Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 11/1 kr. 28-30
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuyi Bi Ma Yehowa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuyi Bi Ma Yehowa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Som Fã Titiriw
  • Nea Enti a Yeyi Bi Ma
  • Ɔma Honhom a Yɛda no Adi De Nhyira Ba
  • Sɛnea Ebinom yi Ntoboa ma Ahenni Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • ‘Fa W’ahonyade Hyɛ Yehowa Anuonyam’—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Akyɛde Pa Nyinaa” Mafo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Ɛhe na Sika no Fi?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 11/1 kr. 28-30

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuyi Bi Ma Yehowa?

BERE a na owia rebɔ Sidonfo kurow ketewa Sarefat so no, okunafo bi bɔɔ ne mu ase sɛ ɔresesa mmabaa. Ná ehia sɛ ɔsɔ gya na ama watumi anoa aduan kakraa bi a ɔwɔ—ɛbɛyɛ sɛ na aduan a aka a ɔne ne babarima kumaa bedi ara nen. Ná wadi apere sɛ ɔne n’abarimaa no bɛtra nkwa mu wɔ ɔpɛ ne ɔkɔm a asi bere tenten no mu, na eyinom nyinaa abewie awerɛhow tebea yi mu. Ná ɔkɔm a ano yɛ den rede wɔn.

Ɔbarima bi bae. Ná ne din de Elia, na ntɛm ara okunafo no hui sɛ ɔyɛ Yehowa diyifo. Ɛte sɛ nea na wate saa Nyankopɔn yi ho asɛm. Ná Yehowa yɛ soronko wɔ Baal, a na ne som a atirimɔden ne ɔporɔw ayɛ no mã abu so wɔ Sidon asase a ɔte so no ho. Enti bere a Elia srɛɛ no sɛ ɔmma no nsu no, na ne ho pere no sɛ ɔbɛboa. Ebia ɔtee nka sɛ saa a ɔbɛyɛ no bɛma wanya Yehowa anim dom. (Mateo 10:41, 42) Nanso afei Elia srɛɛ biribi foforo—aduan ketewa bi. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ aduan kakraa bi na aka a ɔrebedi. Nanso, Elia kɔɔ so ara srɛe, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ Yehowa nam anwonwakwan so bɛma no aduan kosi sɛ ɔpɛ no betwa. Dɛn na ɔyɛe? Bible ka sɛ: “Na ɔkɔe kɔyɛe sɛ Elia ka kyerɛɛ no no.” (1 Ahene 17:10-15) Saa asɛm tiawa yi ka adeyɛ a ɛkyerɛ gyidi kɛse ho asɛm—na ɛyɛ kɛse araa ma nokwarem no, Yesu Kristo kamfoo saa kunafo no bɛyɛ mfe apem akyi!—Luka 4:25, 26.

Sɛ saa mpo a, ɛte sɛ nea ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa bɛsrɛ ade pii afi ɔbea a odi hia kɛse hɔ. Eyi te saa titiriw bere a yesusuw mpae a bere bi onipa titiriw paa bi bɔe ho no. Ntoboa a Ɔhene Dawid gyegye maa ne babarima Salomo sɛ ɔmfa nsi asɔrefie no maa afoforo daa ayamye kɛse adi. Sɛ yɛde ba nnɛ sika mu a, ntoboa a woyii no bɛyɛ dɔla ɔpepepem pii! Nanso, Dawid ka kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.” (1 Beresosɛm 29:14) Sɛnea Dawid kae no, biribiara yɛ Yehowa de. Enti bere biara a yebeyi bi ama na ama ɔsom kronn anya nkɔso no, na yɛde nea ɛyɛ Yehowa de dedaw na ɛrema no ara kwa. (Dwom 50:10) Enti, asɛmmisa no sɔre sɛ, Dɛn nti na nea edi kan koraa no, Yehowa pɛ sɛ yeyi bi ma?

Nokware Som Fã Titiriw

Mmuae a ɛyɛ tiawa sen biara ne sɛ efi tete mmere mu no, Yehowa ayɛ ɔma ɔsom kronn fã titiriw. Gyidini Habel de ne nyɛmmoa a wɔsom bo no bi bɔɔ afɔre maa Yehowa. Tete agyanom Noa, Abraham, Isak, Yakob, ne Hiob bɔɔ afɔre saa ara.—Genesis 4:4; 8:20; 12:7; 26:25; 31:54; Hiob 1:5.

Mose Mmara no hyɛe sɛ wonnyi ntoboa mma Yehowa, na ɛde akyɛde horow mpo mae. Sɛ nhwɛso no, wɔhyɛɛ Israelfo nyinaa sɛ wonnyi ntotoso du du, anaasɛ wɔmfa wɔn afum nnɔbae ne nkɔanim a wonya wɔ wɔn nyɛmmoa mu nkyem du mu biako biara mma. (Numeri 18:25-28) Wɔanhyɛ da anhyɛ ntoboa ahorow a aka ho mmara ketee. Sɛ nhwɛso no, na wɔhwehwɛ sɛ Israelni biara de ne nyɛmmoa anaa nnɔbae mu adekan bɛma Yehowa. (Exodus 22:29, 30; 23:19) Nanso, Mmara no gyaw maa obiara sɛ ɔnkyerɛ n’adekan dodow a ɔde bɛma, bere tenten a ɔde nea eye sen biara ma no. Mmara no san hyɛe sɛ wɔmfa aseda ne bɔhyɛ ayɛyɛde mma, a na efi wɔn pɛ mu koraa. (Leviticus 7:15, 16) Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo nkuran sɛ sɛnea wahyira wɔn no na wonnyina so nnyi bi mma. (Deuteronomium 16:17) Sɛnea na ɛte wɔ ntamadan no ne akyiri yi asɔrefie no si ho no, obiara mae sɛnea ne koma kaa no. (Exodus 35:21; 1 Beresosɛm 29:9) Nokwarem no, na ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi saa no sɔ Yehowa ani sen biara!

Wɔ “Kristo mmara” no ase no, na ɛsɛ sɛ biribiara a wɔde ma yɛ nea efi obi ankasa pɛ mu. (Galatifo 6:2; 2 Korintofo 9:7) Ɛno nkyerɛ sɛ Kristo akyidifo gyaee adema anaasɛ wɔmaa kakraa bi. Wɔanyɛ saa da! Bere a Yesu ne n’asomafo kaa asɛm wɔ Israel no, mmea kuw bi dii wɔn akyi, na wɔde wɔn ahode som wɔn. (Luka 8:1-3) Saa ara na ɔsomafo Paulo nyaa akyɛde a ɛboaa no wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu, na ɔno nso hyɛɛ asafo ahorow bi nkuran sɛ wonnyi sika mma afoforo bere a wohia mmoa no. (2 Korintofo 8:14; Filipifo 1:3-5) Sodikuw a na wɔwɔ Yerusalem no paw mmarima a wɔntoto asɛyɛde ase sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ nneɛma a afoforo ayi no mma ahiafo. (Asomafo no Nnwuma 6:2-4) Ɛda adi pefee sɛ, tete Kristofo no hui sɛ ɛyɛ hokwan sɛ wɔbɛboa ɔsom kronn wɔ akwan a ɛte saa so.

Nanso, ebia yebesusuw nea enti koraa a Yehowa de ɔma ayɛ ne som fã no ho. Susuw ntease ahorow anan ho.

Nea Enti a Yeyi Bi Ma

Nea edi kan no, Yehowa de ɔma yɛ nokware som fã efisɛ saa a yɛbɛyɛ no ye ma yɛn. Ɛkyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn papayɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ abofra bi tɔ ade ma ɔwofo bi anaa ɔkyɛ no ade a, dɛn nti na ɔwofo no anigye sereserew? So akyɛde no ma ɔwofo no nya biribi a ohia denneenen a anka ɔrennya anaa? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Mmom no, ɔwofo no ani gye sɛ ohu sɛ abofra no anya anisɔ ne ɔma honhom. Ntease a ɛte saa ara nti na Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yennyi bi mma, na sɛ yɛyɛ saa a, n’ani gye. Eyi yɛ ɔkwan a yɛfa so kyerɛ no sɛ yɛn ani sɔ n’ayamye ne n’adɔe a enni ano a oyi kyerɛ yɛn no. Ɔno na ɔde “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” ma yɛn, enti ɛremma da sɛ yɛrennya biribi nnyina so nna no ase. (Yakobo 1:17) Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa de n’ankasa Ba a ɔdɔ no mae, na ɔma owui sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtra ase daa. (Yohane 3:16) Yebetumi ada no ase awie?

Nea ɛto so abien no, sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebeyi bi ama a, yɛnam saayɛ so sua sɛnea wosuasua Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo wɔ ɔkwan a emu dɔ sen biara so. Yehowa kɔ so ma ade, na ɔda ayamye adi daa. Sɛnea Bible ka no, ɔma yɛn “nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:25) Yebetumi ada no ase ma afata wɔ ɔhome biara a yegu, aduan biara a yedi, ne asetra mu anigye ne akomatɔyam biara a yenya ho. (Asomafo no Nnwuma 14:17) Te sɛ N’agya no, Yesu daa ɔma honhom adi. Ofi ne pɛ mu de ne ho mae. So wunim sɛ bere a Yesu yɛɛ anwonwade ahorow no, ɔyɛɛ saa de hweree biribi? Bɛboro pɛnkoro na Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a ɔsaa ayarefo yare no, ahoɔden ‘fii ne mu.’ (Luka 6:19; 8:45, 46) Ná Yesu wɔ ayamye araa ma ɔde ne kra, ne nkwa, mpo too hɔ kosii owu mu.—Yesaia 53:12.

Enti sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, anaa yɛn ahonyade ma a, yesuasua Yehowa, na yɛma ne koma ani gye. (Mmebusɛm 27:11; Efesofo 5:1) Yɛsan di onipa abrabɔ ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ a Yesu Kristo gyaw maa yɛn no akyi.—1 Petro 2:21.

Nea ɛto so abiɛsa no, ɔma di ahiade atitiriw ankasa ho dwuma. Ɛyɛ ampa sɛ, anka Yehowa betumi adi Ahenni nneɛma ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so a ɔrenhia yɛn mmoa, sɛnea anka obetumi ama abo ayi no ayɛ a ɔmfa yɛn nni dwuma nka asɛm no. (Luka 19:40) Nanso wapaw sɛ ɔde hokwan ahorow yi bɛhyɛ yɛn anuonyam. Enti sɛ yɛde yɛn nneɛma ma de ma Ahenni nneɛma nya nkɔso a, yenya abotɔyam kɛse sɛ yehu sɛ yɛrenya ɔfã titiriw bi wɔ adwuma a ɛho hia sen biara a wɔreyɛ wɔ wiase yi mu no mu.—Mateo 24:14.

Ɛda adi sɛ wohia sika de ayɛ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no. Wɔ 1995 ɔsom afe no mu no, Asafo ti no de bɛyɛ dɔla ɔpepem 60 hwɛɛ akwampaefo atitiriw, asɛmpatrɛwfo, ne ahwɛfo akwantufo nkutoo wɔ wɔn asɛnka dwumadi mu. Nanso, sɛ yɛde toto ɛka a wɔbɔ wɔ baa dwumadibea ahorow si ne ɛhɔ adwumayɛ ne mfiri a wɔde tintim nhoma ahorow wɔ wiase nyinaa no ho a, na esua koraa. Nanso, wɔnam ntoboa a afoforo fi wɔn pɛ mu yi so na wotumi yɛɛ eyi nyinaa!

Yehowa nkurɔfo nnya adwene sɛ sɛ wɔn ankasa nni yiye a, wobegyae adesoa no ato afoforo so ara kwa. Su a ɛte saa no ntumi mma yennya yɛn som fã a ɛho hia yi mu kyɛfa. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, na Kristofo a wɔwɔ Makedonia no di “hia buruburoo.” Nanso, wɔsrɛe sɛ wobenya hokwan ayi bi ama. Na Paulo dii adanse sɛ na nea wɔde mae no “[boro] wɔn ahoɔden so po”!—2 Korintofo 8:1-4, NW.

Nea ɛto so anan no, Yehowa ayɛ adema nokware som fã efisɛ adema bɛboa yɛn ma yɛanya anigye. Yesu ankasa kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira [anigye, NW] mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Saa na Yehowa yɛɛ yɛn. Ɛno nso yɛ ntease foforo nti a ebia yɛbɛte nka sɛ ɛmfa ho dodow biara a yɛde ma no, yentumi mfa anisɔ a yenya ma no wɔ yɛn koma mu no ntoto ho da. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, Yehowa nhwɛ pii kwan mfi yɛn hɔ sen nea yebetumi de ama. Yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ yɛde anigye ma nea yebetumi a, n’ani gye!—2 Korintofo 8:12; 9:7.

Ɔma Honhom a Yɛda no Adi De Nhyira Ba

Sɛ yɛbɛsan akɔ yɛn nhwɛso a edi kan no so a, fa no sɛ okunafo a ofi Sarefat no susuwii sɛ obi foforo betumi ahwɛ Elia ama no aduan. Hwɛ nhyira a anka ɔbɛhwere saa bere no!

Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔda ɔma honhom adi no. (Mmebusɛm 11:25) Sarefat okunafo no anhu amane sɛ ɔde nea na osusuw sɛ ɛyɛ n’aduan a etwa to no mae no. Yehowa de anwonwade tuaa no ka. Sɛnea Elia hyɛɛ bɔ no, esiam ne ngo ansa wɔ ne nhina mu kosi sɛ ɔpɛ no twaam. Nanso onyaa akatua a ɛkyɛn saa mpo. Bere a ne babarima yaree na owui no, Elia, nokware Nyankopɔn nipa no nyanee no maa no. Hwɛ sɛnea eyi hyɛɛ no den wɔ honhom fam!—1 Ahene 17:16-24.

Ɛnnɛ yɛnhwɛ kwan sɛ wɔde anwonwade behyira yɛn. (1 Korintofo 13:8) Nanso Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛwowaw wɔn a wofi ɔkra nyinaa mu som no no. (Mateo 6:33) Enti yebetumi ayɛ sɛ Sarefat kunafo no wɔ saa kwan no so, a yeyi yɛn yam ma, na yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. Saa ara na yebetumi anya honhom fam akatua kɛse. Sɛ yɛma ade daa, na ɛnyɛ da koro da koro mpofirim adeyɛ a, ebetumi ama yɛakwati akɛsesɛm na yɛde yɛn adwene asi Ahenni nneɛma so sɛnea Yesu kamfo kyerɛe no. (Luka 11:34; fa toto 1 Korintofo 16:1, 2 ho.) Ɛbɛboa ma yɛate nka nso sɛ yɛbɛn Yehowa ne Yesu sɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo. (1 Korintofo 3:9) Na ɛbɛma ayamye ne ɔma honhom a ɛhyɛ Yehowa wiase nyinaa asomfo agyirae dedaw no ayɛ kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena