Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/96 kr. 8
  • “Eyi Ne Daa Nkwa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Eyi Ne Daa Nkwa”
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nimdeɛ a Efi Nyankopɔn Hɔ Bua Nsɛmmisa Pii
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yɛbɛtrɛw Mu
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 11/96 kr. 8

“Eyi Ne Daa Nkwa”

1 Ɛsɛ sɛ yɛfa Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 17:3 no aniberesɛm. Ná ɔnka nni agoru—Onyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ a obi benya no kyerɛ daa nkwa! Nanso so Yehowa ne Yesu ho nimdeɛ a yebenya kɛkɛ no bɛma wɔde daa nkwa atua yɛn ka? Dabi. Ná Israelfo no nim sɛ Yehowa ne wɔn Nyankopɔn, nanso wɔn asetra kwan anna saa gyidi no adi. Ne saa nti, wɔhweree n’anim dom. (Hos. 4:1, 2, 6) Ɛnnɛ, ebia nnipa ɔpepem pii na “wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu.” (Rom. 10:2) Ehia sɛ wobehu Yehowa, “nokware Nyankopɔn koro no,” na wosua sɛnea wɔbɛsom no wɔ ɔkwampa so. Ne saa nti, wɔ November mu no, yɛde Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bɛma. Ɔkwan bɛn so na wobɛfa de Nimdeɛ nhoma no ama? Nyansahyɛ horow bi a ebetumi aboa wo ni.

2 Esiane sɛ asetra a enni awiei wɔ asase so yɛ ade foforo ma nnipa dodow no ara nti, ebia wɔn ani begye nnianim asɛm yi ho:

◼ “Yɛrebisa yɛn afipamfo asɛm bi. Sɛ wɔto nsa frɛ wo sɛ bɛtra wiase bi a ɛte sɛɛ mu a, anka w’ani begye ho? [Fa mfonini a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no nkratafa 4-5 no kyerɛ no. Twɛn ma ommua.] Eyi betumi ayɛ w’asetra mu suahu a ɛyɛ anigye ankasa. Nanso dɛn na wususuw sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wo nsa aka? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ adwuma a ɛbata ho, sɛnea Yohane 17:3 kyerɛ no, nsow. [Kenkan.] Nhoma yi reboa nnipa pii ma wɔanya nimdeɛ titiriw yi. So w’ani begye ho sɛ wubenya w’ankasa wo de na woakenkan? [Twɛn ma ommua.] Sɛ mesan ba bio a, yebetumi asusuw nea enti a ntease wom sɛ yebegye adi sɛ yebetumi anya daa nkwa wɔ asase so ha yi ara ho.”

3 Sɛ wosan kɔsra wɔn a wo ne wɔn asusuw Yohane 17:3 ho no a, wubetumi atoa so wɔ saa kwan yi so:

◼ “Ɛda a mebaa ha no, mekenkanee Yesu nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Yohane 17:3 no kyerɛɛ wo, baabi a ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ne ɔno ho nimdeɛ a yebenya no kyerɛ daa nkwa no. Nanso nnipa pii gye di sɛ ɔsoro nkutoo na yebetumi anya asetra pa. Wote nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Sɛ nhoma a mede maa wo no bɛn wo a, mɛpɛ sɛ mɛkyerɛ wo Bible nkyekyem ahorow bi a edi adanse sɛ wɔde Paradise bɛba asase so bio. [Mommɔ Nimdeɛ nhoma no nkratafa 9-10 nkyekyem 11-16 mu nkɔmmɔ.] Sɛ mesan ba bio a, mɛpɛ sɛ mɛkyerɛ wo nea enti a wubetumi de wo ho ato bɔhyɛ ahorow yi a ɛwɔ Bible mu no so. Seesei de, wubetumi akenkan ti 2 wɔ wo nhoma no mu.”

4 Asɛm a ebia wubetumi aka akyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ nyamesom ho anigye ni:

◼ “Yɛne yɛn afipamfo reka nea enti a nyamesom ahorow pii wɔ wiase ho asɛm. Ɔsom ahorow bɛyɛ 6,000 na ɛwɔ Afrika nkutoo, na bɛboro 10,000 na ɛwɔ wiase nyinaa. Nanso, Bible biako pɛ na ɛwɔ hɔ. Wususuw sɛ dɛn nti na nyamesom ayɛ hwanyann saa? [Twɛn ma ommua. Bue Nimdeɛ nhoma no ti 5, na kenkan nkyekyem 1.] Ti yi a wobɛkenkan no bɛma woanya saa nsɛmmisa no ho mmuae a ɛma abotɔyam. M’ani begye sɛ megyaw nhoma no ama wo.” Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe pa, na ka sɛ: “Sɛ mesan ba a, ebia yebetumi asusuw ho ahwɛ sɛ ɔsom ahorow nyinaa yɛ akwan horow ara kwa a ɛkɔ beae koro no ara anaa.”

5 Sɛ wosan kɔtoa nkɔmmɔbɔ a ɛfa nea enti a ɔsom pii wɔ hɔ no so a, wubetumi aka eyi:

◼ “Ɛda a me ne wo bɔɔ nkɔmmɔ no, mibisaa wo sɛ ebia ɔsom ahorow nyinaa yɛ akwan horow ara kɛkɛ a ɛkɔ beae koro no ara anaa. Wosusuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Mepɛ sɛ mekyerɛ wo nea Yesu kae wɔ asɛm no ho fi nhoma a mede gyaw wo no mu. [Dan kɔ Nimdeɛ nhoma no ti 5 na kenkan nkyekyem 6-7, a Mateo 7:21-23 ka ho no.] Ebia w’adwenem bɛyɛ wo nãã wɔ nea enti a ɛho hia yiye sɛ yehu Onyankopɔn apɛde ankasa no ho. Wubehu sɛ nsɛm pii wɔ nkyekyem a edi so no mu. Mesrɛ wo kenkan ti yi mu nsɛm a aka no. Bere foforo a mɛba no, m’ani begye ho sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea Bible mu nokware nimdeɛ a wubenya no som bo.”

6 Mpɛn pii no, sɛ wɔfa ɔkwan tee so a wotumi fi Bible adesua ahorow ase. Nnianim asɛm a wɔahyɛ ho nyansa a epue wɔ kratafa 12 wɔ “Reasoning” nhoma no mu bi ni:

◼ “Mebae sɛ me ne wo rebesua Bible no wɔ fie a wuntua hwee. Sɛ wopɛ a, mede simma kakraa bi bɛkyerɛ wo sɛnea nnipa pii a wɔwɔ aman bɛboro 200 so sua Bible no wɔ fie sɛ mmusua. Yebetumi de nsɛmti yi mu biara asua. [Fa nsɛmti a wɔahyehyɛ wɔ Nimdeɛ nhoma no mu kyerɛ.] Emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho kɛse?” Twɛn ma onii no mpaw bi. Dan kɔ ti a ɔpaw no so, na fi adesua no ase wɔ nkyekyem a edi kan no so.

7 Ɔkwan tee foforo a etu mpɔn a wubetumi asɔ ahwɛ de afi adesua ase ni:

◼ “Me ne nkurɔfo yɛ Bible adesua a wontua hwee, na me bere nhyehyɛe bɛma kwan ma mede adesuafo foforo aka ho. Bible adesua nhoma yi na yɛde di dwuma. [Fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ.] Wɔde asram kakraa bi na esua wie, na ebua nsɛmmisa te sɛ: Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? Dɛn na ɛba yɛn adɔfo a wɔawuwu no so? Ɛne, yɛbɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn?” Afei bisa sɛ “Menkyerɛ wo sɛnea wɔyɛ adesua no?” Sɛ wampene adesua so a, bisa sɛ ebia onii no bɛpɛ sɛ onya Nimdeɛ nhoma no bi na n’ankasa kenkan anaa. Sɛ ɛte saa a, gyaw bi ma no.

8 Hwɛ bo a Onyankopɔn ne Kristo ho nokware nimdeɛ som ma obiara a onya bi no! Gye a wogye tom no kyerɛ daa nkwa wɔ tebea horow a ɛyɛ pɛ mu ampa. Momma yɛmfa hokwan biara nni dwuma wɔ November mu mfa nka nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no ho asɛm nkyerɛ afoforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena