Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/97 kr. 1
  • Fa Nneɛma a Ɛho Hia Kɛse Di Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nneɛma a Ɛho Hia Kɛse Di Kan
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusua Ti—Munkura Honhom Fam Nhyehyɛe Pa Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Dɛn Na Woanya Nyɛe?
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 9/97 kr. 1

Fa Nneɛma a Ɛho Hia Kɛse Di Kan

1 Dɛn ne nneɛma a ehia ma yɛn honhom mu yiyedi no bi? Akyinnye biara nni ho sɛ kokoam adesua, nhyiamkɔ, mpae a wɔbɔ no daa, fekupa, ne Kristofo som adwuma ka eyinom ho. Yɛrentumi nnya honhom mu akwahosan pa bere a yɛmfa nneɛma a ehia no nni kan wɔ yɛn asetra mu.

2 Nanso, yɛn nyinaa ne honam akɔnnɔ di ako, ma ɛno nti ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. (Gal. 5:17) Ɛnsɛ sɛ yɛte nka da sɛ yebenya mfaso pii afi pɛsɛmenkominya su a yebedi akyi mu. (Yer. 17:9) Ɛno nti, sɛ yebetumi akora yɛn koma so na wɔannaadaa yɛn a, yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ daa ho hia kɛse.—Mmeb. 4:23; 2 Kor. 13:5.

3 Hwehwɛ W’ankasa Wo Koma Mu: Wubetumi ayɛ saa denam nsɛm a efi komam a wubebisa wo ho so: So me kɔn dɔ sɛ mekenkan Onyankopɔn Asɛm? (1 Pet. 2:2) So mihu hia a ɛho hia sɛ mekɔ asafo nhyiam nyinaa? (Heb. 10:24, 25) So mebɔ mpae daa? (Rom. 12:12) So me ne nnipa a honhom mu nneɛma hia wɔn na ɛbɔ fekuw? (Rom. 1:11, 12) So mete nka sɛ ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ meka asɛmpa no? (1 Kor. 9:16) Mmuae a ɛkyerɛ sɛ woreyɛ saa no bɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ wode nneɛma a ehia kɛse di kan.

4 Hwehwɛ Nneɛma a Woyɛ Daa Mu: Ɛho hia sɛ wuhu nneɛma a ɛho hia a wode wo bere bɛyɛ bere a woahwehwɛ nea wo koma pɛ mu awie no. Nea ɛka eyinom ho ne bere nhyehyɛe a wobɛyɛ daa de akenkan Bible no ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛbɛba, ne ahosiesie a wobɛyɛ ama nhyiamkɔ. Ɛsɛ sɛ wuyi bere si hɔ nso ma abusua no de yɛ adesua na mobɔ mpae bom. Tew bere a wode hwɛ TV anaa wode bɔ kɔmputa no so. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam nyinaa, na gyina ɛno so yɛ biribi foforo biara ho nhyehyɛe nyinaa. Yɛ nhyehyɛe ma abusua no nyinaa nnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn biara.

5 Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a ɛho hia kɛse a yɛde bedi kan wɔ yɛn asetram no bɛma yɛanya anigye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena