Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/96 kr. 7
  • Nokware no a Yɛbɛka no Daa De Asuasua Yesu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware no a Yɛbɛka no Daa De Asuasua Yesu
  • Yɛn Ahenni Som—1996
Yɛn Ahenni Som—1996
km 11/96 kr. 7

Nokware no a Yɛbɛka no Daa De Asuasua Yesu

1 Bere a Yesu baa asase so no, na ɔwɔ adwuma pɔtee bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Na ɛyɛ tiawa koraa: ‘Sɛ́ obedi nokware no ho adanse.’ (Yoh. 18:37) Ɔkaa N’agya su ne n’atirimpɔw ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho nokwasɛm. Ná saa adwuma yi te sɛ aduan ma no; na ne nkwa nyinaa gyina so. (Yoh. 4:34) Luka bɔɔ amanneɛ sɛ Yesu kɔɔ so ‘kyerɛkyerɛe daa wɔ asɔrefie hɔ.’ (Luka 19:47) Yesu de bere a na ɔwɔ no dii dwuma kosii ase. (Yoh. 9:4) Aka bere tiaa bi ma wawu no, otumi ka kyerɛɛ N’agya sɛ: “Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.”—Yoh. 17:4.

2 Sɛ nea Yehowa ayɛ nyinaa ho anisɔ hyɛ yɛn koma ma a, ɛbɛhyɛ yɛn ma yɛaka ho asɛm daa. Yɛbɛyɛ te sɛ Yesu asuafo no a wɔde nnam kae sɛ: “Yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate” no ara. (Aso. 4:20) Ná Yehowa ho asɛm a wɔka no yɛ daa adeyɛ, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ ‘wɔkɔɔ so kae da biara a wɔannyae.’ (Aso. 5:42) Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So misuasua me Kyerɛkyerɛfo, Yesu?’

3 Ntɛmpɛ a Yɛde Bɛka Asɛm No: Yesu ka siei sɛ sɛ wɔka Ahenni asɛm no wɔ wiase nyinaa a, “ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn ma yehu hia a yɛn adwuma no ho hia ne ntɛmpɛ a egye no. Bere a nnipa ɔpepem pii nkwa ankasa da asiane mu no, eyi ne adwuma a ɛho hia anaa mfaso wɔ so sen biara sɛ yɛyɛ. Esiane sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi rebɛn n’awiei nti, bere a aka sɛ yɛde wie adwuma yi no so atew!

4 Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ Yehowa reboaboa nnipa a wɔte sɛ nguan no ano ntɛmntɛm. (Yes. 60:22) Wɔ wiase no mmeae pii no, nnipa resen yuu ba nokware no mu ankasa, na wɔde anigye ka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sak. 8:23) Yesu nsɛm yi ayɛ nokware sen bere biara a atwam: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. . . . Monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mat. 9:37, 38) So ɛno nkanyan yɛn mma yɛnyɛ nsi te sɛ Yesu asuafo no a “na wɔwɔ asɔrefi hɔ daa hyira Onyankopɔn” no?—Luka 24:53; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

5 Ma Wonhu Nokware no Daa: Da biara, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aka nokware no akyerɛ afoforo. Hokwan ahorow wɔ hɔ daa. So wubetumi de simma kakraa bi ne w’adamfo anaa wo busuani bi a wote nka sɛ obetie wo akasa telefon so? Na krataa a wobɛkyerɛw akɔma obi a woanto no wɔ fie nso ɛ? So woayɛ w’adwene sɛ wobɛma sotɔɔ hwɛfo no kratawa bi bere a wukodi gua no? Ɛda adi sɛ, wubetumi asusuw hokwan foforo pii a wubenya da biara de aka w’anidaso ho asɛm akyerɛ afoforo no ho. Sɛ wufi ase na woda akokoduru kakra adi a, Yehowa bɛboa wo.—1 Tes. 2:2.

6 Enti, sɛ yefi da biara da dwumadi ahorow ase a, momma yemmisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ hokwan bi bue nnɛ a, mefi me pɛ mu aka m’anidaso ho asɛm akyerɛ obi?’ Suasua Yesu a ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔsomaa no asase so mu su no: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no.” (Luka 4:43; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo no a, yɛbɛyɛ saa ara.—Luka 6:40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena