Sɛnea Ebinom yi Ntoboa ma Ahenni Asɛnka Adwuma No
◻ NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO: Pii yi sika bi to hɔ a wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho sɛ: “Ntoboa ma Asafo ti no Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14,” no mu. Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mana wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa baa dwumadibea a ɛbɛn wɔn sen biara no.
◻ AKYƐDE AHOROW: Wubetumi de sika ntoboa a wofi ɔpɛ mu de ma no amana Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so. Wubetumi de agude anaa nneɛma afoforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde koraa ka ntoboa yi ho.
◻ NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE: Wobetumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ma wɔahwɛ so akosi sɛ nea ɔde mae no bewu, na wɔyɛ nhyehyɛe wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no.
◻ INSURANCE: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.
◻ SIKA A WƆASIE WƆ SIKAKORABEA: Obi betumi de sika a wasie wɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adansedi krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ma Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a wɔatua ama Asafo ti no, sɛnea ɛne ɛhɔ sikakorabea ahwehwɛde ahorow hyia. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.
◻ ADWUMA MU KYƐFA NE SIKA A WƆDE BƆ BOSEA: Obi betumi de adwuma bi mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaa wɔayɛ ho nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔakɔ so atua mfaso a efi mu ba no nkutoo ama nea ɔde mae no.
◻ ADAN NE NSASE: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte nkwa mu so. Ɛsɛ sɛ obi ne Asafo ti no di nkitaho ansa na ɔde adan ne nsase biara ama Asafo ti no.
◻ NSAMANSEW NE SIKA A WƆDE SIE MA WƆHWƐ SO: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so samansew so, anaa ɔbɛyɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Asafo ti no. Wɔtaa tew tow a wotua wɔ sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so. Ɛsɛ sɛ wɔde samansew no anaa sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so no ho krataa no biako mana Asafo ti no.
Sɛ wopɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu ahu pii a, kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a wɔhwɛ wo man no dwumadi so.