Bible Adesua Ahorow a Ɛma Nkurɔfo Yɛ Asuafo
1 Bere a Filipo ‘kaa Yesu ho asɛmpa’ kyerɛɛ Etiopiani piani no akyi no, obisae sɛ: “Ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” (Aso. 8:27-39) Wɔ opiani no fam no, na n’ani gye Onyankopɔn Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ho dedaw, na bere a onyaa honhom mu mmoa fii Filipo hɔ no, na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ osuani. Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye di sɛ ehia sɛ wɔn ankasa hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu.
2 Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa ahyehyɛde no de Ahwehwɛde nhomawa no ama, na ahyɛ nkurɔfo a wogye Onyankopɔn di nkuran ma wɔayɛ Bible asɛm ma yɛn bere yi no mu nhwehɛmu. Wɔayɛ nhomawa no sɛ nhoma a wɔde sua Bible. Wɔada emu nsɛm no adi wɔ ɔkwan a asete nyɛ den na ɛyɛ anigye koraa so sɛnea onipa komapafo biara a ɔrepɛ biribi ahu, ɛmfa ho ne nhomanim, behu mfaso a ɛwɔ so na akanyan wɔn ma wɔayɛ Bible no mu nhwehwɛmu.
3 Sɛ worefi Bible adesua ase a, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wubetĩ nyansahyɛ a eye a ɛfa sɛnea wɔyɛ adesua a etu mpɔn wɔ Nimdeɛ nhoma no mu a wotintimii wɔ krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no ho mu. Bere a woreyɛ adesua no, susuw nkɔso a osuani no renya ho na ama woahu mmeae a ɛho hia sɛ wosan twe adwene si so. Hyɛ osuani no nkuran ma onni kan nsiesie ne ho mma adesua no, na ɔnkenkan kyerɛw nsɛm no. Mmuae a ɔde n’ankasa nsɛm bɛka no bɛda anisɔ a efi koma mu a ɔwɔ ma nokware no adi. Wɔn a wɔsan kenkan Asafo no nhoma na wɔkɔ asafo nhyiam daa no taa nya nkɔso ntɛmntɛm. Hyɛ no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo wɔ bɔnnɔ so. Fi ayamye mu kyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wanya honhom mu nkɔso. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so ne wɔn a wontumi nsi gyinae yɛ adesua daa. Ɛsɛ sɛ adesuafo fi wɔn pɛ mu sɛ wobesua ade, akura nokware no mu denneennen, na wɔkɔ wɔn anim kodu ahosohyira ne asubɔ ho.
4 Wɔ afie bi mu no, wɔreyɛ adesua bɛboro biako wɔ hɔ, efisɛ wɔne abusua no muni biara yɛ n’adesua nko. Nanso, wɔ tebea pii mu no, ebia abusua no nyinaa a wɔne wɔn bɛyɛ adesua abom no bɛyɛ nea ɛfata efisɛ ɛbɛboa ma abusua no ayɛ biako wɔ honhom mu.
5 Ahyɛde a Yesu de mae ne sɛ, yɛnkɔyɛ asuafo. (Mat. 28:19) Sɛ yɛbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Bible adesua ahorow a ɛboa adesuafo ma wonya nkɔso kodu baabi a wobetumi abisa sɛ, “Ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”