Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 26-28
  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afeha a Edi Kan no Mu Nhomasua
  • Asɛm no a Yebesusuw Ho Yiye
  • Ɛyɛ Asɛm a Ankorankoro na Wosi Ho Gyinae
  • Yehowa Adansefo Bu Nhomasua Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nhomasua A Ɛwɔ Atirimpɔw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nhomasua A Wɔma Ɛtra N’afã
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 26-28

Bible No Adwene

So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?

“Ɛyɛ wɔn a wonnim de nkutoo na wobu nhomasua animtiaa.”—Publilius Syrus Moral Sayings, afeha a edi kan A.Y.B.

BIBLE no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa nyansa ne adwempa nsie.’ (Mmebusɛm 3:21) Yehowa, nimdeɛ Nyankopɔn no pɛ sɛ n’asomfo yɛ nnipa a wɔasua nhoma. (1 Samuel 2:3; Mmebusɛm 1:5, 22) Nanso, Bible mu nsɛm bi betumi ama nsɛmmisa asɔre. Sɛ nhwɛso no, bere a na ɔsomafo Paulo reka ne kan asetra ne ne nhomasua a ɛkɔ anim ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mibu ne nyinaa sɛ nwura kɛkɛ.” (Filipifo 3:3-8, Today’s English Version) Wɔ nhoma foforo a ɔnam honhom so kyerɛw mu no, ɔkae sɛ: “Wi yi ase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim.”—1 Korintofo 3:19.

Ɛnde, so Bible no nhyɛ nhomasua ho nkuran? Ɛhe na ɛsɛ sɛ Kristoni sua nhoma kodu? So sukuu a mmara hwehwɛ no ara dɔɔso, anaa ɛsɛ sɛ wɔsan toa nhomasua no so?

Afeha a Edi Kan no Mu Nhomasua

Na afeha a edi kan Kristofo nhomanim gu ahorow pii. Nnipa atitiriw bi buu asomafo Petro ne Yohane a na wofi Galilea no sɛ ‘wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.’ (Asomafo no Nnwuma 4:5, 6, 13) So na eyi kyerɛ sɛ na mmarima baanu yi nnim akenkan ne akyerɛw na wɔankɔ sukuu? Dabi. Nea na ɛkyerɛ ara ne sɛ wɔankɔ Hebrifo sukuu a ɛkɔ anim a na ɛwɔ Yerusalem no bi. Akyiri yi nhoma a Kristofo mmarima akokodurufo baanu yi kyerɛwee no dii adanse sɛ wɔyɛ nhomanimfo ne animdefo a na wotumi kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu fann. Na nkyerɛkyerɛ pa a ɛbɛma wɔde wɔn mmusua ahiade ama wɔn ka wɔn nhomasua no ho. Na wɔbom yɛ mpataayi adwuma a ɛda adi sɛ sika wom.—Marko 1:16-21; Luka 5:7, 10.

Nanso, na Luka, osuani a ɔkyerɛw Asɛmpa no mu biako ne Asomafo no Nnwuma no nhomasua kɔ anim. Ná ɔyɛ oduruyɛfo. (Kolosefo 4:14) N’adwuma sɛ oduruyɛfo no ma wɔhyɛ ne nhoma a efi honhom mu no nsow yiye.—Hwɛ Luka 4:38; 5:12; Asomafo no Nnwuma 28:8.

Ansa na ɔsomafo Paulo rebɛyɛ Kristoni no, Gamaliel, a na ɔyɛ saa bere no mu nhomanimfo a wɔaben yiye no mu biako, kyerɛkyerɛɛ no Yudafo mmara. (Asomafo no Nnwuma 22:3) Yebetumi de sukuu a Paulo kɔe no atoto nnɛ sukuupɔn nhomasua ho. Afei nso, wɔ Yudafo mu no, na wobu no sɛ nidi wom sɛ mmofra besua nsaanodwuma, sɛ wɔbɛkɔ sukuu akɔ akyiri wɔ mfe bi akyi mpo a. Ɛda adi sɛ wɔmaa Paulo ntetee sɛ ntamadan nwenefo bere a na ɔyɛ aberantewaa no. Nimdeɛ a ɛte saa no boa ma otumi hwɛɛ ne ho wɔ bere nyinaa som adwuma no mu.

Nanso, Paulo hui sɛ ɛwom sɛ wiase nhomasua ho hia de, nanso sɛ wɔde toto Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛsom bo kyɛn so no ho a—mfaso no sua. Enti, Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ a obi benya no ho hia paa. Eye sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya saa adwene a ɛfata paa yi wɔ wiase nhomasua ho.—Mmebusɛm 2:1-5; Yohane 17:3; Kolosefo 2:3.

Asɛm no a Yebesusuw Ho Yiye

Kristofo binom ahu sɛ sukuu a wɔtoaa so, sɛ ɛyɛ nhoma anaa nsaanodwuma a wosuae no aboa wɔn ma wotumi hwɛ wɔn mmusua wɔ honam fam. Obi abusua a ɔhwɛ wɔn fata, efisɛ ‘ne fifo a ɔbɛhwɛ wɔn’ yɛ ɔsom mu asɛyɛde. (1 Timoteo 5:8) Nimdeɛ a ehia a wobenya na wɔatumi ayɛ eyi no yɛ nea nyansa wom.

Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte nka sɛ ehia sɛ wosua nhoma kɔ akyiri na wɔatumi adu botae yi ho no susuw ɛso mfaso ne emu ɔhaw ahorow ho. Ɛso mfaso no bi ne sɛ ɛbɛboa ma obi anya adwuma a obetumi de ahwɛ ɔne n’abusua yiye bere a ɔde nsiyɛ reyɛ Kristofo som adwuma no. Afei nso, obetumi de honam fam mmoa ama afoforo, ‘de biribi ama nea odi hia.’—Efesofo 4:28.

Dɛn ne ɔhaw ahorow no bi? Ebi betumi ayɛ nkyerɛkyerɛ a ɛma wɔhwere gyidi wɔ Onyankopɔn ne Bible no mu a obenya. Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ “nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa” ne ‘nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm so’ ho. (1 Timoteo 6:20, 21; Kolosefo 2:8) Nokwarem no, nhomasua ahorow bi a Kristoni de ne ho bɛhyem no betumi asɛe ne gyidi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wosusuw ho sɛ wɔbɛtoa wɔn ntetee anaa adesua so no hu asiane a ɛwɔ nkɛntɛnso bɔne yi mu.

Mose a ‘wɔde Misrifo nyansa nyinaa kyerɛkyerɛɛ no’ no kuraa gyidi a emu yɛ den mu wɔ ne nhomasua a na ɛda adi pefee sɛ anyame pii som ne nkyerɛkyerɛ a egu Onyankopɔn ho fĩ ka ho no nyinaa akyi. (Asomafo no Nnwuma 7:22) Saa ara nso na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ yiye na wɔamma nkɛntɛnso bɔne anni wɔn so wɔ baabiara a wɔwɔ no.

Asiane foforo a ebetumi afi nhomasua ntoaso mu aba ne sɛ nimdeɛ ma obi horan anaa ɔhoahoa ne ho. (1 Korintofo 8:1) Pɛsɛmenkominya adwene ma nnipa pii hwehwɛ nimdeɛ denam nhomasua so, na adwempa mpo a obi de hwehwɛ nimdeɛ no betumi ama wate nka sɛ ɔkorɔn na wabu ne ho kɛse. Onyankopɔn ani nnye su a ɛte sɛɛ ho.—Mmebusɛm 8:13.

Susuw Farisifo no ho. Na nyamesom kuw a agye din yi mufo de wɔn nimdeɛ pii ne atreneefo a wose wɔyɛ no hoahoa wɔn ho. Na wonim rabifo atetesɛm pii paa, na wobuu mpapahwekwaa a na wonnim de no animtiaa, abomfiaa, ne wɔn a wɔadome wɔn mpo. (Yohane 7:49) Eyi akyi no, na wɔn ani bere sika. (Luka 16:14) Wɔn nhwɛso no kyerɛ sɛ, sɛ obi de adwene a ɛnteɛ sua nhoma a, ɛbɛma wayɛ ahomaso anaa n’ani bɛbere sika. Enti, sɛ Kristoni resusuw sukuu ko a ɔbɛkɔ ne faako a ɔbɛkɔ akodu ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ obisa ne ho sɛ: ‘Adwene bɛn na mede yɛ saa?’

Ɛyɛ Asɛm a Ankorankoro na Wosi Ho Gyinae

Te sɛ afeha a edi kan no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nhomanim gu ahorow pii. Ɛdenam wɔn awofo akwankyerɛ so no, ebia mmofra a wowie sukuu a mmara hwehwɛ no betumi apaw sɛ wɔbɛtoa wiase nhomasua so. Saa ara nso na wɔn a wɔanyinyin a wɔpɛ sɛ wotumi hwɛ wɔn mmusua yiye no bebu sukuu a wɔbɛtoa so saa no sɛ ɔkwan pa a wɔbɛfa so adu saa botae no ho.a Nhomasua ahorow bi si nhomanim kɛkɛ so dua sen nsaanodwuma a obi besua. Enti, obi betumi ahu sɛ bere a ɔde bere pii asua nhoma saa awie mpo no, na onni adwuma bi ho nimdeɛ a ɛbɛma wanya adwuma. Eyi nti, ebinom paw sɛ wɔbɛkɔ nsaanodwuma sukuu, a adwene no ne sɛ wɔde bɛyɛ nnwuma a wɔhwehwɛ nnipa ayɛ no.

Sɛnea ɛte biara no, gyinaesi a ɛtete saa no yɛ ankorankoro biara asɛm. Ɛnsɛ sɛ Kristofo kasa tia anaa wobu wɔn ho wɔn ho ntɛn wɔ asɛm yi ho. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Na ɛhena ne wo a wubu obi atɛn?” (Yakobo 4:12) Sɛ Kristoni bi resusuw sɛ ɔbɛtoa sukuu so a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔhwehwɛ n’ankasa adwene a ɔde yɛ saa no mu na ama wahu sɛ ɛnyɛ pɛsɛmenkominya anaa honam fam mfaso na ɛrema wayɛ saa.

Ɛda adi sɛ Bible no hyɛ nhomasua a ɛkari pɛ ho nkuran. Kristofo a wɔyɛ awofo nim mfaso a ɛkyɛn so a ɛwɔ honhom fam nhomasua a egyina Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu so no so, na wɔde afotu a ɛkari pɛ ma wɔn mma wɔ nhomasua ntoaso ho. (2 Timoteo 3:16) Esiane sɛ wɔwɔ adwene a ɛkari pɛ wɔ asetra ho nti, wohu mfaso a ɛwɔ wiase nhomasua a ɛbɛma wɔn mma a wɔanyinyin anya adwumayɛ ho nimdeɛ a ebetumi ama wɔahwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua a wobenya daakye no so. Enti, bere a Kristoni biara resusuw nhomasua a ɔbɛtoa so, ne baabi a ɔbɛtoa so akodu ho no, obetumi agyina ɔsom a ɔde ma Yehowa Nyankopɔn a ‘ɛho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ’ so asi gyinae pa.—1 Timoteo 4:8.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ asɛm yi ho nsɛm pii a, hwɛ November 1, 1992 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 10-21, ne nhomawa Yehowa Adansefo ne Nhomasua, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

“Fa nyansahu ne adwempa sie.”—Mmebusɛm 3:21

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

Bere a ebia Kristoni resusuw ho sɛ ɔbɛtoa ne sukuu so no, ɛbɛyɛ papa sɛ obisa ne ho sɛ, ‘Adwene bɛn na mede yɛ saa?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena