Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/97 kr. 7
  • Dɛn Nti na Yɛkɔ So Ara Kɔ Nkurɔfo Nkyɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Yɛkɔ So Ara Kɔ Nkurɔfo Nkyɛn?
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ So Ka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Kɔ So Ka Asɛm No!
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • “Yɛayɛ Yɛn Asasesin no Mu Adwuma Mpɛn Pii!”
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 5/97 kr. 7

Dɛn Nti na Yɛkɔ So Ara Kɔ Nkurɔfo Nkyɛn?

1 Woabisa wo ho saa asɛm no pɛn, bere a ebia woresiesie wo ho akɔ asɛnka no? Wɔ mmeae bi a yɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma mpɛn pii no, ebia ofiewuranom behu nnipa ko a yɛyɛ, na wɔapam yɛn ntɛm ara. Wɔn mu kakraa bi na ebia wɔbɛkyerɛ ho anigye. Nanso ntease atitiriw pii wɔ hɔ a enti yɛkɔ so ara kɔ nkurɔfo nkyɛn. Susuw nsɛm a edidi so a enti yɛyɛ saa no ho.

2 Nea edi kan no, wɔde ahyɛde ama yɛn sɛ yɛnkɔ so nka Ahenni no ho asɛm nkosi sɛ awiei no bɛba. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Ná odiyifo Yesaia pɛ sɛ ohu bere tenten a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so yɛ n’asɛnka adwuma no. Wɔkyerɛw mmuae a onyae no wɔ Yesaia 6:11. Akyinnye biara nni ho—wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ so nkɔ nkurɔfo no nkyɛn nkɔka Onyankopɔn asɛm no nkyerɛ wɔn. Saa ara na ɛnnɛ nso, ɛmfa ho sɛ ebia nnipa a wɔtete yɛn asasesin mu no bɛpam yɛn no, Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so ara kɔ wɔn nkyɛn. (Hes. 3:10, 11) Eyi yɛ asɛyɛde kronkron a wɔde ahyɛ yɛn nsa.—1 Kor. 9:17.

3 Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara kɔ wɔn nkyɛn ne sɛ, eyi ma yenya hokwan de kyerɛ sɛnea ahofama a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛ den fa. (1 Yoh. 5:3) Yɛde ɛno to nkyɛn a, sɛ yesusuw nea ɛda hɔ ma adesamma nyinaa daakye a enni akyiri no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apopo yɛn ti sɛ yebefi ɔdɔ mu abɔ mmɔden abɔ yɛn afipamfo kɔkɔ? (2 Tim. 4:2; Yak. 2:8) Nokwaredi a yɛde yɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ma wonya hokwan pii a wobetumi de akyerɛ Onyankopɔn nkwagye asɛm no ho anigye, na amma wɔanka sɛ yɛammɔ wɔn kɔkɔ.—Hes. 5:13.

4 Nea ɛka ho no, yennim bere a ebinom benya adwensakra. Nea ebetumi aka wɔn ma wɔayɛ saa ne nsakrae a ɛba wɔn ankasa nsɛm tebea mu, asɛm bi a ɛto wɔn abusua, anaa wiase yi tebea a ɛma wosusuw wɔn daakye ho anibere so. Afei nso, asɛm bi a yɛbɛka betumi akanyan ebinom anigye. (Ɔsɛnk. 9:11; 1 Kor. 7:31) Bio nso nkurɔfo tu kɔtra mmeae foforo. Ebia yebehyia nnipa a wɔabɛtra yɛn asasesin mu foforo a wobetie asɛmpa no—ebia mmerante ne mmabaa a afei wɔn ankasa rebɔ wɔn bra a wɔresusuw wɔn asetram atirimpɔw ho anibere so.

5 So yɛbɛkɔ so ara akɔ wɔn nkyɛn? Yiw! Kyerɛwnsɛm no ma yɛn nkuranhyɛ a ɛsɛ a ɛbɛma yɛakɔ so ara akɔ nkurɔfo nkyɛn. Awiei koraa no, sɛ asɛnka adwuma no ba awiei a, Yehowa behyira yɛn wɔ mmɔden a yɛakɔ so abɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no ho, na obehyira wɔn a wɔakyerɛ Ahenni ho asɛmpa no ho anigye sɛnea ɛsɛ no.—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena