Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/11 kr. 3-6
  • Mmoa a Wɔde Ma Mmusua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa a Wɔde Ma Mmusua
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua Som​—Wobɛyɛ Dɛn Ama Ayɛ Anika?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Kristofo Mmusua—“Munsiesie Mo Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 1/11 kr. 3-6

Mmoa a Wɔde Ma Mmusua

1. Ɔkwan bɛn so na dapɛn biara Homeda no boaa Israelfo mmusua?

1 Ná Homedadi no yɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom a efi Yehowa hɔ, na ɛboaa mmusua. Israelfo no home fii nnwuma a wɔyɛ no daa no ho, na wonyaa bere de susuw Yehowa papayɛ ne abusuabɔ a wɔne no wɔ ho. Ná awofo betumi de saa hokwan no de Mmara no adua wɔn mma komam. (Deut. 6:6, 7) Homeda no maa Yehowa nkurɔfo nyaa bere dapɛn biara a ɛbɛma wɔde wɔn adwene asi wɔne n’abusuabɔ so.

2. Dɛn na Homeda no ma yehu wɔ Yehowa ho?

2 Nokwarem no, nnɛ Yehowa nhwɛ kwan sɛ mmusua bedi Homeda no. Nanso saa mmara no ma yehu biribi fa yɛn Nyankopɔn no ho. Ɛma yehu sɛ odwen ne nkurɔfo honhom fam yiyedi ho kɛse bere nyinaa. (Yes. 48:17, 18) Ɛnnɛ, ɔkwan biako a Yehowa nam so kyerɛ sɛ ofi ɔdɔ mu dwen yɛn ho ne Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no.

3. Dɛn ne Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no atirimpɔw?

3 Abusua Som no Atirimpɔw ne Dɛn? Wɔ January 2009 mu no, wofii ase yɛɛ Asafo Nhoma Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no nyinaa anwummere biako. Ade biako a enti wɔyɛɛ saa nsakrae no ne sɛ ɛbɛma mmusua anya hokwan ahyɛ wɔne Yehowa abusuabɔ mu den denam anwummere pɔtee bi a wobeyi asi hɔ dapɛn biara de ayɛ abusua som no so. Wɔhyɛɛ abusua biara nkuran sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a wɔmfa wɔn abusua adesua no nhyɛ bere a kan no na wɔde yɛ nhoma adesua no, na wɔmfa saa bere no ntɔ wɔn bo ase nsusuw Bible no ho, na wɔmma adesua no mfa abusua no ahiade ho.

4. So ɛsɛ sɛ abusua no de dɔnhwerew biako pɛ yɛ wɔn adesua no? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Ansa na yɛbɛkɔ Asafo Nhoma Adesua no, na ehia sɛ yegye bere de hyɛ ntade siesie yɛn ho, yetwa kwan, anaa yɛyɛ nneɛma afoforo. Wɔ yɛn mu pii fam no, na adesua yi a yɛkɔ no gye yɛn bɛboro dɔnhwerew biako. Nsakrae a wɔayɛ wɔ yɛn adesua nhyehyɛe yi mu no ama yɛanya anwummere a yɛbɛbom asom Yehowa sɛ abusua. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn Abusua Som no dɔnhwerew biako pɛ. Mmom no, ɛsɛ sɛ yesusuw abusua no ahiade ne nea wɔtɔ sin wom ho na yegyina so hyehyɛ bere dodow a yɛde bɛyɛ adesua no.

5. So ɛsɛ sɛ abusua no bom de bere no nyinaa susuw nneɛma ho? Kyerɛkyerɛ mu.

5 So Ɛsɛ sɛ Abusua no Bom De Bere no Nyinaa Susuw Nneɛma Ho? Sɛ awarefo ne mmusua a mmofra wom bom susuw Kyerɛwsɛm no mu nsɛm ho a, ɛma wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. (Rom. 1:12) Ɛka abusua no bom kɛse. Enti, Kyerɛwnsɛm no ne ade titiriw a ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no mu. Nanso, abusua no muni biara betumi de bere no bi ayɛ wɔn ankasa adesua. Sɛ nhwɛso no, sɛ abusua no bom sua ade wie a, wobetumi akɔ so atena faako bere a wɔn mu biara resua n’ankasa ade no. Ebia obi bɛpɛ sɛ osiesie ne ho ma asafo nhyiam anaa ɔkenkan nsɛmma nhoma. Mmusua bi si gyinae sɛ wɔrensɔ TV saa anwummere no.

6. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ adesua no?

6 Ɔkwan Bɛn na Yebetumi Afa so Ayɛ Adesua No? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ adesua no yɛ asɛmmisa ne mmuae. Nea ɛbɛyɛ na Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no bɛyɛ anigye no, mmusua pii ayɛ wɔn nhyehyɛe te sɛ adesua a yɛyɛ no dapɛn no mu no. Wɔkyekyɛ adesua no mu na wɔyɛ no akwan ahorow so. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔbɛbom akenkan Bible no, asiesie wɔn ho ama asafo nhyiam no afã ahorow bi, na wɔabobɔ nsɛm a wɔbɛka wɔ asɛnka mu no so. Wɔde nyansahyɛ ahorow bi ama wɔ kratafa 6.

7. Tebea bɛn na ɛsɛ sɛ awofo ma ɛkɔ so wɔ adesua no ase?

7 Tebea Bɛn na Ɛsɛ sɛ Awofo ma Ɛkɔ so wɔ Adesua no Ase? Sɛ tebea no yɛ anigye na obiara yam nhyehye no a, ɛbɛma abusua no asua ade yiye. Ɛtɔ mmere bi na sɛ wim tebea ye a, mubetumi atena abɔnten mpo asua ade. Sɛ ɛho hia sɛ mugye mo ahome a, mubetumi ayɛ saa. Mmusua binom sua ade wie a, wɔde anonne kakra ka wɔn ano. Ɛwom sɛ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no nyɛ bere a awofo de nkaanim ne nteɛso bɛma de, nanso wobetumi de bere no bi asusuw ɔhaw pɔtee bi a asɔre wɔ abusua no mu ho. Nanso, sɛ ɛho hia sɛ wɔne abofra bi susuw asɛnhia bi ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔyɛ no bere foforo wɔ kokoam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhyɛ abofra no aniwu wɔ ne nuanom anim. Ɛsɛ sɛ yɛma Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no yɛ anigye, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ denneennen, efisɛ yɛsom anigye Nyankopɔn no.—1 Tim. 1:11.

8, 9. Ahosiesie bɛn na wɔhwehwɛ sɛ mmusua ti yɛ?

8 Ɔkwan Bɛn na Abusua Ti no Betumi Afa so Asiesie ne Ho? Sɛ abusua ti no di kan siesie ne ho na ohu nea wobesua ne ɔkwampa a ɔbɛfa so ayɛ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no a, abusua no benya so mfaso kɛse. (Mmeb. 21:5) Ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere susuw eyi ho ansa na wayɛ saa. (Mmeb. 15:22) Mmusua ti, ɛtɔ mmere bi a, mubetumi abisa mo mma nea wɔbɛpɛ sɛ mususuw ho. Sɛ woyɛ saa a, wubehu nea wɔn ani gye ho ne wɔn haw ahorow nso yiye.

9 Adapɛn pii wɔ hɔ a ɛho renhia sɛ abusua ti no de bere pii siesie ne ho. Ɛda adi sɛ, abusua no ani begye ho sɛ wobenya biribi a ɛno de wɔbɛyɛ no dapɛn biara, na ɛho renhia sɛ abusua ti no siesie biribi foforo koraa a wobesua no bere nyinaa. Sɛ wowie adesua biara a, esiane sɛ abusua no honhom fam ahiade da so ara wɔ abusua ti no adwenem nti, ɛbɛboa no ma wahu nea ɛsɛ sɛ osiesie ne ho wom. Mmusua ti bi kyerɛw nea wobesusuw ho no tiawa de tare baabi a obiara behu, te sɛ frigye ho. Eyi ma abusua no de anigye hwɛ nea wobesua no kwan, na sɛ ehia sɛ wosiesie wɔn ho a, wɔanya bere de ayɛ saa.

10. Akwan bɛn so na wɔn a wɔn nkutoo te betumi afa so ayɛ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no?

10 Na sɛ Me Nkutoo na Mete Anaa Meyɛ Ɔdansefo wɔ M’abusua mu Nso Ɛ? Wɔn a wɔn nkutoo te no betumi de Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no ayɛ wɔn ankasa adesua. Nea ɛka nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ de ayɛ yɛn ankasa adesua ho ne sɛ yɛbɛkenkan Bible, Ɔwɛn-Aban ne Awake!, na yɛasiesie yɛn ho ama asafo nhyiam. Adawurubɔfo binom nso sua nhoma pɔtee bi de ka eyi ho. Ɛtɔ mmere bi nso a, ebinom to nsa frɛ adawurubɔfo afoforo anaa abusua bi ma wɔbɛka wɔn ho ma wobom susuw Kyerɛwnsɛm no ho de hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.

11, 12. Mfaso bɛn na ɛwɔ Abusua Som a wɔyɛ no daa no so?

11 Mfaso Bɛn na Ɛwɔ Abusua Som a Wɔyɛ no Daa no So? Wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu de wɔn ho hyɛ nokware som mu no bɛn Yehowa. Bio nso, mmusua a wobom som no hyɛ abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no mu den. Awarefo bi kyerɛw nhyira a wɔanya ho asɛm sɛ: “Sɛ́ akwampaefo a yenni mma no, yɛde anigye hwɛ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no kwan. Yɛte nka sɛ yɛn aware asɔ na yɛabɛn yɛn soro Agya no kɛse. Sɛ yɛsɔre da a yɛde yɛ Abusua Som no anɔpa a, yɛtaa bisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na ɛbɛba so anwummere yi? Yɛbɛyɛ Abusua Som!’”

12 Nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ yɛnyɛ abusua som anwummere no nso boa mmusua a wonni wɔn ho adagyew no. Ɛna bi a onni ɔhokafo a ɔretete mmabarima baanu na ɔyɛ ɔkwampaefo no kyerɛw sɛ: “Bere bi a atwam no, na yennya bere nyɛ abusua adesua. Ná yɛntaa nyɛ efisɛ ɛyɛ a na mabrɛ. Ná mintumi nhu bere a metumi de ahyɛ. Enti, merekyerɛw mo ada mo ase paa wɔ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no ho. Seesei, yetumi yɛ abusua adesua daa, na yɛanya so mfaso kɛse.”

13. Sɛ w’abusua benya nhyehyɛe yi so mfaso a, egyina dɛn so?

13 Te sɛ Homeda no, Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no yɛ akyɛde a efi yɛn soro Agya no hɔ a ebetumi aboa mmusua. (Yak. 1:17) Sɛ na Israelfo mmusua ne Yehowa abusuabɔ mu bɛyɛ den a, na egyina nea wɔyɛ wɔ Homeda mu no so. Saa ara na nea yɛyɛ wɔ anwummere a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nyɛ abusua som mu no na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛn abusua no benya so mfaso afa. (2 Kor. 9:6; Gal. 6:7, 8; Kol. 3:23, 24) Sɛ w’abusua no de nhyehyɛe yi di dwuma yiye a, wobetumi aka asɛm a odwontofo no kae yi bi: “Na me de, Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me. Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.”—Dw. 73:28.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ɛsɛ sɛ yɛma Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no yɛ anigye, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ denneennen, efisɛ yɛsom anigye Nyankopɔn no

[Kratafa 6 adaka]

FA SIE

Abusua Som a Wɔyɛ no Anwummere Ho Nyansahyɛ

Bible:

• Mommom nkenkan dapɛn biara Bible akenkan no. Sɛ akenkan no fa nnipa bɛboro biako ho a, abusua no mufo betumi akyekyɛ ma obiara akenkan ɔfã bi.

• Mubetumi ayɛ Bible akenkan no fã bi te sɛ drama.

• Ma abusua no muni biara nni kan nkenkan Bible no ti ahorow bi na wɔnkyerɛw asɛmmisa biako anaa abien wɔ nea wɔakenkan no ho. Afei mommom nyɛ nsɛmmisa no ho nhwehwɛmu.

• Dapɛn biara muntwa kratasin biako na monkyerɛw kyerɛwsɛm biako wɔ so na mommɔ mmɔden sɛ mobɛkyere agu mo tirim na moakyerɛkyerɛ mu. Mommoaboa nkratasin no ano na muntĩ mu dapɛn biara nhwɛ kyerɛwsɛm dodow a mokae.

• Muntie Bible akenkan a wɔakyere agu afiri so na monhwɛ mo Bible mu nni akyi.

Asafo Nhyiam:

• Mommom nsiesie mo ho mma asafo nhyiam no fã bi.

• Munsua Ahenni nnwom a yɛbɛto no dapɛn a edi hɔ no.

• Sɛ abusua no muni bi wɔ dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu anaa ɔyɛkyerɛ wɔ Ɔsom Nhyiam no mu a, munsusuw ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ no no ho anaa ɔmmobɔ so nkyerɛ abusua no.

Abusua no Ahiade:

• Munsusuw Young People Ask anaa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no mu asɛm bi ho.

• Monyɛ tebea a ebia ɛbɛsɔre wɔ sukuu mu ne ɔkwan a wɔbɛfa so adi ho dwuma no ho ɔyɛkyerɛ.

• Ɛtɔ mmere bi a, awofo betumi ayɛ wɔn ho te sɛ wɔn mma na mmofra no nso ayɛ wɔn ho te sɛ awofo. Mmofra no betumi ayɛ nsɛm bi ho nhwehwɛmu na wɔne wɔn awofo no asusuw ho.

Ɔsom Adwuma:

• Mommobɔ nsɛm a mobɛka wɔ asɛnka mu wɔ dapɛn no awiei no so.

• Munsusuw botae ahorow a abusua no betumi de asisi wɔn ani so de atrɛw wɔn som adwuma no mu wɔ Nkaedi bere anaa akwamma bere mu no ho.

• Momma abusua no muni biara mfa bere kakra nyɛ nhwehwɛmu wɔ mmuae a wɔde bɛma wɔ nsɛmmisa a wobetumi ahyia wɔ asɛnka mu no ho, na afei monyɛ ho ɔyɛkyerɛ.

Nyansahyɛ Foforo:

• Mommom nkenkan nsɛmma nhoma a aba foforo no mu asɛm bi.

• Momma abusua no muni biara nni kan nkenkan nsɛmma nhoma a aba foforo no mu asɛm a n’ani gye ho, na wɔnka ho asɛm.

• Ɛtɔ mmere bi a, mubetumi ato nsa afrɛ ɔdawurubɔfo anaa awarefo bi ma wɔabɛka mo ho ma moayɛ Abusua Som no, na ebia moabisabisa wɔn nsɛm.

• Monhwɛ asafo video ahorow no bi na munsusuw ho.

• Mommom nsusuw “Young People Ask” anaa “For Family Review” a ɛwɔ Awake! mu no ho.

• Mommom nsusuw “Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma” anaa “Mmofra Afã” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no ho.

• Monkenkan Yearbook a aba foforo anaa nhoma foforo a wɔayi no adi wɔ ɔmantam nhyiam ase na munsusuw ho.

• Sɛ mokɔ ɔmantam anaa ɔmansin nhyiam ba a, munsusuw emu nsɛntitiriw no ho.

• Monhwɛ Yehowa abɔde ahorow na munsusuw nea ɛma yehu fa Yehowa ho no ho.

• Mommom nyɛ biribi; mubetumi ahwɛ biribi so ayɛ ho mfonini, ahwɛ asase mfonini anaa abɔ akontaabu pon bi ho nkɔmmɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena