“Gyidi Honhom” Adi A Yebeyi
1 Egye gyidi ankasa na wɔde aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akokoduru so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara, sɛnea wɔakyerɛw . . . nti, yɛn nso yegye di, na enti ɛkasa nso.” (2 Kor. 4:13) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ gyidi a ɛte saa. Na yɛkasae ampa—ma ɛboroo nnɔnhwerew ɔpepem 505 wɔ 1984 ɔsom afe no mu! Wɔn a wodii kan wɔ Kristofo nokware gyidi a woyi adi yi mu ne akwampaefo. Asafo mu adawurubɔfo nso daa gyidi ankasa a ɛfata nkamfo adi.
2 Sɛ́ Ahenni dawurubɔfo no, wukura dibea titiriw wɔ nnɛyi teokrase ahyehyɛde no mu. Ebia gyidi a wowɔ sɛ eyi yɛ nna a edi akyiri a ntɛmpɛ a egye ho adwene ka ho bɛka wo ma woahwehwɛ wo nsɛm tebea mu wɔ mpaebɔ mu ahwɛ sɛ wubetumi ayɛ pii sɛ Ahenni ɔdawurubɔfo, ma ebia woayɛ akwampae adwuma mpo. So wowɔ abusua asɛyɛde ahorow? Wowɔ asɛyɛde ahorow wɔ asafo no mu? Ebia wunni ahoɔden pii. Ebinom wɔ sikasɛm ntotoe ahorow. Ebia afoforo nso bɛte nka sɛ wɔanyinyin dodo. Wɔ ebinom fam no, ebia eyinom ne nea enti a ɛremma wɔmfa wɔn ho nhyɛ akwampae adwuma mu mprempren no. Nanso yɛn nuanom mpem du du pii de akwampae botae no asi wɔn anim, na bere a tebea horow ma kwan no, wɔde anigye kɔka akwampaefo no ho.
3 Ɛsɛ sɛ “anidaso ho ahotoso” a yɛwɔ sɛ Kristofo no nya yɛn gyinaesi so tumi na ɛka yɛn asetra kɛse. Sɛ woreyɛ awie ntoaso sukuu a, bisa wo ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na metumi de ahofadi a mewɔ sɛ aberante anaa ababaa a biribiara nnye me asabawmu yi ada ɔdɔ a mewɔ ma Onyankopɔn ne Kristo no adi wɔ ɔkwan a ɛsen biara so? So honam fam nneɛma akyidi rema anigye a efi ɔsom adwuma a enya nkɔso mu ba no abɔ ebinom wɔ w’abusua no mu? Ebinom a onyin ama wɔagyae adwumayɛ ahu sɛ wɔn tebea foforo no bue hokwan ma akwampae adwuma. Sɛnea wo tebea te biara no, wubetumi ada wo gyidi adi kɛse denam nokwaredi a wode bɛhwehwɛ wo nsɛm tebea mu a wowɔ daa akwampae adwuma a wobɛyɛ ho adwene no so.—Heb. 11:1.
4 Akwampaefo a wɔwɔ ɔman yi mu no dodow kɔɔ anim fi 1,747 koduu 2,106 wɔ 1985 ɔsom afe no mu. Yenyaa daa akwampaefo 569 foforo bɛkaa ho saa bere no. So yebetumi ayɛ saa ara wɔ 1986 ɔsom afe no mu?
5 So wubetumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ ɔkwampaefo afe biako? Wo tirim a woabɔ wɔ ho a emu yɛ den no bɛyɛ nkuranhyɛ foforo ama wo. Sɛ worentumi nyɛ nsakrae mprempren nsom sɛ daa ɔkwampaefo a, so wubetumi ama wo som adwuma sɛ asafo mu ɔdawurubɔfo anya nkɔso anaasɛ so wubetumi ayɛ akwampaefo boafo efi bere kɔ bere mu anaasɛ ntoatoaso? Gyidi a wɔde yɛ adwuma nya nkɔso. Gyidi ne ahotoso a wowɔ mu betumi ayɛ den denam akwampaefo boafo adwuma so, na ebia wubehu mpo sɛ ɛdenam Yehowa mmoa ne ne nhyira so no, wubetumi ayɛ daa ɔkwampaefo.—Mal. 3:10; Luka 14:28-30.
6 “Gyidi honhom” da adi wɔ Yehowa nkurɔfo mu nnɛ ampa. Dɛn nti na wunsusuw ho anibere so sɛ wobɛhyɛ wo ho den honhom mu denam daa ɔkwampaefo anaa akwampaefo boafo a wobɛyɛ no so?