛm a na ɛwɔ krataa a ɛka ne daa akwampaefo akwammisa krataa ho no mu. Afei de watumi akɔka ne babea a ɔde ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu bere a owiee ntoaso sukuu no ho. Mpaebɔ a wɔde susuw ho​—yiw, ɛno ne ade a ɛho hia ma wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔtrɛw wɔn som mu kɔyɛ daa akwampae adwuma no. So wode mpaebɔ asusuw wo nsɛm tebea horow ho, na woasusuw sɛnea wo nsa bɛka saa hokwan a nhyira wom no ho?

2 Ɔsomafo Yohane ama yɛanya ahotoso sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛbɔ ho mpae ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia no. (1 Yohane 5:14, 15) Na adwuma titiriw bɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ wɔ awiei bere yi mu? Yesu bua sɛ, “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mat. 24:14) Yesu kyerɛe nso sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛsrɛ otwa Wura no na ɔma adwumayɛfo ba ne twa adwuma no mu!’ (Mat. 9:37, 38) Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa bɛyɛ asõ ama yɛn adesrɛ a efi koma mu a yɛde hwehwɛ adwumayɛfo pii no, na ebia ama yɛatumi de yɛn ho ahyɛ daa akwampae adwuma no mu.

3 Nsonsonoe kɛse wɔ wɔn a wofi koma nyinaa mu agye hia a wohia bere nyinaa asɛnkafo no so no mfe, asetra mu nsɛm ne tebea horow mu. Onua bi a wadi mfe 96, a ofii akwampae ase bɛboro afe ni no kɔ so ara yɛ adwuma pa sɛ ɔkwampaefo. Ɔbea warefo biako a ɔwɔ mma pii bu n’akwampae adwuma no sɛ abusua no adwuma a ɛreda adi sɛ ɛno na ɛde honhom mu nhyira brɛ n’abusua no mufo nyinaa.

SO WUBETUMI ASAKRA NSƐM TEBEA HOROW?

4 Ɛna bi a ɔwɔ mma baasa a otu kɔtraa ofie a esua mu bere a ne ba a otwa to waree akyi no bua sɛ “Yiw.” Esiane sɛ wayɛ ɔkwampaefo pɛn nti, okuraa akwampae honhom no mu, na bere a ne nsɛm tebea maa no kwan no, ɔyɛɛ nsakrae wɔ ne tebea no mu na ofii n’akwampae adwuma no ase bio.

5 Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛtra ase abu ho akontaa, bere a woresusuw daa akwampae adwuma ho no. (Luka 14:28) Ɛnyɛ asɛm a ɛne sɛ, ‘ɛsɛ sɛ woyɛ ɔkwampaefo ɔkwan biara so.’ Nanso, ebinom a kan no wosusuwii sɛ wɔrentumi nyɛ akwampaefo no ahwehwɛ sɛnea na wɔde wɔn bere redi dwuma no mu. Ɛdenam nsakrae a wɔyɛe wɔ wɔn mmere nhyehyɛe mu so no, wɔatumi ayɛ nhyehyɛe ama nnɔnhwerew abiɛsa a wohia da biara ma wɔatumi adu akwampae botae no ho no, na wɔyɛɛ saa a wɔammu wɔn ani angu wɔn Kristofo asɛyɛde afoforo so. Eyinom de anigye resom sɛ daa akwampaefo mprempren.”

6 Nnɔnhwerew a ɛsɛ sɛ wonya no ho a wosusuw wɔ ɔkwan a ɛmfata so mma ebinom ntumi mfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Nanso Kristofo gyidi betumi atutu akwanside ahorow a ɛte sɛ bepɔw a nea efi saa nsusuwii no mu ba ka ho. (Mat. 17:20) Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom a afotu pa a wɔde ma denam Yehowa ahyehyɛde no so ka ho betumi aboa ma yɛanya gyidi a ɛte sɛɛ.

7 Wɔabisa sɛ ebia Asafo ti no begye anaasɛ ɔrennye wɔn a wonnim akenkan no sɛ daa akwampaefo. Mmuae no ne sɛ, Dabi. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔpɛ sɛ wɔyɛ daa akwampaefo nanso wonnim akenkan no hu sɛ akwampae adwuma a wobenya mu kyɛfa no ho ahwehwɛde biako ne sɛ wobetumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no. Enti ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ wɔn botae sɛ wobehu akenkan. Sɛ wɔde wɔn ho hyɛ asafo akenkan ne akyerɛw sukuu no mu ne wɔ wɔn afie mu denneennen na wɔde nnɔnhwerew dodow a ɛsɛ sɛ akwampaefo nya wɔ ɔsram biara mu no mu fã sua akenkan ne akyerɛw a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛfata wɔ bere tiaa bi mu ma wɔatumi anya kyɛfa wɔ daa akwampae adwuma no mu. Ete saa ara nso wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo no fam.

ADEYƐ A EGYINA ADWEMPA SO HO HIA

8 Wubetumi de wo ho ahyɛ akwampae adwuma no mu denam nneɛma pa a ɛne wo mpaebɔ hyia a wobɛyɛ no so nkutoo. Dɛn na ɛho hia sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ a efi koma mu; ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo. Ma w’asɛnka adwuma nkɔ anim sɛnea wubetumi na bɔ mmɔden sɛ wone wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ mu dedaw no bɛyɛ adwuma. Hwɛ wɔn anigye. Eyi bɛboa wo ma woanya akwampae honhom. Mfa w’adwene nsi wo nsɛm tebea horow a ɛremma wuntumi nyɛ no so. (Ɔsɛnk. 11:4) Mmom no, hwehwɛ sɛ wubesuasua Nehemia adwempa a onyae wɔ Yerusalem afasu a na wɔresan ato no ho, bere a na wɔrehyia akwanside ahorow no. Ɔkae sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn de yɛyɛ ne nkoa, yɛbɛsɔre asi.”​—Neh. 2:20.

9 Akwampae adwuma bebue hokwan ahorow pii ma woanya anigye a efi boa a wɔboa afoforo ma wohu Yehowa na wɔsom no mu ba no. Na denam wo som mu a wobɛtrɛw sɛ daa ɔkwampaefo no so no, wubenya akomatɔyam a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Mmebusɛm 11:25 a ɛne sɛ wɔbɛma w’ankasa woamee honhom mu kwa esiane sɛ woma nkwa Asɛm no ‘mee afoforo’ nti no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena