Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/00 kr. 1
  • Kɔ So Ka Asɛm No!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Ka Asɛm No!
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ So Ka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Dɛn Nti na Yɛkɔ So Ara Kɔ Nkurɔfo Nkyɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 11/00 kr. 1

Kɔ So Ka Asɛm No!

1 Onyankopɔn ‘pɛ ne sɛ nnipa nyinaa benya nkwa na wɔanya nokware nimdeɛ.’ (1 Tim. 2:4) Eyi nti, ɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛmpa no. (Mat. 24:14) Sɛ yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no a, abasamtu anaa nsɛnnennen biara a ɛba yɛn akwan mu no remmu yɛn abam.

2 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ So Ka Asɛm No? Wiase haw ne abɛberɛsɛ bebrebe no nti nkurɔfo werɛ fi asɛm a yɛka kyerɛ wɔn no anaasɛ wɔmfa nyɛ asɛm. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka Onyankopɔn nkwagye asɛm no kyerɛ wɔn daa. (Mat. 24:38, 39) Afei nso, nkurɔfo asetram nsɛm kɔ so sakra. Wiase tebea tumi sakra prɛko pɛ mpo. (1 Kor. 7:31) Asɛm anaa ɔhaw bi betumi ato nkurɔfo a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no ɔkyena, nnawɔtwe anaa ɔsram a ɛreba no ma enti ɛbɛma wɔafa asɛmpa a yɛka kyerɛ wɔn no aniberesɛm. So ɛnyɛ wo anigye sɛ Ɔdansefo a ɔma wuhuu nokware no kɔɔ so baa wo nkyɛn daa?

3 Yɛde Suasua Onyankopɔn Mmɔborɔhunu: Yehowa anya boasetɔ wɔ abɔnefo atemmu ho. Ɔma yɛkɔ so ka kyerɛ komapafo sɛ wɔmmra ne nkyɛn na wommenya nkwa. (2 Pet. 3:9) Sɛ yɛanka Onyankopɔn mmɔborɔhunu no ho asɛm ankyerɛ nkurɔfo na yɛammɔ atemmu a Onyankopɔn de bɛba wɔn a wɔnnan wɔn ho mfi wɔn akwammɔne ho so no ho kɔkɔ a, yebedi mogya ho fɔ. (Hes. 33:1-11) Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo tie asɛm a yɛka no de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛgow yɛn ho a yɛrema komapafo nhu Onyankopɔn mmɔborɔhunu kɛse no.—Aso. 20:26, 27; Rom. 12:11.

4 Yɛde Da Yɛn Dɔ Adi: Yehowa Nyankopɔn na ɔnam Yesu Kristo so ahyɛ sɛ yɛnka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa. (Mat. 28:19, 20) Sɛ nkurɔfo antie mpo a, yenya hokwan da yɛn dɔ ne yɛn mmɔdenbɔ ma Onyankopɔn adi bere a yɛkɔ so yɛ nea ɛteɛ no.—1 Yoh. 5:3.

5 Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so aka asɛm no daa! Momma yɛmfa nsi nka asɛm no daa efisɛ ‘ɛnnɛ ne Yehowa nkwagye da.’—2 Kor. 6:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena