Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ So Ka Asɛm No?
1 So wɔayɛ Ahenni asɛnka adwuma no wɔ wo mpɔtam hɔ akyɛ? (Mat. 24:14) Sɛ saa a, ebia wote nka sɛ moayɛ mo asasesin mo adwuma sɛnea ɛsɛ. Mprempren sɛ woka asɛm no a, ebia ɛte sɛ nea nnipa dodow no ara a wuhyia wɔn no yɛ anibiannaso wɔ Ahenni asɛm no ho. Sɛ ɛte saa mpo a, hyɛ nea wɔka fa Yesu nokware asuafo ho wɔ Yesaia Nkɔmhyɛ No II nhoma no kratafa 141 no nsow: “Wɔ mmeae bi no, sɛ wɔde wɔn som adwuma a wɔyɛ ne mmɔden a wɔbɔ no toto nea efi mu ba ho a, nea efi mu ba no betumi ayɛ sɛ nea esua koraa. Nanso . . . wogyinaa ano.” Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so ka asɛm no?
2 Kae Yeremia: Ɛnyɛ sɛ ebia nkurɔfo tie yɛn anaasɛ wontie yɛn no na ɛsɛ sɛ ɛma yɛde nokwaredi yɛ asɛnka adwuma no. Yeremia de mfe 40 kaa asɛm no wɔ asasesin koro no ara mu ɛwom mpo sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wotiee no na pii kasa tiaa n’asɛm no de. Dɛn nti na Yeremia ampa abaw? Efisɛ na ɔreyɛ adwuma a Onyankopɔn ahyɛ no sɛ ɔnyɛ, na nim a na onim nea ebesi daakye no kanyan no ma ɔde akokoduru kasae.—Yer. 1:17; 20:9.
3 Yɛn tebea no te saa ara. Yesu “ahyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm nkyerɛ nnipa no, na yenni adanse fefeefe sɛ ɔno ne Nea Onyankopɔn apaw no sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn.” (Aso. 10:42, NW) Asɛm a yɛka no yɛ nkwa ne owu asɛm ma wɔn a wɔte no. Wobegyina nea nkurɔfo yɛ wɔ asɛmpa no ho so na ebebu wɔn atɛn. Esiane sɛ ɛte saa nti, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛyɛ nea wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Sɛ nkurɔfo ntie mpo a, eyi ma yenya hokwan da ɔdɔ kɛse a yɛwɔ ma wɔn, ɛne ahofama a yɛwɔ ma Yehowa no adi denam kɔ a yɛkɔ so yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no so. Nanso pii ka ho.
4 Yɛrenya So Mfaso: Onyankopɔn apɛde a yɛyɛ, ɛmfa ho nea wɔyɛ wɔ ho wɔ asasesin no mu no, ma yenya asomdwoe, akomatɔyam, ne anigye a yentumi mfa ɔkwan foforo biara so nnya. (Dw. 40:8) Yɛn asetra nya atirimpɔw ankasa. Dodow a yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no, dodow no ara na yɛde yɛn koma ne yɛn adwene si Onyankopɔn wiase foforo no mu asetra ho anidaso ne anigye so. Saa Kyerɛwnsɛm no mu bɔhyɛ ahorow yi ma yedi yiye kɛse wɔ honhom mu na ɛhyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den.
5 Sɛ yehu sɛ yɛn asɛnka adwuma no nsow aba ntɛm mpo a, ebia na yɛagu nokware no aba bi wɔ obi komam a ebefifi wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu. (Yoh. 6:44; 1 Kor. 3:6) Yɛn mu biara nni hɔ a onim nnipa dodow a wɔnam Yehowa nkurɔfo mmɔdenbɔ so besua Ahenni no ho ade wɔ yɛn man mu anaasɛ wiase nyinaa.
6 Ɛsɛ sɛ yɛde ntɛmpɛ tie Yesu afotu yi sen bere biara: “Monhwɛ yiye! . . . Na munnim da ko a bere no du. . . . Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn.” (Marko 13:33, 37) Ɛnde, momma yɛn nyinaa nkɔ so nka Ahenni no ho asɛmpa no, mma Yehowa koma ani nnye bere a yenya ne din kronkron a wɔtew ho no mu kyɛfa no.