“Ɛhe na Sika no Fi?”
WƆN a wɔhwɛ Ɔwɛn Aban Asafo no video a ɛne “Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name” no ani gye ho. Wohu mmarima ne mmea a wɔn ho twa a wofi mmusua ne mmeae horow a wɔreserew na wɔde biakoyɛ yɛ adwuma no. Ɛnyɛ adwumayɛfo mpempem a wɔwɔ anigye no nko na wohu na mmom adan akɛse a ɛwɔ Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no ne wɔn afuw a ɛwɔ Wallkill, New York, no. Video no ma wohu sɛ mfiri a aba so foforo na ɛwɔ adan yi mu—mfiri a etintim nhoma na wɔde pam no ntɛm so a etumi tintim nhoma ɔpepem pii ɔsram biara, kɔmputa mfiri horow pii, ne dwumadibea ahorow a ɛkeka ho a ɛboa.
Eyi da dwumadi a egye sika kɛse adi. Enti ebinom bisa sɛ, “Ɛhe na sika no fi?”
Wɔn a wɔsra Asafo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti no ani gye saa ara. Wɔtwe wɔn kɔn hwɛ abansoro dan foforo a ɛtoa so 30 no, adan a asomfo bɛboro 3,000 a wɔatu wɔn ho ama a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ te mu no biako. Sɛ wɔkɔsra Ɔwɛn Aban Adesuabea foforo a ɛwɔ kilomita 110 wɔ Brooklyn kusuu fam no a, pii ho dwiriw wɔn. Wonsi nwiei de, nanso adwumayɛfo 1,200 na ɛte mu. Asɛmpatrɛwfo adesuakuw abien na wɔbɛtete wɔn afe biara de wɔn akɔ amannɔne ma wɔakɔyɛ adwuma. Saa beae yi ara nso na wɔde akwankyerɛ ma Yehowa Adansefo asafo bɛboro 10,000 a ɛwɔ United States no nso. Biribiara a ahɔho no hu no yɛ nea aba so foforo a wɔahyehyɛ no yiye, na wɔhwɛ so yiye paa ara. Baa dwumadibea pii nso atrɛw wɔn adan mu nnansa yi anaasɛ wogu so a wɔreyɛ saa. Egye sika pii na wɔatumi ayeyɛ nnwuma yi nyinaa. Nkurɔfo bisa sɛ, “Ɛhe na sika no fi?”
Mmuae no ne sɛ, efi nnipa ankorankoro te sɛ yɛn mu biara hɔ. Wɔyɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa de aboa ma Kristofo adwuma titiriw a ɛne asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ no anya nkɔso. Ahofama honhom a ɛte saa no nyɛ ade a ɛso bi mmae da.
Tete Israelfo Nhwɛso a Wɔyɛe
Bɛboro mfe 3,500 a atwam ni no, ntoboa a wofi ayamye mu yi ho behiae. Na Yehowa aka akyerɛ Mose sɛ wonsi ntamadan anaa “ahyiae ntamadan” na wɔde adi dwuma wɔ Ne som mu. Ne nsusuwso a wofi soro de mae no hwehwɛe sɛ wɔde nneɛma ahorow a ɛsom bo di dwuma. Yehowa hyɛe sɛ: “Munyi somã afɔrebɔde wɔ mo mu mmrɛ Awurade; obiara a ne koma ka no mfa somã afɔrebɔde mmrɛ Awurade.” (Exodus 35:4-9) Ɔman no gyee so dɛn? Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde Awurade somã afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho som nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no.” Nkakrankakra, saa “ayamyi ayɛyɛde” yi bɛyɛɛ kɛse araa ma ‘ɛdɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma a Awurade hyɛe sɛ wɔnyɛ no.’ (Exodus 35:21-29; 36:3-5) Hwɛ ahofama ne ayamye honhom a ɔman no daa no adi!
Bɛyɛ mfe 500 akyi no, wɔde too gua bio sɛ Israelfo nyi wɔn yam nyi ntoboa. Ɔpɛ a na Ɔhene Dawid wɔ sɛ obesi fie a ɛbɛtra hɔ bere nyinaa ama Yehowa wɔ Yerusalem no yɛ nea na ɛrebɛba so denam ne ba Salomo so. Dawid ankasa boaboa nea ebehia no mu fa kɛse no ara ano bae. Afoforo nso boae bere a Dawid de too gua sɛ wɔmfa ‘ayeyɛde mma Yehowa’ no. Dɛn na efi mu bae? “Ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mũ nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa [Yehowa], na ɔhene Dawid nso ani gyee anigye kɛse.” (1 Beresosɛm 22:14; 29:3-9) Dwetɛ ne sika no nkutoo bɛyɛ dɔla ɔpepepem 50, sɛ wobu de ba nnɛ sika mu a!—2 Beresosɛm 5:1.
Yɛhyɛ no nsow wɔ nhwɛso ahorow yi mu sɛ, wɔanhyɛ obiara sɛ ɔmma. “Woyii wɔn yam” na ɛmae, na efii “koma mũ nyinaa” mu. Anka Yehowa ani rennye biribiara a ɛsen saa ho. Saa ara na bere a hokwan no bae sɛ wonyi sika mfa mma Kristofo a na wohia mmoa no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ɛnsɛ sɛ ɛyɛ te “sɛ anibere.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Korintofo 9:5, 7.
Ahiade no Nnɛ
So ntoboa ho hia nnɛ? Yiw ɛte saa, na mpo ɛbɛsen saa bere a bere rekɔ so no. Dɛn ntia?
Wɔama Kristofo ahyɛde ahorow pɔtee bi saa awie bere yi mu. Yesu hyɛɛ n’asuafo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.
Egye bere ne sika pii na wɔatumi awie ɔkyerɛkyerɛ ne asɛnka yi bere a yɛrebɛn “wiase awiei” no. Dɛn ntia? Esiane nneɛma horow a egye na wɔatumi de Onyankopɔn Ahenni asɛm no adu “asase ano nohɔ” no. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Nnipa dodow no ara nnim Kyerɛwnsɛm no mu sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan mu Yudafo ho no ara pɛ. Nokwarem no, wɔn a wɔte asase yi so pii nnim Bible no ho hwee mpo na wommu no sɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔtete asɛnkafo na wɔde wɔn kɔ nsase a ɛwɔ akyirikyiri so. (Romafo 10:13-15) Afei susuw kasa ahorow a ehia no ho! Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛm no kyerɛ wɔn no nya Bible ne Bible nhoma horow a wɔbɛkenkan na wɔasua wɔ wɔn ankasa kasa mu. Egye nhyehyɛe kɛse na wɔadu wɔn nyinaa nkyɛn na wɔama wɔanyin honhom mu nkakrankakra, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa afoforo nso.—2 Timoteo 2:2.
Yesu kae sɛ, ‘etwa sɛ wɔka ahenni no ho asɛmpa no wiase nyinaa di amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no aba.’ (Mateo 24:14) Enti afei ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde nea yebetumi biara ma, na yɛawie saa adwuma titiriw no. Adwuma titiriw biara nni hɔ a yebetumi de yɛn sika aboa asen eyi, ansa na ahode ho remma mfaso bio no.—Hesekiel 7:19; Luka 16:9.
Ɛhe na Sika no Kɔ?
Ɔwɛn Aban Asafo no tintim Bible nhoma wɔ kasa ahorow bɛboro 230 mu ne afei wɔ Braille mu ma anifuraefo ne video ahorow a wɔnam nsɛnkyerɛnne kwan so kasa kyerɛ asotifo no. Ɛno hwehwɛ kuw a wɔkyerɛ kasa ase ne wɔn a wɔhwɛ mu wɔ kasa biara mu. Sɛ wosusuw sɛnea wɔyɛ adwuma a ɛte sɛɛ nyinaa, titiriw Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a ɔsram biara wotintim no kasa ahorow 121 a emu 101 bom ba prɛko no ho a, ɛyɛ nwonwa. Nanso ɛho hia, na ama nnipa a wɔwɔ wiase afanan nyinaa nsa aka na wɔakenkan asɛm koro no ara. Afe biara, nkrataa ne nneɛma a wɔde tintim Ahenni asɛm no ne nea wɔde kyere gu kasɛt anaa video so no ho ka kɔ soro. Ɛka a ɛte sɛɛ no yɛ nea wɔde anuanom ntoboa na etua.
Wɔyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ nsasesin a ɛhyɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 75,000 nsa wɔ wiase nyinaa mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn abom na wɔahyɛ wɔn nkuran no, ahwɛfo akwantufo a wɔatete wɔn kɔsra asafo biara bɛyɛ mprenu afe biara. Ɔmansin nhyiam horow nso di dwuma titiriw wɔ akwankyerɛ a wɔde ma mu. Ɛsɛ sɛ wogye mmeae a ɛhɔ sosoe tua ho ka ma nhyiam a ɛhyɛ gyidi den yiye no. Wɔde mo ntoboa na edi saa atirimpɔw ahorow yi nso ho dwuma.
Bere a wɔyɛ nhyiam akɛse mprɛnsa pɛ afe biara no, asafo biara hyiam yɛ asafo nhyiam nnawɔtwe biara. (Fa toto Exodus 34:23, 24 ho.) Afoforo a wɔregye asɛmpa no so no ama ɛho abehia sɛ wɔhyehyɛ asafo foforo mpempem pii afe biara. Ɛdenam dɔla ɔpepem pii a wɔnam Asafo ti so de bɔ bosea so no nti, wosisi Ahenni Asa ɔhaha pii afe biara, na wosiesie afoforo pii na wɔtrɛw bi mu. Ɛwom sɛ eyi yɛ sika a ɛkɔ san ba de, nanso ahiade no kɔ so yɛ kɛse.
Beae biako a wɔrenya nkɔso a ɛso nni ne Europa Apuei fam aman a kan no na ɛka Soviet Union ho no. Hwɛ anigye ara a nkɔso yi ho amanneɛbɔ de brɛ yɛn sɛɛ sɛ adwuma no mu atrɛw wɔ saa mmeae yi! Mprempren, wɔde asɛmpatrɛwfo rekɔ aman yi mu pii mu. Wɔabue baa dwumadibea wɔ nsase bi so, na ama asomfo a wɔatu wɔn ho ama yɛ adwuma wɔ wiase nyinaa Betel abusua mu no dodow akɔ anim boro 15,000. Nokwarem no ɛsɛ sɛ wɔtɔ anaa wosi baa dwumadibea ahorow a wɔbɛtra mu. Mo ntoboa ahorow boa ma wodi saa ahiade yi ho dwuma.
Adwuma yi nyinaa nyɛ nea Satan ne n’adaemone no nhui. Wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛbɔ mmɔden a Yehowa asomfo anokwafo rebɔ no agu anaa wɔahaw wɔn. (Adiyisɛm 12:17) Eyi kyerɛ sɛ yebedi ako pii wɔ mmara mu de abɔ hokwan a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ sɛ wɔka asɛm no na wɔtra ase ma ɛne ne trenee mmara horow no hyia no ho ban. Bio nso, akokoakoko wɔ Satan nhyehyɛe yi mu ne abɔde mu asiane ahorow ama ɛho abehia sɛ yɛtaa de ahiade ma yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akam ne afoforo a wɔka wɔn ho no. Mo ntoboa boa ma wodi saa ahiade titiriw yi ho dwuma.
Yehowa Betua Wo Ka
Yɛn bere ne yɛn ahode a yefi ayamye mu de boa ma Awurade adwuma nya nkɔso no betumi de nhyira kɛse abrɛ yɛn. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ Onyankopɔn a awiei koraa no nneɛma nyinaa wɔ no no, betua yɛn ka. Mmebusɛm 11:25 ka sɛ: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.” Sɛ yɛyɛ yɛn fam de boa ne som a, Yehowa ani sɔ yiye. (Hebrifo 13:15, 16) Ɔhyɛɛ tete Israelfo a na ɛsɛ sɛ wɔde ntoboa a Mmara apam no hwehwɛ ba no bɔ sɛ: “Momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?” (Malaki 3:10) Honhom mu yiyedi a Yehowa asomfo nya nnɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so.
Adwuma kɛse a ɛne sɛ yɛbɛbɔ nkwagye da no dawuru akyerɛ obiara na yɛaboa komapafo na wɔasi nkwa kwan so no renkɔ so daa. (Mateo 7:14; 2 Korintofo 6:2) Nanso ɛsɛ sɛ wɔboaboa Awurade “nguan foforo” no nyinaa ano. (Yohane 10:16) Hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yebedu saa botae no ho nnɛ! Na hwɛ sɛnea yɛn mu biara ani begye, bere a yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi wɔ saa trenee wiase foforo no mu ka sɛ, ‘Minyaa saa anoboaboa adwuma a edi akyi no mu kyɛfa kosii ase’!—2 Petro 3:13.
[Adaka wɔ kratafa 30, 31]
Sɛnea Ebinom Yi Ntoboa Ma Ahenni Asɛnka Adwuma No
NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO: Pii yi sika bi to hɔ a wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho sɛ: “Ntoboa ma Asafo ti no Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14,” no mu. Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa wo man mu baa dwumadibea.
AKYƐDE AHOROW: Wubetumi de sika ntoboa a wofi ɔpɛ mu de ma no amena Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde koraa ka ntoboa yi ho.
NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE: Obi betumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ma wɔahwɛ so akosi sɛ nea ɔde mae no bewu, na wɔyɛ nhyehyɛe wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no.
INSURANCE: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.
SIKA A WƆASIE WƆ SIKAKORABEA: Obi betumi de sika a wasie wɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adansedi krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ma Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a wɔatua ama Asafo ti no, sɛnea ɛne ɛhɔ sikakorabea ahwehwɛde horow hyia. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.
ADWUMA MU KYƐFA NE SIKA A WƆDE BƆ BOSEA: Obi betumi de adwuma bi mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaa wɔayɛ ho nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔakɔ so atua mfaso a efi mu ba no nkutoo ama nea ɔde mae no.
ADAN NE NSASE: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte nkwa mu so. Ɛsɛ sɛ obi ne Asafo ti no di nkitaho ansa na ɔde adan ne nsase biara ama Asafo ti no.
NSAMANSEW NE SIKA A WƆDE SIE MA WƆHWƐ SO: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo denam mmara kwan so samansew so, anaa ɔbɛyɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Asafo ti no. Wɔtaa tew tow a wotua wɔ sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so. Ɛsɛ sɛ wɔde samansew no anaa sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so no ho krataa no biako mena Asafo ti no.
TIRIMBƆ: Asafo no asiesie nhomawa bi wɔ Engiresi kasa mu a wɔato din “Tirimbɔ.” Nsɛm yi betumi ayɛ mmoa ama wɔn a wɔwɔ United States a wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma asafo no akyɛde soronko mprempren anaa agyapade daakye bere a wɔawu no. Eyi te saa titiriw wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wodu abusua botae bi a esi wɔn anim ho anaa wosi dan bi, bere a wɔde hokwan a wɔwɔ wɔ mmara mu no di dwuma yiye de tew tow a wotua wɔ akyɛde anaa agyapade no so no.
Sɛ wopɛ nsɛm a ɛte sɛɛ mu ahu pii a, kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, Ghana, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a wɔhwɛ wo man no dwumadi so.