Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/05 kr. 6
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Mu Ntimu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Mu Ntimu
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Mu Ntimu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nhyehyɛe Foforo a Yɛde Bɛyɛ Ɔmansin Nhyiam Dwumadi mu Ntimu
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ɔkwantiaa Boa Ma ‘Yehu Nneɛma a Ehia Kyɛn So No Mu Yiye’
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 1/05 kr. 6

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Mu Ntimu

Nsɛm yi bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛbɛkɔ so wɔ ɔmansin nhyiam a wɔbɛyɛ no 2005 ɔsom afe mu no ase. Ɛno ara nso na yɛde bɛyɛ ntimu no. Asɛm “Nhyehyɛe Foforo a Yɛde Bɛyɛ Ɔmansin Nhyiam Dwumadi mu Ntimu,” a epuei wɔ krataa a ɛhyɛ August 2004, Yɛn Ahenni Som mu kratafa 4 no kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔbɛyɛ ntimu no mu. Sɛ moreyɛ ntimu no a, monhyehyɛ bere no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abisa nsɛm no nyinaa. Ɛsɛ sɛ ntimu no twe adwene si sɛnea yebetumi de nea wɔkaa ho asɛm no adi dwuma so.

DA A EDI KAN ANƆPA DWUMADI

1. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn nyansa?

2. Mmɔden bɛn na wɔn a wɔwɔ ɔmansin no mu bɔ ma wotumi de asɛmpa no kɔ nnipa pii nkyɛn?

DA A EDI KAN AWIA DWUMADI

3. Dɛn nti na ehia sɛ Kristofo ma wɔn ho tew wɔ adwene ne honhom mu? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

4. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛpɛ sɛ yɛne yɛn nuanom tra asomdwoe mu?

5. Sɛ́ obi wɔ ntease no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada eyi adi wɔ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma mu?

6. Dɛn na yesua fi Saul ne Noa nhwɛso no mu? Akwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ ‘yɛn aso nyɛ den’? (Yak. 3:17)

7. Kristofo bɛyɛ dɛn atumi ako atia nyaatwomyɛ wɔ wɔn asetra mu?

8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Paulo nhwɛso wɔ sɛnea ɔkaa Onyankopɔn nyansa ho asɛm no mu?

DA A ƐTO SO ABIEN ANƆPA DWUMADI

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye paw nneɛma a yɛyɛ no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?

10. Mmɔden bɛn na wɔn a wɔwɔ ɔmansin no mu rebɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ nhyiam daa, na mfaso bɛn na wɔanya afi saa a wɔyɛ no mu?

11. Ɔkwan bɛn so na mmusua ti betumi ahyɛ wɔn fiefo den?

12. Ɔmansin no ahiade bɛn na wɔtwee yɛn adwene sii so?

DA A ƐTO SO ABIEN AWIA DWUMADI

13. Sɛnea ɛdaa adi wɔ baguam kasa no mu no, nnwuma pa bɛn na afi nyansa a efi soro no mu aba?

14. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ho so anaa wɔn a wɔmfa Onyankopɔn nyansa nni dwuma no so? Nneɛma bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ?

15. Asiane bɛn na Onyankopɔn nyansa bɔ yɛn ho ban fi ho?

16. Dɛn nti na ehia sɛ yɛde afotu a wɔde maa yɛn wɔ ɔmansin nhyiam no ase no di dwuma?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena