Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/84 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 1
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 8
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 15
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 22
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 29
Yɛn Ahenni Som—1984
km 7/84 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JULY 1

Dwom 68

10 min: Nkaebɔ ahorow a ɛfata wɔ Yɛn Ahenni Som mu ne asafo mu de. Fa nyansahyɛ ntiantia ahorow ma a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo ma. Kae atiefo na wɔmfa Our Ministry nhoma mmra dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam.

20 min: “W’ahenni Mmra.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di asɛm ho dwuma. Ma ɔdawurubɔfo nsiesie ne ho na ɔnyɛ nkyekyem 4 ho ɔyɛkyerɛ tiaa.

15 min: “Wo Som Mu a ɔbɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde bɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Ebetumi a bisabisa obi a ofii daa akwampae adwuma ase mfe abien anaa abiɛsa ni nsɛm na ɔnkyerɛ akwanside ahorow a na ɛsɛ sɛ odi so na watumi abɛyɛ akwampae adwuma. Hyɛ ho nyansa kyerɛ wɔn a wonsii gyinae no sɛ wobetumi ‘asɔ ahwɛ afe biako.’

Dwom 51 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 8

Dwom 89

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

15 min: “Asɛm a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nkurɔfo Nkyɛn a Yɛde Adwempa Bɛkɔ So.” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Ɛdefa nkyekyem 4 ne 5 ho no, ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw bi nka nea wɔayɛ, anaa wɔate sɛ afoforo yɛ, de ma wɔn asɛm no yɛ nea wɔwɔ ho adwempa na wɔnam saa yɛ so yi ho adwene biara a ɛnteɛ fi hɔ nkyerɛ mfi faako a wɔte no. Ɛsɛ sɛ wodi kan de eyi ma wɔn ansa.

22 min: “Yɛ Bere Nhyehyɛe ma Asɛnka Adwuma.” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a momma ɔsom adwuma sohwɛfo nni ho dwuma. Dan adwene kɔ asɛm a ɛwɔ Our Ministry nhoma nkratafa 116-118 so. Momfa simma 7 a etwa to no nsusuw April Ɔsom Akontaabu a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no ho. Dɛn na asafo no yɛe ɔsram a etwaam no? Hyɛ Memeneda a ɛto so abien wɔ ɔsram mu, anaasɛ gua da a edi hɔ nsɛmma nhoma dwumadi ho nkuran. Momfa Our Ministry nhoma mmra dapɛn a edi hɔ ɔsom nhyiam.

Dwom 102 ne mpaebɔ a wɔde wie,

DAPƐN A EFI ASE JULY 15

Dwom 55

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

10 min: Organised to Accomplish Our Ministry Ɔkasa a egyina nkratafa 77-81.

30 min: Afã Biara a Yenni Wɔ Amammuisɛm Mu Asɛm no ho nkɔmmɔbɔ wɔ School nhomawa mu, nkratafa 12-16, wɔ asɛmti “Frankaakyia, Ɔman Nnwom ne abatow” ase. Momma ɔpanyin a wasiesie ne ho yiye a ɔfata nni eyi ho dwuma. Ɛho hia sɛ yɛbɛma yɛn kyerɛwsɛm mu gyinabea wɔ nsɛm yi ho no atra yɛn adwene mu yiye. Fa ɔkasa di asɛm yi fa a edi kan wɔ nhomawa no mu no ho dwuma. Yesu nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ no yɛ sɛnnahɔ ma Kristofo nyinaa, a mmofra ka ho. Munsusuw nea Yohane 6:16; 17:16 ne 18:36 kyerɛ no ho. Afei nso, munsusuw nea nhoma ahorow ka wɔ afã biara a na tete Kristofo nni ho no ho.

Gyaw bere a ɛdɔɔso na momfa nsusuw nsɛm a ɛwɔ nsɛmti, “Frankaakyia,” “Ɔman Nnwom ne Sukuu Nnwom,” ne “Dwumadi ne Dibea Ahorow a Wɔde Abatow Paw” ase no ho. Twe adwene si Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm a emu da hɔ a ɛno nti na yenkyia frankaa na yɛntow ɔmampɛ nnwom ahorow no so. Boa anuanom ma wonsusuw ho nhwɛ sɛ ɛyɛ nea kyerɛwsɛm pene so sɛ wɔbɛsɔre agyina hɔ bere a ɔmampɛ dwumadi ahorow rekɔ so wɔ mmere bi mu no anaasɛ ɛnsɛ sɛ wɔsɔre gyina hɔ. Wo ne anuanom nsusuw nea enti a eye sɛ Adansefo mmofra bɛtwe wɔn ho afi amansɛmdi ho no ho. Wɔda nokwaredi ma Onyankopɔn ahyehyɛde no adi denam eyi a wogye tom no so. Si nsɛm yi so dua wɔ nkɔmmɔbɔ no mu. Wɔ nnianim kasa no akyi no, wubetumi adi asɛm no ho dwuma denam nsemmisa ne mmuae so titiriw. Kae wɔn nyinaa na wɔmfa Wubetumi Atra Ase Daa, ne United in Worship nhoma no mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.

Dwom 110 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 22

Dwom 67

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Ɔpanyin di asɛm a ɛne “Yɛn Nkyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso​—Denam Nsemmisa a Yɛde di Dwuma So” ho dwuma. Asɛm ho nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Yɛ asɛm a ɛwɔ nkyekyem 2 no ho ɔyɛkyerɛ tiaa. (Ɔdawurubɔfo ne osuani resua Wubetumi Atra Ase Daa nhoma kratafa 226, nkyekyem 4 ne 5 ɔdan osuani kɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 227 so, na obisa nsɛm a ɛbɛn mfonini no.)

Ɔpanyin: Wɔ nkyekyem 3 no, ka bo a “Ntimu Nsɛm” adaka a ɛwɔ United in Worship nhoma no mu som ho asɛm.

25 min: “1984 ‘Ahenni Nkɔso’ Ɔmantam Nhyiam.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho dwuma fi ne anaasɛ 2 kosi “Abrabɔ Pa” so wɔ kratafa 4, ɔfã 2.

Dwom 105 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 29

Dwom 8

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

25 min: “1984 ‘Ahenni Nkɔso’ Ɔmantam Nhyiam.” Wo ne atiefo mmɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu fã a aka ho nkɔmmɔ mfi “Abrabɔ Pa” so wɔ kratafa 4 nkosi n’awiei. Monkenkan nkyekyem ahorow sɛnea bere ma kwan. Si hia a ɛho hia sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe akɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya honhom mu mfaso kɛse no so dua. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nhwɛso pa denam abrabɔ ho nyansahyɛ ahorow a wobedi akyi ne tra a wɔbɛtra ase komm atie dwumadi no nyinaa no so.

15 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe. Faako a ɛfata no, momfa asafo nhyehyɛe a etwa to a wɔde bɛkɔ ɔmantam nhyiam nka ho.

Dwom 36 ne mpaebɔ a wɔde wie.

(MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wɔrekɔ ɔmantam nhyiam August 2 betumi ayɛ nsakrae wɔ ɔsom nhyiam nhyehyɛe no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asusuw nhyiam krataa no ho wɔ July 15 ne July 22 adapɛn no mu.)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena