Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/1 kr. 15-21
  • Nhomasua A Ɛwɔ Atirimpɔw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhomasua A Ɛwɔ Atirimpɔw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahokokwaw ho Hia na Yɛayɛ Asomfo a Wotu Mpɔn
  • Nhomasua Pa mu Mfaso Horow
  • Nhomasua a Ɛfata
  • Nhomasua ho Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Ɛho a Wubesusuw
  • Nnipa a Wɔyɛ Biako a Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn
  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?
    Nyan!—1998
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nhomasua A Wɔma Ɛtra N’afã
    Nyan!—1994
  • So Ɛsɛ Sɛ Me Ba Kɔ Sukuu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/1 kr. 15-21

Nhomasua A Ɛwɔ Atirimpɔw

“Ma ɔtreneeni nya nimdeɛ, na ɔbɛkɔ so wɔ adesua mu.”​—MMEBUSƐM 9:9, New World Translation.

1. Dɛn na Yehowa hwɛ kwan wɔ n’asomfo ho wɔ nimdeɛ ho?

YEHOWA yɛ “nimdeɛ Nyankopɔn.” (1 Samuel 2:3) Ɔkyerɛkyerɛ n’asomfo. Mose hyɛɛ nkɔm sɛ Israelfo no bere so aman afoforo bɛka wɔn ho asɛm sɛ: “Ampa ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi!” (Deuteronomium 4:6) Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ animdefo saa ara. Ɛho hia sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Asɛm no asuafo pa. Ɔsomafo Paulo rekyerɛ adesua a ɛte sɛɛ atirimpɔw no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn nso . . . yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, sɛ ne pɛ ho nokware nimdeɛ nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ mu.”​—Kolosefo 1:9, 10, NW.

2. (a) Dɛn na ɛho hia na ama obi anya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo Sodikuw no adi asɛm yi ho dwuma?

2 Ade a wosua a adwene no ne sɛ wobenya Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ no gye, anyɛ yiye koraa no, nhomasua kakra. Nanso nnipa pii a wɔabehu nokware a Onyankopɔn Asɛm yɛ no tete aman a sɛ wobenya honam fam nhomasua pa hokwan mpo a, ɛyɛ kakraa bi, mu. Wɔn tebea nnye. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi ɔhaw yi so no, Yehowa Adansefo Sodikuw no de mfe pii akyerɛkyerɛ sɛ wɔnhyehyɛ akenkan ne akyerɛw sukuu wɔ asafo ahorow no mu wɔ faako a ɛho hia. Bɛboro mfe 30 a atwam ni no, Brazilfo atesɛm krataa Diário de Mogi tintimii asɛm bi a eti asɛm se “Yehowa Adansefo Tu Akenkan ne Akyerɛw a Wonnim so Sa.” Ɛkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata fi ase . . . de boasetɔ kyerɛkyerɛ afoforo akenkan ne akyerɛw. . . . Esiane tebea a ɛkanyan adesuafo no sɛ Onyankopɔn asomfo no nti, ɛsɛ sɛ wɔma ɔkasa no ho nimdeɛ a wɔwɔ no nya nkɔso na wɔatumi ama ɔkasa ahorow.” Wɔnam eyi so ama nnipa mpempem pii abɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no ho adesuafo pa wɔ wiase nyinaa. Wɔde wɔn ho hyɛɛ mfitiase nhomasua yi mu a wɔwɔ atirimpɔw a ɛkorɔn.

Ahokokwaw ho Hia na Yɛayɛ Asomfo a Wotu Mpɔn

3, 4. (a) Dɛn nti na nokware Kristofo ani gye nhomasua ho? (b) Ná tebea no te dɛn wɔ Israel, na mfitiase nhomasua bɛn na ɛho hia wɔ yɛn asafo ahorow no mu nnɛ?

3 Nokware Kristofo ani gye nhomasua ho, nanso ɛnyɛ ɛno titiriw nti, na mmom yɛ a ɛbɛma yɛayɛ Yehowa asomfo a wotu mpɔn kɛse ntia. Kristo de adwuma yi maa Kristofo nyinaa sɛ “monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa di kan sua ade, na eyi gye akwan pa a wɔfa so sua ade. Ɛsɛ sɛ wotumi hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye. (Asomafo no Nnwuma 17:11) Sɛ wobedi wɔn ahyɛde yi ho dwuma a, ɛho hia nso sɛ wohu akenkan yiye.—Hwɛ Habakuk 2:2; 1 Timoteo 4:13.

4 Sɛnea yehuu wɔ adesua a edi kan no mu no, yɛwɔ ntease pa nti a yebetumi agye adi sɛ na mmofra mpo a wɔwɔ tete Israel no pii nim akenkan ne akyerɛw. (Atemmufo 8:14; Yesaia 10:19) Ɛho hia sɛ Kristofo asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ kyerɛwtohɔ fɛfɛ bere a wodi adanse wɔ afie afie mu no. Wɔkyerɛw nkrataa, wɔyɛ kyerɛwtohɔ wɔ nhyiam horow ase, na wɔkyerɛkyerɛw nsɛm wɔ adesua nsɛm no ase, Eyi nyinaa gye akyerɛw a emu da hɔ. Anyɛ yiye koraa no, Kristofo asafo mu kyerɛwtohɔ ahorow ho dwumadi gye akontaabu ho nimdeɛ kakra.

Nhomasua Pa mu Mfaso Horow

5. (a) Ɛhe na asɛmfua “sukuu” no fi? (b) Hokwan bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra de di dwuma?

5 Nea ɛyɛ anigye no, asɛmfua “sukuu” no fi Hela asɛmfua skho·leʹ, a mfitiase no na ɛkyerɛ “ahomegye” anaa ahomegye bere a wɔde yɛ biribi a ɛho hia te sɛ adesua. Akyiri yi ebegyinaa hɔ maa beae a wɔyɛ adesua a ɛte sɛɛ no. Eyi kyerɛ sɛ, bere bi mu no, nnipa atitiriw bi​—a wɔwɔ Hela ne aman afoforo pii so​—pɛ na wonyaa ahomegye de suaa ade. Adwumayɛfo kuw no yɛɛ wɔn a wonnim hwee. Wɔ aman pii mu nnɛ no, wɔma mmofra ne mmerante ne mmabaa bere ma wɔde sua ade. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Adansefo nkumaa tɔ bere de yɛ animdefo ne Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw.​—Efesofo 5:15, 16.

6, 7. (a) Nhomasua a eye mu mfaso no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Akwan bɛn so na ɔman foforo so kasa a wubesua no ho betumi aba mfaso? (d) Tebea no te dɛn nnɛ bere a mmofra pii wie sukuu no?

6 Abakɔsɛm, asase ho nsɛm, nyansahu, ne nea ɛtete saa ho nimdeɛ kakraa a Adansefo nkumaa benya bɛma wɔayɛ asomfo a wɔkari pɛ. Ɛnyɛ nneɛma ahorow pii ho ade nko na sukuukɔ no bɛma wɔahu, na mmom sɛnea wosua ade nso. Nokware Kristofo nnyae nhomasua ne adesua bere a wɔafi sukuu. Nanso nea wonya fi wɔn adesua no mu no begyina nim a wonim sɛnea wosua ade no so kɛse. Wiase adesua ne asafo mu de nyinaa betumi aboa wɔn ama wɔn adwene nsusuwii anya nkɔanim. (Mmebusɛm 5:1, 2) Sɛ wɔkenkan ade a, ɛbɛma wɔahu nea ɛho hia, nea ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow na wɔkae no yiye.

7 Sɛ nhwɛso no, sɛ mmofra sua ɔman foforo so kasa a, ɛnyɛ wɔn adwenem nko na ebebue, na mmom ɛbɛma wɔn ho aba Yehowa ahyehyɛde no mfaso kɛse nso. Wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea binom mu no, mmerante ne mmabaa pii ahu sɛ eye sɛ wotumi ka anaasɛ wotumi kenkan Engiresi kasa yiye. Bio nso, ɛsɛ sɛ Kristofo asomfo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobetumi aka wɔn kurom kasa yiye. Ɛho hia sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ɛne ɔkasa mmara hyia so. Nokwasɛm ahorow kyerɛ sɛ wɔ wiase no mu nnɛ no, mmofra pii wie sukuu bere a wontumi nkyerɛw, na wɔnka kasa yiye, wontumi mmu akontaa a ɛyɛ mmerɛw mpo, na abakɔsɛm ne asase ho nsɛm ho nimdeɛ kakraa bi pɛ na wɔwɔ.

Nhomasua a Ɛfata

8. Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛfa wiase nhomasua ne hwɛ a obi betumi ahwɛ ne ho no ho?

8 Enti, ɛte sɛ nea eyi ne bere a ɛfata sɛ yesusuw Kristoni su wɔ wiase nhomasua ho no ho. Bible nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛfa asɛm yi ho? Nea edi kan no, wɔ aman pii mu no, ahobrɛase pa ma “Kaesare” hwehwɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo de wɔn mma kɔ sukuu. (Marko 12:17; Tito 3:1) Ɛdefa Adansefo nkumaa ho no, ɛsɛ sɛ wɔkae Kolosefo 3:23 wɔ wɔn sukuu dwumadi mu sɛ: “Adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa] na monyɛ mma nnipa.” Nnyinasosɛm a etia abien wom ne sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo tumi hwɛ wɔn ho, sɛ wɔyɛ bere nyinaa akwampaefo asomfo mpo a. (2 Tesalonikafo 3:10-12) Sɛ obi aware a, ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne yere ne mma biara a ebia wɔbɛwo wɔn no yiye na onya kakraa a ɔde bɛma wɔn a ahia wɔn ne nea ɔde bɛboa asɛnka adwuma no wɔ n’asafo mu ne wiase nyinaa.​—Efesofo 4:28; 1 Timoteo 5:8.

9, 10. (a) Dɛn na ɛte sɛ nea ɛrekɔ so wɔ nsase pii so? (b) Dɛn na ɔsomfo ɔkwampaefo bebu no sɛ akatua a ɛfata?

9 Nhomasua a ekodu he na Kristoni abofra hia na ama ɔde Bible nnyinasosɛm horow yi adi dwuma, adi ne Kristofo asɛyɛde ahorow no ho dwuma? Ɛsono eyi wɔ ɔman biara mu. Nanso, wɔ ne nyinaa mu no, ɛte sɛ nea nea ɛrekɔ so wɔ nsase pii so ne sɛ sukuu gyinapɛn a ehia na obi atumi anya akatua a eye no akɔ soro mprempren sen sɛnea na ɛte mfe kakraa a atwam ni no. Amanneɛbɔ ahorow a nsa aka afi Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ wiase afã horow kyerɛ sɛ wɔ mmeae pii no, ayɛ den sɛ wobenya nnwuma a akatua no ye bere a wɔawie mfitiase sukuu a mmara hwehwɛ no, anaasɛ wɔ aman binom so no, bere a wɔawie ntoaso sukuu akyi mpo no.

10 Sɛ wɔka “akatua a eye” a, dɛn na ɛkyerɛ? Ɛnkyerɛ nnwuma a wogye akatua kɛse. Webster’s Dictionary kyerɛ “eye” ase wɔ ha sɛ “nea ɛfata, ɛsɔ ani.” Sɛ nhwɛso no, dɛn na ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ asɛmpa no ho asomfo akwampaefo no? Nea saafo no taa hia ne adwuma a wɔde bere fã yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa “adesoa a emu yɛ duru” nto wɔn nuanom anaa wɔn abusuafo so. (1 Tesalonikafo 2:9, NW) Wobetumi aka wɔn akatua ho asɛm sɛ “nea ɛfata,” anaasɛ “ɛsɔ ani,” sɛ nea wonya no ma wɔtra ase sɛnea ɛsɛ na wonya bere ne ahoɔden a ɛdɔɔso de yɛ wɔn Kristofo adwuma no a.

11. Dɛn nti na mmerante ne mmabaa binom agyae akwampae adwuma no, na asemmisa bɛn na ɛsɔre?

11 Mpɛn pii no, tebea no te dɛn nnɛ? Wɔabɔ amanneɛ sɛ wɔ aman binom mu no, mmerante ne mmabaa a wokura adwempa pii agyae sukuukɔ bere a wowiee mfitiase sukuu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ akwampaefo. Wonni nsaanodwuma anaa nhomasua adansedi krataa biara. Sɛ wɔn awofonom ammoa wɔn a, na ɛsɛ sɛ wɔpɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ. Ebinom ayɛ nnwuma ahorow a egye nnɔnhwerew pii ansa na wɔatumi atra ase. Esiane sɛ ɛma wɔbrɛe nti, wogyaee akwampae adwuma no. Dɛn na saafo yi betumi ayɛ na ama wɔatumi ahwɛ wɔn ho asan aba akwampae adwuma no mu?

Nhomasua ho Adwene a Ɛkari Pɛ

12. (a) Ɛdefa nhomasua ho no, adwene abien a ennye bɛn na Kristoni bɛkwati? (b) Wɔ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so ne wɔn mma fam no, atirimpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ nhomasua di ho dwuma?

12 Nhomasua ho adwene a ɛkari pɛ betumi aboa. Wɔ mmofra a wɔwɔ wiase no pii fam no, nhomasua so na wogyina hu obi dibea wɔ asetram, biribi a ɛbɛma wɔakɔ anim wɔ asetram, nea ɛbɛma wɔanya asetra kwan a yiyedi ne ahonya wom. Afoforo fam no, sukuukɔ yɛ adwuma a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wie no ntɛm ara. Adwenhorow yi mu biara nnye mma nokware Kristofo. Ɛnde, dɛn na yebetumi aka sɛ ɛyɛ “adwene a ɛkari pɛ”? Ɛsɛ sɛ Kristofo bu nhomasua sɛ nea wɔnam so du botae bi ho. Wɔn atirimpɔw wɔ nna a edi akyiri yi mu ne sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so sɛnea wobetumi biara. Wɔ ɔman a wɔte mu no mu no, sɛ nea mfitiase anaa ntoaso sukuu bɛma wɔanya ara ne nnwuma a ɛremma wonnya akatua a ɛbɛsõ wɔn sɛ akwampaefo a, ɛnde ebia ɛsɛ sɛ wosusuw nhomasua anaa adwumasua foforo a ɛbɛboa wɔn ho. Botae titiriw a wɔde bɛyɛ eyi ne bere nyinaa som adwuma no.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na onuawa bi a ɔwɔ Philippines atumi akɔ so ayɛ n’akwampae adwuma bere a odi n’abusua asɛyɛde ahorow ho dwuma no? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛyɛ ne bere mu de?

13 Ebinom akosua nnwuma ahorow a ama wɔanya nnwuma a ɛma wotumi yɛ bere nyinaa som adwuma anaasɛ wɔasan aba mu bio. Ná onuawa bi wɔ Philippines a ɔno na ɔhwɛ n’abusua, na ɔpɛe sɛ ɔyɛ akwampae adwuma. Baa dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ: “Watumi ayɛ eyi esiane sɛ watoa ne nhomasua no so ama wafata sɛ sika akontaabufo nti.” Baa dwumadibea no amanneɛbɔ koro no ara kae sɛ: “Yɛwɔ anuanom pii a wɔresua ade na bere koro no ara wɔatumi ayɛ akwampae ho nhyehyɛe. Wɔtaa yɛ adawurubɔfo pa bere a wɔasua ade akɔ akyiri kakraa no, sɛ wɔamma wiase nneɛma yi akyidi anyɛ wɔn anibere kɛse a.” Ɛsɛ sɛ asɛm a etwa to no ma yesusuw nneɛma ho. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi atirimpɔw nti a yɛtoa sukuu so wɔ faako a eyi ho hia no, anaasɛ yɛma botae no dan yɛ honam fam ade dodowpɛ de.

14, 15. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ mmara katee bi wɔ nhomasua ho? (b) Nhomasua bɛn na anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no binom no nyae, nanso dɛn na wɔanya ahyɛ eyi anan mu?

14 Wɔ aman kakraa bi so no, ntoaso sukuu de nsaanodwuma ho ntetee a ebetumi asiesie Kristoni abofra ma wanya nsaanodwuma bere a obewie sukuu no ma. Wɔ nsase afoforo a eyi nte saa so mpo no, mmofra a wɔyɛ nsi a mfitiase sukuu nkutoo na wɔakɔ nya nnwuma a wɔde bere fã yɛ a ɛma wonya nea ɛsɛ de yɛ akwampae adwuma. Enti ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ mmara katee bi wɔ nhomasua a wɔtoa so anaa dabi ho.

15 Nnipa pii a mprempren ɔsom ho asɛyɛde ahorow hyehyɛ wɔn nsa te sɛ ahwɛfo akwantufo, wɔn a wɔwɔ Asafo ti adwumayɛbea ti, anaa baa dwumadibea ahorow no bi mu no nhomasua yɛ mfitiase de no ara. Ná wɔyɛ akwampaefo anokwafo a wɔannyae adesua da, a wɔde ntetee maa wɔn, na wɔde asɛyɛde akɛse ahyehyɛ wɔn nsa. Wonnuu wɔn ho ɛ. Nanso wɔn mfɛfo a wɔpawee sɛ wɔbɛkɔ sukuupɔn no binom hwehwee ase, “wiase nyansa” sɛee wɔn gyidi.​—1 Korintofo 1:19-21; 3:19, 20; Kolosefo 2:8.

Ɛho a Wubesusuw

16. (a) Hena na osi gyinae wɔ sukuu a wɔbɛtoa so ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma edi kan wɔ wɔn adwenem? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho?

16 Hena na osi gyinae sɛ ebia ɛsɛ sɛ Kristoni abofra toa ne nhomasua anaa ntetee so anaa dabi? Bible nnyinasosɛm a ɛfa tiyɛ ho no ho asɛm wɔ ha. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 6:1) Esiane eyi nti, akyinnye biara nni ho sɛ awofo bɛpɛ sɛ wɔde akwankyerɛ ma wɔn mma wɔ nsaanodwuma anaa adwuma a wɔbɛpaw, ne afei nhomasua a ɛho behia wɔ eyi mu no ho. Wɔ aman pii mu no, ɛsɛ sɛ wodi kan paw nhomasua ne adwuma bere a obi wɔ ntoaso sukuu. Ɛno ne bere a ehia sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo ne mmofra hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na ama wɔapaw nea nyansa wom a Ahenni nneɛma di kan wɔ wɔn adwenem. Mmofra nsusuwii ne wɔn mmɔdenbɔ sonosonoe. Awofo a wɔwɔ nyansa besusuw eyinom ho. Nidi wɔ adwuma a wɔde nokwaredi yɛ nyinaa mu, sɛ́ ɛyɛ ahoɔden nnwuma anaa office de. Bere a ebia wiase no bɛkamfo office adwuma na abu adwumaden a obi de ne nsa yɛ animtiaa no, Bible no nyɛ saa. (Asomafo no Nnwuma 18:3) Enti sɛ nnɛ, awofo ne Kristofo mmofra de ahwɛyiye ne mpaebɔ susuw mfaso ne asiane a ɛwom ho wie, na wosi gyinae sɛ wɔbɛma wɔn mma atoa adesua so bere a wɔawie ntoaso sukuu anaasɛ dabi a, ɛnsɛ sɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu kasa tia wɔn.

17. Dɛn na awofo a wɔyɛ Adansefo binom paw ma wɔn mma?

17 Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo si gyinae sɛ wɔbɛma wɔn mma atoa nhomasua so bere a wɔawie ntoaso sukuu a, ɛno yɛ wɔn asɛm. Nhomasua yi tenten begyina adwuma ko a wɔpaw no so. Esiane sikasɛm ne sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra no betumi de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu ntɛm ara nti, awofo a wɔyɛ Kristofo pii apaw nnwuma a ne sua nnye bere pii a wɔkyerɛ wɔ nsaanodwuma anaa tɛknikal sukuu ahorow mu ama wɔn mma. Wɔ mmofra afoforo fam no, ɛho behiae sɛ wokosua nsaanodwuma wɔ adwuma bi mu, nanso botae a wɔde yɛ saa bere nyinaa ne wɔn nkwa nna nyinaa a wɔde bɛsom Yehowa.

18. Sɛ ɛba sɛ wɔtoa nhomasua so a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra adwenem?

18 Sɛ ɛba sɛ wɔtoa nhomasua no so a, ɛnsɛ sɛ adwene a wɔde yɛ saa ne sɛ wobehu sɛ wɔyɛ nhomanimfo anaasɛ wɔhwehwɛ wiase adwuma bi a nidi kɛse wom nti. Ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye paw nneɛma a wobesua. Nsɛmma nhoma yi asi nhomasua a ɛkɔ akyiri mu asiane ahorow so dua, na ntease wom sɛ ɛyɛ saa, efisɛ nhomasua a ɛkɔ akyiri pii sɔre tia Bible “ɔkyerɛkyerɛ pa” no. (Tito 2:1; 1 Timoteo 6:20, 21) Bio nso, efi 1960 mfe no mu reba yi no, sukuupɔn no pii mu abɛyɛ baabi a nsɛmmɔnedi ne ɔbrasɛe kɔ so kɛse. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhyɛ tebea a ɛte saa mu a wɔbɛkɔ akɔhyɛ no ho nkuran koraa. (Mateo 24:12, 45) Nanso, nokwasɛm ne sɛ ɛnnɛ mmofra hyia asiane ahorow koro yi ara wɔ ntoaso ne tɛknikal sukuu ahorow mu ne wɔ adwumayɛbea mpo.​—1 Yohane 5:19.a

19. (a) Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wosi gyinae sɛ wɔbɛtoa nhomasua so no de di dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na ebinom de wɔn nhomasua adi dwuma ma ɛho aba mfaso?

19 Sɛ wosi gyinae sɛ ɛsɛ sɛ Ɔdansefo kumaa bi toa ne nhomasua so a, ɛbɛyɛ papa sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔtra fie kɔ sukuu no na ama watumi akura Kristofo adesua su mu, akɔ nhyiam ahorow no ne asɛnka. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔpaw Bible nnyinasosɛm ho gyinabea a ɛfata fi mfiase pɛɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na Daniel ne ne Hebrifo nnamfo baasa no wɔ nkoasom mu bere a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonsua nhoma a ɛkɔ akyiri wɔ Babilon no, nanso wɔkɔɔ so ara kuraa wɔn mũdi mu. (Daniel, ti 1) Bere a wɔde honhom mu nneɛma di kan no, Adansefo nkumaa a wɔwɔ aman pii so akɔ sukuu ahorow a ɛbɛma wɔatumi ayɛ nnwuma a wɔde bere fã yɛ te sɛ sika akontaabufo, nsaano adwumayɛfo, akyerɛkyerɛfo, nhoma anaa nsɛm asekyerɛfo, anaa nnwuma afoforo a atumi aboa wɔn wɔ wɔn adwuma titiriw a ɛne akwampae no mu. (Mateo 6:33) Mmofra yi mu pii abɛyɛ ahwɛfo akwantufo anaa Betel adwumayɛfo akyiri yi.

Nnipa a Wɔyɛ Biako a Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn

20. Wiase no mu mpaapaemu bɛn na enni afã biara wɔ Yehowa nkurɔfo mu?

20 Wɔ Yehowa nkurɔfo mu no, sɛ́ obi yɛ office adwuma, nsaanodwuma, kuadwuma, anaa nnwuma afoforo bi no, ɛho hia sɛ yɛn nyinaa yɛ Bible asuafo ne akyerɛkyerɛfo pa. Ahokokwaw a yɛn nyinaa anya wɔ akenkan, adesua, ne ɔkyerɛkyerɛ mu no yi mpaapaemu a wiase no ma ɛba nsaano adwumayɛfo ne office adwumayɛfo ntam no fi hɔ. Eyi na ɛde biakoyɛ ne obu a ɛda adi kɛse wɔ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama wɔ Betel afie mu ne wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adansibea ahorow, faako a honhom mu su horow ne nea ehia kɛse a wɔhwehwɛ wɔ obiara ho no aba. Ɛha na office adwumayɛfo a wɔwɔ osuahu ne nsaano adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw de anigye yɛ adwuma a obiara yi ɔdɔ adi kyerɛ ne yɔnko.​—Yohane 13:34, 35; Filipifo 2:1-4.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristofo nkumaa botae?

21 Awofo, monkyerɛ mo mma kwan nkɔ botae a ɛbɛma wɔabɛyɛ wiase foforo asafo no mufo a wɔn ho wɔ mfaso ho! Kristofo nkumaa, momfa nhomasua hokwan horow a moanya no nni dwuma sɛ nea wɔnam so siesie mo na ama moaso Yehowa som mu hokwan ahorow a mowɔ no mu yiye! Sɛ́ wɔn a wɔakyerɛkyerɛ wɔn no, ɛmmra sɛ mo nyinaa bɛda mo ho adi sɛ teokrase asafo no mufo a wɔasiesie wɔn yiye mprempren ne daa wɔ Onyankopɔn “asase foforo” a wahyɛ ho bɔ no so.​—2 Petro 3:13; Yesaia 50:4; 54:13; 1 Korintofo 2:13.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ September 1, 1975 The Watchtower, nkratafa 542-4 nso.

Sɔ W’adwene Hwɛ sɛ Wokae a

◻ Dɛn nti na nokware Kristofo ani gye nhomasua ho?

◻ Nhomasua ho adwenhorow a ennye bɛn na nokware Kristofo bɛkwati?

◻ Nhomasua a wɔtoa so mu asiane ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho, na ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma?

◻ Wiase no mu mpaapaemu bɛn na enni afã biara wɔ Yehowa nkurɔfo mu?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Sɛ Kristofo nkumaa sua ade yiye a, wobetumi abɛyɛ wiase foforo asafo no mufo a wɔn ho wɔ mfaso

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Sɛ obi paw sɛ ɔbɛtoa ne nhomasua so a, ɛsɛ sɛ nea ɛkanyan no ma ɔyɛ saa no yɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsom Yehowa yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena