Mmofra a Wɔkae Wɔn Bɔfo
“Kae wo Bɔfo Kunini no nnɛ wɔ wo mmerantebere mu.”—ƆSƐNKAFO 12:1, NW.
1. Nsɛm bɛn na abofra bi a wadi mfe 11 kae a ɛda no adi sɛ obu yɛn Bɔfo no sɛ obi ankasa?
HWƐ fɛ a ɛyɛ sɛ mmofra bɛkasa na wɔayɛ ade wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wobu Yehowa Nyankopɔn sɛ obi ankasa a wɔn ani gye ne ho na wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani so! Abarimaa bi a wadi mfe 11 kae sɛ: “Sɛ ɛka me nkutoo na sɛ mehwɛ mpomma mu a, mihu sɛnea Yehowa abɔde yɛ fɛ fa. Afei meyɛ sɛnea Paradise bɛyɛ fɛ daakye ne sɛnea metumi aso mmoa no mu saa bere no ho mfonini wɔ m’adwene mu.” (Yesaia 11:6-9) Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ ɛka me nkutoo a, mebɔ Yehowa mpae. Minim sɛ ne bo remfuw me sɛ me ne no bɛkasa bere nyinaa. Minim sɛ ɔwɔ hɔ a ɔrehwɛ me bere nyinaa.” So wubu yɛn Bɔfo no sɛ obi ankasa te sɛ abarimaa yi?
Ɔkwan Bɛn so na Wubu Onyankopɔn sɛ Obi Ankasa?
2. (a) Ɔkwan bɛn so na wo Bɔfo betumi ayɛ obi ankasa ama wo? (b) Ɔfã bɛn na awofo betumi anya wɔ wɔn mma a wɔbɛboa wɔn ma wɔahu sɛ Onyankopɔn yɛ obi ankasa no mu?
2 Sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow no ayɛ paa ara ama wo no, ɛsɛ sɛ wudi kan sua ɔno ne daakye a ɛyɛ anigye a ɔde ahyɛ wo bɔ wɔ trenee wiase foforo a Bible ka ho asɛm no ho ade. (Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ w’awofo akyerɛ wo saa nsɛm yi a, ɛsɛ sɛ wokyerɛ ho anisɔ efisɛ eyi ma wutie ahyɛde a efi honhom mu yi: “Kae wo Bɔfo Kunini no nnɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:1, NW) Ababaa bi kaa ntetee a n’awofo de maa no wɔ ne mmofraberem no ho asɛm sɛ: “Asetra mu biribiara twee adwene sii Yehowa so. Eyi ne ade a ɛma mekaee me Bɔfo.” Ababaa foforo kae sɛ: “Mɛkyerɛ m’awofo ho anisɔ daa sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ Yehowa yɛ obi ankasa. Wɔkyerɛɛ me ɔkwan a mɛfa so adɔ no, na wɔkaa sɛnea ɛyɛ anigye sɛ obi de bere nyinaa bɛsom no.”
3, 4. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woasusuw Yehowa ho sɛ obi ankasa?
3 Nanso, ɛyɛ nnipa pii den sɛ wobehu Onyankopɔn sɛ obi ankasa a n’ani gye wɔn ho? Wo nso ɛyɛ wo saa? Asɛm yi a ɛbaa Ɔwɛn-Aban mu no boaa abofra bi ma osusuw Onyankopɔn ho sɛ obi ankasa: “Sɛnea Yehowa Nyankopɔn nipadua kɛse te de, yennim.” Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn korɔn no nnyina ne kɛse anaa esu a okura so sɛnea saa Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a edi hɔ no kae no: “Ne kɛseyɛ ankasa gyina Onyankopɔn ko a ɔyɛ no so,” ampa ara, ɔyɛ nokware, mmɔborohunu, ne ɔdɔ Nyankopɔn a ɔde bɔne firi.a (Exodus 34:6; Deuteronomium 32:4; Dwom 86:5; Yakobo 5:11) Woabehu Yehowa sɛ obi a ɔte saa, ɔyɔnko a wotumi de ho to ne so a wubetumi ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den?—Yesaia 41:8; Yakobo 2:23.
4 Yesu boaa n’akyidifo a wodi kan no ma wɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ sɛ́ ankorankoro. Enti, bere a ɔsomafo Yohane kyerɛw n’anidaso a ɛne owusɔre a ɛde kɔ ɔsoro asetra mu ho asɛm no, Yohane kae sɛ: “Yɛbɛyɛ sɛ ɔno, [Nyankopɔn] efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.” (1 Yohane 3:2; 1 Korintofo 15:44) Wobetumi aboa mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ma wɔabu Onyankopɔn sɛ obi ankasa, obi a wobetumi ahu no yiye, ɛmfa ho mpo sɛ wontumi mfa wɔn ani nhu no no. Aberante bi kae sɛ: “M’awofo boaa me ma mekaee Yehowa denam bisa a wobisaa me nsɛm pii te sɛ, ‘Dɛn na Yehowa ka wɔ ho? Ɔkwan bɛn so na wubetumi de w’ankasa nsɛm akyerɛkyerɛ mu? Dɛn na ɛno kyerɛ?’ no so.” So nsɛmmisa a ɛte sɛ eyinom mma yensusuw yɛn ankasa ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho?
Nea Kae a Yɛbɛkae no Kyerɛ
5. Bible mu nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ sɛ kae a wobɛkae obi no kyerɛ pii sen ne din a wobɛkae?
5 Tie a yebetie ahyɛde a ese, “Kae wo Bɔfo Kunini no nnɛ” no kyerɛ pii sen Yehowa ho a yebesusuw kɛkɛ. Ɛhwehwɛ sɛ yɛkeka yɛn ho yɛ nea ɛsɔ n’ani. Bere a omumɔyɛfo no srɛɛ Yesu sɛ, ‘Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me’ no, na ɔpɛ sɛ Yesu yɛ biribi sen ne din kɛkɛ a ɔbɛkae. Ná ɔpɛ sɛ Yesu yɛ biribi, nyan no. (Luka 23:42) Saa ara na bere a Yosef a na ɔda afiase no ka kyerɛɛ Farao nsahyɛfo no sɛ ɔnkae no wɔ Farao anim no, na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ biribi ama no. Na bere a Hiob srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Kae me’ no, na Hiob resrɛ sɛ daakye bi, Onyankopɔn nyɛ biribi mfa nnyan no.—Hiob 14:13; Genesis 40:14, 23.
6. Ɔkwan bɛn so na Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kae” no kyerɛ atenka a wɔwɔ ma biribi anaa obi a wɔkae no?
6 Nhoma bi ka sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kae” no taa kyerɛ “adwene mu atenka ne adeyɛ a wɔde ka biribi a wɔkae ho.” Yetumi hu sɛnea “atenka” bata asɛmfua “kae” ho no wɔ asɛm a “afrafrafo” no paee mu kae wɔ sare no so yi mu: “Yɛakae nsunam a yedii Misraim [no].” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛnea Hiob srɛe sɛ Onyankopɔn nkae na ɔnnom no no, saa na Hesekia, Nehemia, Dawid, ne odwontofo bi a wɔammɔ ne din nso srɛe sɛ Yehowa mfi atenka mu nkae wɔn wɔ wɔn nokwaredi ho.—Numeri 11:4, 5; 2 Ahene 20:3; Nehemia 5:19; 13:31; Dwom 25:7; 106:4.
7. Sɛ yɛde atenka kae Onyankopɔn a, ɛbɛka yɛn abrabɔ dɛn?
7 Enti yebetumi abisa sɛ, ‘So yefi atenka mu kae yɛn Bɔfo no, kwati sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛbɛhow ne werɛ anaa ɛbɛyɛ no yaw?’ Abofra bi kae sɛ: “Maame boaa me ma mihui sɛ Yehowa wɔ nkate, na bere a misua koraa no, na minim sɛ me nneyɛe tumi ka no.” (Dwom 78:40-42) Ɔfoforo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná minim sɛ, sɛ me nneyɛe ammoa ma wɔanni mpoa a Satan twaa Yehowa no ho dwuma a, ebesiw no kwan. Ná mepɛ sɛ mema Yehowa koma ani gye, enti ɛboaa me, na egu so boa me nnɛ.”—Mmebusɛm 27:11.
8. (a) Adwuma bɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde atenka kae Yehowa? (b) Nsɛmmisa bɛn na nyansa wom sɛ mmofra susuw ho?
8 Ɛwom, wɔ saa wiase bɔne yi mu no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wobɛkae Yehowa denam dwumadi a ɛsɔ n’ani a wubenya mu kyɛfa akosi ase no so. Nanso sɛ woretumi ayɛ Kristofo som adwuma no bere nyinaa sɛ ɔkwampaefo somfo de asuasua abofra Timoteo a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu—a yɛmmɔ ɛnnɛ mmofra mpempem pii a wosuro Onyankopɔn no din—a, anka hwɛ fɛ a ɛbɛyɛ! (Asomafo no Nnwuma 16:1-3; 1 Tesalonikafo 3:2) Nanso, wobetumi abisa sɛ, Wubetumi ahwɛ wo ho wɔ akwampae som adwuma no mu? Na sɛ woware a, wubenya ahokokwaw a ɛbɛma woatumi ahwɛ w’abusuafo? (1 Timoteo 5:8) Eyinom yɛ nsɛmmisa a ehia, na ɛho hia sɛ wususuw ho anibere so.
Nhomasua a Atirimpɔw Wom
9. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra si wɔ wiase nhomasua ho?
9 Bere a nnipa asetra renya nkɔanim pii no, ebia ebehia sɛ wokɔ sukuu du akyiri kakra na woatumi anya adwuma a ɛsɛ de ahwɛ wo ho wɔ akwampae adwuma no mu. Ebia woahyɛ no nsow sɛ ebinom a wɔakɔ sukuupɔn mpo tumi sua nhoma no bi ka ho na ama wɔanya nimdeɛ foforo a adwumawuranom hia nnɛ no. Enti ɛhe na mo, mmofra a mopɛ sɛ mosɔ Onyankopɔn ani no bɛkɔ sukuu akodu? Ɛsɛ sɛ musi gyinae no yiye bere a ahyɛde a efi honhom mu yi wɔ mo adwene mu no: “Kae wo Bɔfo Kunini no nnɛ.”
10. Dɛn ne nhomasua a ɛsen biara a yebetumi anya?
10 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ nea wiase atumfoɔ pii mpo bu no sɛ ɛyɛ nhomasua a eye sen biara no—nea wonya fi Onyankopɔn Asɛm a wɔde ntoboase sua mu no. Germanni nhoma kyerɛwfo Johann Wolfgang von Goethe kae sɛ: “Dodow a [ɔman bi] adwenem bue no, dodow no ara na ebetumi de Bible adi dwuma yiye sɛ nhomasua nnyinaso ne n’adwinnade.” Yiw, Bible no sua besiesie wo yiye ama asetra asen nhomasua foforo biara!—Mmebusɛm 2:6-17; 2 Timoteo 3:14-17.
11. (a) Dɛn ne adwuma a ɛho hia sen biara a yebetumi ayɛ? (b) Dɛn nti na abofra bi pawee sɛ obesua nhoma akosi baabi?
11 Esiane sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ ma nkwa nti, adwuma a ɛho hia sen biara a wubetumi ayɛ nnɛ ne sɛ wo ne afoforo bɛkyɛ saa nimdeɛ no. (Mmebusɛm 3:13-18; Yohane 4:34; 17:3) Nanso, nea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ eyi yiye no, ɛho hia sɛ wunya nhomasua wɔ akwan titiriw so. Ɛsɛ sɛ wutumi susuw nsɛm ho fann, kasa nyansam, na wuhu akenkan ne akyerɛw yiye—nneɛma a wɔkyerɛ wɔ sukuu mu no. Enti fa wo sukuu adesua ahorow aniberesɛm sɛnea Tracy, abofra bi a ɔwɔ Florida, U.S.A., a onyaa nhomasua mu abasobɔde akɛse bere a owiee ntoaso sukuu no, yɛe no. Ɔkaa n’anidaso ho asɛm sɛ: “Mede asi m’ani so bere nyinaa sɛ mɛyɛ me Nyankopɔn Yehowa, bere nyinaa somfo, na migye di sɛ me nhomasua no bɛboa me ma madu saa botae yi ho.”
12. Sɛ obi paw wiase nhomasua ntoaso a, dɛn atirimpɔw na ebetumi aboa adi ho dwuma?
12 Woadwen nea enti a wokɔ sukuu no ho? Adwentitiriw no ne sɛ ebesiesie wo ma woabɛyɛ Yehowa somfo a otu mpɔn anaa? Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ wode anibere susuw sɛnea wo nhomasua no di atirimpɔw yi ho dwuma ho. Bere a wo ne w’awofo asusuw ho awie no, ebia mubesi gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ sukuu tra baabi a mmara hwehwɛ no. Nhomasua ntoaso a ɛte saa no betumi aboa wo ma woanya adwuma de ahwɛ wo ho na bere koro no ara woanya bere ne ahoɔden a ɛsɛ de anya Ahenni adwuma no mu kyɛfa akosi ase.—Mateo 6:33.
13. Ɔkwan bɛn so na Russiafo Kristofo baanu bi a wɔtoaa wɔn nhomasua so akyerɛ wɔn asetram atirimpɔw?
13 Wɔn a wɔtoa wɔn adesua so no bi mpo yɛ bere nyinaa som adwuma bere a wɔretoa sukuu so no. Susuw Nadia ne Marina, mmeawa baanu a wɔadu mpanyin afe so a wɔwɔ Moscow, Russia, no ho. Wɔn baanu nyinaa bɔɔ asu April 1994, na wofii ase yɛɛ adwuma sɛ akwampae aboafo asomfo. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wowiee ntoaso sukuu, na wɔde wɔn ho hyɛɛ sika ho akontaabu adesua bi a egye mfe abien mu. Wɔ May 1995 mu no, wofii ase yɛɛ daa akwampae adwuma, nanso wɔkɔɔ so bɔɔ mmɔden kɛse wɔ wɔn sika ho akontaabu adesua no mu. Bio nso, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, dapɛn biara na wɔn baanu tumi yɛ Bible adesua 14 bere a wɔda so ara kɔ sukuu no. Mmeawa no wɔ anidaso sɛ sika ho akontaabu adesua no bɛma wɔatumi anya adwuma a ɛsɛ, na ama wɔatumi ahwɛ wɔn ho wɔ bere nyinaa som adwuma no mu.
14. Ɛmfa ho wiase nhomasua dodow biara a yɛpaw no, dɛn na ɛsɛ sɛ ehia yɛn sen biara wɔ yɛn asetram?
14 Sɛ wohwehwɛ nhomasua a ɛtra nea mmara hwehwɛ no a, fi nyansam hwehwɛ nea enti a woreyɛ saa no mu. Edin a wubenya ne honam fam ahonyade nti na woyɛ saa anaa? (Yeremia 45:5; 1 Timoteo 6:17) Anaasɛ ɛyɛ wo botae sɛ wode nhomasua ntoaso bedi dwuma na woanya Yehowa som adwuma no mu kyɛfa kɛse? Lydia, abofra bi a ɔpawee sɛ ɔbɛtoa ne nhomasua so, nyaa adwempa wɔ honhom fam nneɛma ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Afoforo hwehwɛ nhomasua a ɛkɔ anim, na wɔma honam fam ade dodowpɛ gye wɔn asabawmu, ma wɔde Onyankopɔn to nkyɛn. Me de, na me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ na ehia me sen biribiara.” Su a ɛfata nkamfo a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya bi bɛn ara ni!
15. Nhomasua a egu ahorow bɛn na na afeha a edi kan mu Kristofo no wɔ?
15 Nea ehia sɛ yɛhyɛ no nsow no, na afeha a edi kan mu Kristofo no nhomasua gu ahorow pii. Sɛ́ nhwɛso no, na wobu asomafo Petro ne Yohane sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa” efisɛ na wɔntetee wɔn wɔ rabifo sukuu ahorow no mu. (Asomafo no Nnwuma 4:13) Ɔkwan foforo so no, ɔsomafo Paulo nyaa nea ɛte sɛ ɛnnɛ sukuupɔn nhomasua no. Nanso Paulo amfa saa nhomasua no antwe adwene amma ne ho so; mmom no, ɛbɛyɛɛ mfasode bere a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ nnipa ahorow nyinaa no. (Asomafo no Nnwuma 22:3; 1 Korintofo 9:19-23; Filipifo 1:7) Saa ara nso na na Manaen, a “wɔyɛn no ne ɔmansinhene Herode,” no ka wɔn a wodi Antiokia asafo no anim no ho.—Asomafo no Nnwuma 13:1.
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Sika Di Dwuma Nyansam?
16. (a) Dɛn nti na sɛ ɛka bɛtɔ yɛn so a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkae yɛn Bɔfo? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu mfatoho no biako da hia a ɛho hia sɛ yesusuw nneɛma ho ansa na yɛde sika adi dwuma no adi?
16 Sɛ woamfa sika anni dwuma nyansam a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛkae wo Bɔfo denam nea ɛsɔ n’ani a wobɛyɛ so. Efisɛ ɛka bɛtɔ wo so a, wobetumi aka sɛ wowɔ owura foforo. Bible kyerɛ mu sɛ: “Fɛm sika, na wobɛyɛ nea ɔde fɛm no akoa.” (Mmebusɛm 22:7, Today’s English Version) Yesu mfatoho no biako si hia a ɛho hia sɛ wubesusuw nneɛma ho ansa na wode sika adi dwuma no so dua. Yesu kae sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? Ebia wafi ase no, wantumi anwie a, na wɔn a wohu nyinaa fi ase goru ne ho.”—Luka 14:28, 29.
17. Dɛn nti na mpɛn pii no ɛyɛ den sɛ obi bedi nneɛma a ɔtotɔ no so?
17 Enti nyansam no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ese ‘ɛnsɛ sɛ yɛde obiara ka gye sɛ ɔdɔ a yɛde bɛdodɔ yɛn ho’ no tra ase. (Romafo 13:8) Nanso eyi yɛ nna fam, titiriw sɛ wotaa hu aguade foforo a nneɛma ho adawurubɔfo kyerɛ sɛ wuhia ankasa no a. Ɔwofo bi a wabɔ mmɔden aboa ne mma ma wɔanya nhumu kae sɛ: “Yɛagye bere pii asusuw nea obi hia ne nea ɔpɛ no ho.” Sukuu ahorow no ntumi nkyerɛɛ nsɛm a ɛtete saa, na sɛ ɛde ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so de sika di dwuma ho nkyerɛkyerɛ bi ma mpo a, ɛnyɛ ahe biara. Asetram yiyedi ho dwumayɛni bi kae sɛ: “Yebewie ntoaso sukuu no, na yenim ahinasa a n’afã nyinaa yɛ pɛ ho ade pii sen sɛnea wɔkora sika.” Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa wo ma wode sika adi dwuma nyansam?
18. Dɛn na ebetumi ama obi de sika adi dwuma nyansam, na dɛn ntia?
18 Afotu a ese “Kae wo Bɔfo Kunini no nnɛ,” no a yebetie no yɛ ade a ɛbɛboa yɛn ma yɛde sika adi dwuma nyansam. Eyi te saa efisɛ sɛ wutie saa ahyɛde no a, nea ehia wo titiriw ne sɛ wobɛsɔ Yehowa ani, na ɔdɔ a wowɔ ma no no nya sɛnea wode sika di dwuma no so tumi. Saa ara na wobɛbɔ mmɔden sɛ woremma nneɛma a w’ankasa pɛ no nsiw wo kwan sɛ wode ahofama a efi ɔkra nyinaa mu bɛma Onyankopɔn. (Mateo 16:24-26) Wobɛyere wo ho ma w’aniwa ayɛ nea ‘eye,’ a ɛkyerɛ sɛ, wode asi Onyankopɔn Ahenni no ne n’apɛdeyɛ so yiye. (Mateo 6:22-24) Ɛbɛma woabu Onyankopɔn afotu a ese “fa w’ahonyade hyɛ Awurade [Yehowa, NW] anuonyam” no sɛ hokwan a ɛyɛ anigye.—Mmebusɛm 3:9.
Mmofra a Wɔfata Sɛ Yesuasua Wɔn
19. Ɔkwan bɛn so na mmofra a wɔtraa ase tete mmere mu no kaee wɔn Bɔfo?
19 Anigyesɛm ne sɛ, mmofra pii akae wɔn Bɔfo, wɔ tete ne nnɛ nyinaa. Abofra Samuel kɔɔ so kuraa ntamadan mu som adwuma no mu pintinn, a wɔn a ɔne wɔn somee no bra a asɛe no ho nkɛntɛnso mfa ho. (1 Samuel 2:12-26) Ɔbea daadaafo, Potifar yere, antumi annaadaa Yosef amma wammɔ aguaman. (Genesis 39:1-12) Ɛwom sɛ na Yeremia yɛ “abofra” de, nanso ɔkaa asɛm akokoduru so a ɔsɔretia a emu yɛ den mfa ho. (Yeremia 1:6-8) Israelni abeawa ketewa bi kyerɛɛ Siriani sahene bi a ɔwɔ tumi sɛ ɔnkɔhwehwɛ mmoa wɔ Israel, faako a na obetumi asua Yehowa ho ade, a wansuro. (2 Ahene 5:1-4) Abofra Daniel ne n’ayɔnkofo no kɔɔ so kuraa wɔn gyidi mu bere a wɔsɔɔ wɔn hwɛe wɔ Onyankopɔn mmara a ɛfa aduan ho mu no. Na mmofra Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego, pɛe sɛ wɔbɛtow wɔn agu ogya fononoo mu sen sɛ wobegyae nokwaredi a wɔde ma Onyankopɔn no mu asiesie denam ohoni bi a wɔbɛsom so.—Daniel 1:8, 17; 3:16-18; Exodus 20:5.
20. Ɔkwan bɛn so na mmofra pii akae wɔn Bɔfo nnɛ?
20 Ɛnnɛ mmofra bɛboro 2,000 a wɔadi fi mfe 19 kosi 25 na wɔsom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York Kuropɔn mu, wɔ U.S.A no. Wɔyɛ mmofra ɔpedudu pii a wɔrekae wɔn Bɔfo wɔ wiase nyinaa no mu kakraa bi pɛ. Te sɛ Yosef a ɔtraa ase tete mmere mu no, wɔapow sɛ wobegyae wɔn abrabɔ fam ahotew mu asiesie. Wɔn mu pii atie Onyankopɔn mmom sen nnipa bere a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔmpaw nea wɔbɛsom no no. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Wɔ 1946 mu no, wɔyɛɛ Henryka Zur a na wadi mfe 15 no ayayade wɔ Poland bere a wamfa ne ho anhyɛ abosonsom adeyɛ bi mu no. Wɔn a na wɔreyɛ no ayayade no mu biako kae sɛ: “Ma adwene biara a wukura ntra wo tirim, na yɛ Katolekfo mmeamudua sɛnkyerɛnne no kɛkɛ.” Esiane sɛ wanyɛ saa nti, wɔtwee no kɔɔ kwae mu kɔbɔɔ no tuo, a daa nkwa ho anidaso a na ɔwɔ no anyera!b
21. Nsa a wɔto frɛ bɛn na ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubegye atom, na dɛn na ebefi mu aba?
21 Hwɛ sɛnea mmofra a wɔakae Yehowa wɔ mfehaha a atwam mu no bɛma ne koma atɔ ne yam! So wubegye nsa a ɔto frɛ wo sɛ, “Kae wo Bɔfo Kunini no nnɛ” no so? Nokwarem no, ɔfata sɛ wokae no! Da biara da susuw nea wayɛ ama wo ne nea ɔrebɛyɛ no nyinaa ho, na gye nsa a ɔto frɛ wo yi tom: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”—Mmebusɛm 27:11.
[Ase hɔ nsɛm]
a December 15, 1953, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 750.
b Hwɛ 1994 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 217-18.
Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa mmofra ma wɔabu Onyankopɔn sɛ obi ankasa?
◻ Dɛn na kae a wobɛkae wo Bɔfo no kyerɛ?
◻ Atirimpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nhomasua di ho dwuma?
◻ Dɛn nti na ɛho hia yiye sɛ yɛde sika di dwuma nyansam?
◻ Mmofra bɛn na wɔfata sɛ wusuasua wɔn?
[Kratafa 17 mfonini]
Woadwen nea enti a wokɔ sukuu no ho?
[Kratafa 18 mfonini]
Woresua sɛ wode sika bedi dwuma nyansam?