Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
“Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa, “NW”] anom so.”—MATEO 4:4.
1. Dɛn na Bible ka wɔ asɛyɛde a mmusua ti wɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa akwan no ho?
YEHOWA NYANKOPƆN kaee mmusua ti asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma no mpɛn pii. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa besiesie mmofra no ama mprempren asetra, na ebetumi aboa asiesie wɔn ama wɔn daakye asetra nso. Ɔbɔfo a na ogyina Onyankopɔn ananmu no kaa Abraham asɛyɛde ho asɛm kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ n’abusua sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛfa Yehowa kwan so.’ (Genesis 18:19) Wɔka kyerɛɛ Israelfo awofo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma sɛnea Onyankopɔn gyee Israel fii Misraim ne sɛnea ɔde ne Mmara maa wɔn wɔ Bepɔw Sinai so wɔ Horeb no. (Exodus 13:8, 9; Deuteronomium 4:9, 10; 11:18-21) Wotu Kristofo mmusua ti fo sɛ wɔntete wɔn mma wɔ “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Sɛ ɔwofo biako pɛ mpo na ɔsom Yehowa a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden kyerɛkyerɛ mmofra no Yehowa akwan.—2 Timoteo 1:5; 3:14, 15.
2. Sɛ mmofra nni fie bi mu a, so ehia sɛ wɔyɛ abusua adesua? Kyerɛkyerɛ mu.
2 Eyi nkyerɛ sɛ mmusua a mmofra wom nko na ɛsɛ sɛ wosua Onyankopɔn Asɛm sɛ abusua. Sɛ okunu ne ɔyere yɛ abusua adesua na mmofra nni fie hɔ mpo a, eyi kyerɛ anisɔ kɛse a wɔwɔ ma honhom fam nneɛma.—Efesofo 5:25, 26.
3. Dɛn nti na abusua adesua a wɔyɛ no daa ho hia?
3 Sɛ nkyerɛkyerɛ bɛyɛ biribi pa a, ɛsɛ sɛ wɔde ma daa, ma ɛne asuade a Yehowa de maa Israelfo wɔ sare so no hyia: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so na onipa nam tra ase.” (Deuteronomium 8:3) Mmusua bi betumi ayɛ dapɛn dapɛn adesua ho nhyehyɛe sɛnea abusua no nsɛm tebea te; afoforo betumi ayɛ adesua ntiantiaa da biara da. Nhyehyɛe biara a mobɛpaw no, mommma adesua no nnyɛ nea munya ho a na moyɛ. ‘Montɔ bere’ mma. Ade biara a mobɛhwere wɔ adeyɛ a ɛte saa ho no fata. W’abusuafo nkwa gyina so.—Efesofo 5:15-17; Filipifo 3:16.
Botae Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wokae
4, 5. (a) Dɛn na Yehowa nam Mose so de sii awofo anim sɛ botae a ɛho hia sɛ wogyina so kyerɛkyerɛ wɔn mma? (b) Dɛn na ɛno hwehwɛ nnɛ?
4 Sɛ woyɛ abusua adesua na wowɔ botae ahorow pɔtee wɔ w’adwene mu a, nneɛma pa a ɛsen biara befi mu aba. Susuw nneɛma kakra a ebetumi afi mu aba no ho.
5 Wɔ adesua biara ase no, hwehwɛ sɛ wobɛhyɛ ɔdɔ a mubenya ama Yehowa Nyankopɔn ho nkuran. Bere a na Israelfo abɔ nsra wɔ Moab asasetaw so, ansa na wɔrehyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Mose twee wɔn adwene sii ade a na Yesu Kristo bɛka ho asɛm akyiri yi sɛ ɛne “mmara no mu kɛse” no so. Na ɛne dɛn? ‘Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu.’ (Mateo 22:36, 37; Deuteronomium 6:5) Mose hyɛɛ Israelfo nkuran sɛ wɔmfa eyi nhyɛ wɔn ankasa komam na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma. Na ɛno bɛhwehwɛ sɛ wotĩ mu, wɔtwe adwene si nea enti a ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa no so, na wodi su ne nneyɛe ahorow a ebetumi aka ɔdɔ a ɛte saa a wɔbɛda no adi ahyɛ no so, na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ Yehowa wɔ wɔn ankasa asetra mu. So yɛn mma hia nkyerɛkyerɛ a ɛte saa? Yiw! Na wɔn nso hia mmoa a ɛbɛma ‘wɔatwa wɔn koma twetia,’ kyerɛ sɛ, wobeyi biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama ɔdɔ a wobeyi no adi akyerɛ Onyankopɔn no afi hɔ. (Deuteronomium 10:12, 16; Yeremia 4:4) Akwanside ahorow a ɛte saa no bi betumi ayɛ wiase nneɛma a wɔn kɔn bɛdɔ ne emu nnwuma a wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ mu. (1 Yohane 2:15, 16) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa mu yɛ hyew, ɛda adi, na ɛka yɛn ma yɛyɛ nneɛma a ɛsɔ yɛn soro Agya no ani. (1 Yohane 5:3) Sɛ w’abusua adesua bɛyɛ nea mfaso wɔ so daa a, ɛsɛ sɛ woyɛ emu biara wɔ ɔkwan a ɛhyɛ saa ɔdɔ yi mu den so.
6. (a) Dɛn na ehia na yɛatumi ama obi anya nokware nimdeɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no si hia a nokware nimdeɛ ho hia so dua?
6 Ma wonnya Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ho nokware nimdeɛ. Dɛn na ɛno hwehwɛ? Ɛhwehwɛ pii sen nsɛmma nhoma anaa nhoma bi mu mmuae a yetumi kenkan. Mpɛn pii no, ɛhwehwɛ nkɔmmɔ a yɛbɛbɔ de ahwɛ ahu sɛ yɛbɛte nsɛmfua ne adwene titiriw a ɛwom ase pefee. Nokware nimdeɛ ho hia na ama yɛatumi ahyɛ nipasu foforo no, de yɛn adwene asi nneɛma a ɛho hia so bere a yɛredi asetram haw ahorow ho dwuma, na yɛnam saayɛ so ayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa no.—Filipifo 1:9-11; Kolosefo 1:9, 10; 3:10.
7. (a) Nsɛmmisa bɛn na sɛ yɛde di dwuma a ebetumi aboa abusua no ma wɔde ade a yesua no adi dwuma ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no si mfaso a ɛwɔ botae a ɛte saa so dua?
7 Boa ma wɔmfa nea wosua no nni dwuma. Bere a saa botae yi si w’ani so no, bisa wɔ abusua adesua biara mu sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na ade a yɛresua yi bɛka yɛn asetra? So ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae bi wɔ nea yɛreyɛ mprempren no ho? Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nsakrae?’ (Mmebusɛm 2:10-15; 9:10; Yesaia 48:17, 18) Nneɛma a yesua a yɛde bedi dwuma yiye no yɛ ade a ɛho hia ma yɛn abusuafo honhom fam nkɔso.
Fa Nnwinnade a Wɔde Kyerɛkyerɛ no Di Dwuma Nyansam
8. Nnwinnade a yɛde yɛ Bible adesua bɛn na akoa kuw no ayɛ?
8 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nnwinnade pii a yebetumi de asua ade. Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a yɛde ka Bible ho di dwuma no wɔ kasa horow 131 mu. Nhoma ahorow a yɛde yɛ Bible adesua wɔ kasa horow 153 mu, nhomawa wɔ kasa horow 284 mu, kasɛt wɔ kasa horow 61 mu, video kasɛt wɔ kasa horow 41 mu, na kɔmputa dwumadi a yɛde yɛ Bible mu nhwehwɛmu no mpo wɔ kasa horow 9 mu!—Mateo 24:45-47.
9. Sɛ yɛreyɛ abusua Ɔwɛn-Aban adesua a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nkyekyem yi mu no mu afotu adi dwuma?
9 Mmusua pii de bere a wɔde yɛ abusua adesua no siesie wɔn ho ma asafo Ɔwɛn-Aban Adesua. Hwɛ sɛnea eyi betumi ayɛ mmoa ankasa! Ɔwɛn-Aban no kura honhom fam aduan titiriw a wɔyɛ ma yɛde ahyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa den no. Sɛ musua Ɔwɛn-Aban no sɛ abusua a, monyɛ nea ɛsen nkyekyem ahorow no a mobɛkenkan na moama nsɛmmisa a ɛwɔ ase no ho mmuae no. Mumfi komam nhwehwɛ ntease. Munnye bere nhwehwɛ kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so a wɔamfa emu asɛm anka no mu. Ma abusuafo no nka sɛnea nsɛm a ɛte saa no fa nkyekyem a moresusuw ho mu nsɛm no ho. Ma ɛnyɛ nea ɛka koma.—Mmebusɛm 4:7, 23; Asomafo no Nnwuma 17:11.
10. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama mmofra no de wɔn ho ahyɛ adesua no mu na ayɛ anigye bere ama wɔn?
10 Sɛ mmofra wɔ mo abusua no mu a, dɛn na mubetumi ayɛ na amma mo adesua no anyɛ ade a moyɛ no daa kɛkɛ, na mmom ayɛ ade a ɛhyɛ den, ɛyɛ anika, ne anigye bere? Bɔ mmɔden ma obiara mfa ne ho nhyem wɔ ɔkwan a ɛfata so na ama mode mo adwene asi ade a moresua no so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe ma abofra biara nsa nka n’ankasa Bible ne nsɛmma nhoma a moresua no bi. Ɔwofo betumi asuasua ɔdɔ a Yesu daa no adi no, na wama abofra kumaa no atra ne nkyɛn pɛɛ, na ebia waka no abata ne ho. (Fa toto Marko 10:13-16 ho.) Abusua ti no betumi ama abofra bi akyerɛkyerɛ mfonini a ɛwɔ adesuasɛm no mu no mu. Obetumi adi kan de kyerɛwsɛm bi ama abofra bi ma wakenkan. Obetumi ama nea wanyin no aka adesuasɛm no mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma ho asɛm.
11. Nnwinnade foforo a yɛde kyerɛkyerɛ bɛn na wɔayɛ ama yɛn, ɛhe na yebenya bi, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma wɔ abusua adesua mu ma ɛso aba mfaso?
11 Ɛwom sɛ ebia mode mo nkɔmmɔbɔ no begyina Ɔwɛn-Aban so de, nanso mommma mo werɛ mmfi nnwinnade foforo a yɛde yɛ adesua a ɛwɔ kasa horow pii mu no. Sɛ muhia Bible mu asɛm bi ho nkyerɛkyerɛmu foforo a, mubetumi ahwehwɛ wɔ Insight on the Scriptures mu. Mubetumi anya nsɛmmisa foforo ho mmuae wɔ Watch Tower Publications Index mu, anaa kɔmputa dwumadi a wɔde yɛ nhwehwɛmu a Asafo ti no ayɛ a mode bedi dwuma no so. Sɛ musua sɛnea wɔde saa nnwinnade yi di dwuma, na sɛ mubenya bi mo kasa mu a, ebetumi ayɛ mo abusua adesua no fã a mfaso wɔ so. Bere a mopɛ sɛ mokanyan mmofra no anigye no, mubetumi nso de mo adesua bere no bi asi hɔ ahwɛ Asafo ti no video ahorow a asuade wom no, anaa moatie drama mu asɛm bi wɔ kasɛt so na afei moasusuw ho. Saa nnwinnade a yɛde sua ade yi a mode bedi dwuma yiye no betumi aboa ma mo abusua adesua ayɛ anigye ne nea mfaso wɔ so ma abusua mũ no nyinaa.
Ma Ɛmfa W’abusua Ahiade Ho
12. Ɔkwan bɛn so na abusua adesua betumi adi abusua ahiade a egye ntɛmpɛ ho dwuma?
12 Ebia w’abusua taa sua Ɔwɛn-Aban a yebesua wɔ dapɛn no mu no. Nanso bɔ mmɔden hu w’abusua no ahiade. Sɛ ɛna no nyɛ adwuma a, ebia obetumi anya bere ama mmofra no wɔ bere a wɔafi sukuu aba fie da biara da no. Wobetumi adi tebea ahorow bi ho dwuma saa bere no; afoforo wɔ hɔ a ebehia sɛ mosan di ho dwuma akyiri yi. Sɛ abusua no ahiade bi wɔ hɔ a egye ntɛmpɛ a, mummmu mo ani nngu so. (Mmebusɛm 27:12) Ɛnyɛ sukuu mu haw ahorow nko na ɛsɛ sɛ mohwɛ di ho dwuma, na mmom nsɛm tebea foforo nso. Paw asɛm a ɛfata, na di kan ma abusua no nhu ade a mubesua no.
13. Dɛn nti na nkɔmmɔ a abusua bɛbɔ afa sɛnea wobegyina ohia ano ho no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so?
13 Sɛ nhwɛso no, asase sofo fã kɛse no ara na wodi hia; enti wɔ mmeae pii no, ebia ɛho behia sɛ mususuw sɛnea mubegyina ano ho. So abusua adesua a ɛfa asetram nsɛm tebea ne Bible mu nnyinasosɛm ho so bɛba w’abusua no mfaso?—Mmebusɛm 21:5; Ɔsɛnkafo 9:11; Hebrifo 13:5, 6, 18.
14. Tebea ahorow bɛn na ebetumi ama nkɔmmɔ a abusua bɛbɔ afa adwene a Yehowa wɔ wɔ basabasayɛ, ɔko, ne afã biara a Kristofo nni ho no ayɛ nea ɛfata?
14 Ade foforo a ɛfata sɛ mususuw ho ne basabasayɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma Yehowa adwene da yɛn adwene ne yɛn koma so pintinn. (Genesis 6:13; Dwom 11:5) Abusua adesua a ɛfa asɛm yi ho betumi ayɛ nea mubegyina so asusuw sɛnea mubedi nsisi a ɛkɔ so wɔ sukuu mu ho dwuma, sɛ ebia mmofra no de wɔn ho bɛhyɛ ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi mu, ne sɛnea mobɛpaw anigyede a ɛfata. Akodi a ɛyɛ hu abu so; ɛkame ayɛ sɛ ɔmanko, amammuisɛm anaa mmusua ntam ntɔkwaw, anaa basabasayɛfo ntam akodi rekɔ so wɔ ɔman biara mu. Ne saa nti, ɛho behia sɛ w’abusua no susuw sɛnea mobɛkɔ so akura Kristofo abrabɔ mu bere a akuw a wɔredi ako no atwa mo ho ahyia no.—Yesaia 2:2-4; Yohane 17:16.
15. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho nkyerɛkyerɛ mma mmofra?
15 Bere a mmofra renyin no, ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho nsɛm sɛnea ɛfata mfe a wɔadi no. Wɔ aman bi mu no, awofo dodow no ara ne wɔn mma nka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm. Mmofra a wonni ho nimdeɛ no betumi anya ho adwene a ɛnteɛ afi mmofra foforo hɔ, na nea ebefi mu aba no betumi ayɛ asiane. So ɛrenyɛ papa sɛ yebesuasua Yehowa, a ɔde asɛm yi ho afotu a ɛyɛ tẽẽ nanso ɛfata ma wɔ Bible mu no? Onyankopɔn afotu bɛboa yɛn mma ma wɔanya obu ama wɔn ho na wɔne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu adi nsɛm wɔ nidi mu. (Mmebusɛm 5:18-20; Kolosefo 3:5; 1 Tesalonikafo 4:3-8) Sɛ moabɔ saa nneɛma yi ho nkɔmmɔ dedaw mpo a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ mobɛsan abɔ ho nkɔmmɔ bio. Sɛ nsɛm tebea foforo sɔre a, nsɛm mu a wubetĩ ho hia.
16. (a) Bere bɛn na mmusua pii yɛ wɔn abusua adesua? (b) Ɔkwan bɛn so na woadi akwanside ahorow ho dwuma, na ama woatumi ayɛ w’abusua adesua daa?
16 Bere bɛn na mubetumi ayɛ abusua adesua? Mmusua pii yɛ wɔn abusua adesua Dwoda anwummere de suasua sɛnea Betel mmusua a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ wɔn de no. Afoforo de yɛ soronko. Wɔ Argentina no, abusua bi a emu nnipa yɛ 11, a emu mmofra yɛ 9 no, sɔre daa anɔpa nnɔnnum yɛ wɔn abusua adesua. Esiane sɛ na bere a wɔde yɛ wɔn nnwuma gu ahorow nti, na wontumi nyɛ no bere foforo biara. Na ɛnna fam, nanso ɛkaa mmofra no adwene ne wɔn koma ma wohuu hia a abusua adesua ho hia. Wɔ Philippines no, na ɔpanyin bi ne ne yere ne ne mma baasa yɛ abusua adesua daa, bere a na wɔrenyin no. Na awofo no ne mmofra no mu biara sua ade wɔ dapɛn no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara begye nokware no atom. Wɔ United States no, onuawa bi a ne kunu nyɛ Ɔdansefo ne ne mma bɔ anan nantew ma wɔkɔforo sukuu bɔs anɔpa biara. Bere a wɔretwɛn bɔs no, wɔde bɛyɛ simma du kenkan Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi susuw ho, na afei ɛna no bɔ mpae tiawa ansa na mmofra no aforo bɔs no. Wɔ Democratic Republic of Congo no, na ɛsɛ sɛ ɔbea bi a ne kunu a onnye nni aguan agyaw n’abusua no yere ne ho sua ade esiane sɛ ne nhomanim nkɔ akyiri nti. Ne babarima a wanyin boa no denam sra a ɔkɔsra abusua no dapɛn biara, na odi adesua a ne maame ne ne nuabarimanom nkumaa yɛ anim no so. Ɛna no yɛ nhwɛso pa denam nsiyɛ a ɔde siesie ne ho ma adesua no so. So tebea bi wɔ w’abusua mu a ɛma abusua adesua a mobɛyɛ no daa yɛ den? Mpa abaw. Fi komam hwehwɛ Yehowa nhyira wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛyɛ abusua Bible adesua daa no so.—Marko 11:23, 24.
Animia so Akatua Ahorow
17. (a) Dɛn na ehia na ama woatumi ayɛ abusua adesua daa? (b) Osuahu bɛn na ɛma yehu mfaso a ɛwɔ Yehowa akwan a yɛde kyerɛkyerɛ abusua daa no so?
17 Nhyehyɛe ho hia. Egye animia. Nanso abusua adesua a wɔyɛ no daa so mfaso som bo yiye. (Mmebusɛm 22:6; 3 Yohane 4) Franz ne Hilda a wɔwɔ Germany no hyehyɛɛ abusua a mmofra 11 wom. Mfe bi akyi no, wɔn babea Magdalena kae sɛ: “Ade a misusuw sɛ na ɛho hia sen biara nnɛ ne sɛ, da koro mpo ampa yɛn ti so a yɛannya honhom fam akwankyerɛ bi.” Bere a ɔmampɛ honhom mu bɛyɛɛ den wɔ Adolf Hitler bere so no, Magdalena papa de Bible no siesiee n’abusua no maa sɔhwɛ ahorow a ohui sɛ ɛreba no. Bere kɔɔ so no, wɔkyeree abusua no mufo a wosusua no koguu mmofrabɔne sukuu mu; wɔkyeree abusua no mufo a aka no koguu afiase ne nneduaban mu. Wokum ebinom. Wɔn nyinaa kuraa wɔn gyidi mu pintinn—ɛnyɛ ɔtaa bere a na emu yɛ den no mu nko, na mmom, wɔ wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu fam no, mfe a edii hɔ no mu nso.
18. Ɔkwan bɛn so na wɔatua awofo a wonni ahokafo mmɔdenbɔ so ka?
18 Awofo a wonni ahokafo pii, ne wɔn a wɔne wɔn ahokafo nni ɔsom biako mu, nso de Bible akwankyerɛ ama wɔn mma daa. Ɛna bi a onni ɔhokafo a ɔyɛ okunafo a ɔwɔ India yɛɛ adwumaden de Yehowa ho dɔ duaa ne mma baanu mu. Nanso, n’abam bui bere a ne babarima ne Yehowa nkurɔfo gyaee abusuabɔ no. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa mfomso biara a odii wɔ ne babarima no ntetee mu no nkyɛ no. Nanso, na ne babarima no werɛ mfii nea na wasua no ankasa. Bɛboro mfe du akyi no, ɔsan bae benyaa honhom fam nkɔso pii, na ɔbɛyɛɛ asafo mu panyin. Mprempren ɔne ne yere de wɔn bere nyinaa som sɛ daa akwampaefo. Hwɛ aseda ara a awofo a wɔde Yehowa ne n’ahyehyɛde no afotu a ese yɛmfa Bible nkyerɛkyerɛ yɛn mma daa wɔ abusua mu no dii dwuma no de ma! So wode saa afotu no redi dwuma wɔ w’abusua mu?
So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Dɛn nti na abusua adesua a wɔyɛ no daa ho hia?
◻ Botae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ abusua adesua biara mu?
◻ Nnwinnade a wɔde kyerɛkyerɛ bɛn na wɔayɛ ama yɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama adesua afã yɛn abusua ahiade ho?
[Kratafa 15 mfonini]
Botae ahorow pɔtee a wode besi w’ani so betumi ama w’abusua adesua atu mpɔn