September Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase September 1
Dwom 26
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo ma May ho asɛm.
15 min: “Fa Nneɛma a Ɛho Hia Kɛse Di Kan.” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛnea bere bɛma kwan no, ka “Nneɛma a Ehia Yiye a Yɛde Bedi Kan” a ɛwɔ February 22, 1987, Engiresi Nyan!, nkratafa 8-9 mu no ho asɛm.
20 min: “Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba a Yɛbɛma Afoforo Anya Bi.” Ɔkasa a egyina nkyekyem 1, 7, ne 8 so. Yɛ nkyekyem 2-6 ho ɔyɛkyerɛ. Si adwene a ɛne sɛ yɛbɛyɛ asuafo na yɛadu botae a ɛne sɛ yebefi adesua horow ase so dua.
Dwom 107 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 8
Dwom 27
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
10 min: Asafo mu ahiade horow.
10 min: “Bible Adesua Ahorow a Ɛma Nkurɔfo Yɛ Asuafo.” Ɔkasa.
15 min: Ɔpanyin ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ adesua horow a ɛsow aba bɔ “Kanyan Asuafo Kɔ Ahosohyira ne Asubɔ Mu” (km-E 7/96 krataa a ɛhyem, nky. 20-2) ho nkɔmmɔ.
Dwom 109 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 15
Dwom 30
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Fa Video Ahorow Di Dwuma Ɔkwampa So. Ka nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ sɛnea wɔde Asafo no video horow no di dwuma ho asɛm na ka mo hɔ osuahu horow a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi de video adi dwuma kɛse wɔ yɛn afie ne ɔsom adwuma no nyinaa mu.
20 min: So Wode Sukuu Nhomawa no Redi Dwuma? Ɔpanyin ne awofo ne mmofra bi bɔ October 1, 1985, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 30-1 ho nkɔmmɔ. Wɔde Sukuu nhomawa no di dwuma ka wɔn ankasa osuahu ahorow.
Dwom 112 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 22
Dwom 32
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
17 min: Sɛnea Wofi Nkɔmmɔbɔ Ase. Nkɔso a yenya wɔ ɔsom adwuma no mu no dodow no ara gyina nkɔmmɔ a mfaso wɔ so a yɛne nkurɔfo bɔ so. Sɛ yetumi ka biribi a ɛma afoforo tie yɛn a, yedi akwanside akɛse a yehyia wɔ adansedi mu no biako so. Wo ne atiefo mmɔ nsɛntitiriw a ɛwɔ School Guidebook no mu adesua a ɛto so 16, nkyekyem 11-14 no ho nkɔmmɔ. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw na wɔbɔ mmɔden wɔ sɛnea wofi nkɔmmɔbɔ ase mu no nka nsɛm a wɔde fi wɔn nsɛm ase bere a wɔne nkurɔfo te sɛ (1) obi a ɔnam kar kwan ho, (2) obi a ɔte bɔs mu retu kwan, (3) odwumayɛni bi a ɔwɔ adwumayɛbea, (4) obi a wakɔtotɔ nneɛma a wohyia no wɔ baabi a wɔde kar sisi, (5) obi a ɔte ahomegyebea benkyi bi so, (6) obi a wonya no di no adanse wɔ telefɔn so, kasa no.
20 min: Ka Asafo no 1997 Ɔsom Afe Akontaabu ho asɛm. Ɔsom adwuma sohwɛfo kamfo asafo no wɔ mmɔden a wɔbɔ ho, titiriw wɔ March, April, ne May mu. Ɔde nyansahyɛ horow a efi mpanyimfo kuw no ne ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a etwa to kyerɛwtohɔ a ɛboa ma wɔyɛ pii wɔ asɛnka adwuma ne Bible adesua yɛ mu ma. Ɔka botae horow a mfaso wɔ so a wɔde besisi wɔn anim wɔ ɔsom afe foforo no mu, a Bible adesua foforo a wobefi ase ayɛ ne akwampaefo boafo a wɔbɛyɛ wɔ asram a ɛwɔ adapɛn awiei anum mu ka ho nso ho asɛm—November, May, ne August.
Dwom 113 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 29
Dwom 37
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa n’asɛnka akontaabu mmra. Kae wɔn sɛ yebefi ase asua Abusua Mu Anigye nhoma no wɔ nhoma mu adesua ase dapɛn a edi hɔ no. Bere a moresiesie mo ho ama nsɛmma nhoma kra dwumadi wɔ October mu no, ka hia a ehia sɛ ‘Wususuw W’asasesin Ho,’ ‘Wuhu Nsɛmma Nhoma no mu Nsɛm,’ ‘Wusiesie Wo Nnianim Nsɛm,’ ‘Wodannan Wo Nsɛm mu Ma Ɛfata Ofiewura No,’ na ‘Moboa Mo Ho Mo Ho,’ a ɛwɔ October 1996 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 mu no ho asɛm.
15 min: Sɛ Wɔfrɛ Kristoni Bi sɛ Ɔnkɔyɛ Asɛnni Baguafo Adwuma a, Dɛn na Ɛsɛ sɛ Ɔyɛ? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina April 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 27-9 so.
15 min: Kamfo Wo Som. Atiefo a wɔne wɔn bɔ Yɛn Som Adwuma nhoma, nkratafa 81-3 no mu nkɔmmɔ. Bisa nsɛm a edidi so yi fa si nsɛntitiriw so dua: (1) Ɔkwan bɛn so na yenya Yesu akyi a yedi no mu mfaso? (2) Yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no ho hia dɛn? (3) Adwene bɛn na ɛkanyan yɛn maa yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa? (4) Sɛ obi bɛsom Onyankopɔn a, su bɛn na ɛsɛ sɛ ɔda no adi? (5) Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yesu faa so kaa asɛm no mu?
Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.