Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 12/1 kr. 22-25
  • Sɛnea Yehowa Ma N’adwuma Kɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yehowa Ma N’adwuma Kɔ So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛhe na Sika no Fi?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Akyɛde Pa Nyinaa” Mafo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Sɛnea Yenya Sika De Yɛ Ahenni Adwuma No
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Sɛnea Ebinom yi Ntoboa ma Ahenni Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 12/1 kr. 22-25

Sɛnea Yehowa Ma N’adwuma Kɔ So

MFE du du a atwam nnansa yi mu no, Yehowa Adansefo anya nkɔanim a ɛyɛ nwonwa. Wɔ mfe du pɛ a etwaam no mu no, wɔn dodow akɔ anim afi asafo 42,600 akodu dodow nkabom 60,192 wɔ nsase 212 so. Esiane eyi nti, ebinom abisa sɛ: Ɔkwan bɛn so na Adansefo no nya sika de yɛ wɔn adwuma no? Ɛyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no anigye sɛ ɛde eyi ne ho nsemmisa afoforo ho mmuae bɛma wɔ asɛm yi mu.

So Yehowa Adansefo tua ntotoso du du?

Dabi. Wɔ tete Israel no, wɔhyɛɛ sɛ wonyi ntotoso du du wɔ Mose Mmara no ase na wɔde ahwɛ Onyankopɔn asɔrefi adwumayɛfo, Lewifo, ne asɔfo no. (Numeri 18:21, 24-29) Ná eyinom nni mmusua nsase biara ka nkurow ahorow bi ho, enti na wohia saa mmoa titiriw yi. Afei nso, na Israelfo anokwafo wɔ hokwan sɛ wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa ma nnwuma titiriw te sɛ ahyiae ntamadan no, ne akyiri no, asɔrefi no si.​—Exodus 25:1-8; 1 Beresosɛm 29:3-7.

Nanso, bere a Yesu wui no, Bible no se ‘oyii Mmara . . . ahorow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ.’ (Efesofo 2:15; Kolosefo 2:13, 14) Sɛ wɔbɛka no ɔkwan foforo so a, wɔ Onyankopɔn ani so no, na Yudafo anaa Kristofo mu biara nni Mmara no ase bio. Enti, na ntotoso du du, ne Mmara no afa afoforo bi, a daa daa afɔrebɔ ka ho no, nyɛ nea wɔhwehwɛ afi anokwafo nkyɛn bio.

Wɔ Kristofo mu no, ɔdɔ na ɛkanyan obi ma ɔma ade, ɛnyɛ mmara. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm no mu bere a na ɔreyɛ ntoboa ma Kristofo a na ahia wɔn wɔ Yudea no ho nhyehyɛe no. Ɔkae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Ɔpɛ mu a wofi ma ade a egyina Kyerɛwsɛm so yi yɛ nea Yehowa Adansefo de di dwuma.

So motow pon, de nhoma kotoku kyinkyin nkurɔfo so, yɛ nneɛma a ɛtete saa de pɛ sika?

Dabi, enhia sɛ wɔde akyɛde bi daadaa nokware Kristofo anaasɛ wɔma wɔn adanmude na ama wɔama ade. Nyamesom akuw a wɔde kyakyatow afɔrebɔ, afahyɛ, asɔredan mu nkongua a wotua ho ka, anaa prɛte a wɔde fa nkurɔfo anim de gyigye tow di dwuma no ma ɛda adi sɛ wɔmmaa wɔn nkurɔfo no honhom mu aduan, enti Onyankopɔn honhom nkanyan wɔn asɔre mma no ma womfi wɔn pɛ mu nyi ntoboa. Wobetumi aka ade koro no ara wɔ wɔn a wɔde adeyɛ a ne bere atwam a ɛne ntotoso du du di dwuma no ho.​—Mateo 10:8.

Ɔkwan bɛn so na munya sika de yɛ nnwuma te sɛ Ahenni Asa ne baa dwumadibea afoforo si, ne ntrɛwmu a moyɛ wɔ mo adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn ne Patterson, New York no?

Yehowa hwie ne honhom kronkron gu n’Adansefo so, na ɛma ‘wɔyɛ yiye, nya wɔn ho nnwuma pa fam; wɔkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa teɛ, wɔde nhyɛase pa to hɔ sie ma wɔn ho daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.’ (1 Timoteo 6:18, 19) Honhom yi kanyan Yehowa Adansefo ma wɔboa Ahenni adwuma no akwan nyinaa so.

Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1989 mu no, Adansefo 3,787, 188 a wɔwɔ nsase 212 so de nnɔnhwerew 835,426,538 dii dwuma de kyerɛɛ afoforo Onyankopɔn Asɛm no. Na wɔne anigyefo yɛɛ daa Bible adesua 3,419,745. Ankorankoro a wɔyɛɛ adwuma yi ara na wotuaa ka biara a wɔbɔe wɔ adwuma no yɛ ho. Yehowa hyiraa saa adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛe yi so denam Adansefo foforo nkɔanim 263,855 a wɔbɔɔ wɔn asu no so.

Adema honhom a ɛte sɛɛ ara kanyan Adansefo ne anigyefo ma wɔde sika boa adwuma no yɛ. Wɔ asafo a wɔwom no ho ka ahorow a wɔboa ma wotua akyi no, wɔboa ɔdansi adwuma biara a ebia ɛho behia, te sɛ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa a wosiesie anaa wɔtrɛw mu anaa foforo a wosi. Esiane nkɔanim a ɛba ntɛmntɛm nti, ɛho hia sɛ wosi Ahenni Asa ahorow pii afe biara, na ebinom ho ka mpo yɛ Amerika dɔla ɔpehaha pii. Ɛhɔnom Adansefo nam wɔn ntoboa ne adwuma a wofi wɔn pɛ mu yɛ so na etua eyi ho ka.

Bio nso, wɔ nsase pii so no, ɛho abehia sɛ wɔtrɛw baa dwumadibea no nhoma tintimbea ne office ne adan a wɔda mu no mu​—anaasɛ wosi foforo​—ma adwumayɛfo ne nneɛma a ahyehyɛde no kɛse a ɛreyɛ no hwehwɛ sɛ wonya no. Wɔnam ntoboa ne adwuma a wofi wɔn pɛ mu yɛ no so na wɔboa eyinom nso, te sɛnea wɔyɛ wɔ adansi ne adan asiesie nnwuma a wɔreyɛ wɔ Brooklyn ne Patterson, New York ho no. Baabi a ebetumi ayɛ yiye no, ɛhɔnom Adansefo na wɔde ɔdansi no ho sika ma. Wɔ mmeae bi no, Ɔwɛn Aban Asafo no yɛ nhyehyɛe ma baa dwumadibea ahorow no nya mmoa​—sika ne nsaano adwumayɛfo nyinaa​—fi nsase afoforo so. Enti, wɔ Asafo no akwankyerɛ ase no, biribiara kɔ so ‘pɛpɛɛpɛ.’​—2 Korintofo 8:14.

Dɛn nti na munsisi ayaresabea ahorow na monyɛ adwuma mmoa wɔn a asiane bi ato wɔn ne nnwuma afoforo a wɔde boa ɔmanfo sɛnea nyamesom akuw pii yɛ no?

Sɛ wobetumi a, Yehowa Adansefo de mmoa ma wɔ ahokyere bere mu wɔ ɔko anaa asiane a ɛnyɛ onipa na ɔde ba bi akyi. Nokwarem no, mpɛn pii no, wɔka wɔn a wodu beae a asɛm no asi hɔ kan no ho, de aduan, ntade, ne adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama kɔ, na wɔakɔboa ma wɔasiesie nneɛma. Nanso, Yehowa Adansefo nsisi ayaresabea ahorow, te sɛnea wonsi ogya dum adwumayɛbea anaa wɔnyɛ polisifo adwuma, a ɛno nso wɔde kora nkwa so no ara pɛ.

Wɔyɛ asɛmpa no ho asomfo a wɔahyira wɔn ho so, na wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa na wɔakyerɛkyerɛ wɔ wiase nyinaa de adi adanse ansa na awiei no aba. (Mateo 24:14) Sɛnea Yesu kae no, otwa adwuma no so na adwumayɛfo no sua. Wɔrentumi mfa anoyi biara mma wɔ ani a wobebu agu adwuma a ɛho hia sɛɛ so akɔyɛ nnwuma afoforo no ho, ɛmfa ho sɛnea ɛfata nkamfo no.​—Mateo 9:37, 38.

Yehowa Adansefo binom yɛ aduruyɛfo, ayarehwɛfo, ne ayaresabea adwumayɛfo. Nanso wobu saa adwuma yi sɛ adwuma foforo a wɔyɛ ka wɔn adwuma titiriw a ɛne Kristofo ɔsom adwuma no ho.

So Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛfo anaa emufo no bi nya sika fi mo nhoma tintim dwumadi ahorow a emu trɛw no mu?

Dabi koraa! Mmara mu no, Asafo no yɛ adwumakuw a wɔnhwehwɛ mfaso. Wonni adwumawuranom, mfaso a wɔkyɛ, anaa akatua a wɔde ma biara mpo. Asomfo a wɔwɔ adwumayɛbea ti hɔ no mu biara, a Asafo no titrani ne akwankyerɛfo ka ho no, ahyɛ mmara kwan so ohiadi ho bɔ. Wɔma no aduan, dabere, ne ayaresa a ɛho hia, ne sika kakraa bi a ɔde bɛto ne ho. Sɛ Ɔdansefo bi tu kwan kɔyɛ Asafo no adwuma bi a, wɔtaa tua n’akwantu no ho ka ma no.

Bio nso, yɛn asomfo no nnye ayeforohyia, asubɔ, anaa ayiyɛ ho sika wɔ wiase no mu baabiara. Na wonnye sika anaa tow biara wɔ baguam ɔkasa anaa nhyiam akɛse ase.

Esiane sɛ wɔmfa tow prɛte mfa nkurɔfo anim nti, ɔkwan bɛn so na asafo ahorow no nya ntoboa de tua wɔn nneɛma ho ka

Wɔde ntoboa nnaka sisi Ahenni Asa so sɛnea ɛbɛyɛ na ankorankoro atumi afi wɔn pɛ mu ayi ntoboa, sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa a. (2 Ahene 12:9) Yɛn ani sɔ ntoboa a wɔde ma nyinaa, sɛ ɛso anaasɛ esua no. (Marko 12:42-44) Pɛnkoro wɔ ɔsram biara mu no, ɔsomfo a ɔhwɛ asafo no sika so no kenkan asɛm tiawa bi de kyerɛ asafo no ntoboa dodow a wonyae nyinaa, ka a wɔbɔe, ntoboa a asafo no de kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no na wɔde aboa wiase nyinaa asɛnka dwumadi ne nnwuma afoforo.

Sɛ ankorankoro te nhyehyɛe yi ase na wɔpɛ a, wobetumi de wɔn ho ahyɛ ne yɛ mu, obiara ‘sɛnea asi no yiye ama wanya.’ (1 Korintofo 16:2) Eyi ne nea wɔyɛ wɔ asafo ahorow bɛboro 66,000 no mu biara mu wɔ wiase nyinaa.

Wɔ Pentekoste no, na tete Kristofo no nneɛma nyinaa yɛ kwasafo de. So Yehowa Adansefo yɛ saa.?

Tebea bi a emu yɛ den sɔree Pentekoste afe 33 Y.B. akyi, bere a Yudafo a wofi akyirikyiri a na wɔbɛyɛɛ Kristofo nkyɛe no kɔɔ so traa Yerusalem na wɔakɔ so anya honhom fam nneɛma mu ntease. Ná wohia dabere ne aduan bere tiaa bi; enti, ɛhɔnom Kristofo fii wɔn pɛ mu tontɔn wɔn agyapade na wɔn nyinaa kyɛɛ nea efii mu bae no na wɔakɔ so abɔ fekuw bere tenten bi. (Asomafo no Nnwuma 2:1, 38-47; 4:32-37) Wɔanhyɛ obiara sɛ ɔnkɔtɔn ne biribi anaa ɔmma ntoboa. (Asomafo no Nnwuma 5:1-4) Nneɛma a wɔyɛɛ no kwasafo de yi nyɛ komunism, sɛnea ebinom susuw no. Ná ɛyɛ bere tiaa mu nhyehyɛe bi ara kwa. Bere a Kristofo no san kɔɔ wɔn ankasa afie mu no, ɛbaa awiei.

So mokyerɛkyerɛ sɛ honam fam adema yɛ ɔkwan a wɔnam so pata bɔne?

Dabida! Bible no ka sɛ: “Munim sɛ wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.”​—1 Petro 1:18, 19.

Yehowa Adansefo kyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi na ama wɔanya nkwagye. Ɛnyɛ nea wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa a wɔhwɛ kwan sɛ eyi bɛma wɔanya nkwagye. Nanso wonim sɛ egye sika a ɛdɔɔso na wɔatumi atrɛw Onyankopɔn trenee wiase foforo ho asɛmpa no mu. (2 Petro 3:13) Na wɔte nka sɛ saa dawuru yi a wɔbɛboa ma wɔabɔ yi yɛ hokwan a Yehowa de ama.

Bere a Dawid de ntoboa kɛse bi rema na wɔde aboa asɔrefi a na ɛsɛ sɛ ne babarima Salomo si no, ɔkae sɛ: “Wo [Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nidi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ soro ne asase so nyinaa wɔ wo. . . . Na hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.”​—1 Beresosɛm 29:11, 14.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo ne nnipa afoforo a wɔpɛ ade trenee yɛ no te nka sɛnea Dawid yɛe no ara pɛ. Wɔn ani gye sɛ wɔwɔ hokwan sɛ woyi ntoboa de boa Yehowa ayeyi adwuma no, na wonim sɛ biribiara a wɔde ma wɔ ne som ho no fi ne nkyɛn. Yehowa hyira honhom yi so, na ɔnam ɔkwan yi so ma n’adwuma kɔ so.

[Adaka wɔ kratafa 23]

SƐNEA EBINOM BOA MA WƆYƐ AHENNI ADWUMA NO

◻ AKYƐDE: Wobetumi de sika ntoboa a wofi ɔpɛ mu de ma no amana Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Colombia Heights, Brooklyn, New York 11201 tee anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ obi aman mu. Wobetumi de agude anaa nneɛma afoforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wɔde krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde koraa ka ntoboa yi ho.

◻ NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE: Wobetumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ma wɔahwɛ so akosi sɛ nea ɔde mae no bewu, a wɔyɛ nhyehyɛe wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no.

◻ INSURANCE: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.

◻ SIKA A WƆASIE WƆ SIKAKORABEA: Obi betumi de sika a wɔasie wɔ sikakorabea ato hɔ ma wɔahwɛ so ama asafo. Sɛ woyɛ eyi a, yɛsrɛ wo bɔ Asafo ti no amanneɛ. Obi betumi de adwuma mu kyɛfa ahorow, sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no, ne n’agyapade ama, a wɔbɛyɛ no ɔkwan bi so a ɛbɛma nea ɔde mae no atumi anya ho mfaso ne nkwa nna mu. Ɔkwan a ɛte sɛɛ a wɔfa so yɛ ade no ma wɔkwati samansew a wosi so dua mu ɛkabɔ ne ɔhaw ahorow no, bere a ɛma Asafo ti no nsa ka agyapade no sɛ ɛba sɛ onii ko no wu a.

◻ NSAMANSEW: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so samansew so. Ɛsɛ sɛ wɔde ɛso nhoma no biako mana Asafo ti no.

Sɛ wopɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho nsɛm ne ɛho afotu pii a, kyerɛw Treasurers Office, Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York, 11201, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛbɛn wo sen biara no.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yehowa Adansefo Bible nkyerɛkyerɛ fibea no fã bi a wɔda so ara resi wɔ Patterson, New York

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yehowa ma ne nkurɔfo a wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena