‘Sɛ Obi Ankyerɛ Me a, . . . Mɛyɛ Dɛn Ahu?’
1 Bere a ɔsɛmpakafo Filipo bisaa Etiopiani piani no sɛ ɔte nea ɔrekenkan afi Onyankopɔn Asɛm mu ase no, ɔbarima no kae sɛ: ‘Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn ahu?’ Filipo de anigye boaa no ma ɔtee Yesu ho asɛmpa no ase, na amonom hɔ ara ɔbɔɔ ɔbarima no asu. (Aso. 8:26-38) Na Filipo redi Kristo ahyɛde a ɛse ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa asuafo, na wɔmmɔ wɔn asu nkyerɛkyerɛ wɔn’ no akyi.—Mat. 28:19, 20.
2 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ afoforo asuafo sɛnea Filipo yɛe no. Nanso, yɛntaa nhu honhom fam nkɔso a Etiopiani piani no nyaa no ntɛmntɛm no bi wɔ nkurɔfo a yɛne wɔn sua Bible no ho. Na saa barima a wabɛyɛ Yudani a ne ho akokwaw wɔ Kyerɛwnsɛm mu no yɛ komapafo, na na nea aka ara ne sɛ obegye adi sɛ Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛne wɔn a wonnim Bible no ho hwee na wɔde atoro som akyerɛkyerɛ wɔn, anaa wɔwɔ ahokyere kɛse mu, no besua ade. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi aboa wɔn a yɛne wɔn sua Bible no ma wɔatumi ahyira wɔn ho so abɔ asu?
3 Hu Bible Suani no Honhom Fam Ahiade: Krataa a ɛhyɛ August 1998 Yɛn Ahenni Som mu no kyerɛkyerɛɛ bere tenten a yebetumi ne nkurɔfo asua ade wɔ Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no mu. Ɛde akwankyerɛ yi mae: “Ehia sɛ yegyina osuani no tebea ne ne mmɔdenbɔ so hwɛ sɛnea yɛbɛyɛ adesua no. . . . Yɛmpɛ sɛ yɛde sua a yebesua awie ntɛm no sesa ntease pa a osuani no benya no. Osuani biara hia Onyankopɔn Asɛm mu nnyinaso pa wɔ ne gyidi foforo a wanya no ho.” Enti, nyansa nnim sɛ yɛbɛpere yɛn ho asua asɛm a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu no na ama yɛatumi asua nhoma no awie wɔ asram asia mu. Ebia ɛsɛ sɛ yɛne obi yɛ adesua boro asram asia ansa na watumi abɔ asu. Bere a wo ne osuani no yɛ adesua dapɛn biara no, gye bere a ɛfata fa boa no ma ɔnte nea ɔresua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase na watumi de adi dwuma. Ɛtɔ da a, ebia ebehia sɛ muhyiam dapɛn abien anaa abiɛsa ansa na moawie ti biako wɔ Nimdeɛ nhoma no mu. Eyi betumi ama moanya bere de akenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no.—Rom. 12:2.
4 Na sɛ muwie Nimdeɛ nhoma no na wuhu sɛ ɛsɛ sɛ osuani no nya nimdeɛ pii ka nea ɔwɔ no ho anaa onni ɔpɛ sɛ obegye nokware no atom na wahyira ne nkwa so ama Onyankopɔn ɛ? (1 Kor. 14:20) Dɛn bio na wubetumi ayɛ de aboa no ma wanantew nkwa kwan no so?—Mat. 7:14.
5 Boa Bible Suani no Ma Onnu Ne Honhom Fam Ahiade Ho: Sɛ ɛba sɛ onipa no nnya nkɔso ntɛmntɛm, nanso ɔde nea ɔresua no di dwuma a, ɛsɛ sɛ wo ne no sua nhoma foforo bere a moawie Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no. Ɛnyɛ bere nyinaa na eyi ho hia, nanso sɛ ɛba sɛ ɛho behia a, monsan nsua True Peace, Biako a Wɔayɛ De Resom, anaa God’s Word, nhoma no. Adawurubɔfo pii wɔ nhoma yi bi a ɛyɛ wɔn ankasa de a wobetumi de adi dwuma, sɛ wɔn asafo no nni bi mpo a. Mubetumi anya kakra afi Asafo ti no hɔ. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ mudi kan sua Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no ansa. Ɛsɛ sɛ wubu Bible adesua, sankɔhwɛ, ne bere a mode yɛ adesua no ho akontaa, sɛ ɛba sɛ osuani no bɔ asu ansa na moawie nhoma foforo no mpo a.
6 So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a nnansa yi ara na wɔrebɔ asu a wosuaa nhoma biako pɛ no nya mmoa foforo a ɛne sɛ wonsua nhoma foforo no? Ɛho nhia. Nanso, ebia na wɔayɛ mmerɛw anaasɛ wɔnyɛɛ den wɔ nokware no mu, ma enti wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn ma wotumi de nokware no bɔ wɔn bra. Ɛsɛ sɛ wohu asɛnka sohwɛfo no ansa na wɔne ɔdawurubɔfo a wabɔ asu no ayɛ adesua. Nanso sɛ wunim wɔn a wɔasua Nimdeɛ nhoma no dedaw nanso wɔantumi anhyira wɔn ho so ammɔ asu a, wubetumi abisa wɔn sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔsan ne wɔn sua Bible no anaa.
7 Yɛda ɔdɔ adi sɛ Kristofo bere a yɛma yɛn ani ku onigyeni biara a yɛne no yɛ adesua ho no. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa osuani no ma wate Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ase yiye. Ɛno ansa na obetumi anya nokware no ho nimdeɛ a edi mu na ama wahyira ne ho so ama Yehowa de nsu mu asubɔ ayɛ saa ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne.—Dw. 40:8; Efe. 3:17-19.
8 So wokae nea ɛbae bere a wɔbɔɔ Etiopiani piani no asu no? “Ɔde anigye kɔɔ ne kwan” sɛ Yesu Kristo suani foforo. (Aso. 8:39, 40) Ɛmmra sɛ yɛne wɔn a yɛkyerɛ wɔn nokware kwan no nyinaa de anigye bɛsom Yehowa Nyankopɔn—ɛnnɛ ne daa!