Fi Nokwaredi mu Dwen Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye Nyinaa Ho
1 Ɛrenkyɛ na wiase nyinaa Ahenni dawurubɔ no aba awiei, na ɛno akyi no wɔbɛsɛe wɔn a “wonnim Nyankopɔn” no nyinaa. (2 Tes. 1:7-9) Enti nokwaredi mu a Yehowa nkurɔfo fi dwen afoforo nkwa ho no rekanyan wɔn ma wɔde Ahenni asɛm no akɔ nnipa dodow biara a wobetumi nkyɛn.—Sef. 2:3.
2 Ɔsram biara, wɔde nnɔnhwerew ɔpepem pii hwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔte “papa ho asɛmpa” no. (Yes. 52:7) Nnipa pii na wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! anaa wɔagye bi, na wɔagye Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi wɔ nhoma a yɛde rema nnansa yi no mu. Ɛsɛ sɛ nokwaredi mu a yefi dwen saa nnipa yi ho no ka yɛn ma yɛkɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa nkyɛn.—Mmeb. 3:27.
3 Yɛ Kyerɛwtohɔ Pa: Sɛ woyɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye ne nhoma a yɛde ma ho kyerɛwtohɔ pa a, wubetumi ayɛ pii. Nsɛm bi te sɛ ofiewura no din ne n’address, da ne bere a wode kɔɔ hɔ, nhoma a wode mae, ne asɛmti a mobɔɔ ho nkɔmmɔ no bɛboa wo ma woatu mpɔn kɛse bere a wosan kɔ hɔ no. Afei nso, sɛ wokyerɛw nsɛm bi a ofiewura no kae wɔ mo nkɔmmɔbɔ a edi kan no mu a, wubetumi atwe adwene asi so yiye bere a mufi nkɔmmɔbɔ ase wɔ sankɔhwɛ no mu no.
4 Yɛ Ntɛm Kɔyɛ Sankɔhwɛ: Wɔn a wogyee nhoma fii wo hɔ ɔsram a atwam no mu baahe na woabɔ mmɔden asan akɔsra wɔn? So adapɛn bi atwam a wunhuu wɔn bio? Ɛsɛ sɛ nokwaredi mu a wufi dwen wɔn daa yiyedi ho no kanyan wo ma wosan kɔ hɔ ntɛm ara, sɛ ɛbɛyɛ yiye a nna kakraa bi akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔmmɔ a mobɔe no bɛkɔ so ayɛ foforo wɔ n’adwene mu. Sɛ wosan kɔ hɔ ntɛm kɔkanyan wɔn anigye a, wubetumi asɛe Satan mmɔden a ɔbɔ sɛ ‘ɔbɛba abeyi asɛm a woagu wɔ wɔn mu no.’—Marko 4:15.
5 Ahosiesie Ho Hia: Mpɔn a wubetu wɔ sankɔhwɛ yɛ mu no gyina sɛnea wusiesie wo ho yiye no so. Siesie asɛm a wobɛka ansa na woakɔ. Wɔde nsɛm a wɔka kyerɛ pii ama wɔ April 1997 Yɛn Ahenni Som no akyi a wubetumi de adi dwuma ma ayɛ yiye bere a wode nsɛmma nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no rema no. Ade a edi hɔ ne sɛ wubenya nsɛm bi a wobɛka bere a wosan kɔ hɔ no. Sɛ wosan kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye nkyɛn a, dɛn na wubetumi aka? Wobɛyɛ dɛn atumi afi Bible adesua ase?
6 Sɛ woresan akɔtoa nkɔmmɔ a mobɔ faa nea ehia sɛ wɔyɛ na ama wɔatumi asiesie asase so ma ayɛ beae pa a wotumi tra ho so a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔ me nsrahwɛ a edi kan no mu no, yegye toom sɛ ehia sɛ wɔfa akwan titiriw bi so ansa na wɔatumi ayɛ asase paradise a asomdwoe wom. So wususuw sɛ nnipa wɔ nea ehia na ama wɔayɛ saa adwuma yi? [Twɛn ma ommua.] Mesrɛ wo, hyɛ nea enti a ɛho behia sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nnipa nsɛm mu no nsow.” Kenkan Dwom 37:38. Afei dan kɔ Ahwehwɛde nhomawa no ti 5 no, na fa nkyekyem 4-5 no mu nsɛntitiriw a woapaw kyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɛma saa nkɔmhyɛ yi abam. Toa so fa nhomawa no yɛ Bible adesua ho nhyehyɛe.
7 Sɛ mobɔɔ Onyankopɔn Ahenni ho nkɔmmɔ na wode “Ahwehwɛde” nhomawa no mae bere a wokɔɔ hɔ nea edi kan no, na sɛ woresan akɔ hɔ a, wubetumi aka biribi te sɛ nea edi so yi:
◼ “Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ ɛda no, yehui sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso ankasa a ebedi asase nyinaa so. Bible kyerɛ sɛ Kristo Yesu na ɔbɛyɛ ne sodifo. So wuhu sɛ wubetumi anya mfaso wɔ nniso ne kannifo a ɔte saa a yebenya no mu?” Twɛn ma ommua. Bue Ahwehwɛde nhomawa no ti 6. Bere a wode nkyekyem 6-7 no mu nsɛntitiriw bi a woapaw ne mfonini a ɛwɔ kratafa 13 redi dwuma no, kyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma daakye. Kenkan Daniel 2:44, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ no, na yɛ Bible adesua ho nhyehyɛe.
8 Sɛ wunyaa obi a ɔkyerɛe sɛ wiase mu som ahorow no na ɛde ɔhaw ahorow abrɛ adesamma a, wubetumi abisa eyi bere a wosan kɔ hɔ no:
◼ “So woasusuw sɛnea yebetumi ahu ɔsom a Onyankopɔn pene so ho da? [Twɛn ma ommua.] Saa nhoma yi, Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? no ma yenya nea yebegyina so ahu nokware som.” Dan kɔ ti 13, na ka nsɛm anum a wɔasi so dua wɔ nkyekyem 3-7 mu no ho asɛm. Wubetumi atoa so denam eyi a wobɛka so: “Nea ɛka nokware som a yebehu ho no, ɛsɛ sɛ yehu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn mu biara hɔ.” Kenkan Yohane 4:23, 24. Wo ne no mmɔ eyi ho nkɔmmɔ nkɔ akyiri. Bue ti 1 wɔ nhomawa no mu, na kyerɛ no sɛnea yesua no.
9 Sɛ wosan kɔ sɛ worekɔtoa nkɔmmɔ bi a mobɔ faa abusua mu anigye ho a, wubetumi aka biribi te sɛ nea edi so yi:
◼ “Bere a edi kan a yehyiae no, me ne wo susuw nea ɛde abusua mu anigye ba ho, a ɛne sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu afotu bedi dwuma. Sɛ ɛba sɛ ɛreka nnɛyi abusua bi ahiade ahorow ho asɛm a, so wugye di sɛ Bible no yɛ nea atwam anaasɛ ɛyɛ nea edi mũ?” Twɛn ma ommua. Fa Nimdeɛ nhoma no ma no. Dan kɔ ti 2, na kenkan kyerɛwsɛm a ɛwɔ nkyekyem 13 mu no. Bere a wode nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem 3 mu redi dwuma no, wo ne no nyɛ abusua Bible adesua ho nhyehyɛe.
10 Ɛdenam kyerɛwtohɔ pa a yɛbɛyɛ, ahosiesie a ehia a yɛbɛyɛ, ne kɔ a yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn akɔkanyan wɔn anigye so no, yebetumi ada yɔnko dɔ ko a ɛbɛtwe wɔn aba nkwa kwan so no adi.—Mat. 22:39; Gal. 6:10.