Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/02 kr. 3-6
  • Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Yɛde Befi Nkɔmmɔbɔ Ase
  • Nyansahyɛ Ahorow a Yɛnam So De Ahwehwɛde Nhomawa no Bɛma
  • Nimdeɛ Nhoma no a Yɛde Bɛma Ho Nyansahyɛ Ahorow
  • Nhoma Afoforo
  • Asɛm a Wɔka Tẽẽ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Fa Wo Ho To Yehowa So na Ɔmma Nneɛma Nnyin
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Fi Nokwaredi mu Dwen Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye Nyinaa Ho
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 1/02 kr. 3-6

Fa Sie

Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa

Sɛnea Wode Krataa Yi Bedi Dwuma

Nsɛm a wɔka kyerɛ a edidi so yi mu dodow no ara baa Yɛn Ahenni Som a atwam no mu. Sɔ emu pii a wopɛ hwɛ wɔ w’adansedi adwuma mu, na hwɛ nea ebefi mu aba. Fa krataa yi sie, na kenkan bere a woresiesie wo ho akɔ asɛnka no.

Sɛ woka asɛm no tiawa ntɛm a, wubetumi akanyan onipa no anigye wɔ Onyankopɔn Asɛm ho. Bisa asɛm pɔtee bi, na afei kenkan mmuae tiawa a Kyerɛwnsɛm no de ma no. Wubetumi asɔ nyansahyɛ ahorow yi ahwɛ:

“Sɛ wususuw daakye ho a, so wote nka sɛ anidaso bi wɔ hɔ anaasɛ ebi nni hɔ? [Ma ommua.] Bible kaa nneɛma a ɛhaw adwene a yehu nnɛ ne nea ebefi mu aba no ho asɛm too hɔ.”—2 Tim. 3:1, 2, 5; Mmeb. 2:21, 22.

“Akwahosan ho asɛm haw nkurɔfo pii nnɛ. So wunim sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obedi akwahosan ho nsɛnnennen nyinaa ho dwuma koraa?”—Yes. 33:24; Adi. 21:3, 4.

“So na wunim sɛ Bible aka ato hɔ sɛ awiei koraa no nniso biako pɛ na ebedi wiase nyinaa so?”—Dan. 2:44; Mat. 6:9, 10.

“Wususuw sɛ, sɛ Yesu Kristo na odi asase so a, anka tebea no bɛyɛ dɛn?”—Dw. 72:7, 8.

Esiane nnipa pii bɔbeasu, wɔn nyamesom ne wɔn honam ani hwɛbea nti, wɔyɛ nyiyim tia wɔn. Wususuw sɛ Onyankopɔn te nka dɛn wɔ adwene a ɛmfata saa no ho?—Aso. 10:34, 35.

“Yenim sɛ Yesu Kristo yɛɛ anwonwade pii wɔ ne bere so. Sɛ anka wubetumi abisa no ma wayɛ anwonwade biako aka ho a, anka dɛn na wubebisa?—Dw. 72:12-14, 16.

“Nnipa dodow no ara abrɛ wɔ ɔhaw ahorow ho asɛm a wɔte no ho. Wɔpɛ sɛ wɔte ano aduru ho asɛm. Nanso ɛhe na yebetumi anya yɛn haw ahorow no ano aduru?”—2 Tim. 3:16, 17.

“So wubetumi ahu dekode a Ahenni a wobɔ ho mpae wɔ Awurade Mpaebɔ (anaa Yɛn Agya a wowɔ soro) no mu no yɛ?”—Adi. 11:15.

Nsɛm a Yɛde Befi Nkɔmmɔbɔ Ase

Ase hɔ nsɛmmisa a woyi fii Reasoning nhoma no mu no kyerɛ nhoma no kratafa ko a wubetumi anya mmuae no mu biara:

Dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? (98)

Tebea bɛn na awufo wom? (100)

So yɛwɔ ntease pa a enti sɛ ɛsɛ sɛ yegye Onyankopɔn di? (145)

So Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa? (147)

So Onyankopɔn dwen nea ɛto yɛn nnipa no ho ankasa? (147)

So nnipa pa nyinaa kɔ soro? (162)

So ɛsɛ sɛ obi kɔ soro na ama wanya daakye a anigye wom ankasa? (163)

Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn din ankasa na yɛde di dwuma? (196)

So Yesu Kristo ne Onyankopɔn ankasa? (212)

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ? (227)

Dɛn ne onipa asetra atirimpɔw? (243)

Dɛn na ebetumi aboa ma aware ayɛ papa? (253)

So nyamesom nyinaa sɔ Onyankopɔn ani? (322)

Obi bɛyɛ dɛn atumi ahu ɔsom a ɛteɛ no? (328)

Satan wɔ nnɛ wiase no so tumi kodu he? (364)

Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? (393)

Dɛn nti na nsɛmmɔnedi pii wɔ hɔ saa? (427)

Hena na odi wiase yi so—Onyankopɔn anaasɛ Satan? (436)

Nyansahyɛ Ahorow a Yɛnam So De Ahwehwɛde Nhomawa no Bɛma

“Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ nnipa pii gye Onyankopɔn di. Wɔn a wogye Onyankopɔn di no nyinaa gye tom sɛ ɔhwehwɛ biribi fi yɛn hɔ. Nea nkurɔfo adwene ntumi nhyia wɔ ho ne sɛ, Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ?” Afei fa Ahwehwɛde nhomawa ma no, na dan kɔ adesua 1 so na munsusuw ho.

“Bere a ɔhaw pii wɔ abusua asetra mu no, so woasusuw ade a ɛma wonya abusua mu anigye ho pɛn?” Sɛ obua a, kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn kyerɛ nea ɛde abusua mu anigye ba wɔ Bible no mu. Kenkan Yesaia 48:17. Afei dan kɔ Ahwehwɛde nhomawa no adesua 8 no so, na kyerɛ Bible mu kyerɛw nsɛm bi a wɔtwe adwene si so a ɛde akwankyerɛ pa ma abusua no muni biara no. Kenkan nsɛmmisa a ɛwɔ adesua no mfiase no. Bisa onipa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔkenkan mmuae no anaa.

“Nhomawa yi kura Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw ho adesua a edi mu. Wubenya nsɛmmisa a ahaw nkurɔfo adwene mfehaha pii no ho mmuae wɔ kratafa biara. Sɛ nhwɛso no, Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase?” Dan kɔ adesua 5, na kenkan nsɛmmisa a ɛwɔ adesua no mfiase no. Bisa ofiewura no nea n’ani gye ho paa, na kenkan nkyekyɛm a ɛfa ho no ne kyerɛw nsɛm a ɛfata no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ obetumi anya nsɛmmisa foforo ho mmuae a ɛte sɛ eyi ara a ɔmmrɛ. Ka sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw asɛmmisa foforo ho.

“Wususuw sɛ dɛn na ɛde basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ sukuu ahorow mu no nyinaa ba? So ntetee a awofo mfa mma na ama aba saa? Anaasɛ ebetumi ayɛ biribi foforo, te sɛ Ɔbonsam nkɛntɛnso?” Ma ommua. Sɛ onipa no ka sɛ Ɔbonsam nkɛntɛnso na ama aba saa a, kenkan Adiyisɛm 12:9, 12. Kyerɛ nea Ɔbonsam yɛ de ma basabasayɛ nya nkɔso wɔ wiase no. Afei bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 4, na bisa onipa no sɛ ebia wasusuw baabi a Ɔbonsam fi ho pɛn anaa? Monkenkan nkyekyɛm abien a edi kan no na munsusuw ho. Sɛ onipa no ka sɛ “ntetee a awofo mfa mma” na ama wɔyɛ basabasa wɔ sukuu ahorow mu no a, kenkan 2 Timoteo 3:1-3 na kyerɛ su horow a ɛda adi sɛ ɛde ɔhaw yi ba no. Afei bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 8 no, monkenkan nkyekyɛm 5, na montoa nkɔmmɔbɔ no so.

“So wususuw sɛ ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Ɔbɔadeɛ no de nimdeɛ a yehia na ama yɛahyehyɛ abusua asetra pa no bɛma yɛn?” Sɛ obua wie a, fa Ahwehwɛde nhomawa no kyerɛ no. Dan kɔ adesua 8 no so, na kyerɛkyerɛ mu sɛ ekura Bible mu nnyinasosɛm ma abusua muni biara. Ka sɛ wobɛkyerɛ no sɛnea wɔde nhomawa no sua Bible no de nya mfaso a ɛsen biara.

“Wɔ ɔhaw ahorow nyinaa a yehyia wɔ nnɛ asetra mu akyi no, so wote nka sɛ mpaebɔ betumi aboa yɛn ankasa? [Ma ommua.] Nnipa pii ka sɛ mpaebɔ hyɛ wɔn den. [Kenkan Filipifo 4:6, 7] Nanso, ebia obi bɛte nka sɛ wontie ne mpaebɔ. [Bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 7.] Nhomawa yi kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya mpaebɔ so mfaso paa mu.”

“Yɛne yɛn afipamfo reka nea enti a asɔre pii wɔ wiase ho asɛm. Nanso, Bible biako pɛ na ɛwɔ hɔ. Wususuw sɛ dɛn nti na asɔre ayɛ hwanyann saa? [Ma ommua. Bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 13, na monkenkan nsɛmmisa a edi kan no.] Sɛ wokenkan adesua yi a, wubenya saa nsɛmmisa no ho mmuae a ɛma akomatɔyam.”

“Sɛ wode Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ma obi a, bisa sɛ ebia wubetumi akenkan nkyekyɛm tiawa biako akyerɛ no anaa. Sɛ ɔma kwan a, bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 5. Fa nsɛmmisa a ɛwɔ adesua no mfiase no kyerɛ no, na ka sɛ ontie asɛmmisa a edi kan mmuae no bere a wokenkan nkyekyɛm a edi kan no. Sɛ wokenkan nkyekyɛm no wie a, bisa asɛm no na ma ommua. Fa nhomawa no ma no, na sɛ ogye a, yɛ nhyehyɛe san kotie mmuae a ɔde bɛma nsɛmmisa abien a edi hɔ no.

Nimdeɛ Nhoma no a Yɛde Bɛma Ho Nyansahyɛ Ahorow

Bere a wukura Bible no, fi ase ka sɛ: “Yɛne obiara a ɔte mo borɔn yi so resusuw kyerɛwsɛm bi ho nnɛ. Ɛka sɛ . . .” Kenkan Yohane 17:3, na afei bisa sɛ: “So wohyɛɛ nea wɔde hyɛ yɛn bɔ bere a yɛwɔ nimdeɛ a ɛfata no nsow? [Ma ommua.] Ɛhe na obi benya nimdeɛ a ɛte saa?” Sɛ obua wie a, fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ no, na ka sɛ: “Nhoma yi kyerɛ nimdeɛ a ɛma obi nya daa nkwa. Ɛnam nsɛm a nkurɔfo taa bisa fa Bible ho a ebua no so na ɛyɛ saa.” Fa nsɛmti a wɔahyehyɛ no kyerɛ onipa no, na bisa no sɛ ebia wadwen saa nsɛmti no bi ho pɛn anaa.

“So woadwen ho pɛn sɛ ebia atɛnkyea ne amanehunu a atwa yɛn ho ahyia anaasɛ ɛto yɛn ankasa ho asɛm haw Onyankopɔn? [Ma ommua.] Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔbɛboa yɛn wɔ ahohia bere mu.” Kenkan Dwom 72:12-17 no afã bi. Bue Nimdeɛ nhoma no ti 8, na kyerɛ sɛ ɛde asɛm a nnipa ɔpepem pii abisa, a ɛne Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? no mmuae a ɛma akomatɔyam ma. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, munsusuw nkyekyɛm 3 kosi 5 no mu Kyerɛwnsɛm mu nsɛm no bi ho anaa monyɛ saa wɔ sankɔhwɛ mu.

“Yɛn mu dodow no ara adɔfo awuwu. So woadwen ho pɛn sɛ ebia yebehu wɔn bio? [Ma ommua.] Yesu kyerɛe sɛ wobetumi agye yɛn adɔfo afi owu mu. [Kenkan Yohane 11:11, 25, 44.] Ɛwom sɛ eyi sii mfehaha pii ni de, nanso ɛkyerɛ nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn.” Bue mfonini a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no kratafa 86 no, na kenkan ɛho asɛm no. Bisa asɛm a edi so no fa to nhyɛase ma nsrahwɛ a edi hɔ no: “So wobɛpɛ sɛ wuhu nea enti a nnipa nyinyin na wowuwu?” San kɔ ne nkyɛn na munkosusuw ti 6 ho.

“So woasusuw nea enti a nnipa pɛ sɛ wɔtra ase kyɛ no ho pɛn?” Sɛ obua a, bue Nimdeɛ nhoma no ti 6, na monkenkan nkyekyɛm 3. Munsusuw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho. Bere a woreka nsɛmmisa abien a ɛwɔ nkyekyɛm no awiei ho asɛm no, bisa onipa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ n’ankasa hu mmuae no anaa. Sɛ ɔpɛ no saa a, wo ne no nsusuw nkyekyɛm kakra a edi hɔ no ho.

“Yɛrebisa nkurɔfo sɛ ebia wogye eyi di anaa . . . Kenkan Genesis 1:1, na bisa sɛ: “Wugye saa asɛm yi tom?” Sɛ onipa no ka sɛ ogye tom a, afei ka sɛ: “Me nso migye tom. Nanso, wususuw sɛ, sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa a, so ɔno nso na ɔma wodi nsɛmmɔne?” Bere a woatie onipa no mmuae awie no, kenkan Ɔsɛnkafo 7:29. Bue Nimdeɛ nhoma no ti 8, na monkenkan nkyekyɛm 2. Sɛ onnye Genesis 1:1 ntom a, hyɛ no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ no mu.—Hwɛ Reasoning nhoma no, nkratafa 84-6.

“So wubegye atom sɛ bere a abrabɔ ho gyinapɛn resakra ntɛmntɛm nnɛ no, yehia asetram akwankyerɛ pa? [Ma ommua.] Ɛwom sɛ Bible no akyɛ sen nhoma biara de, nanso ɛde nnɛyi asetra ne abusua asetra a anigye wom ho afotu pa ma.” Dan kɔ Nimdeɛ nhoma no ti 2, na kenkan nkyekyɛm 10 ne asɛm a edi kan wɔ nkyekyɛm 11 mu a Timoteo 3:16, 17 ka ho.

“So wobɛpɛ sɛ wuhu nea ɛbɛba yɛne asase no so daakye? [Ma ommua.] Bible de asɛmfua biako—Paradise—ka daakye ho asɛm tiawa! Ɛhɔ na Onyankopɔn de awarefo a wodi kan no trae bere a ɔbɔɔ wɔn no. Hyɛ nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama wɔ sɛnea na ɛhɔ te no nsow.” Bue Nimdeɛ nhoma no kratafa 8, na monkenkan nkyekyɛm 9, wɔ asɛmti ketewa “Paradise Mu Asetra” ase. Afei munsusuw nkyekyɛm 10 mu nsɛm ho, na monkenkan kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so a ɛne Yesaia 55:10, 11 no. Ka sɛ wobɛba ma moatoa sɛnea Paradise a asan aba no mu asetra bɛyɛ ho nkɔmmɔbɔ no so, na mubesusuw nkyekyɛm 11-16 ho.

Sɛ woresan akɔsra wɔn a womaa wɔn Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no a, wubetumi aka eyi:

“Bere a etwa to a mebaa ha no, m’ani gyei sɛ migyaw Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no biako maa wo. Ebia wuhui sɛ nsɛmma nhoma no din ne Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. Ɛnnɛ mepɛ sɛ mekyerɛ dekode a Ahenni yi yɛ ne nea ebetumi akyerɛ ama w’abusua.” Afei bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 6, na gyina bere a onipa no wɔ so kenkan na munsusuw ho.

“Mebaa ha nnansa yi begyaw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi maa wo. Nsɛmma nhoma yi ma obu a yɛwɔ ma Bible no ne n’abrabɔ ho akwankyerɛ no yɛ kɛse. Esiane sɛ mete nka sɛ ɛho hia sɛ obiara te Onyankopɔn Asɛm ase nti, masan aba sɛ merebɛkyerɛ wo biribi a ɛbɛboa wo ma woayɛ saa.” Fa Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ na ka Bible adesua ho asɛm.

Sɛ wode nhoma dedaw a ekura nkratafa 192 no mu biara redi dwuma a, wubetumi asɔ asɛm a wɔka kyerɛ yi ahwɛ:

“Wɔasi hia a nhomasua a ɛyɛ papa ho hia so dua kɛse. Wususuw sɛ nhomasua bɛn na ɛsɛ sɛ obi nya na wanya anigye na asi no yiye paa wɔ asetra mu? [Ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 9:10, 11.] Nhoma ketewaa yi [bɔ nhoma a wode rema no din] gyina Bible no so. Ɛkyerɛ yɛn beae biako pɛ a yebenya nimdeɛ a ebetumi ama yɛanya daa nkwa.” Fa nhwɛso pɔtee bi a ɛwɔ nhoma no mu kyerɛ onipa no, na hyɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan.

Nhoma Afoforo

Wubetumi ahu sɛnea yɛde nhoma ne nhomawa afoforo ma ho nyansahyɛ ahorow wɔ Watch Tower Publications Index no mu wɔ nea edi so yi ase:

Nsɛm a Wɔka Kyerɛ

Nhoma Din

Asɛm a Wɔka Tẽẽ

Sɛ wubefi Bible adesua ase a, bɔ mmɔden sɛ wobɛfa akwan a ɛyɛ tẽẽ yi mu biako so:

“So na wunim sɛ wubetumi de simma kakraa bi anya Bible mu asɛmmisa bi a ɛho hia ho mmuae? Sɛ nhwɛso no, . . . ” Afei, bisa asɛm bi a ɛwɔ Ahwehwɛde nhomawa adesua no biako mfiase a wususuw sɛ onipa no ani begye ho.

“Mebɔ faa ha sɛ merebɛkyerɛ wo yɛn Bible adesua nhyehyɛe a yennye hwee wɔ ho no. Ebegye bɛyɛ simma anum na mede akyerɛ wo. So wowɔ simma anum?” Sɛ obua sɛ yiw a, fa Ahwehwɛde nhomawa no adesua 1 kyerɛ sɛnea yɛyɛ adesua no, na kenkan kyerɛwsɛm biako anaa abien pɛ a woapaw. Ɛno akyi no bisa sɛ: “Bere bɛn na wubenya bɛyɛ simma 15 na yɛatumi ayɛ adesua a edi hɔ no?”

“Nnipa pii wɔ Bible nanso wonnim sɛ ekura daakye ho nsɛmmisa a ɛho hia a yɛn nyinaa wɔ no ho mmuae. Sɛ wode dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa sua nhoma [Ahwehwɛde nhomawa no anaasɛ Nimdeɛ nhoma] yi dapɛn biara a, wubetumi anya Bible no mu ntease titiriw wɔ asram kakraa bi pɛ mu. M’ani begye ho sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea nhyehyɛe yi yɛ adwuma.”

“Maba sɛ merebɛka ofie Bible adesua a wontua hwee ho asɛm akyerɛ wo. Sɛ woma me kwan a, mepɛ sɛ mede simma kakraa bi kyerɛ sɛnea nnipa a wɔwɔ nsase bɛyɛ 200 so susuw Bible no ho wɔ fie sɛ mmusua. Yebetumi de nsɛmti yi mu biara asusuw ho. [Fa Nimdeɛ nhoma no mu nsɛmti a wɔahyehyɛ no kyerɛ no.] Nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa?” Twɛn ma onipa no mpaw nea ɔpɛ. Dan kɔ ti a wapaw no so, na fa nkyekyɛm a edi kan no fi adesua no ase.

“Mekyerɛkyerɛ Bible no a minnye hwee na mewɔ bere a metumi de akyerɛ asuafo afoforo ade. Yɛde nhoma a wɔde sua Bible yi na edi dwuma. [Fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ no.] Adesua no di asram kakraa bi pɛ na ebua nsɛmmisa te sɛ: Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? Dɛn na ɛba yɛn adɔfo a wɔawuwu no so? Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn? So metumi akyerɛ wo sɛnea yɛyɛ adesua no bi?”

Sɛ wowɔ asɛm a woka kyerɛ a etu mpɔn a ɛma afoforo ani gye ho a, kɔ so fa di dwuma! Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛsakra mu ma ɛne nhoma a yɛde ma ɔsram no ahyia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena