Sɛnea Wɔama Asuafoyɛ Adwuma a Egye Ntɛmpɛ no Renya Nkɔso
1 Ansa na Yesu refi asase so no, ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa n’asuafo.’ Eyi hwehwɛ sɛ wɔyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma pii, na wɔtrɛw wɔn dwumadi no mu kɔ asase so baabiara a nnipa te. (Mat. 28:19, 20; Aso. 1:8) So wobuu saa ahyɛde yi sɛ adesoa a na ɛyɛ wɔn den dodo sɛ wɔbɛsoa? Ɔsomafo Yohane ammu no saa. Bere a na ɔde mfe 65 ayɛ asuafoyɛ adwuma akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.”—1 Yoh. 5:3.
2 Tete Kristofo no dwumadi ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no da no adi sɛ wɔde ntɛmpɛ dii wɔn ahyɛde a ɛne sɛ wɔbɛma nkurɔfo abɛyɛ Yesu Kristo asuafo no ho dwuma. (2 Tim. 4:1, 2) Wɔyɛɛ eyi a wɔamfa no sɛ adwuma bi kɛkɛ na wɔreyɛ, na mmom esiane ɔdɔ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam, na wɔama afoforo anya nkwagye ho anidaso nti. (Aso. 13:47-49) Esiane sɛ wɔn a wɔbɛyɛɛ asuafo no nyinaa ankasa nso maa nkurɔfo bɛyɛɛ asuafo nti, Kristofo asafo no nyinii ntɛmntɛm wɔ afeha a edi kan no mu.—Aso. 5:14; 6:7; 16:5.
3 Asuafoyɛ Adwuma Nya Nkɔso Ntɛmntɛm: Wɔreyɛ asuafoyɛ adwuma a ɛsen biara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu! Ɛde besi nnɛ no, nnipa ɔpepem pii na wɔagye asɛmpa no atom de adi dwuma. (Luka 8:15) Esiane sɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi bere resa nti, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ama yɛn nnwinnade a ɛma nnipa komapafo tumi sua nokware no ntɛmntɛm.—Mat. 24:45.
4 Wɔ 1995 mu no, yenyaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no, na Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no dii akyi bae wɔ 1996 mu. Ɛdefa Nimdeɛ nhoma no ho no, January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no kae wɔ kratafa 14 sɛ: “Sɛ wɔyɛ ntotoho a, wobetumi asua saa nhoma a ekura nkratafa 192 yi awie bere tiaa mu, na ɛsɛ sɛ ‘wɔn a wɔayi wɔn ama daa nkwa’ no tumi sua nneɛma pii wɔ ne sua no mu ma wohyira wɔn ho so ma Yehowa ma wɔbɔ wɔn asu.”—Aso. 13:48.
5 Krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu a n’asɛmti ne “Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo” no ma yenyaa saa botae yi: “Ɛdenam sɛnea osuani no nsɛm tebea ne ne mmɔdenbɔ te so no, ebia mubetumi de dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa asua ti ahorow no mu dodow no ara awie wɔ adesua biako mu, bere a momfa adesua no ntu mmirika. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa di wɔn adesua nhyehyɛe no so dapɛn biara a, asuafo no benya nkɔso pa.” Asɛm no toaa so kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ebedu bere a obi besua Nimdeɛ nhoma no awie no, na ne nokwaredi ne anigye kɛse a wanya sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn no ada adi.” October 1996 Yɛn Ahenni Som mu Asɛmmisa Afã no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛhwɛ kwan sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw betumi aboa osuani bi a ɔwɔ koma pa wɔ bere tiaa bi mu ma wanya nimdeɛ a ɛfata ama watumi asi gyinae a nyansa wom asom Yehowa.”
6 Nimdeɛ Nhoma no Asow Aba: Da a ababaa bi bɔɔ asu no, ɔkaa sɛnea Nimdeɛ nhoma no a osuae no kaa no no ho asɛm. Ná wasua Tra Ase Daa nhoma no kakra. Bere a woyii Nimdeɛ nhoma no adi no, onuawa a na ɔne no resua ade no dan adesua no kɔɔ nhoma foforo no so. Ankyɛ na osuani no tumi hui sɛ eyi bɛma ɛho ahia sɛ osi gyinae, na efi saa bere no, ɛkanyan no ma onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Ababaa a mprempren ɔyɛ yɛn nuabea no ka sɛ: “Tra Ase Daa nhoma no boaa me ma minyaa Yehowa ho dɔ, nanso Nimdeɛ nhoma no boaa me ma misii gyinae sɛ mɛsom no.”
7 Hwɛ sɛnea ɔbea foforo nso suaa nokware no ntɛmntɛm. N’adesua a ɛto so abien akyi no, ɔkɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu. Saa dapɛn no, wɔ n’adesua a ɛto so abiɛsa mu no, ɔka kyerɛɛ ɔmansin sohwɛfo no sɛ wahyira ne ho so ama Yehowa, na ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Ohyiaa mpanyimfo no ma wogyee no toom sɛ ɔdawurubɔfo, na ofii asɛnka ase dapɛn a edi hɔ no. Ne Bible adesua no gyee n’adwene araa ma ɔsrɛɛ kwan fii n’adwumam na ama watumi asua ade mprenu anaa mprɛnsa wɔ dapɛn biako mu, na ama wanya bere pii ayɛ asɛnka adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, na wotumi sua atiri abien anaa abiɛsa wɔ adesua biako mu. Ofii ase de nea na ɔresua no dii dwuma wɔ n’asetra nyinaa mu, suaa Nimdeɛ nhoma no wiei wɔ adapɛn anan mu, na onyaa nkɔso koduu asubɔ ho!
8 Onuawa bi kunu ka n’ankasa ho asɛm sɛ na ɔyɛ “ɔhokafo a onnye nni ankasa.” Da bi, onua bi ne no yɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe wɔ Nimdeɛ nhoma no mu, na wɔde kaa ho sɛ ɔbarima no betumi agyae adesua no bere a wɔasua ti a edi kan no awie anaa ɛno akyi bere biara. Ɛmfa ho sɛ na okunu no mmɔ mmɔden wɔ adesua mu ne mmofraberem, na onsuaa nyamesom nhoma biara bɛboro mfe 20 ni no, ɔpenee so. Dɛn na ɔyɛe wɔ Nimdeɛ nhoma no sua ho? Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ anigye ankasa sɛ wubehu sɛ wɔkyerɛw Bible ho nhoma yi wɔ ɔkwan bi a asete nyɛ den so. Na emu nsɛm no mu da hɔ, na ntease wom araa ma ankyɛ na mehwɛɛ adesua a edi hɔ no kwan denneennen. Me kyerɛkyerɛfo no dii akwan a wɔfa so yɛ asuafo a Asafo ti no akyerɛkyerɛ mu no akyi ahokokwaw mu, na ɛdenam Yehowa honhom mmoa so no, wɔbɔɔ me asu wɔ asram anan akyi. Metumi aka no pen sɛ sɛ yenya nya asuafoyɛ adwuma no ho anigye, kɔ so hwehwɛ nnipa komapafo wɔ asɛnka mu, de Nimdeɛ nhoma ne nhoma foforo a wɔde sua Bible no a Asafo ti no ayɛ di dwuma, ne nea ehia sen biara no, yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ a, yebetumi anya hokwan soronko aboa nkurɔfo ma wɔayɛ asuafo.” Osuahu ahorow a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no yɛ soronko koraa. Yɛn asuafo mu dodow no ara mma nokware no mu ntɛm wɔ saa kwan yi so.
9 Asuafo Nkɔso Gu Ahorow: Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Onyankopɔn Asɛm mu akyerɛkyerɛfo ne asuafo nyinaa mmɔdenbɔ betumi ayɛ nea egu ahorow koraa. Honhom fam onyin betumi aba nyaa anaa ntɛmntɛm. Nkɔso a asuafo bi nya wɔ asram kakraa bi mu no betumi agye afoforo bere tenten. Obi nhomanim, sɛnea ɔkyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ, ne sɛnea n’ahofama ma Yehowa mu den te no betumi aka ne nkɔso. Ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no nyinaa na ‘woyi wɔn yam pefee’ sua Kyerɛwnsɛm no da biara, sɛnea tete Beroiafo a wɔbɛyɛɛ gyidifo no yɛe no.—Aso. 17:11, 12.
10 Ɛno nti na krataa a ɛhyɛ April 1998 Yɛn Ahenni Som mu a, n’asɛmti ne “Yehia—Bible Adesua Pii” no de akwankyerɛ a ɛfata yi ma sɛ: “Nokwarem no, ɛnyɛ Bible asuafo nyinaa na wonya nkɔso ntɛmntɛm. Ebinom nkyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye sɛ afoforo, na saa ara na ebinom nte nneɛma a wɔkyerɛ wɔn no ase ntɛm. Afoforo nni adagyew koraa, na ebia wonnya bere a ɛbɛma wɔatumi asua ti biako dapɛn biara. Enti, wɔ nsɛm bi mu no, ebia ɛho behia sɛ muhyiam mpɛn dodow bi ansa na moatumi asua atiri bi awie, na ɛbɛma asram dodow bi abegu so ansa na moatumi asua nhoma no awie.”
11 Wɔn a Wɔyɛ Asuafo no Nya Adwene a Ɛkari Pɛ: Ehia sɛ yegyina osuani no tebea ne ne mmɔdenbɔ so hwɛ sɛnea yɛbɛyɛ adesua no. Esiane sɛ wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa Ahwehwɛde nhomawa no mfi adesua ase nti, ebia ebedi asram abien anaa abiɛsa ansa na yɛawie ma yɛatumi afi Nimdeɛ nhoma no ase. Sɛ yɛde nyansahyɛ ahorow a wɔada no adi wɔ krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no nyinaa di dwuma a, ebetumi agye asram asia kosi akron foforo ansa na yɛawie Nimdeɛ nhoma no. Ebinom a na wɔde Nimdeɛ nhoma no fii adesua ase nkyɛe dan kɔɔ Ahwehwɛde nhomawa no so boaa osuani no ma ohuu Bible mu nokware atitiriw no ntɛmntɛm. Afei wɔsan toaa Nimdeɛ nhoma no sua so. Sɛ mode Nimdeɛ nhoma no fi adesua ase na ɛkɔ so yiye a, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ sɛ musua wie a, mubesua Ahwehwɛde nhomawa no, na ama moatĩ Onyankopɔn Asɛm mu nokware atitiriw no mu ntɛmntɛm. Ne nyinaa mu no, yɛmpɛ sɛ yɛde sua a yebesua awie ntɛm no sesa ntease pa a osuani no benya no. Osuani biara hia Onyankopɔn Asɛm mu nnyinaso pa wɔ ne gyidi foforo a wanya no ho.
12 Esiane sɛ yenim baabi a yɛadu nti, afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔasua nokware no gye ntɛmpɛ sen bere biara. Bible adesua foforo a yɛbɛyɛ ho mpae a yɛbɛkɔ so abɔ akyi no, momma yɛmmɔ mpae mma wɔn a yɛne wɔn resua ade dedaw no. Afei yɛn ani begye sɛ yebenya asuafo foforo pii abɔ wɔn asu ‘de akosi wiase awiei.’—Mat. 28:20.