Daa Akwampae Adwuma—Ɔfrɛ a Ɛkɔ Anigye Kɛse Mu
1 Ɔkwan bɛn so na wugye nsa a wɔto frɛ wo sɛ benya dwumadi a ɛde anigye ne ɔhome ba mu kyɛfa no so? Ebia wode anisɔ ne ahopere na ɛyɛ saa. Yesu too nsa frɛɛ n’asuafo no wɔ anigye mu de baa daa anigye ne ɔhome mu. Ɔkae sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, na mubenya ɔhome ama mo kra.” Nea ɛka saa Kristofo asuafoyɛ kɔndua no ho ne afoforo a yɛbɛkɔ so ara ato nsa afrɛ wɔn ma wɔabenya Ahenni ho asɛmpa no ka mu kyɛfa. Daa akwampae adwuma ne ɔkwan pa a wobɛfa so ama kyɛfa a wunya wɔ adwuma yi ne anigye ne ɔhome a ɛde ba no mu kyɛfa kɛse.—Mat. 11:28-30; 28:19, 20.
2 Efi 1976 ɔsom afe no so no, sɛ wɔkyekyem a, daa akwampaefo a wɔwɔ Ghana no dodow yɛ ɔha biara mu nkɔanim 222! Sɛ wɔkyekyem a, yefi daa akwampaefo 686 wɔ 1976 mu so kɔɔ 2,211 wɔ 1986 ɔsom afe no mu. Daa akwampaefo 2,429 na wobuu akontaa de fii ɔsom afe foforo yi ase, a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ 1986 de no nkyekyem no nkɔanim ɔha biara mu 10. Ade biako bɛn na bere nyinaa adwumayɛfo a wɔn dodow rekɔ anim yi kyerɛ? Ɛne sɛ, Ahenni adawurubɔfo pii renya anigye ne akomatɔyam wɔ wɔn ho a wɔreyere wɔ Yehowa adwuma mu no mu. Anigye a wɔwɔ no aka afoforo ma wɔahwehwɛ wɔn ho mu sɛ ɛyɛ nea wobetumi ayɛ nsakrae ahorow abɛyɛ daa akwampaefo. So wode mpaebɔ resusuw yɛ a eyi betumi ayɛ yiye wɔ wo fam no ho?
HENA NA OBETUMI AYƐ AKWAMPAE ADWUMA?
3 Onua kumaa bi a ɔde ne ho hyɛɛ daa akwampae adwuma mu wɔ n’afe a etwa to wɔ ntoaso sukuu mu no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Minnyaa anigye wɔ m’asetra nyinaa mu saa da.” Bere a ɛna bi a ɔwɔ mma nkumaa baanu fii akwampae adwuma ase September a etwaam yi no, ɔkae sɛ: “M’ani agye mprempren sen bere biara.” Bere a onuawa foforo bi nso kunu wui akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mifi koma pa mu hyɛ obiara a obetumi nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ akwampae adwuma no mu. Ebetumi atwe wo abɛn Yehowa ne w’asafo no kɛse.’ Hwɛ anigye ara a saa nnipa yi wɔ sɛ wogyee nsa a wɔto frɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ daa akwampae adwuma mu no so.
4 Ebia yebenya adwene no ntɛm ara sɛ yɛrentumi nyɛ. Nanso sɛ yefi mpaebɔ mu bɔ mmɔden a, yebetumi ahu sɛ ebia yɛn nsɛm tebea bɛma yɛn kwan ma yɛde yɛn ho ahyɛ akwampae adwuma no mu. Onuawa bi a ɔde anigye resom mprempren sɛ daa ɔkwampaefo gye toom sɛ bere a ɔde nea enti a ɔnyɛ daa ɔkwampaefo no totoo nea enti a ɛsɛ sɛ ɔyɛ bi no ho no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ bi. Wantwentwɛn ne nan ase bio na ɔmaa ne gyidi ne ɔdɔ ma Yehowa dii nkonim.—Hwɛ Ɔsɛnkafo 11:4.
5 So esiane onyin nti woreyɛ agyae adwuma anaasɛ woagyae dedaw? Sɛ w’ahoɔden ne wo nsɛm tebea ma wo kwan sɛ yɛ daa ɔkwampaefo a, ebetumi ama w’asetra ayɛ nea atirimpɔw wom kɛse. Afei awarefo a mprempren wonni mmofra-hwɛ ho asɛyɛde biara no wɔ hɔ. Sɛ wo tebea nen a, so wubetumi ama anigye a wowɔ no adɔɔso denam daa akwampae adwuma a wobɛyɛ no so?
6 Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ akwampae adwuma mu ansa na wɔafi ase anya mma no betumi afi osuahu ankasa mu akasa akyerɛ wɔn mma bere a wɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw akwampae adwuma a wɔde bɛyɛ wɔn botae a wɔbɛpere adu ho no ho no. Ebinom atumi aboa akwampae adwuma no so bere a wɔanya mma no mpo. (Mmeb. 22:6) Daa akwampaefo a wɔwɔ Ghana no mu bɛboro ɔha biara mu 60 yɛ awarefo, a ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa wɔ mma nanso wɔayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampae adwuma. Hwɛ honhom mu tebea pa ara a eyi ma ɛba ofie hɔ!
7 Akwampaefo a wɔwɔ Ghana no ɔha biara mu 40 na wɔyɛ ahokwafo. Eyinom mu pii nni abusua asɛyɛde ahorow na wɔahu hokwan fɛfɛ a ɛda wɔn anim a wɔde bɛma Yehowa koma ani agye bere a wɔma anigye a wɔn ankasa wɔ no yɛ kɛse denam daa akwampaefo a wɔyɛ so no.
8 Ebia woreyɛ awie sukuu. Sɛ wuwie a, dɛn na wobɛyɛ? Yesu tuu fo sɛ ‘yɛmma yɛn ani nyɛ nea eye’ na yɛmmma honam fam nneɛma ne honam fam ahotɔ nnyɛ nneɛma akɛse wɔ yɛn asetra mu. Mmirikatufo pa nim nyansa a ɛwom sɛ ɔbɛtow biribiara a ebegye no asabawmu a ɛremma ontumi ntu mmirika no nwie agu no. Saa ara na nya a wubenya Yehowa dom na woakwati wiase no nneɛma a ebegye wo asabawmu no benya nkɔso kɛse bere a woyere wo ho wɔ Yehowa adwuma mu no. Akwampae adwuma ma ahofama a wowɔ no mu yɛ den na ɛma wunya nea ɛbɛhyɛ wo nkuran ma w’ani akũ honhom mu nneɛma ho kɛse. Enti sɛ wo nsɛm tebea ma kwan a, so ɛnsɛ sɛ wote nka sɛ ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wobɛyɛ daa ɔkwampaefo?—Mat. 6:22; 1 Kor. 15:58; 1 Tim. 6:7, 8.
9 Anigye a yebenya mprempren ne daakye a enni awiei no gyina Yehowa apɛde a yɛbɛyɛ so. Yesu nam nea ɔkyerɛkyerɛe ne nea ɔyɛe so daa eyi adi pefee. (Yoh. 4:34; Heb. 12:2) Ɛyɛ bere a yɛn ani abere reto nsa afrɛ afoforo sɛ wɔmmra “mmegye nkwa nsu no kwa” no na yɛn ankasa asetra ba bɛyɛ nea akomatɔyam kɛse wom. So wubetumi ama anigye a wowɔ no ayɛ kɛse denam nsa a wɔto frɛ wo sɛ bɛyɛ daa ɔkwampaefo no a wubegye so no so?—Adi. 22:17; Mmeb. 11:25.