Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase January 24
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 24
Dwom 53 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
cf ti 16 ¶15-20, adaka a ɛwɔ kr. 171 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Esra 6-10 (Simma 10)
No. 1: Esra 7:1-17 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Nea Yesu Yɛe De Kyerɛe sɛ Ɔfata sɛ Odi Hene (Simma 5)
No. 3: So Yesu Kristo ne Onyankopɔn Ankasa?—rs-E kr. 212 ¶1-2; +w05 9/15 kr. 7 adaka (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ February mu ho asɛm na ma wɔnyɛ sɛnea yɛde bɛma ho ɔyɛkyerɛ biako.
20 min: “Mmoa a Wɔde Ma Mmusua.”—Ɔfã 1. (Nkyekyɛm 1-6 ne adaka a ɛwɔ kratafa 6.) Nsɛmmisa ne mmuae. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 6 no mu bi nni dwuma wɔ wɔn Abusua Som anwummere a edi hɔ no ase. Wɔ dapɛn a edi hɔ no a yebesusuw nsɛm a aka no ho no, atiefo benya hokwan aka sɛnea wɔn mmusua anya nyansahyɛ no so mfaso.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ February Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien ka nsɛmma nhoma no mu nsɛm. Paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 32 ne Mpaebɔ