Boa Mmusua Ma Entu Mpɔn
1 Ɛnnɛ mmusua pii resɛe. Bere a aware ho afotufo de akwankyerɛ pii a ɛtɔ da bi a ɛbɔ ne ho abira ma no, wohu afotu a eye kyɛn so no wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu. Eyi nti, wɔ January ne February asram mu no, yɛde Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no bɛma. Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa bere a yɛreda nhoma no adi no.
2 Sɛ wode “Abusua Asetra” nhoma no rema ɔwofo bi a, wubetumi atwe adwene asi mfonini a ɛwɔ kratafa 4 no so na woaka sɛ:
◼ “Mfonini yi yɛ mfoniniyɛfo bi mfonini a ɛfa sɛnea Onyankopɔn pɛe sɛ abusua yɛ, nanso ɛnnɛ, esiane awaregyae ne ntetewmu a ɛrenya nkɔanim nti, awofo a wonni ahokafo redɔɔso wɔ wiase nyinaa. Wususuw sɛ dɛn na ɛho behia na ama wo ne w’abusua abom atra wɔ paradise asase so? [Twɛn ma ommua.] Bible kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na wɔanya ofie anigye ankasa wɔ asase nyinaa so, na wɔbɛsan de Paradise aba. [Kenkan Dwom 37:10, 11.] Nhoma yi betumi akyerɛ wo nea ehia sɛ woyɛ na ama woanya Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya mmusua a anigye wom no mu mfaso.”
3 Sɛ wuhyia abofra wɔ ɔpon ano a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Wugye tom sɛ nnɛyi abusua rehyia ɔhaw ahorow a na enni hɔ wɔ awo ntoatoaso a atwam no mu? [Twɛn ma ommua.] Wususuw sɛ dɛn nti na eyi resisi? [Ka biribi fa ne mmuae no ho. Dan kɔ 2 Timoteo 3:1-3, na kenkan.] Nsɛm ‘awofo asɛm ho asoɔdenfo’ ne ‘wɔn a wonni dɔ’ fa nnipa bebree ho pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn bere yi mu. Nanso, Onyankopɔn koro no ara a ɔhyɛɛ saa ɔhaw ahorow yi ho nkɔm no ama yɛn akwankyerɛ a edi mũ wɔ sɛnea wɔka abusua bom ma wɔyɛ biako no ho.” Kenkan ti 1 nkyekyem abien a ɛwɔ kratafa 5 no. Fa nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba akyiri yi abɛtoa nkɔmmɔ no so.
4 Ɔkwan foforo ne sɛ wode nnansa yi amanneɛbɔsɛm bi a wɔaka a ɛyɛ asetram haw bi a wontumi nni ho dwuma befi ase. Wubetumi aka sɛ:
◼ “Yɛtaa te mmofra a wonyinsɛn ne mmofra asoɔden ho nsɛm wɔ amanneɛbɔsɛm mu. Wususuw sɛ ɔman mpanyimfo ne awofo betumi adi saa ɔhaw ahorow yi ho dwuma da bi? [Twɛn na tie nea ofiewura no bɛka na ka ho biribi.] Yɛn nyinaa ani begye sɛ yɛbɛtra wiase bi a ɔhaw a ɛte saa nni hɔ esiane sɛ mmofra begye awofo tumidi atom na wɔde nokwaredi agyina wɔn mmɔdenbɔ no akyi nti. Eyi bɛbam wɔ Onyankopɔn nniso a yɛbɔ ho mpae no tumidi ase.” Kenkan Efesofo 5:1, 2 fa kyerɛ sɛnea awiei koraa no, asomdwoe ne dwoodwoo asetra bɛba. Afei nso munsusuw nsɛm a ɛwɔ Abusua Asetra nhoma no kratafa 183 nkyekyem 5 no ho. Fa nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne no abɛbɔ nkɔmmɔ akɔ akyiri.
5 Sɛ wopɛ sɛ woka w’asɛm no tiawa a, wubetumi abue nhoma no wɔ kratafa 2 na woabisa sɛ:
◼ “Dɛn na ɛbɛba abusua no so? Nnipa bebree susuw eyi ho. Wususuw ho dɛn?” Tie nea ofiewura no bɛka na ka ho biribi, na afei kenkan wɔn a wɔyɛe no nnianim nsɛm a ɛwɔ kratafa 2 no. Fa nhoma no ma no, na kyerɛkyerɛ ofie Bible adesua nhyehyɛe no mu kyerɛ no.
6 Abusua Asetra nhoma no a yɛde bedi dwuma ahokokwaw so no bɛboa adan nnipa komapafo adwene akɔ abusua asetra ho afotu fibea a ɛsen biara—Onyankopɔn Asɛm—no so. (2 Tim. 3:16, 17) Momma yɛn nyinaa mmɔ eyi ho mmɔden mfa mmoa mmusuakuw mma ‘wommu nkotodwe nkotow Agya no.’—Efe. 3:14, 15.