Nimdeɛ a Efi Nyankopɔn Hɔ Bua Nsɛmmisa Pii
1 Akyinnye biara nni ho sɛ ansa na worebenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu no, na wowɔ asetra ho nsɛmmisa pii a wuntumi mmua. Hwɛ sɛnea w’ani gyei sɛ wunyaa nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae a egyina Bible so! Afei wutumi boa afoforo ma wonya mmuae koro no ara bi. (Fa toto 2 Timoteo 2:2 ho.) Wubetumi ne wɔn asusuw Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no ho. (Yoh. 17:3) Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa obi ma wahu mfaso a ɛwɔ saa nimdeɛ yi so? Wiɛ, susuw nsɛmmisa a nokware no ma wunyaa ho mmuae no ho. Dɛn koraa na wɔn a wɔhwehwɛ nokware no pɛ sɛ wohu? Nsɛm a ɛte sɛɛ a wubesusuw ho no betumi aboa wo ma wode Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ama. Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa wo bere a woresiesie wo ho ama adansedi wɔ June mu no.
2 Esiane sɛ nnipa pii nte nea enti a amanehunu pii wɔ wiase ase nti, ebia nyansahyɛ yi a wode bedi dwuma no bɛma wɔatie wo yiye:
◼ “Sɛ asiane bi si anaasɛ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ nya nkɔanim a, nkurɔfo taa bisa nea enti a nneɛma bɔne a ɛtete saa ba. Wubebua dɛn?” Twɛn ma ommua na kyerɛ onii no mmuae no ho anisɔ. Afei dan kɔ ti 8 wɔ Nimdeɛ nhoma no mu, na twe adwene si asɛm a wɔaka wɔ nkyekyem 2 no so. Kyerɛkyerɛ mu sɛ nhoma yi de Bible nkyerɛkyerɛmu a ɛfa nea enti a nneɛma bɔne ba ho ma, na ka sɛ: “M’ani begye sɛ mede eyi bɛma wo.” Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so.
3 Sɛ woresan akɔ baabi a wode “Nimdeɛ” nhoma no mae a, wubetumi aka sɛ:
◼ “M’ani gye adwene a wokyerɛe wɔ nea enti a amanehunu pii wɔ wiase saa no ho. So wugye Bible mmuae a wɔde mae wɔ nhoma no mu no tom?” Twɛn ma ommua. Kenkan Nimdeɛ nhoma no kratafa 77 nkyekyem 17 no, na kenkan Romafo 9:14 fi ofiewura no Bible mu. Afei ka sɛ: “Asɛmpa no ne sɛ, Onyankopɔn mma yenni yaw nhu amane sɛnea ɛnsɛ. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛanya daa nkwa wɔ asomdwoe ne anigye mu. Wɔato nhoma yi ti a edi kan no din sɛ ‘Wubetumi Anya Daakye a Ɛyɛ Anigye!’ M’ani begye sɛ mɛkyerɛkyerɛ sɛnea eyi betumi ayɛ paa ara ama wo ne w’adɔfo mu.” Dan kɔ ti 1, na kyerɛ sɛnea yɛyɛ adesua no. Munsusuw ti no mu nsɛm dodow a mubetumi ho sɛnea tebea no bɛma ho kwan.
4 Wubetumi apaw nnianim nsɛm a epue wɔ “Nkɔmmɔbɔ” nhomawa no kratafa 6 wɔ asɛmti a ɛne “Onyin/Owu” ase”:
◼ “Woabisa pɛn sɛ, ‘So owu yɛ biribiara awiei? Anaa ade foforo bi wɔ owu akyi?’ [Twɛn ma ommua.] Bible kyerɛkyerɛ asɛmmisa biara a ebia yɛwɔ wɔ owu ho mu. [Kenkan Ɔsɛnkafo 9:5, 10.] Ɛsan kyerɛ sɛ anidaso ankasa wɔ hɔ ma gyidifo. [Dan kɔ Nimdeɛ nhoma no mu wɔ kratafa 84 nkyekyem 13; na kenkan Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 11:25 no na kyerɛkyerɛ mu.] Wɔde ti yi bua asɛmmisa a ɛne, Dɛn na ɛba yɛn adɔfo a wɔawuwu no so? Mepɛ sɛ migya wo eyi.”
5 Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi ama no ahu sɛ wokae no na afei woaka sɛ:
◼ “Naano yɛkaa nea ɛba obi so bere a wawu no ho asɛm. Nnipa pii gye di sɛ owu akyi asetra biara bɛkɔ so wɔ ɔsoro anaasɛ hell. Nanso, woasusuw ho pɛn sɛ awufo betumi abɛtra asase yi so ha bio? [Twɛn ma ommua.] Sɛnea Bible no kyerɛ no, wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no bɛka ahobrɛasefo a wobenya asase no adi no ho. [Kenkan Dwom 37:11, 29, na afei munsusuw Nimdeɛ nhoma no kratafa 88 nkyekyem 20 ho.] Saa anidaso no ama nnipa ɔpepem pii a na wosuro owu no anya awerɛkyekye. Nhoma yi bɛboa wo ma woate asɛm no ase yiye. Menkyerɛ wo sɛnea yɛyɛ no?”
6 Sɛ wopɛ asɛm a wɔka kyerɛ a ɛyɛ tiawa a, wubetumi asɔ eyi ahwɛ:
◼ “Mepɛ sɛ mede mfonini bi kyerɛ wo wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma yi mu. Mfonini yi nyɛ fɛ?” Bue nhoma no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ofiewura no behu nkratafa 4-5. Twɛn ma ommua. Afei kenkan nsɛm a ɛwɔ kratafa 5 no. Ka eyi fa wie: “Wubetumi agye nhoma yi na w’ankasa woakenkan.” Hwehwɛ bere a ɛbɛfata a wobɛsan akɔsra obiara a ɔkyerɛɛ anigye no.
7 Yɛwɔ nimdeɛ a efi Nyankopɔn hɔ a ebua asetram nsɛmmisa atitiriw. Siesie wo ho yiye, na Yehowa behyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛka asɛm a ɛma nkwa yi akyerɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no.