Ɔkwantiaa Boa Ma ‘Yehu Nneɛma a Ehia Kyɛn So No Mu Yiye’
1 So wugye tom sɛ sɛ́ Kristofo no yɛwɔ “pii yɛ wɔ Awurade adwuma mu”? (1 Kor. 15:58, NW) Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ nhyehyɛe a ɛfa teokrase dwumadi ahorow ho a kokoam ne abusua adesua, Kristofo nhyiam ahorow kɔ, ne asɛmpa no ka ne ne kyerɛkyerɛ ka ho. Wɔ eyi nyinaa akyi no, ebia wowɔ honam fam nneɛma ahorow nso a ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma. Ɛtɔ bere bi a nneɛma a ɛho nhia betumi afi ase agye yɛn bere pii. Ebia asɛyɛde ahorow a yɛwɔ no bɛdɔɔso a ɛbɛma ɛho ahia sɛ yɛde yɛn bere ne nea yɛwɔ di dwuma yiye. Wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ abusua bi besusuw nea wobetumi ayɛ na ama ‘wɔahu nneɛma a ehia kyɛn so no mu yiye’ ho.—Fil. 1:10. NW.
2 Esiane yɛn wiase nyinaa abusua no a ɛredɔ ntɛmntɛm no nti, tebea a ɛte saa ara aba wɔ Onyankopɔn fi. (1 Tim. 3:15) Sodikuw no ahu sɛ ɛho hia, na nyansa wom nso, sɛ ɛbɛfa ɔkwantiaa so ayɛ ade. Wɔreyɛ nhyehyɛe ahorow a ɛbɛma ahyehyɛde no atumi ‘atrɛw ne ho mu’ de agye afoforofo pii a wɔreba no na wɔ bere koro no ara mu no wɔakɔ so ama yɛn nyinaa honhom mu nneɛma a ɛho hia.—Yes. 54:1-3; Mat. 24:45-47.
3 Krataa a na ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no kyerɛkyerɛɛ ɔkwantiaa bi a daa akwampaefo bɛfa so abu wɔn som ho akontaa a na ebefi ase September no mu. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ eyi aboa kɛse wɔ Accra baa dwumadibea ha. Nhyehyɛe foforo yi ama adwumayɛfo a wɔwɔ ha no bi adwuma so atew kɛse dedaw, na ama wɔanya kwan redi nneɛma afoforo a ɛho hia ho dwuma.
AFE AFE ƆMANSIN NHYIAM
4 Asafo ahorow no nyinaa nam krataa bi a efi Asafo ti ha no so ahu sɛ ɛdefi September 1987 no, afe biara, ɔmansin biara bɛyɛ ɔmansin nhyiam biako. Mfaso pii befi nsakrae yi mu aba. Wɔ aman a wɔwɔ Nhyiam Asa a wɔyɛ wɔ so no fam no, amansin ahorow a wɔahyehyɛ a wɔyɛ nhyiam wɔ hɔ no renyɛ ɔmansin nhyiam bere a aka adapɛn kakraa bi na wɔn ɔmantam nhyiam bere adu no. Wobenya adapɛn bi a wɔrenyɛ nhyiam wɔ Nhyiam Asa ahorow yi so a wɔde besiesie nneɛma a ɛho hia wɔ hɔ. Wobenya bere wɔ ɔmansin nhyiam ahorow no ntam, efi bere kɔ bere mu de ayɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no ne Ahenni Som Sukuu no nso. Ɔmansin so ahwɛfo ne asafo mu mpanyimfo benya bere pii de adi teokrase asɛyɛde afoforo ho dwuma. Bere a ɔmantam sohwɛfo akɔsom ɔmansin bi wɔ nhyiam dapɛn mu akyi no, ebetumi ayɛ yiye sɛ obedi dapɛn biako wɔ ɔmansin sohwɛfo no nkyɛn bere a ɔresra asafo bi no. Nhyehyɛe yi bɛyɛ nea mfaso wɔ so wɔ akwan afoforo so nso.
NHYIAM DA TITIRIW
5 Wɔ mfe bi mu ni no, bɛyɛ amansin ahorow a ɛwɔ United States no mu fã di dwuma titiriw bi afe biara a wɔma ɔkasafo bi fi Brooklyn Betel ba. Wɔyɛ nnɔnhwerew abien anaa abiɛsa dwumadi ho nhyehyɛe wɔ saa bere yi mu. Asafo ti no regye nhyehyɛe yi atom ma enti ɛdefi September 1987 no, ebetumi ayɛ yiye sɛ ɔmansin biara anaa ɔmansin bi fã a ɛwɔ baabi benya nhyiam da titiriw bi.
6 Ɔmansin sohwɛfo bɛma asafo ahorow a ɛwɔ ne mansin mu no ahu bere a Asafo ti no ayɛ ho nhyehyɛe ama adeyɛ yi. Eyi bɛyɛ afe no mu bere a ɛmmɛn bere a mode bɛyɛ mo ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam no kɛse. Amansin ahorow bi a wɔde Nhyiam Asa bi ama wɔn betumi ayɛ eyi wo hɔ Memeneda anaa Kwasida. Eyi kyerɛ sɛ, baabi a ebetumi no, amansin ahorow abien anaa ɔmansin koro no ara afã horow abien betumi ahyiam wɔ Nhyiam Asa no so dapɛn awiei biako.
7 Faako a amansin ahorow no nni Nhyiam Asa no, ɔmansin bi afã horow nyinaa betumi abom ahyia wɔ nhyiam da titiriw yi mu, sɛ eyi yɛ ma asafo ahorow no nyinaa na ɛyɛ nea wobenya beae a ɛso a. Wɔ nkurow akɛse a wonni Nhyiam Asa no binom mu no, amansin abien, anaasɛ adɔɔso koraa no abiɛsa, betumi ahyiam ayɛ eyi.
8 Saa afe afe nhyiam da titiriw yi bɛyɛ anigye bere foforo a anuanom de benya honhom mu nkyerɛkyerɛ pa na wɔahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. (Heb. 10:24, 25) Akasafo a wɔapaw wɔn wɔ Asafo ti no akwankyerɛ ase de Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛho hia ma yɛn bere yi bɛma. Wɔ emu pii mu no, ɛbɛyɛ yiye sɛ anuanom bi a wɔn ho akokwaw a wofi Betel benya dwumadi no mu kyɛfa a ahwɛfo akwantufo ne mpanyimfo afoforo a wɔwɔ ɔmansin no mu a wɔn ho akokwaw ka ho. Mo ani begye sɛ mubehu nso sɛ wɔbɛyɛ asubɔ ho nhyehyɛe wɔ saa bere yi mu. Enti wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa Nyankopɔn a wɔne mpanyimfo no asusuw Yɛn Som Adwuma nhoma no mu nsemmisa no ho awie a wɔpɛ sɛ wogye asubɔ no bɛkɔ so ara anya hokwan ahorow abiɛsa wɔ afe no mu a wɔde bɛyɛ saa.
ADUANMA HO NHYEHYƐE A WƆATWA NO TIAA
9 Yɛn ani sɔ ɔdɔ nnwuma pa a yɛn nuanom mmarima ne mmea mpempem pii ayɛ wɔ mfe pii a atwam no mu de ama yɛanya aduan adi wɔ kafeteria wɔ ɔmansin nhyiam ase no. Nanso sɛnea ɛne ‘nneɛma a ehia kyɛn so no mu yiye a yebehu ne yɛn ‘ani a yɛbɛma ayɛ nea eye’ ho nnyinasosɛm no hyia no, ɛte sɛ nea eye sɛ yebefi ase afa ɔkwantiaa bi so wɔ aduanma ho nhyehyɛe a yɛwɔ no mu wɔ ɔmansin nhyiam ne nhyiam atitiriw yi ase, efi September 1987.—Fil. 1:10; Mat. 6:22.
10 Ɔkwantiaa a wobɛfa so asiesie aduan na wɔde ama remma ɛho nhia sɛ anuanom mpempem pii de nnɔnhwerew pii kɔtɔ nnuan ahorow na wɔnoa wie ansa na bere adu na afei wɔasan asiesie hɔ akyiri yi. Anuanom yi mu pii ayɛ honam fam nnwuma ahorow dedaw wɔ dapɛn no mu. So ɛrenyɛ papa sɛ wɔde saa bere yi betie honhom mu nneɛma a woreka ho asɛm saa dapɛn awiei no denam dwumadi no a wɔbɛba abetie no so? Yiw! Yɛn nyinaa hia honhom mu ɔhome na amma yɛammrɛ wɔ Yehowa apɛdeyɛ mu.—Heb. 12:3; Yes. 40:29-31.
11 Wɔ nna a na tete Israel de yɛ nhyiam kronkron wɔ wɔn afe afe afahyɛ ahorow no mu no, na ɛnsɛ sɛ nnipa no yɛ adwumaden biara gye sɛ wɔn ho a wobesiesie ama afahyɛ no ne aduan a wɔn a wɔahyiam no bedi nko. Nanso ɛdefa aduan ho asɛm yi ho no, Yehowa hyɛɛ da kae sɛ: “Gye nea obiara hia a obedi nko ho adwuma na monyɛ.” (Ex. 12:16, NW; Lev. 23:6-8; ad nkr. 375, 574) Atirimpɔw titiriw nti a na wɔyɛ nhyiam ahorow yi tete no te sɛ nea enti a yehyiam nnɛ no ara a ɛne sɛ yɛde yɛn adwene besi Yehowa Nyankopɔn so, adidi wɔ honhom mu a nneɛma pii nnye yɛn adwene. Ampa eyi ne “nneɛma a ehia kyɛn so” no. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Marta wɔ bere pɔtee bi mu no da adwene koro no ara adi. Ɔreka honam fam nsiesiei ho asɛm no, ose: “Ade biako na ehia.” (Luka 10: 38-42) Yɛwɔ ahotoso sɛ aduanma ho nhyehyɛe a woatwa no tiaa no bɛboa yɛn nyinaa ma yɛahu sɛ yedi atirimpɔw nti a yehyiam no ho dwuma.
SO WUBETUMI AMA W’ASETRA AYƐ NEA ƐBA FAM?
12 Wubetumi ahu wɔ atifi hɔ asɛm no mu sɛ wɔresiesie Yehowa ahyehyɛde no ama n’anim kɛse a ɛbɛkɔ wɔ awiei bere a adagyew nnim yi mu. “Bere a aka no so ahuan,” na nnipa mpem ɔhaha pii reka yɛn ho wɔ daa nkwa wɔ trenee nneɛma nhyehyɛe foforo mu ho amirikatu no mu. (1 Kor. 7:29, NW) Sɛnea ommirikatufo a ɔwɔ akansi mu worɔw ne ho nneɛma ma ɛka nea ɛho hia no, saa ara na ɛho hia sɛ yɛn nyinaa susuw nea yebetumi ayɛ sɛ ankorankoro de ama yɛn asetra ayɛ nea ɛba fam no ho. Paulo se: “Momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.” (Heb. 12:1) Ɛdefa honam fam nneɛma anaa wiase nneɛma akyidi ho no, yebetumi abisa sɛ: ‘So eyi yɛ biribi a mihia na ama makɔ so atra ase asom Yehowa? So ɛbɛboa me ma mayɛ Yehowa somfo pa, anaasɛ ɛbɛtwe me asan akyi?’
13 Sɛ yedi Yehowa ahyehyɛde no nhwɛso pa no akyi na yɛde yɛn bere ne nea yɛwɔ di dwuma wɔ ɔkwan a eye so de ma Ahenni nneɛma nya nkɔso na ɛhyɛ Yehowa din anuonyam a, yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ yebedi nkonim wɔ nkwa ho ammirikatu no mu na yɛanya nhyira kɛse a Yehowa de bɛma n’asomfo nnansa yi ara ne daa daa no mu kyɛfa!—Fa toto 1 Korintofo 9:24-26 ho.