Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 7/1 kr. 18-22
  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Koma no a Yɛbɛhyɛ no Den
  • Ahosiesie a Mobɛyɛ Ama Asafo Nhyiam Ahorow
  • Abusua Ahosiesie Ma Asɛnka Adwuma
  • Monkɔ so Nkyerɛkyerɛ Wɔn Yehowa Kwan
  • Mmusua Ti—Munkura Honhom Fam Nhyehyɛe Pa Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Mmoa a Wɔde Ma Mmusua
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 7/1 kr. 18-22

Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo

“Asafo ahyiae mu na mehyira [Yehowa, “NW”].”—DWOM 26:12.

1. Ade a yesua ne mpae a yɛbɔ wɔ fie akyi no, dɛn ne nokware som fã foforo a ɛho hia?

YEHOWA som nyɛ mpaebɔ ne Bible adesua a yɛyɛ wɔ ofie nko, na mmom, ɛyɛ dwuma a yedi sɛ Onyankopɔn asafo no mufo nso. Wɔhyɛɛ tete Israelfo sɛ ‘ɔman no mu mmarima ne mmea ne mmofra mmɔ gua,’ na wonsua Onyankopɔn mmara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnantew ne kwan so. (Deuteronomium 31:12; Yosua 8:35) Wɔhyɛɛ mpanyin ne ‘mmerante ne mmabaa’ nyinaa nkuran sɛ wonyi Yehowa din ayɛ. (Dwom 148:12, 13) Nhyehyɛe a ɛte saa ara wɔ Kristofo asafo no mu. Wɔ Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no, mmarima, mmea, ne mmofra de wɔn ho hyɛ dwumadi ahorow a ɛhwehwɛ sɛ atiefo no nya mu kyɛfa no mu, na bebree ani gye kɛse sɛ wonya mu kyɛfa.—Hebrifo 10:23-25.

2. (a) Dɛn nti na ahosiesie yɛ ade titiriw a ɛboa mmofra ma wɔn ani gye wɔ asafo nhyiam ahorow ase? (b) Henanom nhwɛso na ɛho hia?

2 Nokwarem no, mmofra a yɛbɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ asafo no mu nnwuma a ɛma denhyɛ mu no betumi ayɛ asɛnnennen. Sɛ ɛda adi sɛ mmofra a wɔne wɔn awofo kɔ asafo nhyiam ahorow no ani nnye ho a, na efi dɛn? Nokwarem no, mmofra dodow no ara na wontumi mfa wɔn adwene nsi biribi so bere tenten, na ɛnkyɛ na wɔn ani ahaw. Ahosiesie betumi aboa ma wɔadi ɔhaw yi so. Sɛ mmofra ansiesie wɔn ho a, wontumi nnya asafo nhyiam ahorow mu kyɛfa sɛnea ɛfata. (Mmebusɛm 15:23) Sɛ wɔansiesie wɔn ho a, ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobenya honhom fam nkɔso a ɛma abotɔyam. (1 Timoteo 4:12, 15) Dɛn na yebetumi ayɛ? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho sɛ so wɔn ankasa siesie wɔn ho ma asafo nhyiam ahorow anaa. Wɔn nhwɛso yɛ nkɛntɛnso a emu yɛ den. (Luka 6:40) Abusua adesua a wɔyɛ ho nhyehyɛe yiye nso betumi ayɛ ade a ɛho hia.

Koma no a Yɛbɛhyɛ no Den

3. Wɔ abusua adesua mu no, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden titiriw hyɛ koma no den, na dɛn na eyi hwehwɛ?

3 Ɛnsɛ sɛ abusua adesua yɛ bere a yɛde nimdeɛ hyɛ yɛn tirim kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ bere a yɛde hyɛ koma den nso. Eyi hwehwɛ sɛ yehu ɔhaw ahorow a abusua no mufo hyia na yefi ɔdɔ mu susuw emuni biara ho. Yehowa ‘hwehwɛ koma mu.’—1 Beresosɛm 29:17, NW.

4. (a) Dɛn na ‘koma a enni mũ’ no kyerɛ? (b) Dɛn na ‘koma a wɔhwehwɛ’ no kyerɛ?

4 Sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn mma komam a, dɛn na ohu? Wɔn mu dodow no ara ka sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, na ɛno fata nkamfo. Nanso, abofra anaa obi a ɔresua Yehowa ho ade foforo no nni Yehowa akwan ho nimdeɛ pii. Esiane sɛ onni osuahu nti, obetumi ayɛ obi a “ne koma nni mũ,” sɛnea Bible ka no no. Ebia ɛnyɛ adwene a ɔwɔ nyinaa na enye, na mmom egye bere na ama obi koma abɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa. Eyi hwehwɛ sɛ onii no ma n’asetram nsusuwii, n’apɛde, ɔdɔ a ɔwɔ, ne nkate, ne ne botae ahorow ne nea Onyankopɔn pɛ hyia kodu baabi a nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi. Sɛ obi nwene ne nipasu wɔ Onyankopɔn kwan so saa a, na ‘ɔrehwehwɛ koma.’—Mmebusɛm 9:4, NW; 19:8.

5, 6. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma ‘wɔanya koma’?

5 So awofo betumi aboa wɔn mma ma ‘wɔanya koma’? Nokwarem no, onipa biara nni hɔ a obetumi de tebea pa ahyɛ onipa foforo komam. Ɔde ɔpɛ mu a yefi paw nea yɛpɛ adom yɛn mu biara, na egyina nneɛma a yɛn ankasa susuw ho so kɛse. Nanso, mpɛn pii na awofo betumi de nhumu ama wɔn ba aka ne komam asɛm akyerɛ wɔn, na ama wɔahu nea ɛwɔ ne komam ne baabi a ehia sɛ wɔboa no. Fa nsɛmmisa te sɛ ‘Wote nka dɛn wɔ eyi ho?’ ne ‘Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ ankasa?’ di dwuma. Afei, fa boasetɔ tie. Ɛnyɛ ade ntra so. (Mmebusɛm 20:5) Sɛ wopɛ sɛ wudu komam a, ɛho hia sɛ woda ayamye, ntease, ne ɔdɔ adi.

6 Sɛ mubetumi ama wɔn koma atɔ akɔ nneɛma pa so daa a, mo ne wɔn ntaa mmɔ honhom aba ho nkɔmmɔ—ɛho ade biara—na mommom nyɛ adwuma sɛ abusua na ama moatumi asow. (Galatifo 5:22, 23) Ma wonnya ɔdɔ mma Yehowa ne Yesu Kristo, ɛnyɛ sɛ wobɛka kɛkɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn, na mmom denam nkɔmmɔ a mobɛbɔ afa nea enti a ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn ne ɔkwan a yɛbɛfa so ada saa ɔdɔ no adi ho so. (2 Korintofo 5:14, 15) Hyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no mu den denam mfaso a ebefi mu aba a mubesusuw ho so. Hyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛkwati nsusuwii bɔne, kasafĩ, ne nneyɛe bɔne no mu den denam nneɛma bɔne a efi mu ba ho nkɔmmɔ a mobɛbɔ so. (Amos 5:15; 3 Yohane 11) Kyerɛ wɔn sɛnea nsusuwii, ɔkasa, ne nneyɛe—sɛ́ eye anaa enye—betumi aka obi ne Yehowa ntam abusuabɔ.

7. Dɛn na yebetumi ayɛ aboa mmofra ma wɔadi ɔhaw ahorow ho dwuma na wɔasisi gyinae wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa so?

7 Sɛ abofra bi hyia ɔhaw bi anaa ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a ɛho hia a, yebetumi abisa no sɛ: ‘Wususuw sɛ Yehowa bu eyi dɛn? Dɛn na wunim wɔ Yehowa ho a ɛma woka saa? So woabɔ no ho mpae?’ Fi ase ntɛm sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa de aboa wo mma ma wɔanya asetra bi a ɛbɛma wɔafi wɔn komam abɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobehu Onyankopɔn apɛde na wɔadi so. Sɛ wɔne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den a, wɔn ani begye sɛ wɔafa n’akwan so. (Dwom 119:34, 35) Eyi bɛma wɔanya anisɔ sɛ wɔwɔ nokware Nyankopɔn asafo no mu.

Ahosiesie a Mobɛyɛ Ama Asafo Nhyiam Ahorow

8. (a) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma a ehia sɛ yɛyɛ wɔ yɛn abusua adesua mu nyinaa? (b) Saa adesua yi ho hia dɛn?

8 Nneɛma pii wɔ hɔ a ebehia sɛ mususuw ho bere a moreyɛ abusua adesua no. Mobɛyɛ dɛn atumi asusuw ne nyinaa ho? Ɛrenyɛ yiye sɛ wobɛyɛ biribiara wɔ bere koro mu. Nanso, ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛhyehyɛ. (Mmebusɛm 21:5) Hwɛ mu bere ne bere mu na hwɛ nea ehia sɛ wudi ho dwuma ntɛm. Ma abusua no muni biara nkɔso ho nhia wo yiye. Abusua adesua ho nhyehyɛe yi yɛ Kristofo ntetee no fã a ɛho hia, na esiesie yɛn ma asetra a yɛwom yi ne daa nkwa a ɛreba no.—1 Timoteo 4:8.

9. Ahosiesie a yɛyɛ ma asafo nhyiam ho botae ahorow bɛn na yebetumi adi ho dwuma nkakrankakra wɔ yɛn abusua adesua ahorow mu?

9 So ahosiesie a wɔyɛ ma asafo nhyiam ahorow no ka mo abusua adesua ho? Bere a mobom sua ade no, nneɛma bi wɔ hɔ a mubetumi adi ho dwuma nkakrankakra. Eyinom bi betumi agye adapɛn, asram, anaa mfe bi na mode adi ho dwuma. Susuw saa botae ahorow yi ho: (1) mmuae a abusua no muni biara befi ne pɛ mu ama wɔ asafo nhyiam ahorow ase; (2) mmuae a wɔn mu biara de n’ankasa nsɛm bɛma ho dwuma a obedi; (3) kyerɛw nsɛm a wɔde bɛba wɔn mmuae mu; ne (4) asɛm no a wobesusuw ho na wɔahu sɛnea wɔn ankasa de bedi dwuma wɔ wɔn asetram. Eyinom nyinaa betumi aboa wɔn mu biara ma wagye nokware no atom.—Dwom 25:4, 5.

10. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn adwene asi yɛn asafo nhyiam ahorow no mu biara so? (b) Dɛn nti na mfaso wɔ eyi a yɛbɛyɛ so?

10 Sɛ Ɔwɛn-Aban mu adesuasɛm a yebesua wɔ dapɛn no mu na motaa de yɛ mo abusua adesua mpo a, mummmu mo ani nngu ahosiesie a mobɛyɛ sɛ ankorankoro anaa abusua ama Asafo Nhoma Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne Ɔsom Nhyiam so. Eyinom nso yɛ nhyehyɛe a wɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛnantew Yehowa kwan so no afã a ɛho hia. Ebia mubetumi asiesie mo ho sɛ abusua wɔ bere ne bere mu. Sɛ mobom sua ade a, mo ho bɛkokwaw wɔ adesua yɛ mu. Ne saa nti, nneɛma pa pii befi asafo nhyiam ahorow no mu aba. Nneɛma a ɛsɛ sɛ mususuw ho no bi ne mfaso horow a ɛwɔ ahosiesie a mobɛyɛ ama saa nhyiam ahorow yi ne hia a ɛho hia sɛ mode bere pɔtee besi hɔ ayɛ no so.—Efesofo 5:15-17.

11, 12. Ɔkwan bɛn so na ahosiesie a yɛbɛyɛ ama asafo dwonto so bɛba yɛn mfaso, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?

11 Wɔ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam ahorow ase no, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensiesie yɛn ho mma asafo nhyiam no fã foforo—nnwonto. So moayɛ saa? Saa a yɛbɛyɛ no betumi aboa ma Bible mu nokware ahorow ada yɛn adwene ne yɛn koma so, na bere koro no ara no, ama anigye a yenya wɔ asafo nhyiam ahorow ase no ayɛ kɛse.

12 Ahosiesie a yɛbɛyɛ akenkan nnwom a yɛbɛto no bi mu nsɛm na yɛasusuw nea ɛkyerɛ ho no betumi aboa yɛn ma yɛafi komam ato. Wɔ tete Israel no, na wɔde nnwinnade a wɔde bɔ nnwom di dwuma daa wɔ ɔsom mu. (1 Beresosɛm 25:1; Dwom 28:7) So obi wɔ w’abusua no mu a onim adwinnade a wɔde bɔ nnwom bi bɔ? Dɛn nti na momfa saa adwinnade no mmobɔ Ahenni nnwom a yɛbɛto wɔ dapɛn no mu no biako so, na afei monto dwom no sɛ abusua. Ɔkwan foforo ne sɛ mode nnwom a wɔakyere agu kasɛt so bedi dwuma. Wɔ nsase bi so no, yɛn nuanom to dwom dɛdɛ a sanku nka ho. Mpɛn pii na wɔto nnwom a yɛbɛto wɔ asafo nhyiam ahorow ase saa dapɛn no, bere a wɔnam kwan so anaa bere a wɔreyɛ wɔn nnwuma wɔ afuw mu no.—Efesofo 5:19.

Abusua Ahosiesie Ma Asɛnka Adwuma

13, 14. Dɛn nti na mfaso wɔ abusua nkɔmmɔbɔ a esiesie yɛn koma ma asɛnka adwuma no so?

13 Yehowa ne n’atirimpɔw ho adanse a yebedi afoforo no yɛ yɛn asetram dwumadi a ɛho hia. (Yesaia 43:10-12; Mateo 24:14) Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, sɛ yesiesie yɛn ho a, yenya saa adwuma yi mu anigye kɛse, na yetumi yɛ nneɛma pa pii. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi wɔ abusua mu?

14 Ɛho hia sɛ yesiesie yɛn koma, sɛnea yɛyɛ wɔ biribiara a ɛfa yɛn som ho mu no. Ɛnyɛ nea yɛrekɔyɛ nko na ɛsɛ sɛ yesusuw ho na mmom nea enti a yɛrekɔyɛ nso. Wɔ Ɔhene Yehosafat bere so no, wɔde Onyankopɔn mmara maa ɔman no, nanso Bible ka kyerɛ yɛn sɛ na ‘wonnya nsiesiee wɔn koma.’ Eyi ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wɔbɛdaadaa wɔn ma wɔagyae nokware som. (2 Beresosɛm 20:33; 21:11) Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebetumi abu nnɔnhwerew a yɛde yɛ asɛnka adwuma ho akontaa kɛkɛ, anaasɛ yɛde nhoma bɛma ara kwa. Ɛsɛ sɛ yɛn som adwuma no yɛ ɔdɔ a yeyi no adi kyerɛ Yehowa ne nnipa a ehia sɛ wonya hokwan paw nkwa no. (Hebrifo 13:15) Ɛyɛ adwuma a yɛyɛ sɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo.” (1 Korintofo 3:9) Hokwan bɛn ara ni! Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no a, yɛyɛ saa de tie abɔfo kronkron no asɛm. (Adiyisɛm 14:6, 7) Bere pa biara nni hɔ a yebetumi anya de ahyɛ anisɔ a yɛwɔ ma eyi mu den sen sɛ yɛbɛbom asusuw ho sɛ abusua, sɛ́ ɛyɛ yɛn dapɛn dapɛn adesua ase anaa bere a yɛresusuw kyerɛwsɛm bi a ɛfa asɛnka adwuma ho wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu no!

15. Bere bɛn na yebetumi asiesie yɛn ho ama asɛnka adwuma no sɛ abusua?

15 So ɛyɛ a bere ne bere mu no wode bere a mode yɛ mo abusua adesua no bi boa w’abusuafo ma wosiesie wɔn ho ma asɛnka adwuma dapɛn no? Saa a wobɛyɛ no betumi ayɛ mfaso kɛse. (2 Timoteo 2:15) Ebetumi aboa ma wɔn asɛnka adwuma ayɛ nea mfaso wɔ so na ɛsow aba. Bere ne bere mu no, mubetumi de bere a mode yɛ adesua no nyinaa asiesie mo ho wɔ saa kwan no so. Mpɛn pii no, mubetumi adi asɛnka adwuma ho dwuma wɔ nkɔmmɔ ntiatiaa a mobɛbɔ mu wɔ abusua adesua no awiei anaa bere foforo wɔ dapɛn no mu.

16. Ka mfaso a ɛwɔ akwan a wɔabobɔ din wɔ nkyekyem yi mu biara so no ho asɛm.

16 Abusua ahosiesie betumi agyina nneɛma te sɛ nea edidi so yi so: (1) Munsiesie asɛm a wɔka kyerɛ a moabobɔ so yiye a kyerɛwsɛm ka ho a sɛ hokwan wɔ hɔ a mobɛkenkan afi Bible mu. (2) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, hwɛ ma obiara nsa nka n’ankasa asɛnka bag, Bible, nhoma a wɔkyerɛkyerɛw mu, pɛn anaa pɛnsere, kratawa, ne nhoma foforo a ɛho yɛ fɛ. Enhia sɛ asɛnka bag bɛyɛ nea ne bo yɛ den, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho tew. (3) Munsusuw baabi a ɛsɛ sɛ mudi adanse wɔ bɔnnɔ so ne sɛnea ɛsɛ sɛ moyɛ no ho. Hwɛ akwankyerɛ yi mu fã biara wɔ mmere a mobom yɛ asɛnka adwuma no. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛhyɛ nkuran ma, nanso ntu fo wɔ nneɛma pii ho.

17, 18. (a) Sɛ́ abusua no, ahosiesie bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛn asɛnka adwuma asow aba pii? (b) Ahosiesie yi fã bɛn na yebetumi ayɛ dapɛn biara?

17 Adwuma a Yesu Kristo de gyaw n’akyidifo no fã kɛse ne asuafoyɛ adwuma no. (Mateo 28:19, 20) Asuafoyɛ adwuma hwehwɛ pii sen asɛnka. Egye nkyerɛkyerɛ. Ɔkwan bɛn so na w’abusua adesua betumi aboa ma woatu mpɔn wɔ eyi mu?

18 Sɛ́ abusua no, munsusuw onipa a ɛfata sɛ mokɔ ne nkyɛn sankɔhwɛ ho. Ebinom betumi ayɛ wɔn a wogyee nhoma; ebinom betumi ayɛ wɔn a wotiei kɛkɛ. Ebetumi ayɛ wɔn a muhyiaa wɔn wɔ afie afie adwuma mu anaa bɔnnɔ so adansedi mu wɔ gua so anaa sukuu mu. Momma Onyankopɔn Asɛm nkyerɛ mo kwan. (Dwom 25:9; Hesekiel 9:4) Munsi wɔn mu nea mopɛ sɛ mokɔsra no saa dapɛn no ho gyinae. Dɛn na mobɛka ho asɛm? Nkɔmmɔ a mobɛbɔ sɛ abusua no betumi aboa emuni biara ma wasiesie ne ho. Monhyɛ kyerɛw nsɛm pɔtee a mopɛ sɛ mo ne anigyefo kenkan ne Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu asɛm a ɛfata no nsow. Mommmɔ mmɔden sɛ mobɛkasa pii wɔ nsrahwɛ biako mu. Momfa asɛmmisa bi a mubeyi ano wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu nsi ofiewura no anim. Dɛn nti na mommfa nnka mo abusua nhyehyɛe ho dapɛn biara sɛ mobɛyɛ sankɔhwɛ a abusua no muni biara bɛyɛ ho nhyehyɛe, bere a ɔbɛkɔ, ne nea ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ. Eyi a mobɛyɛ no betumi aboa ma abusua mũ no nyinaa asɛnka adwuma asow aba pii.

Monkɔ so Nkyerɛkyerɛ Wɔn Yehowa Kwan

19. Sɛ abusuafo bɛkɔ so anantew Yehowa kwan so a, dɛn na ɛsɛ sɛ wonya, na dɛn na ɛma wonya eyi?

19 Abusua ti a wobɛyɛ wɔ wiase bɔne yi mu no yɛ asɛnnennen. Satan ne n’adaemone bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Yehowa asomfo honhom fam yiyedi. (1 Petro 5:8) Afei nso, awofo, mowɔ nhyɛso kɛse ase nnɛ, titiriw awofo a munni ahokafo no. Ɛyɛ den sɛ mubenya bere ayɛ nneɛma a mopɛ sɛ moyɛ nyinaa. Nanso sɛ mobɔ mmɔden tumi de nyansahyɛ biako mpo di dwuma wɔ bere koro mu, na mode nkakrankakra ma mo abusua adesua nhyehyɛe tu mpɔn a, ɛfata. Hu a wubehu sɛ wɔn a wɔbɛn wo pɛɛ renantew nokware mu wɔ Yehowa kwan so no yɛ akatua a ɛma abotɔyam. Sɛ abusuafo betumi anantew Yehowa kwan so yiye a, ɛsɛ sɛ wɔn ani gye wɔ asafo nhyiam ahorow ase ne bere a wɔwɔ asɛnka adwuma no mu no. Sɛ ebetumi aba saa a, egye ahosiesie—ahosiesie a ɛhyɛ koma den, na esiesie obiara ma onya mu kyɛfa sɛnea ɛfata.

20. Dɛn na ebetumi aboa awofo pii ma wɔanya anigye a wɔaka ho asɛm wɔ 3 Yohane 4 no bi?

20 Bere a ɔsomafo Yohane reka wɔn a na wɔaboa wɔn wɔ honhom fam ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yohane 4) Abusua adesua ahorow a wɔde botae horow pɔtee yɛ ne mmusua ti a wofi ayamye mu di abusuafo ankorankoro ahiade ho dwuma na wɔboa wɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so no betumi ayɛ pii ma abusua no anya anigye a ɛte saa. Sɛ awofo ma wɔn mmusua nya Onyankopɔn asetra kwan ho anisɔ a, na wɔreboa wɔn ma wɔanya asetra kwan a eye sen biara.—Dwom 19:7-11.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn nti na ahosiesie a yɛbɛyɛ ama asafo nhyiam ho hia kɛse ma yɛn mma?

◻ Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma ‘wɔanya koma’?

◻ Ɔkwan bɛn so na yɛn abusua adesua betumi aboa ma yɛasiesie yɛn ho ama asafo nhyiam ahorow no nyinaa?

◻ Ɔkwan bɛn so na ahosiesie a yɛbɛyɛ ama asɛnka adwuma sɛ abusua no bɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn kɛse?

[Kratafa 20 mfonini]

Mubetumi de ahosiesie a wɔyɛ ma asafo nhyiam ahorow aka mo abusua adesua ho

[Kratafa 21 mfonini]

Mfaso wɔ nnwom a yɛbɛto wɔ asafo nhyiam ase a yɛbɛbobɔ so no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena