Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomafo Nnwuma 4
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafo Nnwuma Mu Nsɛntitiriw

      • Wobisabisaa Petro ne Yohane nsɛm (1-4)

        • Wɔn a wogye dii no dodow koduu mmarima 5,000 (4)

      • Wodii wɔn asɛm wɔ Sanhedrin no anim (5-22)

        • “Yɛrentumi nnyae ho asɛm ka” (20)

      • Wɔbɔɔ mpae srɛɛ akokoduru (23-31)

      • Asuafo no kyekyɛɛ wɔn nneɛma maa obiara nyaa bi (32-37)

Asomafo Nnwuma 4:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:8

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    3/2020, kr. 31

    Di Adanse, kr. 31

Asomafo Nnwuma 4:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔde Yesu nhwɛso no reka owusɔre ho asɛm kyerɛ.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:33; 17:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 31

Asomafo Nnwuma 4:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ná onwini adwo dedaw.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 21:12

Asomafo Nnwuma 4:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:41; 6:7

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 35

Asomafo Nnwuma 4:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 18:13
  • +Mt 26:57; Lu 3:2; Yoh 11:49-51

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    4/1/2012, kr. 9

Asomafo Nnwuma 4:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 7:55

Asomafo Nnwuma 4:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 3:7

Asomafo Nnwuma 4:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 3:6
  • +Aso 2:36
  • +Aso 2:24; 5:30

Asomafo Nnwuma 4:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 118:22; Yes 28:16; Mt 21:42; 1Pe 2:7

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    8/15/2011, kr. 13

    7/15/2000, kr. 14

Asomafo Nnwuma 4:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 1:21; Aso 10:43; Flp 2:9, 10
  • +Yoh 1:12; 14:6; 1Ti 2:5, 6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Som Nyankopɔn, kr. 37-38

Asomafo Nnwuma 4:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, na wɔnkɔɔ Rabifo sukuu no bi; ɛnkyerɛ sɛ na wonnim nhoma koraa.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 11:25; 1Ko 1:26, 27
  • +Yoh 7:14, 15

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/1/2008, kr. 15

    5/15/2008, kr. 31

    5/1/2006, kr. 22-23

    Nyan!,

    3/8/1998, kr. 26

    “Kyerɛwnsɛm Nyinaa,” Ɔfã 16, kr. 13

Asomafo Nnwuma 4:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 3:11
  • +Lu 21:15

Asomafo Nnwuma 4:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 11:47
  • +Aso 3:9, 10

Asomafo Nnwuma 4:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 5:40

Asomafo Nnwuma 4:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mummu ho atɛn.”

Asomafo Nnwuma 4:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 5:29

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 22

Asomafo Nnwuma 4:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 22:2; Aso 5:26

Asomafo Nnwuma 4:24

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “koma koro.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:11; Ne 9:6; Dw 146:6

Asomafo Nnwuma 4:25

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “nsɛnhunu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 23:1, 2

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2004, kr. 16-17

    7/1/1990, kr. 27

Asomafo Nnwuma 4:26

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

  • *

    Anaa “ne Kristo no.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 2:1, 2

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2004, kr. 16-17

    7/1/1990, kr. 27

Asomafo Nnwuma 4:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 23:12
  • +Dw 45:7; Aso 10:38

Asomafo Nnwuma 4:28

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “nsa.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 53:10; Lu 24:44; Aso 2:23; 1Pe 1:20

Asomafo Nnwuma 4:29

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 34-35

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 7

    9/1/1988, kr. 11

    3/1/1980, kr. 11-16

Asomafo Nnwuma 4:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:43; 5:12
  • +Aso 3:16

Asomafo Nnwuma 4:31

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wowiee wɔn nkotosrɛ no.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:2, 4
  • +1Te 2:2

Asomafo Nnwuma 4:32

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:44, 45

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/1/1990, kr. 24-25

Asomafo Nnwuma 4:33

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 1:21, 22; 4:2

Asomafo Nnwuma 4:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:44, 45

Asomafo Nnwuma 4:35

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 5:1, 2
  • +Aso 6:1

Asomafo Nnwuma 4:36

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 11:22; 12:25

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    4/15/1998, kr. 20

    6/1/1990, kr. 7

Asomafo Nnwuma 4:37

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 12:33

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    4/15/1998, kr. 20

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 4:1Aso 23:8
Aso. 4:2Aso 4:33; 17:18
Aso. 4:3Lu 21:12
Aso. 4:4Aso 2:41; 6:7
Aso. 4:6Yoh 18:13
Aso. 4:6Mt 26:57; Lu 3:2; Yoh 11:49-51
Aso. 4:8Aso 7:55
Aso. 4:9Aso 3:7
Aso. 4:10Aso 3:6
Aso. 4:10Aso 2:36
Aso. 4:10Aso 2:24; 5:30
Aso. 4:11Dw 118:22; Yes 28:16; Mt 21:42; 1Pe 2:7
Aso. 4:12Mt 1:21; Aso 10:43; Flp 2:9, 10
Aso. 4:12Yoh 1:12; 14:6; 1Ti 2:5, 6
Aso. 4:13Mt 11:25; 1Ko 1:26, 27
Aso. 4:13Yoh 7:14, 15
Aso. 4:14Aso 3:11
Aso. 4:14Lu 21:15
Aso. 4:16Yoh 11:47
Aso. 4:16Aso 3:9, 10
Aso. 4:17Aso 5:40
Aso. 4:20Aso 5:29
Aso. 4:21Lu 22:2; Aso 5:26
Aso. 4:24Ex 20:11; Ne 9:6; Dw 146:6
Aso. 4:252Sa 23:1, 2
Aso. 4:26Dw 2:1, 2
Aso. 4:27Lu 23:12
Aso. 4:27Dw 45:7; Aso 10:38
Aso. 4:28Yes 53:10; Lu 24:44; Aso 2:23; 1Pe 1:20
Aso. 4:30Aso 2:43; 5:12
Aso. 4:30Aso 3:16
Aso. 4:31Aso 2:2, 4
Aso. 4:311Te 2:2
Aso. 4:32Aso 2:44, 45
Aso. 4:33Aso 1:21, 22; 4:2
Aso. 4:34Aso 2:44, 45
Aso. 4:35Aso 5:1, 2
Aso. 4:35Aso 6:1
Aso. 4:36Aso 11:22; 12:25
Aso. 4:37Lu 12:33
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Asomafo Nnwuma 4:1-37

Asomafo Nnwuma

4 Bere a wɔn baanu gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo no ne asɔrefi hwɛfo no ne Sadukifo+ no baa wɔn so. 2 Ná wɔn bo afuw, efisɛ na asomafo no rekyerɛkyerɛ nkurɔfo no, na na wɔreka no pefee sɛ Yesu anyan afi awufo mu.*+ 3 Enti wɔkyeree wɔn, na wɔde wɔn koguu afiase+ maa ade kyee, efisɛ na ɛyɛ anwummere.* 4 Nanso wɔn a wotiee ɔkasa no mu pii gye dii, na mmarima no dodow beduu bɛyɛ 5,000.+

5 Bere a ade kyee no, ɔman no atumfo, ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no hyiaam wɔ Yerusalem. 6 Ná ɔsɔfo panyin Anas+ ne Kaiafa+ ne Yohane ne Aleksandro, ne wɔn a na wɔyɛ ɔsɔfo panyin no abusuafo nyinaa nso ka ho. 7 Ɛnna wɔde Petro ne Yohane gyinaa wɔn mfinimfini, na wofii ase bisabisaa wɔn sɛ: “Tumi bɛn na mode yɛɛ eyi, na hena din mu na moyɛe?” 8 Ɛnna Petro a honhom kronkron+ ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

“Ɔman atumfo ne mpanyimfo, 9 papa a yɛayɛ ama obubuafo+ bi nti, ɛnnɛ morehwehwɛ yɛn nsɛm mu, na mopɛ sɛ muhu onii a wama ɔbarima yi ho atɔ no. 10 Ɛnde, mo ne nnipa a ɛwɔ Israel nyinaa nhu sɛ, Nasaretni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu+ no, ɛnam no so na ɔbarima yi ho atɔ no a ogyina mo anim ha yi. 11 Yesu yi ne ‘ɔbo a mo a moyɛ adansifo amfa anyɛ hwee a abɛyɛ ntwea so bo titiriw+ no.’ 12 Bio nso, nkwagye nni obi foforo biara mu, efisɛ edin+ foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ yɛmfa so nnya nkwa.”+

13 Bere a wohuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoduru so, na wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma,* na wɔnyɛ nnipa titiriw biara+ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Na wohui sɛ na wɔka Yesu ho.+ 14 Bere a wɔhwɛɛ ɔbarima a ogyina wɔn nkyɛn a ne ho atɔ no+ no, wɔannya hwee anka.+ 15 Enti wɔma wofii Sanhedrin asa no so puei, na wofii ase dwinnwen asɛm no ho. 16 Wɔkekae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ saa mmarima yi?+ Nokwasɛm ne sɛ, wɔayɛ sɛnkyerɛnne kɛse bi, na wɔn a wɔte Yerusalem+ nyinaa nim, na yɛrentumi nnye ho akyinnye. 17 Nanso, nea ɛbɛyɛ a asɛm no nkɔ so ntrɛw wɔ nnipa no mu nti, momma yenhunahuna wɔn, na yɛnka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔnhwɛ na wɔanka edin yi ho asɛm ankyerɛ obiara bio.”+

18 Ɛno nti wɔfrɛɛ wɔn, na wɔka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wɔnnka biribiara wɔ Yesu din mu, na wɔnnkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu nso. 19 Nanso Petro ne Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ara mummua.* 20 Na yɛn de, nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”+ 21 Enti bere a wohunahunaa wɔn bio no, wogyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara a wobegyina so atwe wɔn aso. Afei nso, na wosuro nkurɔfo no,+ efisɛ na wɔn nyinaa rehyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ nea asi no ho. 22 Ná ɔbarima a wɔsaa no yare anwonwakwan so yi adi boro mfe 40.

23 Bere a wogyaa wɔn no, wɔkɔɔ asuafo a aka no nkyɛn, na asɛm a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ. 24 Bere a wɔtee eyi no, wɔde adwenkoro* maa wɔn nne so ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ:

“Awurade Tumfo, wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,+ 25 na wonam honhom kronkron so faa yɛn agya Dawid+ a ɔyɛ w’akoa no anom so kae sɛ: ‘Adɛn nti na amanaman yɛɛ gyegyeegye, na nkurɔfo no dwinnwen nneɛma hunu* ho? 26 Asaase so ahemfo sɔre gyinae, na atumfo boom sɔre tiaa Yehowa,* na wɔsɔre tiaa nea wasra no+ no.’* 27 Efisɛ Herode ne Pontio Pilato+ ne amanaman mufo ne nkurɔfo a wofi Israel ka boom wɔ kurow yi mu, na wɔko tiaa w’akoa kronkron Yesu a wosraa no+ no, 28 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nea woka too hɔ no. Eyinom baa mu, efisɛ wowɔ tumi,* na na ɛyɛ wo pɛ nso.+ 29 Afei, Yehowa,* tie wɔn ahunahuna no, na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru kɛse nka w’asɛm, 30 na teɛ wo nsa ma nnipa nnya ayaresa, na nsɛnkyerɛnne ne anwonwade+ mfa w’akoa kronkron Yesu+ din so mmra.”

31 Bere a wɔbɔɔ mpae denneennen wiei no,* baabi a wohyiaam no wosowee, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mama,+ na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.+

32 Bio nso, nnipadɔm a wogye dii no nyaa koma ne ɔkra* koro. Na wɔn mu baako mpo anka sɛ ne nneɛma yɛ ɔno nko ara dea. Mmom, na wɔn nyinaa nneɛma bom.+ 33 Na asomafo no de tumi kɛse kɔɔ so dii Awurade Yesu+ wusɔre no ho adanse, na wɔn nyinaa nyaa adom pii. 34 Nokwarem no, wɔn mu biara nni hɔ a na biribi hia no,+ efisɛ na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa afi no nyinaa tɔn de nea wonya fi mu no ba, 35 na na wɔde brɛ asomafo no.+ Ná wɔn nso kyekyɛ ma obiara nya nea ohia.+ 36 Ná Yosef bi wɔ hɔ a asomafo no too no din Barnaba+ (asekyerɛ ne “Awerɛkyekye Ba”). Ná ɔyɛ Lewini a ofi Kipro. 37 Ná ɔwɔ asaase bi, na ɔtɔn de sika no brɛɛ asomafo no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena