Nokware Asomdwoe Ne Ahotɔ
1 Wɔ yɛn afe a etwaam “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam no ase no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ yɛde True Peace and Security—How Can You Find It? nhoma no bedi dwuma wɔ asɛnka mu April ne May mu. Yɛnam saa kwan yi so de ayeyi kɛse bɛma Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no ne ne Ba, “Asomdwoe-hene” no wɔ asase nyinaa so.—Rom. 15:33; Yes. 9:6.
2 Hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yɛde nhoma yi bɛma wɔ bere a Amanaman Nkabom no aka ho asɛm sɛ “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe” no mu! Asɛm a ɛfa asomdwoe ne ahotɔ ho no wɔ nnipa pii adwene mu. Ebinom rehwɛ Amanaman Nkabom no kwan sɛ ɛno na ɛde bɛba. Nanso Yehowa asomfo nim sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Kristo Yesu nsam no ne adwinnade a Yehowa de bedi dwuma de nokware asomdwoe ne ahotɔ aba.
3 Mmu w’ani ngu kɔkɔbɔ a wɔde kaa nhyiam no nkaebɔ no ho no so. Ɛnyɛ nea yɛreka sɛ nea Amanaman Nkabom no ka fa 1986 ho no yɛ 1 Tesalonikafo 5:3 mmamu, ɛhɔ ka sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Yennim bere tenten a Yehowa bɛma amanaman no kwan ma wɔabɔ asomdwoe ne ahotɔ ho dawuru; nanso, eyi betumi ayɛ adeyɛ titiriw a ɛde kɔ biribi foforo mu bere a yɛbɛn “ahohiahia kɛse” no pɛɛ no.—Mat. 24:21.
NHOMA NO A YƐDE BƐMA
4 Ɛwom sɛ yenni nhoma yi a wɔasan akyerɛw no foforo no bi wɔ ɔman yi mu mprempren de, nanso yɛwɔ dedaw no pii wɔ Engiresi, Twi ne Ewe kasa mu, na yɛn botae ne sɛ yɛde eyi nyinaa bɛma wɔ April ne May ɔsatu no mu ansa na foforo no aba. Efi bere a ɔsatu yi fii ase ɔsram a etwaam no, nhoma yi ahe na woatumi de ama?
5 Sɛ yɛkenkan atiri abien a edi kan no a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya nsɛm a ɛyɛ anigye pii a yɛde bedi dwuma. Bere a yɛne ofiewura asusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho akyi no, yebetumi aka sɛ: “Saa daakye a ɛyɛ anigye a yebenya nokware asomdwoe ne ahotɔ wom yi abɛn yiye. Mewɔ nhoma bi a aba wɔ ne bere mu a ɛka ɛno ho asɛm. Hyɛ asɛm a nhoma no nkyekyem a edi kan ka yi nsow.” Yebetumi akenkan nkyekyem a edi kan no na afei yɛatoa so sɛ: “Mfonini a ɛwɔ ti a edi kan no mfiase yi kyerɛ sɛnea asase so Paradise no bɛyɛ. So worempɛ sɛ wo ne w’adɔfo bɛtra tebea a asomdwoe ne ahotɔ a ɛte sɛɛ wom mu? [Ma ommua.] Nhoma yi bɛboa wo ma woahu ɔkwan a wubetumi afa so anya asomdwoe ne ahotɔ a ɛte sɛɛ, na eyi yɛ wo de, ɛyɛ ntoboa ¢60 pɛ.”
6 Foforo nso ne sɛ, bere a yɛakenkan Adiyisɛm 21:3, 4 akyi no, yebetumi adan akɔ kratafa 19 na yɛaka sɛ: “Nkyekyem a ɛyɛ anigye bi wɔ ha a ɛma yehu sɛnea yehia saa daakye a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no kɛse. Bere a yɛakenkan nkyekyem 33 no, yebetumi atoa so sɛɛ “Hyɛ nea wɔka wɔ nkyekyem 40 no nso nsow. [Kenkan nkyekyem no.] Wɔatintim nhoma yi na aboa wo ma woahu ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so adi wiase ɔhaw ahorow no ho dwuma na woate nea ɛbɛba daakye no nso ase yiye. Eyi yɛ wo de, ɛyɛ ntoboa ¢60.”
7 Hwɛ sɛ wobɛsan akɔhwɛ nnipa a wɔkyerɛɛ ho anigye bere a atwam no na ma wɔn nhoma yi bi. Ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wobɛkae ofiewura no nkɔmmɔ a mobɔ faa Nhyehyɛe Foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ho no na afei yɛaka sɛ yɛwɔ nhoma bi a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya nokware asomdwoe ne ahotɔ. Yebetumi adan akɔ kratafa 95 na yɛakenkan nkyekyem 12, na afei yɛaka sɛ: “Dɛn bio na wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya nkwa? Nhoma yi ka nea Onyankopɔn hwehwɛ no ho asɛm pii. Yɛde gye ntoboa ¢60.”
8 Eyi yɛ nhoma fɛfɛ a yebetumi de ama nnipa a yɛne wɔn asua ade bere a atwam no nanso wonnya mmaa Yehowa afã no nso. Yebetumi akenkan nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 178 no na afei yɛada no adi sɛ nhoma no bɛboa wɔn ma wɔate nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ mprempren na ama wɔapaw nea eye na wɔanya nokware asomdwoe ne ahotɔ no ase.
9 Momma yɛnyɛ nhyehyɛe mprempren ara sɛ yɛde Nokware Asomdwoe nhoma no bɛma. Yɛyɛ saa a, yɛbɛboa afoforo ma wɔanya nokware asomdwoe ne ahotɔ afi “asomdwoe Nyankopɔn” no nkyɛn.—Rom. 16:20.