Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/97 kr. 8
  • Fa Wo Ho To Yehowa So na Ɔmma Nneɛma Nnyin

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Ho To Yehowa So na Ɔmma Nneɛma Nnyin
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Adesua a Yebefi Ase Wɔ Ahwehwɛde Nhomawa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 8/97 kr. 8

Fa Wo Ho To Yehowa So na Ɔmma Nneɛma Nnyin

1 “Minyaa anigye soronko bi a minnyaa bi da sɛ meboa ma wɔhyehyɛɛ asafo foforo bi. Eyi gyee adwumaden a yɛde bɛboro mfe abien yɛe, mpae a yɛbɔe daa ne Yehowa a ‘ɔma nneɛma nyin’ a yɛde yɛn ho too ne so no.” Saa na ɔkwampaefo bi a ɔwɔ ahonim pa a ohuu hia a ehia sɛ ɔde ne ho to Yehowa so ma nneɛma nyin no kae. (1 Kor. 3:5-9) Bere a yɛhwehwɛ nnipa a wodwen honhom fam nneɛma ho no, yɛn nso yehia Onyankopɔn mmoa, sɛ yɛn som adwuma no bɛsow aba a.—Mmeb. 3:5, 6.

2 Onyin Hwehwɛ Adwumayɛ: Sɛ nokware aba no benyin a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma. Mpɛn pii no, kɔ a yɛbɛsan akɔ hɔ wɔ da koro anaa nnanu ntam wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi no sow aba pa. Da anigye ne adamfofa su adi. Ma onipa a wo ne no kasa no nnya abotɔyam. Wo nkutoo nkasa. Ma onhu wo, na kyerɛ sɛ wopɛ n’asɛm.

3 Efi July kosi August mu no, yɛde yɛn adwene besi nhomawa ahorow a yɛde bɛma nnipa a yehyia wɔn no so. Nanso, ehia nso sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔbɛkyerɛ anigye ne wɔn a wogyee nhomawa no nkyɛn. Yɛnam sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow a yɛhyehyɛ so na ɛyɛ eyi. (Mat. 28:19, 20) Eyi mu no, yebetumi de Ahwehwɛde nhomawa no afi adesua ase. Nyansahyɛ ahorow anan a edidi so yi betumi aboa wo.

4 Sɛ wo ne obi a sɛnea wiase rekɔ no haw no kasae a, wubetumi asan afi nkɔmmɔbɔ no ase denam eyi a wobɛka so:

◼ “Migye di sɛ sɛnea abrabɔ asɛe wɔ adesamma abusua yi mu no haw wo sɛnea ɛhaw me nso no. Yɛte amanneɛbɔ a ɛyɛ awerɛhow a ɛfa ofie basabasayɛ a ekowie mmofra, awofo, ne aware mu ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade mu no. Na ɛte sɛ nea ɛnhaw nnipa pii sɛ wobedi atoro anaasɛ wɔbɛbɔ korɔn de adi wɔn ankasa akɔnnɔ ho dwuma. So wususuw sɛ sɛnea nnipa bu wɔn bra no fa Onyankopɔn ho? [Twɛn ma ommua.] Onyankopɔn de gyinapɛn ahorow bi sisii hɔ maa nnipa sɛ wɔmfa ntra ase, na ɛso di nyɛ den.” Kenkan 1 Yohane 5:3. Afei fa Ahwehwɛde nhomawa no ma no, na bue kɔ ti 10. Kenkan nkyekyem a edi kan no. Twe adwene si nsɛm a wɔasi so dua a ɛwɔ nkyekyem 2-6 mfiase no so, na bisa ofiewura no nneyɛe ko a ɔte nka sɛ epira nkurɔfo sen biara. Kenkan nkyekyem a ɛka ho no, na kenkan kyerɛwsɛm biako anaa abien sɛnea bere ma kwan. Kenkan nkyekyem 7 fa wie, na afei yɛ nhyehyɛe kɔ hɔ kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so.

5 Sɛ wuhyiaa wɔn a wodwen wɔn mmusua ho a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:

◼ “Wususuw sɛ ɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛma yɛn nnwinnade a yehia ma yɛakyekyere abusua asetra a ɛyɛ anigye?” Twɛn ma ommua. Fa Ahwehwɛde nhomawa no kyerɛ no, dan kɔ adesua 8, na kyerɛkyerɛ mu sɛ ekura nnyinasosɛm ahorow a Bible wɔ ma abusua muni biara. Kyerɛ no sɛnea wɔde nhomawa no ne Bible di dwuma ma wonya emu mfaso pii. Di akwankyerɛ a ɛwɔ nhomawa no kratafa 2 no akyi. Yɛ nhyehyɛe kɔtoa adesua no so, anaasɛ muwie ɛno a, mubetumi akɔ adesua foforo a ofiewura no bɛpaw wɔ nhomawa no mu no so.

6 Nea edi so yi yɛ ɔkwan tẽẽ a wubetumi afa so akyerɛkyerɛ sɛnea yɛyɛ Bible adesua mu. Fa “Ahwehwɛde” nhomawa no kyerɛ, na ka sɛ:

◼ “Saa nhomawa yi kura adesua nsɛm a wɔasiesie no yiye a ɛfa Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw ho. Wɔ kratafa biara no, wubehu nsɛmmisa a akyere nnipa adwene mfehaha pii ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase?” Dan kɔ adesua 5, na kenkan nsɛmmisa a ɛwɔ adesua no mfiase no. Bisa ofiewura no emu nea n’ani gye ho kɛse, na afei kenkan nkyekyem (ahorow) a ɛfa ho no, na monkenkan kyerɛw nsɛm a ɛfata no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obetumi anya nsɛmmisa foforo ho mmuae te sɛ eyi ara. Kyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw asɛmmisa foforo ne ɛho mmuae ho.

7 Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ wofa ɔkwantiaa a wɔfa so fi Bible adesua ase so denam eyi a wobɛka so:

◼ “So wunim sɛ wubetumi de simma kakraa bi anya Bible mu asɛntitiriw bi ho mmuae? Sɛ nhwɛso no, . . .” Afei ka asɛmmisa bi a epue wɔ nhomawa no mu adesua ahorow no biako mfiase, nea wususuw sɛ onipa no ani begye ho. Sɛ wopɛ nsɛmmisa a wubetumi de adi dwuma no ho adwene bi a, hwɛ krataa a ɛhyɛ March 1997 Yɛn Ahenni Som mu a wɔato din: “Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ” no nkyekyem 15 ne 16.

8 Anigye a yɛde begye sankɔhwɛ ne Bible adesua yɛ ho nsɛnnennen atom no yɛ Onyankopɔn “adwumayɛboafo” a yɛbɛyɛ no fã. (1 Kor. 3:9) Sɛ yɛyɛ adwumaden de di wɔn a wɔkyerɛ anigye ho dwuma na sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so ma ɔma nneɛma nyin a, yebenya nokware abotɔyam a adwuma foforo biara rentumi mma yennya.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena