Nhomasua A Wɔma Ɛtra N’afã
MFONINIYƐFO a ne ho akokwaw nim sɛnea wɔyɛ mfonini a ɛyɛ fɛ yiye. Ɔma n’afã horow a ɛwɔ anim pɛɛ no yɛ fɛ yiye sen mfinimfini ne akyi de no. Ɛte saa ara wɔ asetra mu nneɛma a ɛho hia kɛse ho. Ɛsɛ sɛ yɛde adwene si emu bi so kɛse sen afoforo.
Yesu Kristo kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3, NW) Enti, ɛsɛ sɛ yebu honhom mu nneɛma sɛ ɛho hia sen biara. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛnsɛ sɛ yɛma honam fam nneɛma ho hia yɛn pii.
Ɛnde sɛ yɛde nhomasua toto nneɛma afoforo ho a, ɛho hia dɛn? Ɛda adi sɛ Kristoni bu no sɛ ɛho hia. Wiase no nhomasua bi ho taa hia na yɛadi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a ɔsomafo Paulo de mae no ho dwuma: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Afei nso, adwuma a Yesu de maa n’akyidifo sɛ wɔnyɛ asuafo, na ‘wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ nyinaa so’ no hwehwɛ sɛ obi ‘nya nimdeɛ’ na afei ɔkyerɛkyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.—Mateo 28:19, 20; Yohane 17:3; Asomafo no Nnwuma 17:11; 1 Timoteo 4:13.
Nanso, ɛsɛ sɛ ɔma nhomasua tra n’afa. Ɛnsɛ sɛ obi de ne ho hyem a n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛyɛ nhomanimfo kɛse anaasɛ obenya nhomasua adanse nkrataa a wobu no kɛse kɛkɛ. Nhomasua a obi ma ɛho hia no dodo no de abasamtu ba. Ɛyɛ nokware sɛ ebetumi ama woanya bere tiaa mu honam fam mfaso bi de. Nanso sɛnea onyansafo Ɔhene Salomo kae no: “Wode wo nyansa, nimdeɛ ne ahokokwaw nyinaa yɛ biribi ho adwuma, na afei ɛsɛ sɛ wugyaw ne nyinaa ma obi a wanyɛ ho adwuma.”—Ɔsɛnkafo 2:21, Today’s English Version.
Yehowa Adansefo ani gye nhomasua ho, nanso ɛnyɛ wɔn atirimpɔw ne sɛ wobesua nhoma kɛkɛ, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn ho aba mfaso kɛse wɔ Onyankopɔn adwuma mu na wɔatumi ahwɛ wɔn ho. Esiane sɛ wɔmfa wɔn som adwuma no mpɛ mfaso nti, wɔn mu pii yɛ honam fam adwuma na ama wɔanya nea wɔde hwɛ wɔn ho. Eyi betumi ayɛ asɛnnennen ama Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo a wɔfrɛ wɔn akwampaefo no titiriw. Ɛsɛ sɛ wodi ɔsom adwuma no ho bere nhyehyɛe a ɛsodi nyɛ mmerɛw so, na sɛ wɔaware a, wɔyɛ nsiesiei a ɛfata ma wɔne wɔn mmusua.a—Mmebusɛm 10:4.
Bere a Yehowa Adansefo binom susuw ɛho nsɛm ahorow ho no, wɔpawee sɛ wɔbɛtoa wɔn nhomasua so. Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔama nhomasua atra n’afã. Dɛn na aboa wɔn ma wɔayɛ eyi? Brazilni abofra bi a wɔfrɛ no John ka sɛ: “Nneɛma pii na ɛboaa me. Sɛ ɛsɛ sɛ misua ade anadwo mpo a, mamma Kristofo nhyiam ampa me ti so. Meka kyerɛɛ me mfɛfo sukuufo nso pefee fi mfiase sɛ, meyɛ Yehowa Dansefo.”
Eric a ɔno nso fi Brazil de hokwan ahorow kaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ afoforo bere a na ɔretoa ne nhomasua so no. Ɔka sɛ: “Mibuu me sukuu mu sɛ m’asasesin titiriw. Mitumi ne akyerɛkyerɛfo ne sukuufo pii yɛɛ Bible adesua, na mprempren wɔabɔ baanum asu, na baanu resom sɛ mpanyimfo.”
Richard nso san de ne bere fã kɔɔ sukuu konyaa sɛnea wɔyɛ ɔdan nsusuwso ho adansedi krataa. Ɔka sɛ: “Sukuu a mekɔe no boaa me ma minyaa adwuma a mede bɛhwɛ me ho ne me yere, na abue hokwan bi nso ama me. Bere a mekɔɔ Ahenni Asa a wosisi no ahoɔhare so nnwumayɛbea na me ne ɛso ahwɛfo bɔɔ nkɔmmɔ no, mihui sɛ wohia wɔn a wonim sɛnea wɔyɛ adan nsusuwso.b Mprempren mede me nhomasua no redi dwuma pa wɔ nnwuma yi mu. Bio nso, me ne me yere rehwɛ kwan sɛ awiei koraa no yɛbɛsom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ anaasɛ yɛbɛyɛ wɔn amanaman ntam adansi adwuma no bi.”
Bere koro no ara mu no, Yehowa Adansefo pii atumi adi adwumaden a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua, a wɔantoa wɔn nhomasua so. Mary kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mede nnanu siesie nkurɔfo afie mu dapɛn biara de hwɛ me ho. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ dɔnhwerew biara minya sika pii sen nnipa a meyɛ adwuma ma wɔn mo mu binom. Nanso mibu m’adwuma no sɛ nea ɛma minya sika hwɛ me ho kɛkɛ. Ɛma mitumi kɔ so yɛ akwampae adwuma no, na minnuu me ho.”
Steve te nka saa ara. Ɔka sɛ: “Bere a mifii akwampae adwuma ase no, ebinom bisaa me sɛ: ‘Sɛ woware na wunya abusua a, dɛn na wobɛyɛ? So mubetumi anya sika a ɛdɔɔso ahwɛ mo ho?’ Sɛnea ɛbɛdaa adi no, mayɛ nnwuma ahorow pii araa ma manya adwuma pii a wubetumi asusuw ho mu suahu. Mprempren mewɔ yere a ɛsɛ sɛ mehwɛ no, na migye akatua a ɛso sen wɔn a wɔawie sukuupɔn a wɔwɔ yɛn adwumam no mu binom.”
Agyanom a wonnye nni betumi aka sɛ wɔn mma nkumaa ntoa wɔn nhomasua so, na Kyerɛwnsɛm no ma wɔn kwan sɛ wotumi yɛ eyi. Nanso, wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu no, mmofra betumi asua nneɛma a ɛbɛboa wɔn ma wɔn ho aba mfaso kɛse wɔ Yehowa adwuma mu anaasɛ ɛbɛma wɔn kwan mpo ma wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no bere a wɔrekɔ sukuu no ma ɛne Mateo 6:33 ahyia.
Nhomasua a Ɛsen Biara
Ade biako bi wɔ hɔ a Yehowa Adansefo nyinaa nim, a ɛmfa ho sɛnea wɔn mu biara nhomasua gyinapɛn te. Wonim sɛ nhomasua a ɛho hia sen biara nnɛ no gyina Onyankopɔn Asɛm Bible no so. Yohane 17:3, NW ka sɛ: “Na eyi kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” Nhomasua ko a Kristoni nsa ka no mfa ho, ɛsɛ sɛ ɔde Yehowa ne ne Ba, Yesu, ho nimdeɛ a obenya no di kan.
Afeha a edi kan no mu Kristofo yɛɛ saa nhwɛso yi. ‘Wɔyɛn Manaen ne ɔmansinhene Herode faako,’ nanso na ɔka Antiokia asafo no mu adiyifo ne akyerɛkyerɛfo ho na na ɔyɛ nnam. (Asomafo no Nnwuma 13:1) Saa ara nso na Paulo nyaa nhomasua a ɛte sɛ nnɛ sukuupɔn mu nhomasua. Nanso, ɔbɛyɛɛ Kristoni akyi no, ɔmaa ne ntetee no traa n’afã. Sɛ́ anka ɔde bedi dwuma ma afoforo asuro no no, ɔde asetra, mmara ne abakɔsɛm ho nimdeɛ a na ɔwɔ no kaa asɛm kyerɛɛ nnipa ahorow pii.—Asomafo no Nnwuma 16:37-40; 22:3; 25:11, 12; 1 Korintofo 9:19-23; Filipifo 1:7.
Ɛnyɛ afeha a edi kan no mu Kristofo nhomasua titiriw na na wɔde nim wɔn. Ná wɔn mu pii ‘nsuaa nhoma na na wɔyɛ mpapahwekwa’ a wɔntetee wɔn wɔ rabifo sukuu ahorow mu. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔansua nhoma. Nea ɛne eyi bɔ abira no, na wɔasiesie mmarima ne mmea yi ma wɔbɔ wɔn gyidi ho ban—tumi a edii adanse sɛ wɔanya adesua a ɛwɔ nhyɛase a ɛyɛ den.—Asomafo no Nnwuma 4:13.
Enti, Kristofo nyinaa ani gye nhomasua ho yiye. Bere koro no ara no, wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛsɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ,’ na wɔma nhomasua—ne ade foforo biara—tra n’afa a ɛfata.—Filipifo 1:9, 10.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ nhomanimfo kɛse no paw sɛ ɔbɛpam ntamadan de ahwɛ ne ho wɔ ɔsom adwuma no mu, adwuma a ebetumi aba sɛ osua fii ne papa hɔ. Ná ntamadan pam nyɛ mmerɛw. Ná abirekyi nhwi a wɔde pam a wɔfrɛ no cilicium no yɛ kyenkyenenn weserekaa, na na ɛma ɛyɛ den sɛ wobetwitwa apam.—Asomafo no Nnwuma 18:1-3; 22:3; Filipifo 3:7, 8.
b Asɛm “wosisi no ahoɔhare so” kyerɛ nhyehyɛe pa kɛse bi a Yehowa Adansefo ayɛ a wɔde sisi adan. Wɔmma wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma yi akatua; wɔde wɔn bere ne wɔn nneɛma ma a wonnye ho sika. Wɔnam ɔkwan yi so sisi Ahenni Asa foforo bɛyɛ 200, na wosiesie 200 foforo afe biara wɔ United States.
[Kratafa 7 adaka]
Onyaa Nkamfo Kɛse a Ɛfata
Bere a aka afe ma Matthew awie ntoaso sukuu no, osusuw sɛnea obetumi ahwɛ ne ho bere a ɔyɛ adwuma sɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo no ho anibere so. Bere a Matthew ne n’awofo de mpaebɔ susuw asɛm no ho wiei no, wɔtee nka sɛ ne nhomasua a ɔbɛtoa so no bɛboa ma wadu ne botae no ho. Enti, obisaa nhomasua mu mmoa. Matthew sukuu ho fotufo de nkamfo krataa kaa ho sɛ:
“Ɛyɛ me anigye sɛ mayɛ Matt fotufo ne adamfo wɔ mfe abien a atwam no mu. Matt yɛ obi a ɔwɔ nhyɛase pa . . . Ɔwɔ gyidi ne ahotoso a emu yɛ den a ɛda adi wɔ ɔne afoforo ntam abusuabɔ ne nneyɛe mu.
“Mfe dodow bi ni no, Matthew resua ɔsom adwuma no. Wɔmma n’asɔre no mu somfo sika fam akatua biara. Ɛyɛ adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛ ankasa. Aberante yamyefo Matthew dwen afoforo ho. Nhomasua mu mmoa yi a aberante a ɔpɛ Nyankopɔn som yi rebisa no bɛma watumi ahwɛ ne ho na watoa ne ntetee ne adwuma a watu ne ho ama reyɛ no so.
“Wɔ adwuma a wotu ho ma ne ɔman adwuma yɛ fam no, Matt de nnɔnhwerew pii ayɛ afie afie asɛnka adwuma dapɛn awiei ne bere a wapɔn sukuu ne ahohuru bere mu. Ɔne nnipa ahorow pii yɛ adwuma wɔ kurow no mu. Matt ada tumi a otumi di nneɛma anim ne n’ahokokwaw adi denam Bible adesua a ɔne mmofra ne mpanyin nyinaa yɛ no so. . . . Otumi kanyan nnipa na ɔboa wɔn ma wodu nea wobetumi ayɛ ho ankasa. Akyerɛkyerɛfo aka sɛ onya afoforo so nkɛntɛnso pa bere nyinaa wɔ sukuu mu. Odi nneɛma a sukuufo susuw ho anim na onim sɛnea woyi nsɛm ano yiye.
“Matt yɛ mmerante a wɔbɔ mmɔden yiye a ɛyɛ me anigye sɛ matu wɔn fo no mu biako. N’atipɛnfo ne n’akyerɛkyerɛfo pɛ n’asɛm na wobu no yiye nso. Ɔyɛ ɔnokwafo kɛse.”
[Kratafa 9 mfonini]
Ade titiriw nti a Yehowa Adansefo ani gye nhomasua ho ne sɛ ɛbɛma wɔayɛ Onyankopɔn asomfo a wotu mpɔn