Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/05 kr. 3-5
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɛn Yehowa
  • Is There a Creator Who Cares About You?
  • Monkɔ so Nwɛn!
  • Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • The Bible—God’s Word or Man’s?
  • Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn
  • Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Sɛnea Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Bɛma
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • (1) Asɛmmisa, (2) Kyerɛwsɛm, ne (3) Ti
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yɛde Bɛma
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 1/05 kr. 3-5

Fa Sie

Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ

Fa nyansahyɛ a edidi so yi di dwuma na ɛmmoa wo mma wunsiesie nsɛm a wobɛka afa nhoma a yɛde bɛma wɔ ɔsram no mu no ho.

Bɛn Yehowa

“Nnipa pii a wogye Onyankopɔn di no pɛ sɛ wɔbɛn no. Wunim sɛ Onyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no? [Kenkan Yakobo 4:8.] Wɔasiesie saa nhoma yi na aboa nkurɔfo ma wɔde wɔn ankasa Bible adi dwuma na wɔatumi abɛn Onyankopɔn.” Kenkan kratafa 16 nkyekyɛm 1.

“Ntɛnkyea abu so nnɛ. Ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi pɛpɛɛpɛ. [Kenkan Ɔsɛnkafo 8:9b.] Nnipa pii ntumi nhu sɛ ebia Onyankopɔn dwen yɛn ho anaa. [Kenkan kratafa 119 nkyekyɛm 4 no kasamu abien a edi kan no.] Saa ti yi kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama ntɛnkyea ho kwan abesi nnɛ no mu.”

Is There a Creator Who Cares About You?

“Ɛhe na yebetumi anya afotu a eye sen biara a yɛde bedi yɛn haw ahorow a emu yɛ den paa no ho dwuma? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 7:28, 29.] Ɛno kyerɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo yɛɛ wɔn ade wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka ho no mu. Hyɛ nsɛm a afoforo aka no nsow. [Fa nsɛm a wɔaka a ɛwɔ kratafa 152 no kyerɛ no.] Ti yi ka Yesu asetra ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm.”

“Woabisa pɛn sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, so ɔbɛyɛ biribi de ayi amanehunu ne ntɛnkyea afi wiase yi mu?’ [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] Nhoma yi kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ de atu amanehunu ne nea ɛde ba nyinaa ase afi hɔ no mu.” Fa ti 10 kyerɛ no.

Monkɔ so Nwɛn!

“Ɔhaw akɛse ne ahude a abu so nnɛ no haw nnipa pii. [Ma ɛho nhwɛso a wonim wɔ mpɔtam hɔ.] Wunim sɛ nneɛma a ɛtete saa ka nsɛnkyerɛnne a ɛbɛba wiase nyinaa a ɛkyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn nniso na ebedi asase so tumi no ho? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan kyerɛwsɛm a ɛfata, te sɛ Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:7, 10, 11; anaa 2 Timoteo 3:1-5.] Nhomawa yi ka nea enti a ehia paa sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea nsɛm a ɛresisi nnɛ no kyerɛ.”

“Ahude a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa ne awerɛhosɛm a ɛretoto ebinom no ama nnipa pii ho hiahia wɔn nnɛ. Ebinom nte nea enti a Onyankopɔn mfa ne ho nnye nsɛm mu mfa nsiw ɔhaw a ɛtete saa ano no ase. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn begye adesamma afi amanehunu mu. [Kenkan Adiyisɛm 14:6, 7.] Hyɛ nea Onyankopɔn atemmu bɛkyerɛ ama adesamma no nsow. [Kenkan 2 Petro 3:10, 13.] Nhomawa yi ka asɛnhia yi ho nsɛm pii.”

Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu

“Sɛ wɔto nsa frɛ wo sɛ bɛtra beae a ɛyɛ fɛ sɛ eyi mu a, anka wubegye nsato no so? [Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 4-5 no kyerɛ no, na twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka sɛ ɛyɛ ade titiriw a ɛbɛma yɛanya beae a ɛte sɛɛ mu atra daa no nsow. [Kenkan Yohane 17:3.] Saa nhoma yi bɛboa wo ma woanya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no.” Wo ne no nyɛ nhyehyɛe nsua ti 1 no nkyekyɛm anum a edi kan no wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.

Bue mfonini a ɛwɔ kratafa 188-9 no kyerɛ no, afei bere a wode nsɛm wɔakyerɛw wɔ mfonini no ho redi dwuma no, bisa ofiewura no sɛ: “Wobɛpɛ sɛ wotra Paradise mu, bere a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma no? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yesaia 11:9.] Nhoma yi bɛboa ma woahu nea Bible no ka fa Paradise ho ne sɛnea wubetumi anya mu akɔ ho asɛm.” Wo ne no nyɛ nhyehyɛe nsusuw ti 1, nkyekyɛm 11-16 ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.

Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No

“Sɛ nnipa nyinaa de saa asɛm yi bɔ wɔn bra a, wususuw sɛ wiase asetra bɛyɛ anigye? [Kenkan Mateo 7:12a. Afei twɛn ma ommua.] Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a watra ase pɛn no ho nsɛm pii wɔ nhoma yi mu a yebetumi asua.” Twe adwene si mfonini a ɛwɔ ti 17 ne ɛho nsɛm no so.

“Ɛnnɛ, awofo pii bɔ mmɔden sɛ wɔde abrabɔ pa ho adwene bedua wɔn mma mu. Wususuw sɛ eyi ho hia? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 22:6.] Hyɛ no nsow sɛ wɔhyɛ awofo nkuran sɛ womfi ase ntete wɔn mma bere a wosusua paa no. Wɔayɛ nhoma yi na aboa wɔn ma wɔatumi ayɛ saa.” Twe adwene si mfonini a ɛwɔ ti 15 anaa 18 ne ɛho nsɛm no so.

“Mpɛn pii no, nsɛm a mmofra bisa wɔn awofo no ma wɔn ho dwiriw wɔn. Ebetumi ayɛ den sɛ wobɛma nsɛmmisa no bi ho mmuae, ɛnte saa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Efesofo 6:4.] Nhoma yi betumi aboa awofo ma wɔabua nsɛm a nnɛ wɔn mma bisa no.” Twe adwene si mfonini a ɛwɔ ti 11 ne 12 anaa ti 34 kosi 36 ne ɛho nsɛm no kakra so.

Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?

“Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛretrɛw wɔ yɛn mpɔtam ha no haw yɛn nyinaa. Wususuw sɛ obi wɔ ɔhaw yi ano aduru ankasa? [Twɛn ma ommua.] Onyankopɔn wɔ ano aduru.” Dan kɔ Creation nhoma no mu kratafa 196; wɔ nkyekyɛm 19 no mu no, kenkan Mmebusɛm 2:21, 22, na kyerɛkyerɛ mu. Fa ti 16 asɛmti no kyerɛ no, na fa nhoma no ma.

Bue kɔ kratafa 6, na ka sɛ: “Nnipa pii susuw sɛ yɛn asase fɛfɛ yi ne nkwa a ɛwɔ so no bae ara kwa. Nea ɛyɛe a eyinom nyinaa bae no mu nkyerɛkyerɛmu bɛn na wususuw sɛ ntease wom? [Twɛn ma ommua.] Adanse pii wɔ hɔ a ɛfoa Bible kyerɛwtohɔ so sɛ, Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ tumi kɛse na ɔdɔ yɛn yiye wɔ hɔ. Ɔne nokware Nyankopɔn no, na ne din ne Yehowa.” Kenkan Dwom 83:18, na kyerɛkyerɛ n’atirimpɔw sɛ ɔbɛma asase nyinaa adan paradise no mu tiawa.

Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ

“Asɔre ahorow pii wɔ hɔ nnɛ de, nanso woasusuw sɛnea yebetumi ahu emu nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no ho pɛn?” Sɛ obua wie a, bue nhoma no kratafa 377. Twe adwene si asɛm a ɛto so 7 no so, na bisa ofiewura no sɛ ogye tom sɛ, ɛsɛ sɛ nokware som tumi ka mmusua ne adesamma nyinaa bom anaa. Monkenkan kyerɛw nsɛm a ɛwom no biako, na munsusuw nsɛm foforo a ɛwom no bi ho sɛnea bere bɛma kwan. Sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye ampa a, fa nhoma no ma no. Sɛ worefi hɔ a, wubetumi abisa sɛ, “Wususuw sɛ ɛsɛ sɛ nokware som ka obi asetra dɛn?” Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe fa asɛmmisa no ho mmuae kɔma no.

Sɛ onipa no da ne ho adi sɛ ɔwɔ ɔsom titiriw bi mu a, wubetumi aka sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ yebehyia nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow bi mu. Adesamma afa akwan horow pii so rehwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. [Sɛ ɛfata a, kenkan Asomafo no Nnwuma 17:26, 27.] Nkurɔfo taa di wɔn awofo som akyi. [Kenkan nkyekyɛm 12 a ɛwɔ kratafa 8 no.] Sua a wubesua ɔsom afoforo ho nsɛm pii no bebue w’adwenem na ama woanya nimdeɛ. Saa nhoma yi ka sɛnea ɛyɛe a wiase yi mu ɔsom atitiriw no bae, wɔn nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ ho asɛm.” Fa ɛho nhwɛso a ɛka ne som ho asɛm kyerɛ no, sɛnea yehu wɔ kratafa a edidi so yi mu no: Sikhsom (100-101); Hindusom (116-17); Buddhasom (141); Taosom (164-6); Konfisiosom (177); Shintosom (190-5); Yudasom (220-1); ne Nkramosom (289).

Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!

“Ebia woate sɛ [ka asɛm bi a asi]. Sɛ nkurɔfo wu mpofirim saa a, ɛyɛ a nnipa pii pɛ nsɛm a wobetumi aka de akyekye mmusua a biribi atɔ wɔn ani no werɛ. Wususuw ho dɛn?” Twɛn ma ommua. Afei bue nhoma no kratafa 299, na fa owusɔre ho mfonini no kyerɛ no. Toa so sɛ: “Sɛ nnipa pii hu sɛ wobenyan atreneefo ne abɔnefo nyinaa aba nkwa mu wɔ Paradise asase so a, wɔn ho dwiriw wɔn. [Kenkan Asomafo no Nnwuma 24:15 no mu nsɛm a wɔatu aba kratafa 297, nkyekyɛm 9 no, na afei fa nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ nkyekyɛm 10 no mu ma.] Saa nhoma yi ka nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ daakye no ho nsɛm foforo a ɛyɛ anigye pii.”

The Bible—God’s Word or Man’s?

“Yɛte bere bi a ɛkame ayɛ sɛ obiara hyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den mu. Nnipa pii kɔhwehwɛ akwankyerɛ fi afotufo ahorow hɔ. Ebinom hwehwɛ mmoa fi adebisafo hɔ. Wususuw sɛ ɛhe na yebenya afotu pa a yebetumi de adi dwuma ankasa? [Twɛn ma ommua.] Bible no ka nokwasɛm bi a ehia sɛ yɛn nyinaa hu. [Kenkan 2 Timoteo 3:16. Afei bue kratafa 187, na kenkan nkyekyɛm 9 no.] Saa nhoma yi bɛboa wo ma woahu sɛ, sɛ yɛde Bible mu nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra a, yenya so mfaso bere nyinaa.”

Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn

“Wɔ saa afahyɛ bere yi mu no, nkurɔfo pii resusuw Yesu ho. Nanso, esiane sɛ nnebɔne pii rekɔ so wɔ wiase nyinaa nti, ebia ebinom adwenem bɛyɛ wɔn naa sɛ Yesu dwen yɛn ho ankasa anaa. Wodwen asɛm no ho sɛn?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ nhoma no ti 24, na munsusuw nea enti a Yesu baa asase so no ho tiawa. Afei kenkan Yohane 15:13, na si ɔdɔ a efi komam a Yesu wɔ ma nnipa no so dua.

“Sɛ obi bɔ Yesu Kristo din a, nea ɛba nnipa pii adwenem ne akokoaa bi anaa ɔbarima bi a ɔrehu amane a aka kakra ma wawu. Yesu awo ne ne wu nkutoo ho ade na wonim. Wɔntaa nka nneɛma a ɔyɛe ne nsɛm a ɔkae wɔ ne nkwa nna mu a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm. Nea ɔyɛe no ka obiara a watra asase yi so pɛn. Ɛno nti na ehia sɛ yesua anwonwade a ɔyɛ maa yɛn no ho ade biara a yebetumi.” Kenkan Yohane 17:3. Dan kɔ nhoma no nnianim asɛm wɔ kratafa a edi kan, na kenkan nkyekyɛm a ɛto so anan no.

Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?

“Wususuw sɛ Onyankopɔn pɛe sɛ yɛtra ɔhaw mu sɛnea yɛwom nnɛ yi? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 6:10.] So woasusuw dekode a Onyankopɔn Ahenni yɛ ankasa ho pɛn?” Dan kɔ nhomawa no mu adesua a ɛto so 6 no so, na kenkan nsɛmmisa a ɛwɔ adesua no mfiase no. Fi ase ne no nsusuw adesua no ho anaa yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.

“Ɛmfa ho nkɔso a yɛanya wɔ nnɛyi asetra mu no, yare ne owu ma adesamma hu amane na wodi awerɛhow pii. So wunim nea Yesu bɛyɛ ama ayarefo, wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne awufo mpo?” Twɛn ma ommua. Sɛ ɔpɛ sɛ onya ho mmuae a, bue kɔ adesua a ɛto so 5, na kenkan nkyekyɛm 5-6 nsɛmmisa no. Munsusuw nkyekyɛm no ho anaa yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.

Som Nokware Nyankopɔn Koro No

“Ɛhe na wususuw sɛ yebetumi adan akɔhwehwɛ mmoa a yɛde bedi asetram nsɛnnennen ho dwuma? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Romafo 15:4.] Hyɛ no nsow sɛ, Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ma yɛn akwankyerɛ, awerɛkyekye ne anidaso a ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina nsɛnnennen ano. Nhoma yi de sɛnea yebetumi anya Bible akenkan so mfaso kɛse ho nyansahyɛ a eye paa ma.” Twe adwene si nsɛmpɔw anan a ɛwɔ kratafa 30 no so.

“Nnipa pii abɔ mpae fi bere a Yesu baa asase so no sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. So woasusuw nea saa Ahenni a ɛreba no bɛyɛ ama adesamma no ho pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Daniel 2:44.] Saa nhoma yi kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni yɛ, nneɛma a ɛbɛyɛ ne sɛnea yebetumi anya ne trenee nniso no so mfaso mu.” Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 92-3 no kyerɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena